Deuteronomy 19 (BOATCB)
1 Sɛ AWURADE mo Onyankopɔn sɛe aman a ɔde wɔn nsase rema mo na sɛ mopam wɔn na motena wɔn nkuro no mu ne wɔn afie mu a, 2 monyi nkuropɔn mmiɛnsa a ɛwɔ asase no mfimfini a AWURADE, mo Onyankopɔn, de rema mo afa no. 3 Monyiyi akwan nkɔ hɔ na monkyɛ asase a AWURADE, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ no mu mmiɛnsa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ obi kum obi a, ɔbɛdwane akɔ hɔ. 4 Sɛ obi anhyɛ da na ɔkum obi a ɔnni ne ho menasepɔ anaa ɔntan no dada a, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ saa nkuropɔn yi biara so de gye ne ho nkwa. 5 Sɛ ebia, obi ne ne yɔnko bi kɔ wiram rekɔbu nnua na sɛ ɛba sɛ ɔbaako de abonnua rebu dua bi na sɛ abonnua no hɔn firi ne dua mu kumm ne yɔnko no a, saa asɛm yi mu no, onipakumfoɔ no tumi dwane kɔ nkuropɔn no baako so de gye ne ho nkwa. 6 Sɛ dwanekɔbea biara mmɛn hɔ a, ɔtaafoɔ bi bɛtumi ataa onipakumfoɔ no akum no. Sɛ ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ, wɔakum onipakumfoɔ no wɔ ɛberɛ a wanhyɛ da akum obi. Wankum onipa, na mmom deɛ ɔyɛeɛ yɛ asiane. 7 Ne saa enti na merehyɛ mo sɛ monyi nkuropɔn mmiɛnsa nsi nkyɛn no. 8 Sɛ AWURADE mo Onyankopɔn trɛ mo ɔman mu sɛdeɛ ɔkaa ho ntam kyerɛɛ mo agyanom na ɔde asase no nyinaa ma mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn ho bɔ no a, 9 ɛsɛ sɛ moyi nkuropɔn mmiɛnsa si nkyɛn. Sɛ moto mo bo ase di mmara a mehyɛɛ mo no so ɛnnɛ yi sɛ monnɔ AWURADE mo Onyankopɔn na monnante nʼakwan so a, ɛnneɛ, ɔde asase no bɛma mo. 10 Monyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔnhwie mogya a ɛnni fɔ no ngu wɔ mo asase a AWURADE, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ no so, na moanni mogyahwieguo no ho fɔ. 11 Sɛ obi tan obi enti ɔhyɛ da kɔtɛ no kumm no na ɔdwane kɔ nkuropɔn no bi so kɔtɛ a, 12 ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ a wɔwɔ ne kuro no mu hɔ no soma ma wɔkɔpɛ no ma wɔsane de no ba kuropɔn no mu ma owufoɔ no nkurɔfoɔ nso kum no bi. 13 Mommma onipakumfoɔ no asɛm nha mo. Monyi wɔn a wɔdi awudie ho fɔ wɔ Israel nyinaa mmra, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribiara bɛkɔ yie ama mo. 14 Sɛ moduru asase a AWURADE, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so a, monntutu ɛhyeɛ a mo agyanom atoto ngu mmfa so nwia obi asase. 15 Mommmu obi a ɔdanseni baako abɛdi atia no no fɔ. Soboɔ bɛdi mu ɛberɛ a nnipa baanu anaa baasa abɛdi adanseɛ. 16 Sɛ atorɔ danseni bi ba bɛbɔ obi amumuyɛ bi ho kwaadu a, 17 ɛnneɛ, ɛsɛ sɛ kwaadubɔni no ne onipa a wabɔ no kwaadu no nyinaa ba asɔfoɔ ne atemmufoɔ a wɔreyɛ AWURADE adwuma no anim. 18 Ɛsɛ sɛ wɔto wɔn bo bisa nnipa no nsɛm mu yie. Na sɛ wɔhunu sɛ kwaadubɔni no retwa atorɔ a, 19 wɔde asotwe a anka ɛsɛ sɛ wɔde ma onipa a wɔabɔ no kwaadu no bɛma no. Sɛ mofa saa ɛkwan yi so a, mobɛtu amumuyɛsɛm nyinaa afiri mo mu. 20 Wɔn a wɔbɛte no bɛsuro sɛ wɔbɛyɛ saa bɔne no bi. 21 Monnhunu obiara mmɔbɔ! Mo mmara a ɛsɛ sɛ modi so no yɛ nkwa nsi nkwa ananmu, ani nsi ani ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu.
In Other Versions
Deuteronomy 19 in the ANGEFD
Deuteronomy 19 in the ANTPNG2D
Deuteronomy 19 in the AS21
Deuteronomy 19 in the BAGH
Deuteronomy 19 in the BBPNG
Deuteronomy 19 in the BBT1E
Deuteronomy 19 in the BDS
Deuteronomy 19 in the BEV
Deuteronomy 19 in the BHAD
Deuteronomy 19 in the BIB
Deuteronomy 19 in the BLPT
Deuteronomy 19 in the BNT
Deuteronomy 19 in the BNTABOOT
Deuteronomy 19 in the BNTLV
Deuteronomy 19 in the BOATCB2
Deuteronomy 19 in the BOBCV
Deuteronomy 19 in the BOCNT
Deuteronomy 19 in the BOECS
Deuteronomy 19 in the BOGWICC
Deuteronomy 19 in the BOHCB
Deuteronomy 19 in the BOHCV
Deuteronomy 19 in the BOHLNT
Deuteronomy 19 in the BOHNTLTAL
Deuteronomy 19 in the BOICB
Deuteronomy 19 in the BOILNTAP
Deuteronomy 19 in the BOITCV
Deuteronomy 19 in the BOKCV
Deuteronomy 19 in the BOKCV2
Deuteronomy 19 in the BOKHWOG
Deuteronomy 19 in the BOKSSV
Deuteronomy 19 in the BOLCB
Deuteronomy 19 in the BOLCB2
Deuteronomy 19 in the BOMCV
Deuteronomy 19 in the BONAV
Deuteronomy 19 in the BONCB
Deuteronomy 19 in the BONLT
Deuteronomy 19 in the BONUT2
Deuteronomy 19 in the BOPLNT
Deuteronomy 19 in the BOSCB
Deuteronomy 19 in the BOSNC
Deuteronomy 19 in the BOTLNT
Deuteronomy 19 in the BOVCB
Deuteronomy 19 in the BOYCB
Deuteronomy 19 in the BPBB
Deuteronomy 19 in the BPH
Deuteronomy 19 in the BSB
Deuteronomy 19 in the CCB
Deuteronomy 19 in the CUV
Deuteronomy 19 in the CUVS
Deuteronomy 19 in the DBT
Deuteronomy 19 in the DGDNT
Deuteronomy 19 in the DHNT
Deuteronomy 19 in the DNT
Deuteronomy 19 in the ELBE
Deuteronomy 19 in the EMTV
Deuteronomy 19 in the ESV
Deuteronomy 19 in the FBV
Deuteronomy 19 in the FEB
Deuteronomy 19 in the GGMNT
Deuteronomy 19 in the GNT
Deuteronomy 19 in the HARY
Deuteronomy 19 in the HNT
Deuteronomy 19 in the IRVA
Deuteronomy 19 in the IRVB
Deuteronomy 19 in the IRVG
Deuteronomy 19 in the IRVH
Deuteronomy 19 in the IRVK
Deuteronomy 19 in the IRVM
Deuteronomy 19 in the IRVM2
Deuteronomy 19 in the IRVO
Deuteronomy 19 in the IRVP
Deuteronomy 19 in the IRVT
Deuteronomy 19 in the IRVT2
Deuteronomy 19 in the IRVU
Deuteronomy 19 in the ISVN
Deuteronomy 19 in the JSNT
Deuteronomy 19 in the KAPI
Deuteronomy 19 in the KBT1ETNIK
Deuteronomy 19 in the KBV
Deuteronomy 19 in the KJV
Deuteronomy 19 in the KNFD
Deuteronomy 19 in the LBA
Deuteronomy 19 in the LBLA
Deuteronomy 19 in the LNT
Deuteronomy 19 in the LSV
Deuteronomy 19 in the MAAL
Deuteronomy 19 in the MBV
Deuteronomy 19 in the MBV2
Deuteronomy 19 in the MHNT
Deuteronomy 19 in the MKNFD
Deuteronomy 19 in the MNG
Deuteronomy 19 in the MNT
Deuteronomy 19 in the MNT2
Deuteronomy 19 in the MRS1T
Deuteronomy 19 in the NAA
Deuteronomy 19 in the NASB
Deuteronomy 19 in the NBLA
Deuteronomy 19 in the NBS
Deuteronomy 19 in the NBVTP
Deuteronomy 19 in the NET2
Deuteronomy 19 in the NIV11
Deuteronomy 19 in the NNT
Deuteronomy 19 in the NNT2
Deuteronomy 19 in the NNT3
Deuteronomy 19 in the PDDPT
Deuteronomy 19 in the PFNT
Deuteronomy 19 in the RMNT
Deuteronomy 19 in the SBIAS
Deuteronomy 19 in the SBIBS
Deuteronomy 19 in the SBIBS2
Deuteronomy 19 in the SBICS
Deuteronomy 19 in the SBIDS
Deuteronomy 19 in the SBIGS
Deuteronomy 19 in the SBIHS
Deuteronomy 19 in the SBIIS
Deuteronomy 19 in the SBIIS2
Deuteronomy 19 in the SBIIS3
Deuteronomy 19 in the SBIKS
Deuteronomy 19 in the SBIKS2
Deuteronomy 19 in the SBIMS
Deuteronomy 19 in the SBIOS
Deuteronomy 19 in the SBIPS
Deuteronomy 19 in the SBISS
Deuteronomy 19 in the SBITS
Deuteronomy 19 in the SBITS2
Deuteronomy 19 in the SBITS3
Deuteronomy 19 in the SBITS4
Deuteronomy 19 in the SBIUS
Deuteronomy 19 in the SBIVS
Deuteronomy 19 in the SBT
Deuteronomy 19 in the SBT1E
Deuteronomy 19 in the SCHL
Deuteronomy 19 in the SNT
Deuteronomy 19 in the SUSU
Deuteronomy 19 in the SUSU2
Deuteronomy 19 in the SYNO
Deuteronomy 19 in the TBIAOTANT
Deuteronomy 19 in the TBT1E
Deuteronomy 19 in the TBT1E2
Deuteronomy 19 in the TFTIP
Deuteronomy 19 in the TFTU
Deuteronomy 19 in the TGNTATF3T
Deuteronomy 19 in the THAI
Deuteronomy 19 in the TNFD
Deuteronomy 19 in the TNT
Deuteronomy 19 in the TNTIK
Deuteronomy 19 in the TNTIL
Deuteronomy 19 in the TNTIN
Deuteronomy 19 in the TNTIP
Deuteronomy 19 in the TNTIZ
Deuteronomy 19 in the TOMA
Deuteronomy 19 in the TTENT
Deuteronomy 19 in the UBG
Deuteronomy 19 in the UGV
Deuteronomy 19 in the UGV2
Deuteronomy 19 in the UGV3
Deuteronomy 19 in the VBL
Deuteronomy 19 in the VDCC
Deuteronomy 19 in the YALU
Deuteronomy 19 in the YAPE
Deuteronomy 19 in the YBVTP
Deuteronomy 19 in the ZBP