2 Samuel 19 (BOATCB)

1 Ankyɛre na nkra duruu Yoab nkyɛn sɛ ɔhene no resu, redi awerɛhoɔ wɔ Absalom ho. 2 Ɛberɛ a akodɔm no tee ɔhene no awerɛhoɔ a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdie mu anigyeɛ a na wɔwɔ mu saa da no danee awerɛhoɔ. 3 Wɔwiaa wɔn ho kɔɔ kuro no mu sɛdeɛ wɔn a wɔadi nkoguo de aniwuo dwane firi ɔko mu. 4 Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo sɛ, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!” 5 Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ yɛagye wo, ne wo mmammarima, ne wo mmammaa, ne wo yerenom, ne wo mpenafoɔ nkwa. Nanso, woreyɛ yei de gu yɛn anim ase te sɛ deɛ yɛayɛ bɔne bi. 6 Wodɔ wʼatamfoɔ, na wotan wʼadɔfoɔ. Woada no adi ɛnnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. 7 Afei, firi kɔ seesei, na kɔma akodɔm no amo, na mebɔ AWURADE din, ka ntam sɛ, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asene kane no.” 8 Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu. 9 Na Israel mmusuakuo no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnyeɛ. Na nnipa no reka sɛ, “Ɔhene no gyee yɛn firii atamfoɔ a wɔyɛ Filistifoɔ nsam, nanso Absalom taa no so, pamoo no firii ɔman no mu. 10 Na seesei Absalom a yɛsraa no sɛ ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so.” 11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfoɔ Sadok ne Abiatar, ma wɔkɔbisaa Yuda mpanimfoɔ sɛ, “Adɛn enti na mo deɛ, mompɛ sɛ mode ɔhene ahennie bɛsane ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo nan ase. 12 Moyɛ mʼabusuafoɔ, mʼabusuakuo, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno enti, adɛn enti na motwa toɔ wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsane aba no mu?” 13 Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa sɛ, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.” 14 Afei, Amasa korɔkorɔɔ Yuda ntuanofoɔ nyinaa, ma wɔtiee no sɛ nnipa korɔ. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim sɛ, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.” 15 Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Ɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafoɔ bɛhyiaa no sɛ wɔde no retwa asuo no. 16 Gera a ɔyɛ Benyaminni a ɔfiri Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kɔhyiaa ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, na Benyaminfoɔ apem ka ne ho a, na Siba a na ɔyɛ Saulo fidua mu soodoni, ne ne mmammarima dunum ne nʼasomfoɔ aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no ɛkan kɔduruu Yordan hɔ. 18 Wɔtwa kɔɔ konkɔnoa kɔfaa ɔhene fiefoɔ de wɔn twaa asuo no, na wɔboaa wɔn wɔ ɛkwan biara a wɔbɛtumi so.Ɛberɛ a ɔhene no rebɛtwa asuo no, Gera babarima Simei kɔhwee nʼanim. 19 Ɔsrɛɛ no sɛ, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae amumuyɛsɛm a meyɛeɛ ɛberɛ a wofirii Yerusalem. 20 Mahunu bɔne a mayɛ, enti na madi ɛkan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebɛkyea wo yi.” 21 Na Seruia babarima Abisai kaa sɛ, “Simei sɛ owuo, ɛfiri sɛ, ɔdomee deɛ AWURADE asra no no.” 22 Na Dawid bisaa sɛ, “Mo Seruia mma, ɛdeɛn na me ne mo wɔ yɛ? Ɛnnɛ nnyɛ da a wɔkum obi. Ɛyɛ anigyeɛ da! Masane abɛdi ɔhene wɔ Israel so bio!” 23 Enti, ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei sɛ, “Wɔrenkum wo.” 24 Mefiboset a ɔyɛ Saulo nana nso kɔhyiaa ɔhene no bi. Ɛfiri ɛberɛ a ɔhene no kɔeɛ no, na ɔnnwaree ne nan ase, mmubuu ne hweneanonwi so, nsii ne ntadeɛ da, kɔsii sɛ ɔhene baa asomdwoeɛ mu no. 25 Ɔhene no bisaa no sɛ, “Mefiboset, adɛn enti na wo ne me ankɔ?” 26 Ɔbuaa sɛ, “Nana, me ɔsomfoɔ Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo enti, mekaa sɛ, ‘hyehyɛ mʼafunumu ma me, na mentena ne so, sɛdeɛ mɛtumi ne ɔhene akɔ.’ 27 Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ; ne saa enti, yɛ deɛ wogye di sɛ ɛyɛ. 28 Biribiara mfata me ne mʼabusuafoɔ sɛ owuo a ɛbɛfiri me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me animuonyam wɔ wɔn a wɔdidi wo ɛpono so no mu. Enti, tumi bɛn na mewɔ sɛ mebisa ɔhene deɛ mehwehwɛ?” 29 Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.” 30 Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛdɔɔ me so sɛ me wura ɔhene asane aba efie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.” 31 Gileadni Barsilai nso firi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan. 32 Na Barsilai abɔ akɔkoraa a wadi mfeɛ aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi diiɛ ɛberɛ a na ɔte Mahanaim no. 33 Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai sɛ, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.” 34 Nanso, Barsilai buaa ɔhene sɛ, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? 35 Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me dɛ. Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. 36 Animuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana bɛtwa asuo no. 37 Ma wo ɔsomfoɔ nsane nʼakyi, sɛdeɛ mɛwu wɔ me ara me kurom faako a wɔsiee mʼawofoɔ. Na me babarima Kimham nie. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.” 38 Ɔhene no gye too mu kaa sɛ, “Ɛyɛ, Kimham ne me bɛkɔ, na deɛ anka mɛyɛ ama woɔ no, mɛyɛ ama no.” 39 Enti, nnipa no nyinaa ne ɔhene no twaa Yordan. Ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai sane nʼakyi kɔɔ ne kurom. 40 Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda akodɔm nyinaa ne Israel akodɔm no mu fa de ɔhene twaa asuo no. 41 Nanso, Israel mmarima nyinaa bɛnwiinwii kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Adɛn enti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde Ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akɔtwa Yordan aba?” 42 Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso.” 43 Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no sɛ, “Yɛwɔ mmusuakuo edu wɔ Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa sɛ, wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?”Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sene Israel mmarima no.

In Other Versions

2 Samuel 19 in the ANGEFD

2 Samuel 19 in the ANTPNG2D

2 Samuel 19 in the AS21

2 Samuel 19 in the BAGH

2 Samuel 19 in the BBPNG

2 Samuel 19 in the BBT1E

2 Samuel 19 in the BDS

2 Samuel 19 in the BEV

2 Samuel 19 in the BHAD

2 Samuel 19 in the BIB

2 Samuel 19 in the BLPT

2 Samuel 19 in the BNT

2 Samuel 19 in the BNTABOOT

2 Samuel 19 in the BNTLV

2 Samuel 19 in the BOATCB2

2 Samuel 19 in the BOBCV

2 Samuel 19 in the BOCNT

2 Samuel 19 in the BOECS

2 Samuel 19 in the BOGWICC

2 Samuel 19 in the BOHCB

2 Samuel 19 in the BOHCV

2 Samuel 19 in the BOHLNT

2 Samuel 19 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 19 in the BOICB

2 Samuel 19 in the BOILNTAP

2 Samuel 19 in the BOITCV

2 Samuel 19 in the BOKCV

2 Samuel 19 in the BOKCV2

2 Samuel 19 in the BOKHWOG

2 Samuel 19 in the BOKSSV

2 Samuel 19 in the BOLCB

2 Samuel 19 in the BOLCB2

2 Samuel 19 in the BOMCV

2 Samuel 19 in the BONAV

2 Samuel 19 in the BONCB

2 Samuel 19 in the BONLT

2 Samuel 19 in the BONUT2

2 Samuel 19 in the BOPLNT

2 Samuel 19 in the BOSCB

2 Samuel 19 in the BOSNC

2 Samuel 19 in the BOTLNT

2 Samuel 19 in the BOVCB

2 Samuel 19 in the BOYCB

2 Samuel 19 in the BPBB

2 Samuel 19 in the BPH

2 Samuel 19 in the BSB

2 Samuel 19 in the CCB

2 Samuel 19 in the CUV

2 Samuel 19 in the CUVS

2 Samuel 19 in the DBT

2 Samuel 19 in the DGDNT

2 Samuel 19 in the DHNT

2 Samuel 19 in the DNT

2 Samuel 19 in the ELBE

2 Samuel 19 in the EMTV

2 Samuel 19 in the ESV

2 Samuel 19 in the FBV

2 Samuel 19 in the FEB

2 Samuel 19 in the GGMNT

2 Samuel 19 in the GNT

2 Samuel 19 in the HARY

2 Samuel 19 in the HNT

2 Samuel 19 in the IRVA

2 Samuel 19 in the IRVB

2 Samuel 19 in the IRVG

2 Samuel 19 in the IRVH

2 Samuel 19 in the IRVK

2 Samuel 19 in the IRVM

2 Samuel 19 in the IRVM2

2 Samuel 19 in the IRVO

2 Samuel 19 in the IRVP

2 Samuel 19 in the IRVT

2 Samuel 19 in the IRVT2

2 Samuel 19 in the IRVU

2 Samuel 19 in the ISVN

2 Samuel 19 in the JSNT

2 Samuel 19 in the KAPI

2 Samuel 19 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 19 in the KBV

2 Samuel 19 in the KJV

2 Samuel 19 in the KNFD

2 Samuel 19 in the LBA

2 Samuel 19 in the LBLA

2 Samuel 19 in the LNT

2 Samuel 19 in the LSV

2 Samuel 19 in the MAAL

2 Samuel 19 in the MBV

2 Samuel 19 in the MBV2

2 Samuel 19 in the MHNT

2 Samuel 19 in the MKNFD

2 Samuel 19 in the MNG

2 Samuel 19 in the MNT

2 Samuel 19 in the MNT2

2 Samuel 19 in the MRS1T

2 Samuel 19 in the NAA

2 Samuel 19 in the NASB

2 Samuel 19 in the NBLA

2 Samuel 19 in the NBS

2 Samuel 19 in the NBVTP

2 Samuel 19 in the NET2

2 Samuel 19 in the NIV11

2 Samuel 19 in the NNT

2 Samuel 19 in the NNT2

2 Samuel 19 in the NNT3

2 Samuel 19 in the PDDPT

2 Samuel 19 in the PFNT

2 Samuel 19 in the RMNT

2 Samuel 19 in the SBIAS

2 Samuel 19 in the SBIBS

2 Samuel 19 in the SBIBS2

2 Samuel 19 in the SBICS

2 Samuel 19 in the SBIDS

2 Samuel 19 in the SBIGS

2 Samuel 19 in the SBIHS

2 Samuel 19 in the SBIIS

2 Samuel 19 in the SBIIS2

2 Samuel 19 in the SBIIS3

2 Samuel 19 in the SBIKS

2 Samuel 19 in the SBIKS2

2 Samuel 19 in the SBIMS

2 Samuel 19 in the SBIOS

2 Samuel 19 in the SBIPS

2 Samuel 19 in the SBISS

2 Samuel 19 in the SBITS

2 Samuel 19 in the SBITS2

2 Samuel 19 in the SBITS3

2 Samuel 19 in the SBITS4

2 Samuel 19 in the SBIUS

2 Samuel 19 in the SBIVS

2 Samuel 19 in the SBT

2 Samuel 19 in the SBT1E

2 Samuel 19 in the SCHL

2 Samuel 19 in the SNT

2 Samuel 19 in the SUSU

2 Samuel 19 in the SUSU2

2 Samuel 19 in the SYNO

2 Samuel 19 in the TBIAOTANT

2 Samuel 19 in the TBT1E

2 Samuel 19 in the TBT1E2

2 Samuel 19 in the TFTIP

2 Samuel 19 in the TFTU

2 Samuel 19 in the TGNTATF3T

2 Samuel 19 in the THAI

2 Samuel 19 in the TNFD

2 Samuel 19 in the TNT

2 Samuel 19 in the TNTIK

2 Samuel 19 in the TNTIL

2 Samuel 19 in the TNTIN

2 Samuel 19 in the TNTIP

2 Samuel 19 in the TNTIZ

2 Samuel 19 in the TOMA

2 Samuel 19 in the TTENT

2 Samuel 19 in the UBG

2 Samuel 19 in the UGV

2 Samuel 19 in the UGV2

2 Samuel 19 in the UGV3

2 Samuel 19 in the VBL

2 Samuel 19 in the VDCC

2 Samuel 19 in the YALU

2 Samuel 19 in the YAPE

2 Samuel 19 in the YBVTP

2 Samuel 19 in the ZBP