Exodus 13 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Te Israelfoɔ mmammarima ne aboa biara abakan ho ma me; wɔn nyinaa yɛ me dea.” 3 Na Mose ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Ɛnnɛ yɛ ɛda a ɛsɛ sɛ mokae ɛda biara—ɛda a motu firii Misraim asase a na moyɛ nkoa wɔ so no. AWURADE ayɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree akyerɛ mo. Enti, monkae sɛ, sɛ afe duru na moredi afahyɛ yi a, mommfa mmɔreka mfra mo aduane; na mommfa bi nkɔ mo afie nso mu koraa. 4 Afe biara mu Abib bosome awieeɛ (bɛyɛ Ɔbenem awieeɛ), monkae saa atutena yi. 5 AWURADE de mo baa Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ nsase a ɛwoɔ ne nufosuo sen so a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo no so. 6 Mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu nko ara nnanson. Na ɛda a ɛtɔ so nson no, monto ɛpono kɛseɛ mma AWURADE. 7 Ɛnsɛ sɛ obiara kora mmɔreka wɔ ne fie anaa mo asase no ahyeɛ so baabiara. 8 Ɛduru afirinhyia na moredi nna yi a, monkyerɛ mo mma deɛ enti a moredi saa afahyɛ no. Ɛyɛ afahyɛ a mode bɛkae deɛ AWURADE yɛ maa mo ɛberɛ a motu firii Misraim asase so no. 9 Saa afe biara mu nnawɔtwe afahyɛ yi, ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ te sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ a wɔde abɔ mo nsa ho anaa mo moma so sɛ nkae adeɛ. Momma AWURADE mmara ntena mo anom, ɛfiri sɛ tumi kɛseɛ na ɔde yii mo firii Misraim. 10 Afe biara, ɛrekɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) awieeɛ no, monni afahyɛ yi. 11 “Sɛ AWURADE de mo ba asase a ɔhyɛɛ mo agyanom ho bɔ tete no a Kanaanfoɔ te so seesei no so a, monkae sɛ, 12 mo mmammarima a wɔyɛ mmakan nyinaa ne nyɛmmoa mmakan a wɔyɛ mmarima no nyinaa yɛ AWURADE dea. Enti momfa mma no. 13 Motumi de odwan ba anaa abirekyie ba kɔsesa afunumu ba abakan. Na sɛ woyɛ wʼadwene sɛ woremfa afunumu no nni nsesa a, ɛsɛ sɛ wobu afunumu no kɔn mu kum no. Nanso mo mmammarima abakan deɛ, ɛsɛ sɛ motɔ wɔn ti. 14 “Na sɛ daakye bi mo mma bisa mo sɛ, ‘Yeinom nyinaa ase ne sɛn a, monka nkyerɛ wɔn sɛ, AWURADE nam anwanwadeɛ akɛseɛ a ɔyɛeɛ so na ɔyii yɛn firii nkoasom mu wɔ Misraim. 15 Na Farao mpɛ sɛ ɔma yɛn ɛkwan ma yɛkɔ enti, AWURADE kumm mmammarima ne mmoanini a wɔyɛ mmakan a wɔwɔ Misraim asase so nyinaa. Ɛno enti na yɛde mmammarima a wɔyɛ mmakan rema AWURADE yi, nanso nnipa mmammarima mmakan no deɛ, wɔtɔ wɔn ti.’ 16 Meti mu meka bio sɛ, saa afahyɛ yi bɛda mo nso sɛ moyɛ Onyankopɔn mma te sɛ deɛ ɔde nʼagyiraeɛhyɛdeɛ abɔ mo moma so sɛ ɔdedea. Ɛyɛ nkaedeɛ a ɛkyerɛ sɛ AWURADE nam ne tumi kɛseɛ no so na ɔde yii yɛn firii Misraim.” 17 Akyire no, Farao maa nnipa no kɔeɛ. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wɔfa Filistifoɔ asase a ɛkwan no da mu tee kɔsi Bɔhyɛ Asase no so, nanso Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so. Deɛ enti a Onyankopɔn ma wɔfaa ɛkwan foforɔ so no ne sɛ, na ɔsusu sɛ, ɛwom sɛ wɔkura wɔn akodeɛ deɛ, nanso sɛ wɔkɔ na wɔkɔhyia akodie bi a, wɔn aba mu bɛbu ama wɔasane aba Misraim. 18 Enti, Onyankopɔn dii wɔn anim de wɔn faa ɛserɛ so kɔntɔnkyekwan a ɛrekɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho no so. 19 Mose rekɔ no, ɔfaa Yosef nnompe de kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na Yosef ama Israel mma aka Onyankopɔn ntam sɛ, “Sɛ ɔreyi wɔn afiri Misraim a, wɔde ne nnompe bɛkɔ bi, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ Onyankopɔn bɛyi wɔn afiri Misraim asase so.” 20 Wɔfiri Sukot no, wɔkɔkyeree sraban wɔ Etam ɛserɛ no ano. 21 AWURADE de omununkum kyerɛɛ wɔn ɛkwan awia na ɔde ogya nso kyerɛɛ wɔn ɛkwan anadwo. Enti na wɔtumi tu wɔn kwan no awia ne anadwo nyinaa. 22 Ɛberɛ biara na wɔhunu omununkum ne ogya no.

In Other Versions

Exodus 13 in the ANGEFD

Exodus 13 in the ANTPNG2D

Exodus 13 in the AS21

Exodus 13 in the BAGH

Exodus 13 in the BBPNG

Exodus 13 in the BBT1E

Exodus 13 in the BDS

Exodus 13 in the BEV

Exodus 13 in the BHAD

Exodus 13 in the BIB

Exodus 13 in the BLPT

Exodus 13 in the BNT

Exodus 13 in the BNTABOOT

Exodus 13 in the BNTLV

Exodus 13 in the BOATCB2

Exodus 13 in the BOBCV

Exodus 13 in the BOCNT

Exodus 13 in the BOECS

Exodus 13 in the BOGWICC

Exodus 13 in the BOHCB

Exodus 13 in the BOHCV

Exodus 13 in the BOHLNT

Exodus 13 in the BOHNTLTAL

Exodus 13 in the BOICB

Exodus 13 in the BOILNTAP

Exodus 13 in the BOITCV

Exodus 13 in the BOKCV

Exodus 13 in the BOKCV2

Exodus 13 in the BOKHWOG

Exodus 13 in the BOKSSV

Exodus 13 in the BOLCB

Exodus 13 in the BOLCB2

Exodus 13 in the BOMCV

Exodus 13 in the BONAV

Exodus 13 in the BONCB

Exodus 13 in the BONLT

Exodus 13 in the BONUT2

Exodus 13 in the BOPLNT

Exodus 13 in the BOSCB

Exodus 13 in the BOSNC

Exodus 13 in the BOTLNT

Exodus 13 in the BOVCB

Exodus 13 in the BOYCB

Exodus 13 in the BPBB

Exodus 13 in the BPH

Exodus 13 in the BSB

Exodus 13 in the CCB

Exodus 13 in the CUV

Exodus 13 in the CUVS

Exodus 13 in the DBT

Exodus 13 in the DGDNT

Exodus 13 in the DHNT

Exodus 13 in the DNT

Exodus 13 in the ELBE

Exodus 13 in the EMTV

Exodus 13 in the ESV

Exodus 13 in the FBV

Exodus 13 in the FEB

Exodus 13 in the GGMNT

Exodus 13 in the GNT

Exodus 13 in the HARY

Exodus 13 in the HNT

Exodus 13 in the IRVA

Exodus 13 in the IRVB

Exodus 13 in the IRVG

Exodus 13 in the IRVH

Exodus 13 in the IRVK

Exodus 13 in the IRVM

Exodus 13 in the IRVM2

Exodus 13 in the IRVO

Exodus 13 in the IRVP

Exodus 13 in the IRVT

Exodus 13 in the IRVT2

Exodus 13 in the IRVU

Exodus 13 in the ISVN

Exodus 13 in the JSNT

Exodus 13 in the KAPI

Exodus 13 in the KBT1ETNIK

Exodus 13 in the KBV

Exodus 13 in the KJV

Exodus 13 in the KNFD

Exodus 13 in the LBA

Exodus 13 in the LBLA

Exodus 13 in the LNT

Exodus 13 in the LSV

Exodus 13 in the MAAL

Exodus 13 in the MBV

Exodus 13 in the MBV2

Exodus 13 in the MHNT

Exodus 13 in the MKNFD

Exodus 13 in the MNG

Exodus 13 in the MNT

Exodus 13 in the MNT2

Exodus 13 in the MRS1T

Exodus 13 in the NAA

Exodus 13 in the NASB

Exodus 13 in the NBLA

Exodus 13 in the NBS

Exodus 13 in the NBVTP

Exodus 13 in the NET2

Exodus 13 in the NIV11

Exodus 13 in the NNT

Exodus 13 in the NNT2

Exodus 13 in the NNT3

Exodus 13 in the PDDPT

Exodus 13 in the PFNT

Exodus 13 in the RMNT

Exodus 13 in the SBIAS

Exodus 13 in the SBIBS

Exodus 13 in the SBIBS2

Exodus 13 in the SBICS

Exodus 13 in the SBIDS

Exodus 13 in the SBIGS

Exodus 13 in the SBIHS

Exodus 13 in the SBIIS

Exodus 13 in the SBIIS2

Exodus 13 in the SBIIS3

Exodus 13 in the SBIKS

Exodus 13 in the SBIKS2

Exodus 13 in the SBIMS

Exodus 13 in the SBIOS

Exodus 13 in the SBIPS

Exodus 13 in the SBISS

Exodus 13 in the SBITS

Exodus 13 in the SBITS2

Exodus 13 in the SBITS3

Exodus 13 in the SBITS4

Exodus 13 in the SBIUS

Exodus 13 in the SBIVS

Exodus 13 in the SBT

Exodus 13 in the SBT1E

Exodus 13 in the SCHL

Exodus 13 in the SNT

Exodus 13 in the SUSU

Exodus 13 in the SUSU2

Exodus 13 in the SYNO

Exodus 13 in the TBIAOTANT

Exodus 13 in the TBT1E

Exodus 13 in the TBT1E2

Exodus 13 in the TFTIP

Exodus 13 in the TFTU

Exodus 13 in the TGNTATF3T

Exodus 13 in the THAI

Exodus 13 in the TNFD

Exodus 13 in the TNT

Exodus 13 in the TNTIK

Exodus 13 in the TNTIL

Exodus 13 in the TNTIN

Exodus 13 in the TNTIP

Exodus 13 in the TNTIZ

Exodus 13 in the TOMA

Exodus 13 in the TTENT

Exodus 13 in the UBG

Exodus 13 in the UGV

Exodus 13 in the UGV2

Exodus 13 in the UGV3

Exodus 13 in the VBL

Exodus 13 in the VDCC

Exodus 13 in the YALU

Exodus 13 in the YAPE

Exodus 13 in the YBVTP

Exodus 13 in the ZBP