Ezekiel 1 (BOATCB)
1 Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu. 2 Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum. 3 AWURADE asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so. 4 Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ. 5 Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa, 6 wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan. 7 Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho. 8 Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase, 9 na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho. 10 Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim. 11 Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ ɔsoro; na wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho. 12 Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho. 13 Ateasefoɔ no suban te sɛ ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa. 14 Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te sɛ anyinam a ɛredwidwa. 15 Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu. 16 Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu. 17 Sɛ ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam. 18 Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho. 19 Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so. 20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. 21 Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu. 22 Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa. 23 Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne ho. 24 Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu. 25 Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no. 26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ. 27 Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia. 28 Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ.Yei yɛ AWURADE animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.
In Other Versions
Ezekiel 1 in the ANGEFD
Ezekiel 1 in the ANTPNG2D
Ezekiel 1 in the AS21
Ezekiel 1 in the BAGH
Ezekiel 1 in the BBPNG
Ezekiel 1 in the BBT1E
Ezekiel 1 in the BDS
Ezekiel 1 in the BEV
Ezekiel 1 in the BHAD
Ezekiel 1 in the BIB
Ezekiel 1 in the BLPT
Ezekiel 1 in the BNT
Ezekiel 1 in the BNTABOOT
Ezekiel 1 in the BNTLV
Ezekiel 1 in the BOATCB2
Ezekiel 1 in the BOBCV
Ezekiel 1 in the BOCNT
Ezekiel 1 in the BOECS
Ezekiel 1 in the BOGWICC
Ezekiel 1 in the BOHCB
Ezekiel 1 in the BOHCV
Ezekiel 1 in the BOHLNT
Ezekiel 1 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 1 in the BOICB
Ezekiel 1 in the BOILNTAP
Ezekiel 1 in the BOITCV
Ezekiel 1 in the BOKCV
Ezekiel 1 in the BOKCV2
Ezekiel 1 in the BOKHWOG
Ezekiel 1 in the BOKSSV
Ezekiel 1 in the BOLCB
Ezekiel 1 in the BOLCB2
Ezekiel 1 in the BOMCV
Ezekiel 1 in the BONAV
Ezekiel 1 in the BONCB
Ezekiel 1 in the BONLT
Ezekiel 1 in the BONUT2
Ezekiel 1 in the BOPLNT
Ezekiel 1 in the BOSCB
Ezekiel 1 in the BOSNC
Ezekiel 1 in the BOTLNT
Ezekiel 1 in the BOVCB
Ezekiel 1 in the BOYCB
Ezekiel 1 in the BPBB
Ezekiel 1 in the BPH
Ezekiel 1 in the BSB
Ezekiel 1 in the CCB
Ezekiel 1 in the CUV
Ezekiel 1 in the CUVS
Ezekiel 1 in the DBT
Ezekiel 1 in the DGDNT
Ezekiel 1 in the DHNT
Ezekiel 1 in the DNT
Ezekiel 1 in the ELBE
Ezekiel 1 in the EMTV
Ezekiel 1 in the ESV
Ezekiel 1 in the FBV
Ezekiel 1 in the FEB
Ezekiel 1 in the GGMNT
Ezekiel 1 in the GNT
Ezekiel 1 in the HARY
Ezekiel 1 in the HNT
Ezekiel 1 in the IRVA
Ezekiel 1 in the IRVB
Ezekiel 1 in the IRVG
Ezekiel 1 in the IRVH
Ezekiel 1 in the IRVK
Ezekiel 1 in the IRVM
Ezekiel 1 in the IRVM2
Ezekiel 1 in the IRVO
Ezekiel 1 in the IRVP
Ezekiel 1 in the IRVT
Ezekiel 1 in the IRVT2
Ezekiel 1 in the IRVU
Ezekiel 1 in the ISVN
Ezekiel 1 in the JSNT
Ezekiel 1 in the KAPI
Ezekiel 1 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 1 in the KBV
Ezekiel 1 in the KJV
Ezekiel 1 in the KNFD
Ezekiel 1 in the LBA
Ezekiel 1 in the LBLA
Ezekiel 1 in the LNT
Ezekiel 1 in the LSV
Ezekiel 1 in the MAAL
Ezekiel 1 in the MBV
Ezekiel 1 in the MBV2
Ezekiel 1 in the MHNT
Ezekiel 1 in the MKNFD
Ezekiel 1 in the MNG
Ezekiel 1 in the MNT
Ezekiel 1 in the MNT2
Ezekiel 1 in the MRS1T
Ezekiel 1 in the NAA
Ezekiel 1 in the NASB
Ezekiel 1 in the NBLA
Ezekiel 1 in the NBS
Ezekiel 1 in the NBVTP
Ezekiel 1 in the NET2
Ezekiel 1 in the NIV11
Ezekiel 1 in the NNT
Ezekiel 1 in the NNT2
Ezekiel 1 in the NNT3
Ezekiel 1 in the PDDPT
Ezekiel 1 in the PFNT
Ezekiel 1 in the RMNT
Ezekiel 1 in the SBIAS
Ezekiel 1 in the SBIBS
Ezekiel 1 in the SBIBS2
Ezekiel 1 in the SBICS
Ezekiel 1 in the SBIDS
Ezekiel 1 in the SBIGS
Ezekiel 1 in the SBIHS
Ezekiel 1 in the SBIIS
Ezekiel 1 in the SBIIS2
Ezekiel 1 in the SBIIS3
Ezekiel 1 in the SBIKS
Ezekiel 1 in the SBIKS2
Ezekiel 1 in the SBIMS
Ezekiel 1 in the SBIOS
Ezekiel 1 in the SBIPS
Ezekiel 1 in the SBISS
Ezekiel 1 in the SBITS
Ezekiel 1 in the SBITS2
Ezekiel 1 in the SBITS3
Ezekiel 1 in the SBITS4
Ezekiel 1 in the SBIUS
Ezekiel 1 in the SBIVS
Ezekiel 1 in the SBT
Ezekiel 1 in the SBT1E
Ezekiel 1 in the SCHL
Ezekiel 1 in the SNT
Ezekiel 1 in the SUSU
Ezekiel 1 in the SUSU2
Ezekiel 1 in the SYNO
Ezekiel 1 in the TBIAOTANT
Ezekiel 1 in the TBT1E
Ezekiel 1 in the TBT1E2
Ezekiel 1 in the TFTIP
Ezekiel 1 in the TFTU
Ezekiel 1 in the TGNTATF3T
Ezekiel 1 in the THAI
Ezekiel 1 in the TNFD
Ezekiel 1 in the TNT
Ezekiel 1 in the TNTIK
Ezekiel 1 in the TNTIL
Ezekiel 1 in the TNTIN
Ezekiel 1 in the TNTIP
Ezekiel 1 in the TNTIZ
Ezekiel 1 in the TOMA
Ezekiel 1 in the TTENT
Ezekiel 1 in the UBG
Ezekiel 1 in the UGV
Ezekiel 1 in the UGV2
Ezekiel 1 in the UGV3
Ezekiel 1 in the VBL
Ezekiel 1 in the VDCC
Ezekiel 1 in the YALU
Ezekiel 1 in the YAPE
Ezekiel 1 in the YBVTP
Ezekiel 1 in the ZBP