2 Samuel 6 (BOATCB)

1 Na Dawid boaboaa akodɔm sononko ɔpeduasa ano. 2 Ɔdii wɔn anim firi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka a ɛkura AWURADE Otumfoɔ no a wɔde no asi Kerubim ntam no din. 3 Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so, de firii Abinadab fie a na ɛwɔ bepɔ so no baeɛ. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmammarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforɔ no 4 a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na ɔdi animu. 5 Dawid ne Israel manfoɔ gyee wɔn ani wɔ AWURADE anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde nsankuo, bɛnta, akasaeɛ, mfirikyiwa ne kyankyan nenam mu. 6 Na wɔduruu Nakon ayuporobea no, nantwie no nan totoeɛ, maa Usa tenee ne nsa sɔɔ Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔretene no. 7 Na AWURADE bo fuu Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no, maa ɔwu daa adaka no ho. 8 Dawid nso bo fuiɛ, ɛfiri sɛ, AWURADE abufuo atia Usa. Ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a aseɛ ne abufuhyeɛ a ɛtia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de bɛsi ɛnnɛ. 9 Afei, na Dawid suro AWURADE enti ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi de AWURADE adaka no aba me nkyɛn, na mahwɛ so?” 10 Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma AWURADE Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fie. 11 Na AWURADE adaka no sii Gatni Obed-Edom fiefoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa no ne ne fidua mu nnipa nyinaa. 12 Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Esiane AWURADE Adaka no enti, AWURADE ahyira Obed-Edom fie ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛseɛ baa Dawid Kuropɔn no mu. 13 Nnipa a AWURADE Adaka no so wɔn no tuu anammɔn nsia pɛ, wɔgyinaa hɔ twɛneeɛ, sɛdeɛ Dawid bɛtumi de nantwie ne nantwie ba a wadɔre sradeɛ abɔ afɔdeɛ. 14 Na Dawid firii nʼahoɔden nyinaa mu saa wɔ AWURADE anim a na ɔhyɛ asɔfotadeɛ yuu. 15 Enti, Dawid ne Israel nyinaa de nteateam ne ntotorobɛntohyɛn maa AWURADE Adaka no so kɔɔeɛ. 16 Ɛberɛ a wɔde AWURADE Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babaa a ne din de Mikal no kɔtɛɛ mpomma mu hwɛeɛ. Ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid rehurihuri, resa anigyeɛ so wɔ AWURADE anim no, nʼani annye. 17 Wɔde AWURADE Adaka no kɔsii nʼafa wɔ ntomadan a ɛno enti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE anim. 18 Ɔwieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ AWURADE Otumfoɔ din mu. 19 Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu nnipa biara burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fie. 20 Ɛberɛ a Dawid sane kɔɔ ne fie sɛ ɔrekɔhyira ne fiefoɔ no, Mikal firii adi ba bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no abufuo so sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ deɛ obiara a ɔmmu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.” 21 Dawid buaa Mikal sɛ, “Na meresa wɔ AWURADE a ɔyii me, na ɔtwaa wʼagya ne nʼabusuafoɔ gyaeɛ no anim. Ɔyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ AWURADE nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ. Ɛno enti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛdeɛ ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ AWURADE mu. 22 Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.” 23 Na Saulo babaa Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.

In Other Versions

2 Samuel 6 in the ANGEFD

2 Samuel 6 in the ANTPNG2D

2 Samuel 6 in the AS21

2 Samuel 6 in the BAGH

2 Samuel 6 in the BBPNG

2 Samuel 6 in the BBT1E

2 Samuel 6 in the BDS

2 Samuel 6 in the BEV

2 Samuel 6 in the BHAD

2 Samuel 6 in the BIB

2 Samuel 6 in the BLPT

2 Samuel 6 in the BNT

2 Samuel 6 in the BNTABOOT

2 Samuel 6 in the BNTLV

2 Samuel 6 in the BOATCB2

2 Samuel 6 in the BOBCV

2 Samuel 6 in the BOCNT

2 Samuel 6 in the BOECS

2 Samuel 6 in the BOGWICC

2 Samuel 6 in the BOHCB

2 Samuel 6 in the BOHCV

2 Samuel 6 in the BOHLNT

2 Samuel 6 in the BOHNTLTAL

2 Samuel 6 in the BOICB

2 Samuel 6 in the BOILNTAP

2 Samuel 6 in the BOITCV

2 Samuel 6 in the BOKCV

2 Samuel 6 in the BOKCV2

2 Samuel 6 in the BOKHWOG

2 Samuel 6 in the BOKSSV

2 Samuel 6 in the BOLCB

2 Samuel 6 in the BOLCB2

2 Samuel 6 in the BOMCV

2 Samuel 6 in the BONAV

2 Samuel 6 in the BONCB

2 Samuel 6 in the BONLT

2 Samuel 6 in the BONUT2

2 Samuel 6 in the BOPLNT

2 Samuel 6 in the BOSCB

2 Samuel 6 in the BOSNC

2 Samuel 6 in the BOTLNT

2 Samuel 6 in the BOVCB

2 Samuel 6 in the BOYCB

2 Samuel 6 in the BPBB

2 Samuel 6 in the BPH

2 Samuel 6 in the BSB

2 Samuel 6 in the CCB

2 Samuel 6 in the CUV

2 Samuel 6 in the CUVS

2 Samuel 6 in the DBT

2 Samuel 6 in the DGDNT

2 Samuel 6 in the DHNT

2 Samuel 6 in the DNT

2 Samuel 6 in the ELBE

2 Samuel 6 in the EMTV

2 Samuel 6 in the ESV

2 Samuel 6 in the FBV

2 Samuel 6 in the FEB

2 Samuel 6 in the GGMNT

2 Samuel 6 in the GNT

2 Samuel 6 in the HARY

2 Samuel 6 in the HNT

2 Samuel 6 in the IRVA

2 Samuel 6 in the IRVB

2 Samuel 6 in the IRVG

2 Samuel 6 in the IRVH

2 Samuel 6 in the IRVK

2 Samuel 6 in the IRVM

2 Samuel 6 in the IRVM2

2 Samuel 6 in the IRVO

2 Samuel 6 in the IRVP

2 Samuel 6 in the IRVT

2 Samuel 6 in the IRVT2

2 Samuel 6 in the IRVU

2 Samuel 6 in the ISVN

2 Samuel 6 in the JSNT

2 Samuel 6 in the KAPI

2 Samuel 6 in the KBT1ETNIK

2 Samuel 6 in the KBV

2 Samuel 6 in the KJV

2 Samuel 6 in the KNFD

2 Samuel 6 in the LBA

2 Samuel 6 in the LBLA

2 Samuel 6 in the LNT

2 Samuel 6 in the LSV

2 Samuel 6 in the MAAL

2 Samuel 6 in the MBV

2 Samuel 6 in the MBV2

2 Samuel 6 in the MHNT

2 Samuel 6 in the MKNFD

2 Samuel 6 in the MNG

2 Samuel 6 in the MNT

2 Samuel 6 in the MNT2

2 Samuel 6 in the MRS1T

2 Samuel 6 in the NAA

2 Samuel 6 in the NASB

2 Samuel 6 in the NBLA

2 Samuel 6 in the NBS

2 Samuel 6 in the NBVTP

2 Samuel 6 in the NET2

2 Samuel 6 in the NIV11

2 Samuel 6 in the NNT

2 Samuel 6 in the NNT2

2 Samuel 6 in the NNT3

2 Samuel 6 in the PDDPT

2 Samuel 6 in the PFNT

2 Samuel 6 in the RMNT

2 Samuel 6 in the SBIAS

2 Samuel 6 in the SBIBS

2 Samuel 6 in the SBIBS2

2 Samuel 6 in the SBICS

2 Samuel 6 in the SBIDS

2 Samuel 6 in the SBIGS

2 Samuel 6 in the SBIHS

2 Samuel 6 in the SBIIS

2 Samuel 6 in the SBIIS2

2 Samuel 6 in the SBIIS3

2 Samuel 6 in the SBIKS

2 Samuel 6 in the SBIKS2

2 Samuel 6 in the SBIMS

2 Samuel 6 in the SBIOS

2 Samuel 6 in the SBIPS

2 Samuel 6 in the SBISS

2 Samuel 6 in the SBITS

2 Samuel 6 in the SBITS2

2 Samuel 6 in the SBITS3

2 Samuel 6 in the SBITS4

2 Samuel 6 in the SBIUS

2 Samuel 6 in the SBIVS

2 Samuel 6 in the SBT

2 Samuel 6 in the SBT1E

2 Samuel 6 in the SCHL

2 Samuel 6 in the SNT

2 Samuel 6 in the SUSU

2 Samuel 6 in the SUSU2

2 Samuel 6 in the SYNO

2 Samuel 6 in the TBIAOTANT

2 Samuel 6 in the TBT1E

2 Samuel 6 in the TBT1E2

2 Samuel 6 in the TFTIP

2 Samuel 6 in the TFTU

2 Samuel 6 in the TGNTATF3T

2 Samuel 6 in the THAI

2 Samuel 6 in the TNFD

2 Samuel 6 in the TNT

2 Samuel 6 in the TNTIK

2 Samuel 6 in the TNTIL

2 Samuel 6 in the TNTIN

2 Samuel 6 in the TNTIP

2 Samuel 6 in the TNTIZ

2 Samuel 6 in the TOMA

2 Samuel 6 in the TTENT

2 Samuel 6 in the UBG

2 Samuel 6 in the UGV

2 Samuel 6 in the UGV2

2 Samuel 6 in the UGV3

2 Samuel 6 in the VBL

2 Samuel 6 in the VDCC

2 Samuel 6 in the YALU

2 Samuel 6 in the YAPE

2 Samuel 6 in the YBVTP

2 Samuel 6 in the ZBP