Acts 17 (BOATCB)

1 Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan wɔ no. 2 Sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ wɔ Atwerɛsɛm no ho, 3 kyerɛɛ mu, dii adanseɛ sɛ ɛsɛ sɛ, Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa sɛ, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.” 4 Nnipa no bi gye diiɛ maa wɔdii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafoɔ bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa mpanin bi nso gye diiɛ de wɔn ho bɔɔ wɔn ara no no. 5 Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no. 6 Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam sɛ, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu, 7 ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.” 8 Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no. 9 Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn. 10 Adeɛ saeɛ ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas ɛkwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wɔduruiɛ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu. 11 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa. 12 Nnipa no mu bebree a Helafoɔ mmaa atitire ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no diiɛ. 13 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ nso kɔhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso. 14 Enti, ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo ɛkwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. 15 Nnipa a wɔkɔgyaa Paulo ɛkwan no de no kɔduruu Atene. Wɔresane akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm. 16 Ɛberɛ a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ɔhunuu ahoni pii wɔ kuro no mu. Yei maa ne werɛ hoeɛ yie. 17 Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ wɔ adwabɔeɛ ara no no. 18 Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ, “na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa yei ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm. 19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase, 20 ɛfiri sɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie.” 21 Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ. 22 Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiamu no anim kaa sɛ, “Atenefoɔ, mehunu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yie. 23 Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ,Onyame a wɔnnim no no de.Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi. 24 “Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. 25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn. 26 Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ. 27 Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no; 28 sɛdeɛ obi ka sɛ, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no. 29 “Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ. 30 Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so. 31 Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.” 32 Ɛberɛ a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ wosane ka saa asɛm no bio.” 33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo firii nhyiamu no ase hɔ kɔeɛ. 34 Nanso, nnipa kakra bi gyee no diiɛ de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofoɔ mu ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne afoforɔ bi.

In Other Versions

Acts 17 in the ANGEFD

Acts 17 in the ANTPNG2D

Acts 17 in the AS21

Acts 17 in the BAGH

Acts 17 in the BBPNG

Acts 17 in the BBT1E

Acts 17 in the BDS

Acts 17 in the BEV

Acts 17 in the BHAD

Acts 17 in the BIB

Acts 17 in the BLPT

Acts 17 in the BNT

Acts 17 in the BNTABOOT

Acts 17 in the BNTLV

Acts 17 in the BOATCB2

Acts 17 in the BOBCV

Acts 17 in the BOCNT

Acts 17 in the BOECS

Acts 17 in the BOGWICC

Acts 17 in the BOHCB

Acts 17 in the BOHCV

Acts 17 in the BOHLNT

Acts 17 in the BOHNTLTAL

Acts 17 in the BOICB

Acts 17 in the BOILNTAP

Acts 17 in the BOITCV

Acts 17 in the BOKCV

Acts 17 in the BOKCV2

Acts 17 in the BOKHWOG

Acts 17 in the BOKSSV

Acts 17 in the BOLCB

Acts 17 in the BOLCB2

Acts 17 in the BOMCV

Acts 17 in the BONAV

Acts 17 in the BONCB

Acts 17 in the BONLT

Acts 17 in the BONUT2

Acts 17 in the BOPLNT

Acts 17 in the BOSCB

Acts 17 in the BOSNC

Acts 17 in the BOTLNT

Acts 17 in the BOVCB

Acts 17 in the BOYCB

Acts 17 in the BPBB

Acts 17 in the BPH

Acts 17 in the BSB

Acts 17 in the CCB

Acts 17 in the CUV

Acts 17 in the CUVS

Acts 17 in the DBT

Acts 17 in the DGDNT

Acts 17 in the DHNT

Acts 17 in the DNT

Acts 17 in the ELBE

Acts 17 in the EMTV

Acts 17 in the ESV

Acts 17 in the FBV

Acts 17 in the FEB

Acts 17 in the GGMNT

Acts 17 in the GNT

Acts 17 in the HARY

Acts 17 in the HNT

Acts 17 in the IRVA

Acts 17 in the IRVB

Acts 17 in the IRVG

Acts 17 in the IRVH

Acts 17 in the IRVK

Acts 17 in the IRVM

Acts 17 in the IRVM2

Acts 17 in the IRVO

Acts 17 in the IRVP

Acts 17 in the IRVT

Acts 17 in the IRVT2

Acts 17 in the IRVU

Acts 17 in the ISVN

Acts 17 in the JSNT

Acts 17 in the KAPI

Acts 17 in the KBT1ETNIK

Acts 17 in the KBV

Acts 17 in the KJV

Acts 17 in the KNFD

Acts 17 in the LBA

Acts 17 in the LBLA

Acts 17 in the LNT

Acts 17 in the LSV

Acts 17 in the MAAL

Acts 17 in the MBV

Acts 17 in the MBV2

Acts 17 in the MHNT

Acts 17 in the MKNFD

Acts 17 in the MNG

Acts 17 in the MNT

Acts 17 in the MNT2

Acts 17 in the MRS1T

Acts 17 in the NAA

Acts 17 in the NASB

Acts 17 in the NBLA

Acts 17 in the NBS

Acts 17 in the NBVTP

Acts 17 in the NET2

Acts 17 in the NIV11

Acts 17 in the NNT

Acts 17 in the NNT2

Acts 17 in the NNT3

Acts 17 in the PDDPT

Acts 17 in the PFNT

Acts 17 in the RMNT

Acts 17 in the SBIAS

Acts 17 in the SBIBS

Acts 17 in the SBIBS2

Acts 17 in the SBICS

Acts 17 in the SBIDS

Acts 17 in the SBIGS

Acts 17 in the SBIHS

Acts 17 in the SBIIS

Acts 17 in the SBIIS2

Acts 17 in the SBIIS3

Acts 17 in the SBIKS

Acts 17 in the SBIKS2

Acts 17 in the SBIMS

Acts 17 in the SBIOS

Acts 17 in the SBIPS

Acts 17 in the SBISS

Acts 17 in the SBITS

Acts 17 in the SBITS2

Acts 17 in the SBITS3

Acts 17 in the SBITS4

Acts 17 in the SBIUS

Acts 17 in the SBIVS

Acts 17 in the SBT

Acts 17 in the SBT1E

Acts 17 in the SCHL

Acts 17 in the SNT

Acts 17 in the SUSU

Acts 17 in the SUSU2

Acts 17 in the SYNO

Acts 17 in the TBIAOTANT

Acts 17 in the TBT1E

Acts 17 in the TBT1E2

Acts 17 in the TFTIP

Acts 17 in the TFTU

Acts 17 in the TGNTATF3T

Acts 17 in the THAI

Acts 17 in the TNFD

Acts 17 in the TNT

Acts 17 in the TNTIK

Acts 17 in the TNTIL

Acts 17 in the TNTIN

Acts 17 in the TNTIP

Acts 17 in the TNTIZ

Acts 17 in the TOMA

Acts 17 in the TTENT

Acts 17 in the UBG

Acts 17 in the UGV

Acts 17 in the UGV2

Acts 17 in the UGV3

Acts 17 in the VBL

Acts 17 in the VDCC

Acts 17 in the YALU

Acts 17 in the YAPE

Acts 17 in the YBVTP

Acts 17 in the ZBP