Daniel 8 (BOATCB)

1 Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi. 2 Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho. 3 Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa. 4 Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ. 5 Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. 6 Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so. 7 Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu. 8 Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so. 9 Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. 10 Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so. 11 Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ. 12 Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ. 13 Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne AWURADE asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?” 14 Ɔbuaa no sɛ, “Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho.” 15 Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ sɛ mete aseɛ no, obi a ɔte sɛ ɔbarima bɛgyinaa mʼanim. 16 Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu sɛ, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase.” 17 Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho.” 18 Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so. 19 Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho. 20 Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. 21 Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no. 22 Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ pɛ. 23 “Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre. 24 Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ. 25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu. 26 “Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.” 27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so.

In Other Versions

Daniel 8 in the ANGEFD

Daniel 8 in the ANTPNG2D

Daniel 8 in the AS21

Daniel 8 in the BAGH

Daniel 8 in the BBPNG

Daniel 8 in the BBT1E

Daniel 8 in the BDS

Daniel 8 in the BEV

Daniel 8 in the BHAD

Daniel 8 in the BIB

Daniel 8 in the BLPT

Daniel 8 in the BNT

Daniel 8 in the BNTABOOT

Daniel 8 in the BNTLV

Daniel 8 in the BOATCB2

Daniel 8 in the BOBCV

Daniel 8 in the BOCNT

Daniel 8 in the BOECS

Daniel 8 in the BOGWICC

Daniel 8 in the BOHCB

Daniel 8 in the BOHCV

Daniel 8 in the BOHLNT

Daniel 8 in the BOHNTLTAL

Daniel 8 in the BOICB

Daniel 8 in the BOILNTAP

Daniel 8 in the BOITCV

Daniel 8 in the BOKCV

Daniel 8 in the BOKCV2

Daniel 8 in the BOKHWOG

Daniel 8 in the BOKSSV

Daniel 8 in the BOLCB

Daniel 8 in the BOLCB2

Daniel 8 in the BOMCV

Daniel 8 in the BONAV

Daniel 8 in the BONCB

Daniel 8 in the BONLT

Daniel 8 in the BONUT2

Daniel 8 in the BOPLNT

Daniel 8 in the BOSCB

Daniel 8 in the BOSNC

Daniel 8 in the BOTLNT

Daniel 8 in the BOVCB

Daniel 8 in the BOYCB

Daniel 8 in the BPBB

Daniel 8 in the BPH

Daniel 8 in the BSB

Daniel 8 in the CCB

Daniel 8 in the CUV

Daniel 8 in the CUVS

Daniel 8 in the DBT

Daniel 8 in the DGDNT

Daniel 8 in the DHNT

Daniel 8 in the DNT

Daniel 8 in the ELBE

Daniel 8 in the EMTV

Daniel 8 in the ESV

Daniel 8 in the FBV

Daniel 8 in the FEB

Daniel 8 in the GGMNT

Daniel 8 in the GNT

Daniel 8 in the HARY

Daniel 8 in the HNT

Daniel 8 in the IRVA

Daniel 8 in the IRVB

Daniel 8 in the IRVG

Daniel 8 in the IRVH

Daniel 8 in the IRVK

Daniel 8 in the IRVM

Daniel 8 in the IRVM2

Daniel 8 in the IRVO

Daniel 8 in the IRVP

Daniel 8 in the IRVT

Daniel 8 in the IRVT2

Daniel 8 in the IRVU

Daniel 8 in the ISVN

Daniel 8 in the JSNT

Daniel 8 in the KAPI

Daniel 8 in the KBT1ETNIK

Daniel 8 in the KBV

Daniel 8 in the KJV

Daniel 8 in the KNFD

Daniel 8 in the LBA

Daniel 8 in the LBLA

Daniel 8 in the LNT

Daniel 8 in the LSV

Daniel 8 in the MAAL

Daniel 8 in the MBV

Daniel 8 in the MBV2

Daniel 8 in the MHNT

Daniel 8 in the MKNFD

Daniel 8 in the MNG

Daniel 8 in the MNT

Daniel 8 in the MNT2

Daniel 8 in the MRS1T

Daniel 8 in the NAA

Daniel 8 in the NASB

Daniel 8 in the NBLA

Daniel 8 in the NBS

Daniel 8 in the NBVTP

Daniel 8 in the NET2

Daniel 8 in the NIV11

Daniel 8 in the NNT

Daniel 8 in the NNT2

Daniel 8 in the NNT3

Daniel 8 in the PDDPT

Daniel 8 in the PFNT

Daniel 8 in the RMNT

Daniel 8 in the SBIAS

Daniel 8 in the SBIBS

Daniel 8 in the SBIBS2

Daniel 8 in the SBICS

Daniel 8 in the SBIDS

Daniel 8 in the SBIGS

Daniel 8 in the SBIHS

Daniel 8 in the SBIIS

Daniel 8 in the SBIIS2

Daniel 8 in the SBIIS3

Daniel 8 in the SBIKS

Daniel 8 in the SBIKS2

Daniel 8 in the SBIMS

Daniel 8 in the SBIOS

Daniel 8 in the SBIPS

Daniel 8 in the SBISS

Daniel 8 in the SBITS

Daniel 8 in the SBITS2

Daniel 8 in the SBITS3

Daniel 8 in the SBITS4

Daniel 8 in the SBIUS

Daniel 8 in the SBIVS

Daniel 8 in the SBT

Daniel 8 in the SBT1E

Daniel 8 in the SCHL

Daniel 8 in the SNT

Daniel 8 in the SUSU

Daniel 8 in the SUSU2

Daniel 8 in the SYNO

Daniel 8 in the TBIAOTANT

Daniel 8 in the TBT1E

Daniel 8 in the TBT1E2

Daniel 8 in the TFTIP

Daniel 8 in the TFTU

Daniel 8 in the TGNTATF3T

Daniel 8 in the THAI

Daniel 8 in the TNFD

Daniel 8 in the TNT

Daniel 8 in the TNTIK

Daniel 8 in the TNTIL

Daniel 8 in the TNTIN

Daniel 8 in the TNTIP

Daniel 8 in the TNTIZ

Daniel 8 in the TOMA

Daniel 8 in the TTENT

Daniel 8 in the UBG

Daniel 8 in the UGV

Daniel 8 in the UGV2

Daniel 8 in the UGV3

Daniel 8 in the VBL

Daniel 8 in the VDCC

Daniel 8 in the YALU

Daniel 8 in the YAPE

Daniel 8 in the YBVTP

Daniel 8 in the ZBP