2 Samuel 19 (BOATCB2)

1 Ankyɛ na nkra duu Yoab nkyɛn se ɔhene no resu, redi awerɛhow wɔ Absalom ho. 2 Bere a asraafo no tee ɔhene no awerɛhow a ɔredi wɔ ne ba no ho no, nkonimdi mu anigye a na wɔwɔ mu saa da no dan awerɛhow. 3 Wowiaa wɔn ho kɔɔ kurow no mu sɛnea wɔn a wɔadi nkogu de aniwu guan fi ɔko mu. 4 Ɔhene de ne nsa kataa nʼanim, kɔɔ so twaa adwo se, “Ao, me ba Absalom! Ao, Absalom, me ba, me ba!” 5 Na Yoab kɔɔ ɔhene no dan mu kɔka kyerɛɛ no se, “Nnɛ yɛagye wo, ne wo mmabarima, ne wo mmabea, ne wo yerenom, ne wo mpenanom nkwa. Nanso woreyɛ eyi de gu yɛn anim ase te sɛ nea yɛayɛ bɔne bi. 6 Wodɔ wʼatamfo, na wotan wʼadɔfo. Woada no adi nnɛ sɛ, yɛnsɛ hwee mma wo. Sɛ Absalom te ase, na yɛn nyinaa awuwu a, anka wopɛ no saa. 7 Afei, fi kɔ mprempren, na kɔma asraafo no mo, na mebɔ AWURADE din, ka ntam se, sɛ woanyɛ saa a, wɔn mu baako koraa nka ha anadwo yi. Na ɛbɛma woagyigya asen kan no.” 8 Na ɔhene no fii adi kɔtenaa kurow no abɔntenpon no ano. Na asɛm no trɛw kurow no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa bere no na Israelfo a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa aguan kɔ wɔn afi mu. 9 Na Israel mmusuakuw no nyinaa mu, na wɔredi abooboo, gye akyinnye. Na nnipa no reka se, “Ɔhene no gyee yɛn fii atamfo a wɔyɛ Filistifo nsam, nanso Absalom taa no, pam no fii ɔman no mu. 10 Na mprempren Absalom a wɔsraa no sɛ ommedi yɛn so hene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsan mmra mmedi yɛn so.” 11 Na ɔhene Dawid somaa asɔfo Sadok ne Abiatar, ma wokobisaa Yuda mpanyimfo se, “Adɛn nti na mo de, mompɛ sɛ mode ɔhene ahenni bɛsan ama no? Na mate sɛ Israel nyinaa ayɛ krado, na mo nko ara na motwentwɛn mo anan ase. 12 Moyɛ mʼabusuafo, mʼabusuakuw, mʼankasa me honam ne me mogya. Na ɛno nti, adɛn nti na mutwa to wɔ wɔn a wɔpene sɛ mɛsan aba no mu?” 13 Dawid ma wɔkɔka kyerɛɛ Amasa se, “Sɛ woyɛ me wɔfaase yi, sɛ manyɛ wo ɔsahene ansi Yoab anan mu a, Onyankopɔn ne me nni no nwenweenwen.” 14 Afei, Amasa bɔɔ Yuda ntuanofo no nyinaa adafa, ma wotiee no sɛ nnipa koro. Wɔde saa asɛm yi kɔtoo ɔhene anim se, “Wo ne wɔn a wɔne wo wɔ hɔ no nyinaa mmra yɛn nkyɛn.” 15 Na ɔhene no de nʼani kyerɛɛ Yerusalem. Oduu Asubɔnten Yordan ho no, Yudafo behyiaa no sɛ wɔde no retwa asu no. 16 Gera a ɔyɛ Benyaminni a ofi Bahurim babarima Simei ne Yuda mmarima yɛɛ ntɛm kohyiaa ɔhene Dawid. 17 Ɔrekɔ no, na Benyaminfo apem ka ne ho, a na Siba a na ɔyɛ Saulo fi mu soodoni ne ne mmabarima dunum ne nʼasomfo aduonu ka ho. Wɔyɛɛ ntɛm dii ɔhene no kan koduu Yordan hɔ. 18 Wotwa kɔɔ baabi a ɛhɔ nnɔ kɔfaa ɔhene fifo no de wɔn twaa asu no, na wɔyɛɛ nea wɔpɛ biara maa wɔn.Bere a Gera ba Simei twaa asu no, kɔkotow ɔhene no, 19 srɛɛ no se, “Me wura ɔhene, fa me bɔne kyɛ me. Nkae bɔne a wʼakoa yɛe bere a wufii Yerusalem no Ɔhene yi fi wʼadwene mu. 20 Mahu bɔne a mayɛ, enti na madi kan wɔ Yosef abusua nyinaa mu rebekyia wo yi.” 21 Na Seruia babarima Abisai kae se, “Simei sɛ owu, efisɛ ɔdomee nea AWURADE asra no no.” 22 Na Dawid bisae se, “Mo Seruia mma, dɛn na me ne mo wɔ yɛ? Nnɛ nyɛ da a wokum obi. Ɛyɛ anigye da! Masan mabedi hene wɔ Israel so bio!” 23 Enti ɔhene no kaa ntam kyerɛɛ Simei se, “Wɔrenkum wo.” 24 Mefiboset a ɔyɛ Saulo nena nso kohyiaa ɔhene no bi. Efi bere a ɔhene kɔe no, na onsiesiee ne nan ase, nyii ne hweneanonwi, nhoroo ne ntade da, kosii sɛ ɔhene san baa asomdwoe mu no. 25 Ɔhene no bisaa no se, “Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankɔ?” 26 Obuae se, “Nana, me somfo Siba daadaa me. Meyɛ obubuafo nti, mekae se, ‘hyehyɛ mʼafurum ma me, na mentena ne so, sɛnea metumi ne ɔhene akɔ.’ 27 Siba abɛsɛe me akyerɛ me wura ɔhene sɛ mampɛ sɛ meba. Nanso minim sɛ wote sɛ Onyankopɔn bɔfo; ne saa nti, yɛ nea wugye di sɛ eye. 28 Biribiara mfata me ne me nenabarima asefo sɛ owu a ebefi me wura, ɔhene, nanso, woahyɛ me anuonyam wɔ wɔn a wodidi wo pon so no mu. Enti tumi bɛn na mewɔ sɛ mibisa ɔhene nea mehwehwɛ?” 29 Ɔhene ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wʼasɛm aware? Mehyɛ mo sɛ, wo ne Siba nkyɛ nsase no mu.” 30 Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛ me wura ɔhene asan aba fie dwoodwoo yi, ma Siba mfa biribiara.” 31 Gileadni Barsilai nso fi Rogelim baa sɛ ɔrebɛboa ama ɔhene atwa Yordan. 32 Na Barsilai abɔ akwakoraa a wadi mfe aduɔwɔtwe, na ɔyɛ ɔdefo kɛse. Ɔno na ɔmaa ɔhene biribi dii bere a na ɔte Mahanaim no. 33 Ɔhene no ka kyerɛɛ Barsilai se, “Wo ne me ntwa, na wo ne me nkɔtena Yerusalem, na mɛhwɛ wo.” 34 Nanso, Barsilai buaa ɔhene se, “Aka me nna ahe a ɛsɛ sɛ me ne wo kɔtena Yerusalem, Nana? 35 Madi mfirihyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduan ne nsa nyɛ me dɛ. Nnwontofo nne nso, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana. 36 Anuonyam a mepɛ ara ne sɛ me ne Nana betwa asu no. 37 Ma wo somfo nsan nʼakyi, sɛnea mewu wɔ me ara me kurom faako a wosiee mʼawofo. Na me babarima Kimham ni. Ma ɔne me wura ɔhene nkɔ na ade pa biara a wopɛ no, yɛ ma no.” 38 Ɔhene no gye too mu kae se, “Eye, Kimham ne me bɛkɔ, na nea anka mɛyɛ ama wo no, mɛyɛ ama no.” 39 Enti nnipa no nyinaa ne ɔhene twaa Yordan, ɔhene no yɛɛ Barsilai atuu, hyiraa no. Na Barsilai san kɔɔ ne kurom. 40 Ɔhene faa Kimham kaa ne ho kɔɔ Gilgal. Yuda asraafo nyinaa ne Israel asraafo no mu fa de ɔhene twaa asu no. 41 Ankyɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene hɔ bebisaa no se, “Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima wiaa ɔhene kɔe, na wɔde Ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho no akotwa Yordan aba?” 42 Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn nti na mo bo afuw wɔ saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduan anaa akyɛde biara nso.” 43 Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no se, “Yɛwɔ mmusuakuw du wɔ Israel na ɛno nti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa du. Na adɛn nti na mubu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae se, wɔmfa yɛn hene nsan mmra?”Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.

In Other Versions

2 Samuel 19 in the ANGEFD

2 Samuel 19 in the ANTPNG2D

2 Samuel 19 in the AS21

2 Samuel 19 in the BAGH

2 Samuel 19 in the BBPNG

2 Samuel 19 in the BBT1E

2 Samuel 19 in the BDS

2 Samuel 19 in the BEV

2 Samuel 19 in the BHAD

2 Samuel 19 in the BIB

2 Samuel 19 in the BLPT

2 Samuel 19 in the BNT

2 Samuel 19 in the BNTABOOT

2 Samuel 19 in the BNTLV

2 Samuel 19 in the BOATCB

2 Samuel 19 in the BOBCV

2 Samuel 19 in the BOCNT

2 Samuel 19 in the BOECS

2 Samuel 19 in the BOGWICC

2 Samuel 19 in the BOHCB

2 Samuel 19 in the BOHCV

2 Samuel 19 in the BOHLNT

2 Samuel 19 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 19 in the BOICB

2 Samuel 19 in the BOILNTAP

2 Samuel 19 in the BOITCV

2 Samuel 19 in the BOKCV

2 Samuel 19 in the BOKCV2

2 Samuel 19 in the BOKHWOG

2 Samuel 19 in the BOKSSV

2 Samuel 19 in the BOLCB

2 Samuel 19 in the BOLCB2

2 Samuel 19 in the BOMCV

2 Samuel 19 in the BONAV

2 Samuel 19 in the BONCB

2 Samuel 19 in the BONLT

2 Samuel 19 in the BONUT2

2 Samuel 19 in the BOPLNT

2 Samuel 19 in the BOSCB

2 Samuel 19 in the BOSNC

2 Samuel 19 in the BOTLNT

2 Samuel 19 in the BOVCB

2 Samuel 19 in the BOYCB

2 Samuel 19 in the BPBB

2 Samuel 19 in the BPH

2 Samuel 19 in the BSB

2 Samuel 19 in the CCB

2 Samuel 19 in the CUV

2 Samuel 19 in the CUVS

2 Samuel 19 in the DBT

2 Samuel 19 in the DGDNT

2 Samuel 19 in the DHNT

2 Samuel 19 in the DNT

2 Samuel 19 in the ELBE

2 Samuel 19 in the EMTV

2 Samuel 19 in the ESV

2 Samuel 19 in the FBV

2 Samuel 19 in the FEB

2 Samuel 19 in the GGMNT

2 Samuel 19 in the GNT

2 Samuel 19 in the HARY

2 Samuel 19 in the HNT

2 Samuel 19 in the IRVA

2 Samuel 19 in the IRVB

2 Samuel 19 in the IRVG

2 Samuel 19 in the IRVH

2 Samuel 19 in the IRVK

2 Samuel 19 in the IRVM

2 Samuel 19 in the IRVM2

2 Samuel 19 in the IRVO

2 Samuel 19 in the IRVP

2 Samuel 19 in the IRVT

2 Samuel 19 in the IRVT2

2 Samuel 19 in the IRVU

2 Samuel 19 in the ISVN

2 Samuel 19 in the JSNT

2 Samuel 19 in the KAPI

2 Samuel 19 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 19 in the KBV

2 Samuel 19 in the KJV

2 Samuel 19 in the KNFD

2 Samuel 19 in the LBA

2 Samuel 19 in the LBLA

2 Samuel 19 in the LNT

2 Samuel 19 in the LSV

2 Samuel 19 in the MAAL

2 Samuel 19 in the MBV

2 Samuel 19 in the MBV2

2 Samuel 19 in the MHNT

2 Samuel 19 in the MKNFD

2 Samuel 19 in the MNG

2 Samuel 19 in the MNT

2 Samuel 19 in the MNT2

2 Samuel 19 in the MRS1T

2 Samuel 19 in the NAA

2 Samuel 19 in the NASB

2 Samuel 19 in the NBLA

2 Samuel 19 in the NBS

2 Samuel 19 in the NBVTP

2 Samuel 19 in the NET2

2 Samuel 19 in the NIV11

2 Samuel 19 in the NNT

2 Samuel 19 in the NNT2

2 Samuel 19 in the NNT3

2 Samuel 19 in the PDDPT

2 Samuel 19 in the PFNT

2 Samuel 19 in the RMNT

2 Samuel 19 in the SBIAS

2 Samuel 19 in the SBIBS

2 Samuel 19 in the SBIBS2

2 Samuel 19 in the SBICS

2 Samuel 19 in the SBIDS

2 Samuel 19 in the SBIGS

2 Samuel 19 in the SBIHS

2 Samuel 19 in the SBIIS

2 Samuel 19 in the SBIIS2

2 Samuel 19 in the SBIIS3

2 Samuel 19 in the SBIKS

2 Samuel 19 in the SBIKS2

2 Samuel 19 in the SBIMS

2 Samuel 19 in the SBIOS

2 Samuel 19 in the SBIPS

2 Samuel 19 in the SBISS

2 Samuel 19 in the SBITS

2 Samuel 19 in the SBITS2

2 Samuel 19 in the SBITS3

2 Samuel 19 in the SBITS4

2 Samuel 19 in the SBIUS

2 Samuel 19 in the SBIVS

2 Samuel 19 in the SBT

2 Samuel 19 in the SBT1E

2 Samuel 19 in the SCHL

2 Samuel 19 in the SNT

2 Samuel 19 in the SUSU

2 Samuel 19 in the SUSU2

2 Samuel 19 in the SYNO

2 Samuel 19 in the TBIAOTANT

2 Samuel 19 in the TBT1E

2 Samuel 19 in the TBT1E2

2 Samuel 19 in the TFTIP

2 Samuel 19 in the TFTU

2 Samuel 19 in the TGNTATF3T

2 Samuel 19 in the THAI

2 Samuel 19 in the TNFD

2 Samuel 19 in the TNT

2 Samuel 19 in the TNTIK

2 Samuel 19 in the TNTIL

2 Samuel 19 in the TNTIN

2 Samuel 19 in the TNTIP

2 Samuel 19 in the TNTIZ

2 Samuel 19 in the TOMA

2 Samuel 19 in the TTENT

2 Samuel 19 in the UBG

2 Samuel 19 in the UGV

2 Samuel 19 in the UGV2

2 Samuel 19 in the UGV3

2 Samuel 19 in the VBL

2 Samuel 19 in the VDCC

2 Samuel 19 in the YALU

2 Samuel 19 in the YAPE

2 Samuel 19 in the YBVTP

2 Samuel 19 in the ZBP