Exodus 40 (BOATCB)

1 Afei AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no na si Ahyiaeɛ Ntomadan no. 3 Wosi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamutam no tware Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ. 4 Afei, fa ɛpono no bɛsi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no. 5 Fa sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so no bɛsi Apam Adaka no anim. Fa ɛpono no nkatanimu sɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano. 6 “Fa ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. 7 Fa atam no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na hyɛ no nsuo ma. 8 Afei, siesie adihɔ bi twa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyia na fa nsɛnanimu no sɛn ne kwan no ano. 9 “Fa srango no na pete gu Ahyiaeɛ Ntomadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkonnwa so, na fa te ho. 10 Ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na te ho na ɛnyɛ kronkron. 11 Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho. 12 “Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho 13 na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ. 14 Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn 15 na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.” 16 Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE akyerɛ no no. 17 Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu. 18 Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa. 19 Afei, ɔde nkurusoɔ no kuruu mponnwa no so de ne ngugusoɔ guguu so sane de ngugusoɔ a ɛdi akyire kuruu so sɛdeɛ AWURADE se ɔnyɛ no. 20 Ɔde aboɔ a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔdebɛsoa no sosɔɔ mu. Ɔde ne nkatasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkatasoɔ no kataa so. 21 Afei, ɔde Apam Adaka no bɛsii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de ntwamutam no twaa mu, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 22 Afei, ɔde ɛpono no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam wɔ ntwamutam no akyi, 23 de Ɔkyerɛ Burodo no too so wɔ AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 24 Ɔde kaneadua no sii ɛpono no nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam. 25 Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ, 26 ɛnna ɔde sikakɔkɔɔ afɔrebukyia sii ntwamutam no ho pɛɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. 27 Afei, wɔde ohwam hyee nnuhwam sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 28 Ɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nsɛnanotam sɛnee ano. 29 Ɔde afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no si bɛn Ahyiaeɛ Ntomadan ɛkwan no ano, ɛnna ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no. 30 Yei akyi, ɔde atam a wɔsi mu nneɛma no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na wɔhyɛɛ no nsuo ma sɛdeɛ asɔfoɔ no bɛnya bi ahohoro wɔn ho. 31 Mose ne Aaron ne Aaron mmammarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn nan ase wɔ hɔ. 32 Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ AWURADE kyerɛɛ Mose no. 33 Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ. 34 Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa AWURADE animuonyam hyɛɛ no ma. 35 Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na AWURADE animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma. 36 Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire. 37 Na sɛ ɛgyina a, na wɔn nso agyina kɔsi sɛ ɛbɛtu atene bio. 38 Awiaberɛ mu deɛ, AWURADE omununkum no gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no so na sɛ ɛduru anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛdeɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛhunu. Yei toaa so saa ara wɔ wɔn akwantuo no nyinaa mu.

In Other Versions

Exodus 40 in the ANGEFD

Exodus 40 in the ANTPNG2D

Exodus 40 in the AS21

Exodus 40 in the BAGH

Exodus 40 in the BBPNG

Exodus 40 in the BBT1E

Exodus 40 in the BDS

Exodus 40 in the BEV

Exodus 40 in the BHAD

Exodus 40 in the BIB

Exodus 40 in the BLPT

Exodus 40 in the BNT

Exodus 40 in the BNTABOOT

Exodus 40 in the BNTLV

Exodus 40 in the BOATCB2

Exodus 40 in the BOBCV

Exodus 40 in the BOCNT

Exodus 40 in the BOECS

Exodus 40 in the BOGWICC

Exodus 40 in the BOHCB

Exodus 40 in the BOHCV

Exodus 40 in the BOHLNT

Exodus 40 in the BOHNTLTAL

Exodus 40 in the BOICB

Exodus 40 in the BOILNTAP

Exodus 40 in the BOITCV

Exodus 40 in the BOKCV

Exodus 40 in the BOKCV2

Exodus 40 in the BOKHWOG

Exodus 40 in the BOKSSV

Exodus 40 in the BOLCB

Exodus 40 in the BOLCB2

Exodus 40 in the BOMCV

Exodus 40 in the BONAV

Exodus 40 in the BONCB

Exodus 40 in the BONLT

Exodus 40 in the BONUT2

Exodus 40 in the BOPLNT

Exodus 40 in the BOSCB

Exodus 40 in the BOSNC

Exodus 40 in the BOTLNT

Exodus 40 in the BOVCB

Exodus 40 in the BOYCB

Exodus 40 in the BPBB

Exodus 40 in the BPH

Exodus 40 in the BSB

Exodus 40 in the CCB

Exodus 40 in the CUV

Exodus 40 in the CUVS

Exodus 40 in the DBT

Exodus 40 in the DGDNT

Exodus 40 in the DHNT

Exodus 40 in the DNT

Exodus 40 in the ELBE

Exodus 40 in the EMTV

Exodus 40 in the ESV

Exodus 40 in the FBV

Exodus 40 in the FEB

Exodus 40 in the GGMNT

Exodus 40 in the GNT

Exodus 40 in the HARY

Exodus 40 in the HNT

Exodus 40 in the IRVA

Exodus 40 in the IRVB

Exodus 40 in the IRVG

Exodus 40 in the IRVH

Exodus 40 in the IRVK

Exodus 40 in the IRVM

Exodus 40 in the IRVM2

Exodus 40 in the IRVO

Exodus 40 in the IRVP

Exodus 40 in the IRVT

Exodus 40 in the IRVT2

Exodus 40 in the IRVU

Exodus 40 in the ISVN

Exodus 40 in the JSNT

Exodus 40 in the KAPI

Exodus 40 in the KBT1ETNIK

Exodus 40 in the KBV

Exodus 40 in the KJV

Exodus 40 in the KNFD

Exodus 40 in the LBA

Exodus 40 in the LBLA

Exodus 40 in the LNT

Exodus 40 in the LSV

Exodus 40 in the MAAL

Exodus 40 in the MBV

Exodus 40 in the MBV2

Exodus 40 in the MHNT

Exodus 40 in the MKNFD

Exodus 40 in the MNG

Exodus 40 in the MNT

Exodus 40 in the MNT2

Exodus 40 in the MRS1T

Exodus 40 in the NAA

Exodus 40 in the NASB

Exodus 40 in the NBLA

Exodus 40 in the NBS

Exodus 40 in the NBVTP

Exodus 40 in the NET2

Exodus 40 in the NIV11

Exodus 40 in the NNT

Exodus 40 in the NNT2

Exodus 40 in the NNT3

Exodus 40 in the PDDPT

Exodus 40 in the PFNT

Exodus 40 in the RMNT

Exodus 40 in the SBIAS

Exodus 40 in the SBIBS

Exodus 40 in the SBIBS2

Exodus 40 in the SBICS

Exodus 40 in the SBIDS

Exodus 40 in the SBIGS

Exodus 40 in the SBIHS

Exodus 40 in the SBIIS

Exodus 40 in the SBIIS2

Exodus 40 in the SBIIS3

Exodus 40 in the SBIKS

Exodus 40 in the SBIKS2

Exodus 40 in the SBIMS

Exodus 40 in the SBIOS

Exodus 40 in the SBIPS

Exodus 40 in the SBISS

Exodus 40 in the SBITS

Exodus 40 in the SBITS2

Exodus 40 in the SBITS3

Exodus 40 in the SBITS4

Exodus 40 in the SBIUS

Exodus 40 in the SBIVS

Exodus 40 in the SBT

Exodus 40 in the SBT1E

Exodus 40 in the SCHL

Exodus 40 in the SNT

Exodus 40 in the SUSU

Exodus 40 in the SUSU2

Exodus 40 in the SYNO

Exodus 40 in the TBIAOTANT

Exodus 40 in the TBT1E

Exodus 40 in the TBT1E2

Exodus 40 in the TFTIP

Exodus 40 in the TFTU

Exodus 40 in the TGNTATF3T

Exodus 40 in the THAI

Exodus 40 in the TNFD

Exodus 40 in the TNT

Exodus 40 in the TNTIK

Exodus 40 in the TNTIL

Exodus 40 in the TNTIN

Exodus 40 in the TNTIP

Exodus 40 in the TNTIZ

Exodus 40 in the TOMA

Exodus 40 in the TTENT

Exodus 40 in the UBG

Exodus 40 in the UGV

Exodus 40 in the UGV2

Exodus 40 in the UGV3

Exodus 40 in the VBL

Exodus 40 in the VDCC

Exodus 40 in the YALU

Exodus 40 in the YAPE

Exodus 40 in the YBVTP

Exodus 40 in the ZBP