Daniel 8 (BOATCB2)

1 Ɔhene Belsasar adedi mfe abiɛsa so, me, Daniel, minyaa anisoadehu foforo bi a na edi nea ada ne ho adi akyerɛ me dedaw no akyi. 2 Mʼanisoadehu mu no, mihuu sɛ na mewɔ Susa abanwa a ɛwɔ Elam mantam no mu; na mʼanisoadehu mu no, na mewɔ Asuka Ulai ho. 3 Memaa mʼani so no, mihuu Odwennini a ɔwɔ mmɛn atenten abien na ogyina suka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sen baako, nanso nea ɛware no, akyiri no, enyinii. 4 Mehwɛɛ Odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔe, atifi ne anafo fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a obetumi agye obi foforo afi ne nsam. Ɔyɛɛ nea ɔpɛ, na ɔyɛɛ ɔkɛse. 5 Bere a migu so redwen eyi ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse bi a etua nʼani abien no ntam pue fii atɔe fam, twaa mu faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam. 6 Ɔde nʼani kyerɛɛ Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no a mihuu sɛ na ogyina suka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ ne so. 7 Ɔpapo no sii ntɔkɔnan a emu yɛ den, na ɔpem Odwennini no bubuu ne mmɛn abien no. Odwennini no yɛɛ mmerɛw na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfi ne nsam. 8 Ɔpapo no bɛyɛɛ oniɔdenfo kɛse. Nanso, nʼaniɔden no duu ne mpɔmpɔnso no, nʼabɛn kɛse no bui, na nʼanan mu no, mmɛn akɛse anan fifii a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa anan no so. 9 Abɛn foforo bi puee wɔ mmɛn akɛse no mu baako ho. Efii ase kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛse kɔɔ anafo ne apuei fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so. 10 Enyinii ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotow asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma guguu fam, tiatiaa wɔn so. 11 Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho ɔkɛse sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ogyee daa daa afɔre fii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ. 12 Esiane atuatew no nti, wɔde ahotefo asafo no ne wɔn daa daa afɔre maa no. Na wɔtow nokware kyenee. 13 Afei metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforo bisaa no se, “Bere bɛn na anisoadehu yi bɛba mu—nea ɛfa daa daa afɔre, atuatew a ɛde ɔsɛe ba, kronkron tenabea a wobegyaa mu ama, ne AWURADE asafo a wobetiatia wɔn so no?” 14 Obuaa no se, “Ebedi anwummere ne anɔpa ahorow 2,300, ansa na wɔasan atew kronkron tenabea no ho.” 15 Bere a me Daniel, merehwɛ anisoadehu na mepɛɛ sɛ mete ase no, obi a ɔte sɛ ɔbarima begyinaa mʼanim. 16 Na metee onipa nne a ɛrefrɛ fi Ulai mu se, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehu no ase.” 17 Ɔrebɛn faako a na migyina no, misuroe, na mede mʼanim butuw fam. Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, te ase sɛ anisoadehu no fa awieibere no ho.” 18 Bere a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam. Na osoo me mu de me gyinaa mʼanan so. 19 Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho. 20 Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. 21 Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no. 22 Mmɛn anan a ebesisii mmɛn a ebubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahenni anan a ɛbɛsɔre afi ne man no mu, nanso wɔn tumidi renyɛ pɛ. 23 “Wɔn adedi no rekɔ awiei no, bere a atuatewfo no ayɛ atirimɔden mmoroso no, ɔhene a ɔyɛ den, na odi akɔntɔnkyesɛm bɛsɔre. 24 Ɔbɛyɛ den yiye a emfi nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe ade ama nnipa ho adwiriw wɔn, na obedi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo. 25 Ɔbɛma nnaadaa agye ntin, na ɔbɛyɛ ahomaso. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkae, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a emfi onipa ahoɔden mu. 26 “Anwummere ne anɔpa anisoadehu a wɔde ama wo no yɛ nokware, nanso, so ano, efisɛ ɛfa daakye bi a ennya mmae ho.” 27 Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛw, na meyaree nna kakra. Akyiri no, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehu no yɛɛ me ahodwiriw; na ɛboroo ntease so.

In Other Versions

Daniel 8 in the ANGEFD

Daniel 8 in the ANTPNG2D

Daniel 8 in the AS21

Daniel 8 in the BAGH

Daniel 8 in the BBPNG

Daniel 8 in the BBT1E

Daniel 8 in the BDS

Daniel 8 in the BEV

Daniel 8 in the BHAD

Daniel 8 in the BIB

Daniel 8 in the BLPT

Daniel 8 in the BNT

Daniel 8 in the BNTABOOT

Daniel 8 in the BNTLV

Daniel 8 in the BOATCB

Daniel 8 in the BOBCV

Daniel 8 in the BOCNT

Daniel 8 in the BOECS

Daniel 8 in the BOGWICC

Daniel 8 in the BOHCB

Daniel 8 in the BOHCV

Daniel 8 in the BOHLNT

Daniel 8 in the BOHNTLTAL

Daniel 8 in the BOICB

Daniel 8 in the BOILNTAP

Daniel 8 in the BOITCV

Daniel 8 in the BOKCV

Daniel 8 in the BOKCV2

Daniel 8 in the BOKHWOG

Daniel 8 in the BOKSSV

Daniel 8 in the BOLCB

Daniel 8 in the BOLCB2

Daniel 8 in the BOMCV

Daniel 8 in the BONAV

Daniel 8 in the BONCB

Daniel 8 in the BONLT

Daniel 8 in the BONUT2

Daniel 8 in the BOPLNT

Daniel 8 in the BOSCB

Daniel 8 in the BOSNC

Daniel 8 in the BOTLNT

Daniel 8 in the BOVCB

Daniel 8 in the BOYCB

Daniel 8 in the BPBB

Daniel 8 in the BPH

Daniel 8 in the BSB

Daniel 8 in the CCB

Daniel 8 in the CUV

Daniel 8 in the CUVS

Daniel 8 in the DBT

Daniel 8 in the DGDNT

Daniel 8 in the DHNT

Daniel 8 in the DNT

Daniel 8 in the ELBE

Daniel 8 in the EMTV

Daniel 8 in the ESV

Daniel 8 in the FBV

Daniel 8 in the FEB

Daniel 8 in the GGMNT

Daniel 8 in the GNT

Daniel 8 in the HARY

Daniel 8 in the HNT

Daniel 8 in the IRVA

Daniel 8 in the IRVB

Daniel 8 in the IRVG

Daniel 8 in the IRVH

Daniel 8 in the IRVK

Daniel 8 in the IRVM

Daniel 8 in the IRVM2

Daniel 8 in the IRVO

Daniel 8 in the IRVP

Daniel 8 in the IRVT

Daniel 8 in the IRVT2

Daniel 8 in the IRVU

Daniel 8 in the ISVN

Daniel 8 in the JSNT

Daniel 8 in the KAPI

Daniel 8 in the KBT1ETNIK

Daniel 8 in the KBV

Daniel 8 in the KJV

Daniel 8 in the KNFD

Daniel 8 in the LBA

Daniel 8 in the LBLA

Daniel 8 in the LNT

Daniel 8 in the LSV

Daniel 8 in the MAAL

Daniel 8 in the MBV

Daniel 8 in the MBV2

Daniel 8 in the MHNT

Daniel 8 in the MKNFD

Daniel 8 in the MNG

Daniel 8 in the MNT

Daniel 8 in the MNT2

Daniel 8 in the MRS1T

Daniel 8 in the NAA

Daniel 8 in the NASB

Daniel 8 in the NBLA

Daniel 8 in the NBS

Daniel 8 in the NBVTP

Daniel 8 in the NET2

Daniel 8 in the NIV11

Daniel 8 in the NNT

Daniel 8 in the NNT2

Daniel 8 in the NNT3

Daniel 8 in the PDDPT

Daniel 8 in the PFNT

Daniel 8 in the RMNT

Daniel 8 in the SBIAS

Daniel 8 in the SBIBS

Daniel 8 in the SBIBS2

Daniel 8 in the SBICS

Daniel 8 in the SBIDS

Daniel 8 in the SBIGS

Daniel 8 in the SBIHS

Daniel 8 in the SBIIS

Daniel 8 in the SBIIS2

Daniel 8 in the SBIIS3

Daniel 8 in the SBIKS

Daniel 8 in the SBIKS2

Daniel 8 in the SBIMS

Daniel 8 in the SBIOS

Daniel 8 in the SBIPS

Daniel 8 in the SBISS

Daniel 8 in the SBITS

Daniel 8 in the SBITS2

Daniel 8 in the SBITS3

Daniel 8 in the SBITS4

Daniel 8 in the SBIUS

Daniel 8 in the SBIVS

Daniel 8 in the SBT

Daniel 8 in the SBT1E

Daniel 8 in the SCHL

Daniel 8 in the SNT

Daniel 8 in the SUSU

Daniel 8 in the SUSU2

Daniel 8 in the SYNO

Daniel 8 in the TBIAOTANT

Daniel 8 in the TBT1E

Daniel 8 in the TBT1E2

Daniel 8 in the TFTIP

Daniel 8 in the TFTU

Daniel 8 in the TGNTATF3T

Daniel 8 in the THAI

Daniel 8 in the TNFD

Daniel 8 in the TNT

Daniel 8 in the TNTIK

Daniel 8 in the TNTIL

Daniel 8 in the TNTIN

Daniel 8 in the TNTIP

Daniel 8 in the TNTIZ

Daniel 8 in the TOMA

Daniel 8 in the TTENT

Daniel 8 in the UBG

Daniel 8 in the UGV

Daniel 8 in the UGV2

Daniel 8 in the UGV3

Daniel 8 in the VBL

Daniel 8 in the VDCC

Daniel 8 in the YALU

Daniel 8 in the YAPE

Daniel 8 in the YBVTP

Daniel 8 in the ZBP