Exodus 6 (BOATCB)
1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Wobɛhunu deɛ mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfoɔ no akɔ. Nokorɛm, mɛhyɛ no ama wapam wɔn afiri asase no so.” 2 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mene AWURADE no. 3 Meyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfoɔ. Nanso, mammɔ me din sɛ AWURADE no ankyerɛ wɔn. 4 Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔhoɔ no bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ. 5 Afei, mate Israelfoɔ apinisie ne nya a Misraimfoɔ di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no. 6 “Enti, ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Me, AWURADE, menam me tumi so bɛyɛ anwanwadeɛ de ayi wɔn afiri nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. 7 Mɛgye wɔn atom sɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn. Na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE, wɔn Onyankopɔn a wagye wɔn afiri Misraimfoɔ nsam no. 8 Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapadeɛ. Mene AWURADE no.’ ” 9 Enti, Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, ɛsiane abasamutuo a ɛfiri ɔhyɛ ntrasoɔ enti. 10 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 11 “Sane kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔnkɔ.” 12 Nanso, Mose kaa sɛ, “Dabi, afei deɛ, me ara me nkurɔfoɔ no rentie asɛm a mɛka biara bio. Na mʼano nso nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na matumi akasa ama atɔ Farao asom?” 13 Afei, AWURADE hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsane nkɔ Israelfoɔ no ne Farao a ɔyɛ Misraimfoɔ ɔhene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no sɛ ɔmma Israelfoɔ no ɛkwan na wɔmfiri Misraim asase so nkɔ. 14 Nnipa a na wɔtuatua Israel mmusuakuo no ano no edin na ɛdidi so yi: Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmammarima yɛ:Hanok, Palu, Hesron, Karmi.Yeinom na wɔwoo Ruben asefoɔ. 15 Simeon mmammarima:Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne maame yɛ Kanaanni.Yeinom na wɔwoo Simeon asefoɔ. 16 Lewi mmammarima:Gerson, Kohat, Merari.(Lewi dii mfeɛ ɔha aduasa nson.) 17 Gerson mmammarima:Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti. 18 Kohat mmammarima:Amram, Ishar, Hebron, Usiel.(Kohat dii mfeɛ ɔha aduasa mmiɛnsa.) 19 Merari mmammarima:Mahli, Musi.Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn edin mpanin mu no no yɛ Lewi abusuafoɔ. 20 Amram waree nʼagya nuabaa Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.(Amram dii mfeɛ ɔha aduasa nson.) 21 Ishar mmammarima:Kora, Nefeg, Sikri. 22 Usiel mmammarima:Misael, Elsafan, Sitri. 23 Aaron waree Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabaa Wɔn mma edin nie: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar. 24 Kora mmammarima:Asir, Elkana, Abiasaf.Yeinom ne Kora asefoɔ. 25 Aaron babarima Eleasa waree Putiel mmammaa no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako. Nnipa a wɔabobɔ wɔn edin yi ne wɔn a na wɔtuatua Lewifoɔ mmusuakuo no ano. 26 Saa Aaron ne Mose yi ara na AWURADE ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔyi Israelfoɔ nyinaa mfiri Misraim asase so” no. 27 Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔsrɛɛ no ɛkwan sɛ ɔmma wɔnni Israelfoɔ no anim nyi wɔn mfiri asase no so. 28 Ɛda a AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, 29 ɔkaa sɛ, “Mene AWURADE no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim ɔhempɔn no.” 30 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE bio sɛ “Mʼano nteeɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”
In Other Versions
Exodus 6 in the ANGEFD
Exodus 6 in the ANTPNG2D
Exodus 6 in the AS21
Exodus 6 in the BAGH
Exodus 6 in the BBPNG
Exodus 6 in the BBT1E
Exodus 6 in the BDS
Exodus 6 in the BEV
Exodus 6 in the BHAD
Exodus 6 in the BIB
Exodus 6 in the BLPT
Exodus 6 in the BNT
Exodus 6 in the BNTABOOT
Exodus 6 in the BNTLV
Exodus 6 in the BOATCB2
Exodus 6 in the BOBCV
Exodus 6 in the BOCNT
Exodus 6 in the BOECS
Exodus 6 in the BOGWICC
Exodus 6 in the BOHCB
Exodus 6 in the BOHCV
Exodus 6 in the BOHLNT
Exodus 6 in the BOHNTLTAL
Exodus 6 in the BOICB
Exodus 6 in the BOILNTAP
Exodus 6 in the BOITCV
Exodus 6 in the BOKCV
Exodus 6 in the BOKCV2
Exodus 6 in the BOKHWOG
Exodus 6 in the BOKSSV
Exodus 6 in the BOLCB
Exodus 6 in the BOLCB2
Exodus 6 in the BOMCV
Exodus 6 in the BONAV
Exodus 6 in the BONCB
Exodus 6 in the BONLT
Exodus 6 in the BONUT2
Exodus 6 in the BOPLNT
Exodus 6 in the BOSCB
Exodus 6 in the BOSNC
Exodus 6 in the BOTLNT
Exodus 6 in the BOVCB
Exodus 6 in the BOYCB
Exodus 6 in the BPBB
Exodus 6 in the BPH
Exodus 6 in the BSB
Exodus 6 in the CCB
Exodus 6 in the CUV
Exodus 6 in the CUVS
Exodus 6 in the DBT
Exodus 6 in the DGDNT
Exodus 6 in the DHNT
Exodus 6 in the DNT
Exodus 6 in the ELBE
Exodus 6 in the EMTV
Exodus 6 in the ESV
Exodus 6 in the FBV
Exodus 6 in the FEB
Exodus 6 in the GGMNT
Exodus 6 in the GNT
Exodus 6 in the HARY
Exodus 6 in the HNT
Exodus 6 in the IRVA
Exodus 6 in the IRVB
Exodus 6 in the IRVG
Exodus 6 in the IRVH
Exodus 6 in the IRVK
Exodus 6 in the IRVM
Exodus 6 in the IRVM2
Exodus 6 in the IRVO
Exodus 6 in the IRVP
Exodus 6 in the IRVT
Exodus 6 in the IRVT2
Exodus 6 in the IRVU
Exodus 6 in the ISVN
Exodus 6 in the JSNT
Exodus 6 in the KAPI
Exodus 6 in the KBT1ETNIK
Exodus 6 in the KBV
Exodus 6 in the KJV
Exodus 6 in the KNFD
Exodus 6 in the LBA
Exodus 6 in the LBLA
Exodus 6 in the LNT
Exodus 6 in the LSV
Exodus 6 in the MAAL
Exodus 6 in the MBV
Exodus 6 in the MBV2
Exodus 6 in the MHNT
Exodus 6 in the MKNFD
Exodus 6 in the MNG
Exodus 6 in the MNT
Exodus 6 in the MNT2
Exodus 6 in the MRS1T
Exodus 6 in the NAA
Exodus 6 in the NASB
Exodus 6 in the NBLA
Exodus 6 in the NBS
Exodus 6 in the NBVTP
Exodus 6 in the NET2
Exodus 6 in the NIV11
Exodus 6 in the NNT
Exodus 6 in the NNT2
Exodus 6 in the NNT3
Exodus 6 in the PDDPT
Exodus 6 in the PFNT
Exodus 6 in the RMNT
Exodus 6 in the SBIAS
Exodus 6 in the SBIBS
Exodus 6 in the SBIBS2
Exodus 6 in the SBICS
Exodus 6 in the SBIDS
Exodus 6 in the SBIGS
Exodus 6 in the SBIHS
Exodus 6 in the SBIIS
Exodus 6 in the SBIIS2
Exodus 6 in the SBIIS3
Exodus 6 in the SBIKS
Exodus 6 in the SBIKS2
Exodus 6 in the SBIMS
Exodus 6 in the SBIOS
Exodus 6 in the SBIPS
Exodus 6 in the SBISS
Exodus 6 in the SBITS
Exodus 6 in the SBITS2
Exodus 6 in the SBITS3
Exodus 6 in the SBITS4
Exodus 6 in the SBIUS
Exodus 6 in the SBIVS
Exodus 6 in the SBT
Exodus 6 in the SBT1E
Exodus 6 in the SCHL
Exodus 6 in the SNT
Exodus 6 in the SUSU
Exodus 6 in the SUSU2
Exodus 6 in the SYNO
Exodus 6 in the TBIAOTANT
Exodus 6 in the TBT1E
Exodus 6 in the TBT1E2
Exodus 6 in the TFTIP
Exodus 6 in the TFTU
Exodus 6 in the TGNTATF3T
Exodus 6 in the THAI
Exodus 6 in the TNFD
Exodus 6 in the TNT
Exodus 6 in the TNTIK
Exodus 6 in the TNTIL
Exodus 6 in the TNTIN
Exodus 6 in the TNTIP
Exodus 6 in the TNTIZ
Exodus 6 in the TOMA
Exodus 6 in the TTENT
Exodus 6 in the UBG
Exodus 6 in the UGV
Exodus 6 in the UGV2
Exodus 6 in the UGV3
Exodus 6 in the VBL
Exodus 6 in the VDCC
Exodus 6 in the YALU
Exodus 6 in the YAPE
Exodus 6 in the YBVTP
Exodus 6 in the ZBP