2 Samuel 5 (BOATCB2)

1 Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2 Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na AWURADE aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’ ” 3 Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron AWURADE anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene. 4 Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan. 5 Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa. 6 Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ. 7 Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no. 8 Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no. 9 Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu. 10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo AWURADE Nyankopɔn ka ne ho. 11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12 Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse. 13 Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree. 14 Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16 Elisama, Eliada ne Elifelet. 17 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu. 18 Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ. 19 Enti Dawid bisaa AWURADE se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?” AWURADE buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.” 20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “AWURADE ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim. 21 Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe. 22 Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho, 23 enti Dawid bisaa AWURADE nea ɔnyɛ. AWURADE buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim. 24 Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, AWURADE atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.” 25 Enti Dawid yɛɛ nea AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.

In Other Versions

2 Samuel 5 in the ANGEFD

2 Samuel 5 in the ANTPNG2D

2 Samuel 5 in the AS21

2 Samuel 5 in the BAGH

2 Samuel 5 in the BBPNG

2 Samuel 5 in the BBT1E

2 Samuel 5 in the BDS

2 Samuel 5 in the BEV

2 Samuel 5 in the BHAD

2 Samuel 5 in the BIB

2 Samuel 5 in the BLPT

2 Samuel 5 in the BNT

2 Samuel 5 in the BNTABOOT

2 Samuel 5 in the BNTLV

2 Samuel 5 in the BOATCB

2 Samuel 5 in the BOBCV

2 Samuel 5 in the BOCNT

2 Samuel 5 in the BOECS

2 Samuel 5 in the BOGWICC

2 Samuel 5 in the BOHCB

2 Samuel 5 in the BOHCV

2 Samuel 5 in the BOHLNT

2 Samuel 5 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 5 in the BOICB

2 Samuel 5 in the BOILNTAP

2 Samuel 5 in the BOITCV

2 Samuel 5 in the BOKCV

2 Samuel 5 in the BOKCV2

2 Samuel 5 in the BOKHWOG

2 Samuel 5 in the BOKSSV

2 Samuel 5 in the BOLCB

2 Samuel 5 in the BOLCB2

2 Samuel 5 in the BOMCV

2 Samuel 5 in the BONAV

2 Samuel 5 in the BONCB

2 Samuel 5 in the BONLT

2 Samuel 5 in the BONUT2

2 Samuel 5 in the BOPLNT

2 Samuel 5 in the BOSCB

2 Samuel 5 in the BOSNC

2 Samuel 5 in the BOTLNT

2 Samuel 5 in the BOVCB

2 Samuel 5 in the BOYCB

2 Samuel 5 in the BPBB

2 Samuel 5 in the BPH

2 Samuel 5 in the BSB

2 Samuel 5 in the CCB

2 Samuel 5 in the CUV

2 Samuel 5 in the CUVS

2 Samuel 5 in the DBT

2 Samuel 5 in the DGDNT

2 Samuel 5 in the DHNT

2 Samuel 5 in the DNT

2 Samuel 5 in the ELBE

2 Samuel 5 in the EMTV

2 Samuel 5 in the ESV

2 Samuel 5 in the FBV

2 Samuel 5 in the FEB

2 Samuel 5 in the GGMNT

2 Samuel 5 in the GNT

2 Samuel 5 in the HARY

2 Samuel 5 in the HNT

2 Samuel 5 in the IRVA

2 Samuel 5 in the IRVB

2 Samuel 5 in the IRVG

2 Samuel 5 in the IRVH

2 Samuel 5 in the IRVK

2 Samuel 5 in the IRVM

2 Samuel 5 in the IRVM2

2 Samuel 5 in the IRVO

2 Samuel 5 in the IRVP

2 Samuel 5 in the IRVT

2 Samuel 5 in the IRVT2

2 Samuel 5 in the IRVU

2 Samuel 5 in the ISVN

2 Samuel 5 in the JSNT

2 Samuel 5 in the KAPI

2 Samuel 5 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 5 in the KBV

2 Samuel 5 in the KJV

2 Samuel 5 in the KNFD

2 Samuel 5 in the LBA

2 Samuel 5 in the LBLA

2 Samuel 5 in the LNT

2 Samuel 5 in the LSV

2 Samuel 5 in the MAAL

2 Samuel 5 in the MBV

2 Samuel 5 in the MBV2

2 Samuel 5 in the MHNT

2 Samuel 5 in the MKNFD

2 Samuel 5 in the MNG

2 Samuel 5 in the MNT

2 Samuel 5 in the MNT2

2 Samuel 5 in the MRS1T

2 Samuel 5 in the NAA

2 Samuel 5 in the NASB

2 Samuel 5 in the NBLA

2 Samuel 5 in the NBS

2 Samuel 5 in the NBVTP

2 Samuel 5 in the NET2

2 Samuel 5 in the NIV11

2 Samuel 5 in the NNT

2 Samuel 5 in the NNT2

2 Samuel 5 in the NNT3

2 Samuel 5 in the PDDPT

2 Samuel 5 in the PFNT

2 Samuel 5 in the RMNT

2 Samuel 5 in the SBIAS

2 Samuel 5 in the SBIBS

2 Samuel 5 in the SBIBS2

2 Samuel 5 in the SBICS

2 Samuel 5 in the SBIDS

2 Samuel 5 in the SBIGS

2 Samuel 5 in the SBIHS

2 Samuel 5 in the SBIIS

2 Samuel 5 in the SBIIS2

2 Samuel 5 in the SBIIS3

2 Samuel 5 in the SBIKS

2 Samuel 5 in the SBIKS2

2 Samuel 5 in the SBIMS

2 Samuel 5 in the SBIOS

2 Samuel 5 in the SBIPS

2 Samuel 5 in the SBISS

2 Samuel 5 in the SBITS

2 Samuel 5 in the SBITS2

2 Samuel 5 in the SBITS3

2 Samuel 5 in the SBITS4

2 Samuel 5 in the SBIUS

2 Samuel 5 in the SBIVS

2 Samuel 5 in the SBT

2 Samuel 5 in the SBT1E

2 Samuel 5 in the SCHL

2 Samuel 5 in the SNT

2 Samuel 5 in the SUSU

2 Samuel 5 in the SUSU2

2 Samuel 5 in the SYNO

2 Samuel 5 in the TBIAOTANT

2 Samuel 5 in the TBT1E

2 Samuel 5 in the TBT1E2

2 Samuel 5 in the TFTIP

2 Samuel 5 in the TFTU

2 Samuel 5 in the TGNTATF3T

2 Samuel 5 in the THAI

2 Samuel 5 in the TNFD

2 Samuel 5 in the TNT

2 Samuel 5 in the TNTIK

2 Samuel 5 in the TNTIL

2 Samuel 5 in the TNTIN

2 Samuel 5 in the TNTIP

2 Samuel 5 in the TNTIZ

2 Samuel 5 in the TOMA

2 Samuel 5 in the TTENT

2 Samuel 5 in the UBG

2 Samuel 5 in the UGV

2 Samuel 5 in the UGV2

2 Samuel 5 in the UGV3

2 Samuel 5 in the VBL

2 Samuel 5 in the VDCC

2 Samuel 5 in the YALU

2 Samuel 5 in the YAPE

2 Samuel 5 in the YBVTP

2 Samuel 5 in the ZBP