2 Samuel 5 (BOATCB)

1 Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ. 2 Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’ ” 3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ AWURADE anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene. 4 Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan. 5 Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa. 6 Dawid dii nʼakodɔm anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifoɔ. Yebusifoɔ no dii wɔn ho fɛ sɛ, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifirafoɔ ne mmubuafoɔ bɛtu mo afiri ha.” Ɛfiri sɛ, na Yebusifoɔ no dwene sɛ wɔwɔ banbɔ. 7 Nanso, Dawid ko faa Sion aban no a seesei wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no. 8 Ɛberɛ a atɛnnidie nkra firi banbɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu duruu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kuro no mu, na monkɔsɛe Yebusifoɔ mpakye ne anifirafoɔ no, ɛfiri sɛ mekyiri wɔn! ‘Anifirafoɔ ne mpakye’ nnkɔ efie no mu” no abɔseɛ nie. 9 Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu. 10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, Asafo AWURADE Onyankopɔn ka ne ho. 11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12 Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ. 13 Dawid tu firi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmaa bebree faa mpenafoɔ nso. Ɛno enti, ɔwoo mmammarima ne mmammaa bebree. 14 Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16 Elisama, Eliada ne Elifelet. 17 Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wɔbɛnya no akye no. Na Dawid teeɛ no, ɔno nso kɔɔ ne banbɔeɛm. 18 Afei, Filistifoɔ no bɛduruu Refaim bɔnhwa mu, na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ho mu wɔ hɔ. 19 Enti, Dawid bisaa AWURADE sɛ, “Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Wobɛdane wɔn ahyɛ me nsa anaa?” AWURADE buaa no sɛ, “Aane, kɔ na mɛdane Filistifoɔ no ahyɛ wo nsa.” 20 Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “AWURADE ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim. 21 Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔeɛ. 22 Filistifoɔ no sane baa bio bɛhwetee wɔn ho mu wɔ Refaim bɔnhwa ho, 23 enti, Dawid bisaa AWURADE deɛ ɔnyɛ. AWURADE buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24 Na sɛ wote nnyegyeeɛ te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, kɔtua wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, AWURADE atu di wʼanim rekɔkunkum Filistifoɔ no.” 25 Enti, Dawid yɛɛ deɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser.

In Other Versions

2 Samuel 5 in the ANGEFD

2 Samuel 5 in the ANTPNG2D

2 Samuel 5 in the AS21

2 Samuel 5 in the BAGH

2 Samuel 5 in the BBPNG

2 Samuel 5 in the BBT1E

2 Samuel 5 in the BDS

2 Samuel 5 in the BEV

2 Samuel 5 in the BHAD

2 Samuel 5 in the BIB

2 Samuel 5 in the BLPT

2 Samuel 5 in the BNT

2 Samuel 5 in the BNTABOOT

2 Samuel 5 in the BNTLV

2 Samuel 5 in the BOATCB2

2 Samuel 5 in the BOBCV

2 Samuel 5 in the BOCNT

2 Samuel 5 in the BOECS

2 Samuel 5 in the BOGWICC

2 Samuel 5 in the BOHCB

2 Samuel 5 in the BOHCV

2 Samuel 5 in the BOHLNT

2 Samuel 5 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 5 in the BOICB

2 Samuel 5 in the BOILNTAP

2 Samuel 5 in the BOITCV

2 Samuel 5 in the BOKCV

2 Samuel 5 in the BOKCV2

2 Samuel 5 in the BOKHWOG

2 Samuel 5 in the BOKSSV

2 Samuel 5 in the BOLCB

2 Samuel 5 in the BOLCB2

2 Samuel 5 in the BOMCV

2 Samuel 5 in the BONAV

2 Samuel 5 in the BONCB

2 Samuel 5 in the BONLT

2 Samuel 5 in the BONUT2

2 Samuel 5 in the BOPLNT

2 Samuel 5 in the BOSCB

2 Samuel 5 in the BOSNC

2 Samuel 5 in the BOTLNT

2 Samuel 5 in the BOVCB

2 Samuel 5 in the BOYCB

2 Samuel 5 in the BPBB

2 Samuel 5 in the BPH

2 Samuel 5 in the BSB

2 Samuel 5 in the CCB

2 Samuel 5 in the CUV

2 Samuel 5 in the CUVS

2 Samuel 5 in the DBT

2 Samuel 5 in the DGDNT

2 Samuel 5 in the DHNT

2 Samuel 5 in the DNT

2 Samuel 5 in the ELBE

2 Samuel 5 in the EMTV

2 Samuel 5 in the ESV

2 Samuel 5 in the FBV

2 Samuel 5 in the FEB

2 Samuel 5 in the GGMNT

2 Samuel 5 in the GNT

2 Samuel 5 in the HARY

2 Samuel 5 in the HNT

2 Samuel 5 in the IRVA

2 Samuel 5 in the IRVB

2 Samuel 5 in the IRVG

2 Samuel 5 in the IRVH

2 Samuel 5 in the IRVK

2 Samuel 5 in the IRVM

2 Samuel 5 in the IRVM2

2 Samuel 5 in the IRVO

2 Samuel 5 in the IRVP

2 Samuel 5 in the IRVT

2 Samuel 5 in the IRVT2

2 Samuel 5 in the IRVU

2 Samuel 5 in the ISVN

2 Samuel 5 in the JSNT

2 Samuel 5 in the KAPI

2 Samuel 5 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 5 in the KBV

2 Samuel 5 in the KJV

2 Samuel 5 in the KNFD

2 Samuel 5 in the LBA

2 Samuel 5 in the LBLA

2 Samuel 5 in the LNT

2 Samuel 5 in the LSV

2 Samuel 5 in the MAAL

2 Samuel 5 in the MBV

2 Samuel 5 in the MBV2

2 Samuel 5 in the MHNT

2 Samuel 5 in the MKNFD

2 Samuel 5 in the MNG

2 Samuel 5 in the MNT

2 Samuel 5 in the MNT2

2 Samuel 5 in the MRS1T

2 Samuel 5 in the NAA

2 Samuel 5 in the NASB

2 Samuel 5 in the NBLA

2 Samuel 5 in the NBS

2 Samuel 5 in the NBVTP

2 Samuel 5 in the NET2

2 Samuel 5 in the NIV11

2 Samuel 5 in the NNT

2 Samuel 5 in the NNT2

2 Samuel 5 in the NNT3

2 Samuel 5 in the PDDPT

2 Samuel 5 in the PFNT

2 Samuel 5 in the RMNT

2 Samuel 5 in the SBIAS

2 Samuel 5 in the SBIBS

2 Samuel 5 in the SBIBS2

2 Samuel 5 in the SBICS

2 Samuel 5 in the SBIDS

2 Samuel 5 in the SBIGS

2 Samuel 5 in the SBIHS

2 Samuel 5 in the SBIIS

2 Samuel 5 in the SBIIS2

2 Samuel 5 in the SBIIS3

2 Samuel 5 in the SBIKS

2 Samuel 5 in the SBIKS2

2 Samuel 5 in the SBIMS

2 Samuel 5 in the SBIOS

2 Samuel 5 in the SBIPS

2 Samuel 5 in the SBISS

2 Samuel 5 in the SBITS

2 Samuel 5 in the SBITS2

2 Samuel 5 in the SBITS3

2 Samuel 5 in the SBITS4

2 Samuel 5 in the SBIUS

2 Samuel 5 in the SBIVS

2 Samuel 5 in the SBT

2 Samuel 5 in the SBT1E

2 Samuel 5 in the SCHL

2 Samuel 5 in the SNT

2 Samuel 5 in the SUSU

2 Samuel 5 in the SUSU2

2 Samuel 5 in the SYNO

2 Samuel 5 in the TBIAOTANT

2 Samuel 5 in the TBT1E

2 Samuel 5 in the TBT1E2

2 Samuel 5 in the TFTIP

2 Samuel 5 in the TFTU

2 Samuel 5 in the TGNTATF3T

2 Samuel 5 in the THAI

2 Samuel 5 in the TNFD

2 Samuel 5 in the TNT

2 Samuel 5 in the TNTIK

2 Samuel 5 in the TNTIL

2 Samuel 5 in the TNTIN

2 Samuel 5 in the TNTIP

2 Samuel 5 in the TNTIZ

2 Samuel 5 in the TOMA

2 Samuel 5 in the TTENT

2 Samuel 5 in the UBG

2 Samuel 5 in the UGV

2 Samuel 5 in the UGV2

2 Samuel 5 in the UGV3

2 Samuel 5 in the VBL

2 Samuel 5 in the VDCC

2 Samuel 5 in the YALU

2 Samuel 5 in the YAPE

2 Samuel 5 in the YBVTP

2 Samuel 5 in the ZBP