Acts 10 (BOATCB)

1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafoɔ bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panin. 2 Na ɔne ne efiefoɔ nyinaa yɛ Nyamesurofoɔ. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafoɔ na daa ɔbɔ mpaeɛ. 3 Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no sɛ, “Kornelio!” 4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?”Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. 5 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. 6 Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn.” 7 Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho, 8 kaa biribiara a wahunu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa. 9 Adeɛ kyeeɛ a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a wɔrebɛn kuro no no, Petro kɔɔ ɛdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ. 10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeɛso mu. 11 Ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam. 12 Na ntɔteboa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa ahyɛ saa ntoma no ma. 13 Afei, nne bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, sɔre na kum bi we!” 14 Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.” 15 Nne no ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.” 16 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa. Afei, ntoma no sane kɔɔ soro. 17 Saa ɛberɛ a na Petro redwennwene anisoadehunu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduruu Petro aboboano. 18 Wɔfrɛ bisaeɛ sɛ, “Saa efie yi mu na Simon Petro te no anaa?” 19 Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. 20 Siane si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, ɛfiri sɛ, me na masoma wɔn.” 21 Petro siane kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amaneɛ?” 22 Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn.” 23 Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ.Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ. 24 Adeɛ kyeeɛ a ɔduruu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafoɔ ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. 25 Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. 26 Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, ɛfiri sɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.” 27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. 28 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte. 29 Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.” 30 Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim. 31 Ɔkaa sɛ, ‘Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ. 32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn’. 33 Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.” 34 Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, 35 na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no. 36 Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no. 37 Monim nsɛm a ɛsisii wɔ Yudea, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. 38 Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ. 39 “Yɛyɛ dwuma a ɔdii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no. 40 Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi. 41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee. 42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no. 43 Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.” 44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. 45 Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so. 46 Ɛfiri sɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforɔ reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho.Petro kaa sɛ, 47 “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛdeɛ yɛn nso yɛnyaa bi no. Obi bɛtumi asi wɔn asubɔ ho ɛkwan anaa?” 48 Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei, wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.

In Other Versions

Acts 10 in the ANGEFD

Acts 10 in the ANTPNG2D

Acts 10 in the AS21

Acts 10 in the BAGH

Acts 10 in the BBPNG

Acts 10 in the BBT1E

Acts 10 in the BDS

Acts 10 in the BEV

Acts 10 in the BHAD

Acts 10 in the BIB

Acts 10 in the BLPT

Acts 10 in the BNT

Acts 10 in the BNTABOOT

Acts 10 in the BNTLV

Acts 10 in the BOATCB2

Acts 10 in the BOBCV

Acts 10 in the BOCNT

Acts 10 in the BOECS

Acts 10 in the BOGWICC

Acts 10 in the BOHCB

Acts 10 in the BOHCV

Acts 10 in the BOHLNT

Acts 10 in the BOHNTLTAL

Acts 10 in the BOICB

Acts 10 in the BOILNTAP

Acts 10 in the BOITCV

Acts 10 in the BOKCV

Acts 10 in the BOKCV2

Acts 10 in the BOKHWOG

Acts 10 in the BOKSSV

Acts 10 in the BOLCB

Acts 10 in the BOLCB2

Acts 10 in the BOMCV

Acts 10 in the BONAV

Acts 10 in the BONCB

Acts 10 in the BONLT

Acts 10 in the BONUT2

Acts 10 in the BOPLNT

Acts 10 in the BOSCB

Acts 10 in the BOSNC

Acts 10 in the BOTLNT

Acts 10 in the BOVCB

Acts 10 in the BOYCB

Acts 10 in the BPBB

Acts 10 in the BPH

Acts 10 in the BSB

Acts 10 in the CCB

Acts 10 in the CUV

Acts 10 in the CUVS

Acts 10 in the DBT

Acts 10 in the DGDNT

Acts 10 in the DHNT

Acts 10 in the DNT

Acts 10 in the ELBE

Acts 10 in the EMTV

Acts 10 in the ESV

Acts 10 in the FBV

Acts 10 in the FEB

Acts 10 in the GGMNT

Acts 10 in the GNT

Acts 10 in the HARY

Acts 10 in the HNT

Acts 10 in the IRVA

Acts 10 in the IRVB

Acts 10 in the IRVG

Acts 10 in the IRVH

Acts 10 in the IRVK

Acts 10 in the IRVM

Acts 10 in the IRVM2

Acts 10 in the IRVO

Acts 10 in the IRVP

Acts 10 in the IRVT

Acts 10 in the IRVT2

Acts 10 in the IRVU

Acts 10 in the ISVN

Acts 10 in the JSNT

Acts 10 in the KAPI

Acts 10 in the KBT1ETNIK

Acts 10 in the KBV

Acts 10 in the KJV

Acts 10 in the KNFD

Acts 10 in the LBA

Acts 10 in the LBLA

Acts 10 in the LNT

Acts 10 in the LSV

Acts 10 in the MAAL

Acts 10 in the MBV

Acts 10 in the MBV2

Acts 10 in the MHNT

Acts 10 in the MKNFD

Acts 10 in the MNG

Acts 10 in the MNT

Acts 10 in the MNT2

Acts 10 in the MRS1T

Acts 10 in the NAA

Acts 10 in the NASB

Acts 10 in the NBLA

Acts 10 in the NBS

Acts 10 in the NBVTP

Acts 10 in the NET2

Acts 10 in the NIV11

Acts 10 in the NNT

Acts 10 in the NNT2

Acts 10 in the NNT3

Acts 10 in the PDDPT

Acts 10 in the PFNT

Acts 10 in the RMNT

Acts 10 in the SBIAS

Acts 10 in the SBIBS

Acts 10 in the SBIBS2

Acts 10 in the SBICS

Acts 10 in the SBIDS

Acts 10 in the SBIGS

Acts 10 in the SBIHS

Acts 10 in the SBIIS

Acts 10 in the SBIIS2

Acts 10 in the SBIIS3

Acts 10 in the SBIKS

Acts 10 in the SBIKS2

Acts 10 in the SBIMS

Acts 10 in the SBIOS

Acts 10 in the SBIPS

Acts 10 in the SBISS

Acts 10 in the SBITS

Acts 10 in the SBITS2

Acts 10 in the SBITS3

Acts 10 in the SBITS4

Acts 10 in the SBIUS

Acts 10 in the SBIVS

Acts 10 in the SBT

Acts 10 in the SBT1E

Acts 10 in the SCHL

Acts 10 in the SNT

Acts 10 in the SUSU

Acts 10 in the SUSU2

Acts 10 in the SYNO

Acts 10 in the TBIAOTANT

Acts 10 in the TBT1E

Acts 10 in the TBT1E2

Acts 10 in the TFTIP

Acts 10 in the TFTU

Acts 10 in the TGNTATF3T

Acts 10 in the THAI

Acts 10 in the TNFD

Acts 10 in the TNT

Acts 10 in the TNTIK

Acts 10 in the TNTIL

Acts 10 in the TNTIN

Acts 10 in the TNTIP

Acts 10 in the TNTIZ

Acts 10 in the TOMA

Acts 10 in the TTENT

Acts 10 in the UBG

Acts 10 in the UGV

Acts 10 in the UGV2

Acts 10 in the UGV3

Acts 10 in the VBL

Acts 10 in the VDCC

Acts 10 in the YALU

Acts 10 in the YAPE

Acts 10 in the YBVTP

Acts 10 in the ZBP