Exodus 5 (BOATCB)

1 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi kyerɛɛ mpanimfoɔ no wieeɛ no, wɔkɔhunuu Farao. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “AWURADE, Israel Onyankopɔn se yɛmmɛka asɛm bi nkyerɛ wo. Ɔse, ‘Ma me nkurɔfoɔ mfiri ha nkɔ ɛserɛ so nkɔbɔ afahyɛdwa kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ” 2 Farao bisaa sɛ, “Ampa? Na hwan ne AWURADE a ɛsɛ sɛ metie no na mema Israelfoɔ no kɔ? Mennim AWURADE biara enti meremma Israelfoɔ no nkɔ.” 3 Nanso, Aaron ne Mose tii mu bio sɛ, “Hebri Onyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yɛtu nnansa ɛkwan kɔ ɛserɛ so kɔbɔ afɔdeɛ wɔ hɔ de ma AWURADE, yɛn Onyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa sekan ano na yɛbɛwuwuo.” 4 Farao bisaa sɛ, “Mose ne Aaron, adɛn enti na morema nkurɔfoɔ no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!” 5 Farao toaa so sɛ, “Seesei, saa nnipa no dɔɔso sene ɔmanfoɔ no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔhoɔ no gyae adwumayɛ.” 6 Ɛda no ara, Farao somaa nnipa maa wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfoɔ no so no sɛ, 7 “Mommma nnipa no ɛserɛ a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkɔtwa ɛserɛ no. 8 Afei, ntayaa dodoɔ a wɔtwa no nso, monnte so baako koraa, ɛfiri sɛ, asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ, wɔyɛ akwadwofoɔ enti na wɔreka sɛ wɔrekɔ ɛserɛ so akɔbɔ wɔn AWURADE afɔdeɛ no. 9 Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankɔtie atosɛm biara.” 10 Enti, adwumasohwɛfoɔ ne wɔn akwankyerɛfoɔ no ka kyerɛɛ Hebrifoɔ no sɛ, “Farao aka akyerɛ yɛn sɛ yɛmmma mo ɛserɛ bio. 11 Mo ara monkɔkyini nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a motwa no, montwa dodoɔ saa ara.” 12 Enti, Hebrifoɔ kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ ɛserɛ no bi. 13 Adwumasohwɛfoɔ no hyɛɛ wɔn atirimuɔden so sɛ, “Montwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na motwa no.” 14 Afei, Misraimfoɔ adwumasohwɛfoɔ no kaa Hebrifoɔ mpanimfoɔ a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfoɔ no mmaa, bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ montwa no nnora ne ɛnnɛ no nyinaa sɛdeɛ na moyɛ kane no?” 15 Mpanimfoɔ yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo, nha yɛn saa, 16 ɛfiri sɛ, wɔmma yɛn ɛserɛ nso wɔhyɛ yɛn sɛ yɛntwa ntayaa dodoɔ sɛdeɛ na yɛtwa no. Wɔka yɛn mmaa ɛberɛ a yɛnyɛɛ mfomsoɔ biara. Mfomsoɔ no mfiri yɛn. Ɛfiri adwumasohwɛfoɔ no, ɛfiri sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ adwuma a ɛboro yɛn ahoɔden so.” 17 Nanso, Farao buaa sɛ, “Monni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka sɛ, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔdeɛ mma AWURADE.’ 18 Monsane nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo ɛserɛ, nanso ntayaa dodoɔ a motwa no daa no, saa ara na mobɛtwa.” 19 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ a wɔdi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfoɔ no sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwa ntayaa no dodoɔ sɛdeɛ wɔyɛ daa no, wɔhunuu sɛ ahokyere aba. 20 Ɛberɛ a wɔfiri Farao anim baeɛ a wɔhunuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfie no ho no, 21 wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “AWURADE mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfoɔ anya yɛn ho menasepɔ, na enti wama wɔn ɛkwan sɛ wɔnkum yɛn.” 22 Asɛm yi maa Mose kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “AWURADE, adɛn enti na woma wo manfoɔ brɛ saa? Sɛ wonim sɛ wobɛyɛ wɔn saa a, adɛn enti na wosomaa me? 23 Ɛfiri ɛberɛ a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wonnyee wɔn ɛkwan biara so!”

In Other Versions

Exodus 5 in the ANGEFD

Exodus 5 in the ANTPNG2D

Exodus 5 in the AS21

Exodus 5 in the BAGH

Exodus 5 in the BBPNG

Exodus 5 in the BBT1E

Exodus 5 in the BDS

Exodus 5 in the BEV

Exodus 5 in the BHAD

Exodus 5 in the BIB

Exodus 5 in the BLPT

Exodus 5 in the BNT

Exodus 5 in the BNTABOOT

Exodus 5 in the BNTLV

Exodus 5 in the BOATCB2

Exodus 5 in the BOBCV

Exodus 5 in the BOCNT

Exodus 5 in the BOECS

Exodus 5 in the BOGWICC

Exodus 5 in the BOHCB

Exodus 5 in the BOHCV

Exodus 5 in the BOHLNT

Exodus 5 in the BOHNTLTAL

Exodus 5 in the BOICB

Exodus 5 in the BOILNTAP

Exodus 5 in the BOITCV

Exodus 5 in the BOKCV

Exodus 5 in the BOKCV2

Exodus 5 in the BOKHWOG

Exodus 5 in the BOKSSV

Exodus 5 in the BOLCB

Exodus 5 in the BOLCB2

Exodus 5 in the BOMCV

Exodus 5 in the BONAV

Exodus 5 in the BONCB

Exodus 5 in the BONLT

Exodus 5 in the BONUT2

Exodus 5 in the BOPLNT

Exodus 5 in the BOSCB

Exodus 5 in the BOSNC

Exodus 5 in the BOTLNT

Exodus 5 in the BOVCB

Exodus 5 in the BOYCB

Exodus 5 in the BPBB

Exodus 5 in the BPH

Exodus 5 in the BSB

Exodus 5 in the CCB

Exodus 5 in the CUV

Exodus 5 in the CUVS

Exodus 5 in the DBT

Exodus 5 in the DGDNT

Exodus 5 in the DHNT

Exodus 5 in the DNT

Exodus 5 in the ELBE

Exodus 5 in the EMTV

Exodus 5 in the ESV

Exodus 5 in the FBV

Exodus 5 in the FEB

Exodus 5 in the GGMNT

Exodus 5 in the GNT

Exodus 5 in the HARY

Exodus 5 in the HNT

Exodus 5 in the IRVA

Exodus 5 in the IRVB

Exodus 5 in the IRVG

Exodus 5 in the IRVH

Exodus 5 in the IRVK

Exodus 5 in the IRVM

Exodus 5 in the IRVM2

Exodus 5 in the IRVO

Exodus 5 in the IRVP

Exodus 5 in the IRVT

Exodus 5 in the IRVT2

Exodus 5 in the IRVU

Exodus 5 in the ISVN

Exodus 5 in the JSNT

Exodus 5 in the KAPI

Exodus 5 in the KBT1ETNIK

Exodus 5 in the KBV

Exodus 5 in the KJV

Exodus 5 in the KNFD

Exodus 5 in the LBA

Exodus 5 in the LBLA

Exodus 5 in the LNT

Exodus 5 in the LSV

Exodus 5 in the MAAL

Exodus 5 in the MBV

Exodus 5 in the MBV2

Exodus 5 in the MHNT

Exodus 5 in the MKNFD

Exodus 5 in the MNG

Exodus 5 in the MNT

Exodus 5 in the MNT2

Exodus 5 in the MRS1T

Exodus 5 in the NAA

Exodus 5 in the NASB

Exodus 5 in the NBLA

Exodus 5 in the NBS

Exodus 5 in the NBVTP

Exodus 5 in the NET2

Exodus 5 in the NIV11

Exodus 5 in the NNT

Exodus 5 in the NNT2

Exodus 5 in the NNT3

Exodus 5 in the PDDPT

Exodus 5 in the PFNT

Exodus 5 in the RMNT

Exodus 5 in the SBIAS

Exodus 5 in the SBIBS

Exodus 5 in the SBIBS2

Exodus 5 in the SBICS

Exodus 5 in the SBIDS

Exodus 5 in the SBIGS

Exodus 5 in the SBIHS

Exodus 5 in the SBIIS

Exodus 5 in the SBIIS2

Exodus 5 in the SBIIS3

Exodus 5 in the SBIKS

Exodus 5 in the SBIKS2

Exodus 5 in the SBIMS

Exodus 5 in the SBIOS

Exodus 5 in the SBIPS

Exodus 5 in the SBISS

Exodus 5 in the SBITS

Exodus 5 in the SBITS2

Exodus 5 in the SBITS3

Exodus 5 in the SBITS4

Exodus 5 in the SBIUS

Exodus 5 in the SBIVS

Exodus 5 in the SBT

Exodus 5 in the SBT1E

Exodus 5 in the SCHL

Exodus 5 in the SNT

Exodus 5 in the SUSU

Exodus 5 in the SUSU2

Exodus 5 in the SYNO

Exodus 5 in the TBIAOTANT

Exodus 5 in the TBT1E

Exodus 5 in the TBT1E2

Exodus 5 in the TFTIP

Exodus 5 in the TFTU

Exodus 5 in the TGNTATF3T

Exodus 5 in the THAI

Exodus 5 in the TNFD

Exodus 5 in the TNT

Exodus 5 in the TNTIK

Exodus 5 in the TNTIL

Exodus 5 in the TNTIN

Exodus 5 in the TNTIP

Exodus 5 in the TNTIZ

Exodus 5 in the TOMA

Exodus 5 in the TTENT

Exodus 5 in the UBG

Exodus 5 in the UGV

Exodus 5 in the UGV2

Exodus 5 in the UGV3

Exodus 5 in the VBL

Exodus 5 in the VDCC

Exodus 5 in the YALU

Exodus 5 in the YAPE

Exodus 5 in the YBVTP

Exodus 5 in the ZBP