Ephesians 1 (BOATCB)

1 Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn, Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no: 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo. 3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn. 4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu 5 hyɛ too hɔ sɛ, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma, 6 de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔ Ba no mu no. 7 Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ a ɛfiri ne mogya mu. Ne mu na yɛnya bɔnefakyɛ nso, sɛdeɛ Onyankopɔn adom mmorosoɔ a 8 ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ. 9 Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ, 10 ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase. 11 Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ, 12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam. 13 Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso wɔ ne mu. 14 Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam. 15 Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no, 16 mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaeɛbɔ mu, 17 na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no. 18 Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefoɔ no, 19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi 20 ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no. 21 Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. 22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no, 23 a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.

In Other Versions

Ephesians 1 in the ANGEFD

Ephesians 1 in the ANTPNG2D

Ephesians 1 in the AS21

Ephesians 1 in the BAGH

Ephesians 1 in the BBPNG

Ephesians 1 in the BBT1E

Ephesians 1 in the BDS

Ephesians 1 in the BEV

Ephesians 1 in the BHAD

Ephesians 1 in the BIB

Ephesians 1 in the BLPT

Ephesians 1 in the BNT

Ephesians 1 in the BNTABOOT

Ephesians 1 in the BNTLV

Ephesians 1 in the BOATCB2

Ephesians 1 in the BOBCV

Ephesians 1 in the BOCNT

Ephesians 1 in the BOECS

Ephesians 1 in the BOGWICC

Ephesians 1 in the BOHCB

Ephesians 1 in the BOHCV

Ephesians 1 in the BOHLNT

Ephesians 1 in the BOHNTLTAL

Ephesians 1 in the BOICB

Ephesians 1 in the BOILNTAP

Ephesians 1 in the BOITCV

Ephesians 1 in the BOKCV

Ephesians 1 in the BOKCV2

Ephesians 1 in the BOKHWOG

Ephesians 1 in the BOKSSV

Ephesians 1 in the BOLCB

Ephesians 1 in the BOLCB2

Ephesians 1 in the BOMCV

Ephesians 1 in the BONAV

Ephesians 1 in the BONCB

Ephesians 1 in the BONLT

Ephesians 1 in the BONUT2

Ephesians 1 in the BOPLNT

Ephesians 1 in the BOSCB

Ephesians 1 in the BOSNC

Ephesians 1 in the BOTLNT

Ephesians 1 in the BOVCB

Ephesians 1 in the BOYCB

Ephesians 1 in the BPBB

Ephesians 1 in the BPH

Ephesians 1 in the BSB

Ephesians 1 in the CCB

Ephesians 1 in the CUV

Ephesians 1 in the CUVS

Ephesians 1 in the DBT

Ephesians 1 in the DGDNT

Ephesians 1 in the DHNT

Ephesians 1 in the DNT

Ephesians 1 in the ELBE

Ephesians 1 in the EMTV

Ephesians 1 in the ESV

Ephesians 1 in the FBV

Ephesians 1 in the FEB

Ephesians 1 in the GGMNT

Ephesians 1 in the GNT

Ephesians 1 in the HARY

Ephesians 1 in the HNT

Ephesians 1 in the IRVA

Ephesians 1 in the IRVB

Ephesians 1 in the IRVG

Ephesians 1 in the IRVH

Ephesians 1 in the IRVK

Ephesians 1 in the IRVM

Ephesians 1 in the IRVM2

Ephesians 1 in the IRVO

Ephesians 1 in the IRVP

Ephesians 1 in the IRVT

Ephesians 1 in the IRVT2

Ephesians 1 in the IRVU

Ephesians 1 in the ISVN

Ephesians 1 in the JSNT

Ephesians 1 in the KAPI

Ephesians 1 in the KBT1ETNIK

Ephesians 1 in the KBV

Ephesians 1 in the KJV

Ephesians 1 in the KNFD

Ephesians 1 in the LBA

Ephesians 1 in the LBLA

Ephesians 1 in the LNT

Ephesians 1 in the LSV

Ephesians 1 in the MAAL

Ephesians 1 in the MBV

Ephesians 1 in the MBV2

Ephesians 1 in the MHNT

Ephesians 1 in the MKNFD

Ephesians 1 in the MNG

Ephesians 1 in the MNT

Ephesians 1 in the MNT2

Ephesians 1 in the MRS1T

Ephesians 1 in the NAA

Ephesians 1 in the NASB

Ephesians 1 in the NBLA

Ephesians 1 in the NBS

Ephesians 1 in the NBVTP

Ephesians 1 in the NET2

Ephesians 1 in the NIV11

Ephesians 1 in the NNT

Ephesians 1 in the NNT2

Ephesians 1 in the NNT3

Ephesians 1 in the PDDPT

Ephesians 1 in the PFNT

Ephesians 1 in the RMNT

Ephesians 1 in the SBIAS

Ephesians 1 in the SBIBS

Ephesians 1 in the SBIBS2

Ephesians 1 in the SBICS

Ephesians 1 in the SBIDS

Ephesians 1 in the SBIGS

Ephesians 1 in the SBIHS

Ephesians 1 in the SBIIS

Ephesians 1 in the SBIIS2

Ephesians 1 in the SBIIS3

Ephesians 1 in the SBIKS

Ephesians 1 in the SBIKS2

Ephesians 1 in the SBIMS

Ephesians 1 in the SBIOS

Ephesians 1 in the SBIPS

Ephesians 1 in the SBISS

Ephesians 1 in the SBITS

Ephesians 1 in the SBITS2

Ephesians 1 in the SBITS3

Ephesians 1 in the SBITS4

Ephesians 1 in the SBIUS

Ephesians 1 in the SBIVS

Ephesians 1 in the SBT

Ephesians 1 in the SBT1E

Ephesians 1 in the SCHL

Ephesians 1 in the SNT

Ephesians 1 in the SUSU

Ephesians 1 in the SUSU2

Ephesians 1 in the SYNO

Ephesians 1 in the TBIAOTANT

Ephesians 1 in the TBT1E

Ephesians 1 in the TBT1E2

Ephesians 1 in the TFTIP

Ephesians 1 in the TFTU

Ephesians 1 in the TGNTATF3T

Ephesians 1 in the THAI

Ephesians 1 in the TNFD

Ephesians 1 in the TNT

Ephesians 1 in the TNTIK

Ephesians 1 in the TNTIL

Ephesians 1 in the TNTIN

Ephesians 1 in the TNTIP

Ephesians 1 in the TNTIZ

Ephesians 1 in the TOMA

Ephesians 1 in the TTENT

Ephesians 1 in the UBG

Ephesians 1 in the UGV

Ephesians 1 in the UGV2

Ephesians 1 in the UGV3

Ephesians 1 in the VBL

Ephesians 1 in the VDCC

Ephesians 1 in the YALU

Ephesians 1 in the YAPE

Ephesians 1 in the YBVTP

Ephesians 1 in the ZBP