Ezekiel 22 (BOATCB)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim 3 na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, 4 woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ wɔ amanaman no mu, ne asredeɛ wɔ amantam no nyinaa mu. 5 Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma. 6 “ ‘Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo. 7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani. 8 Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi. 9 Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo wɔ, wɔn a wɔdidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ. 10 Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ. Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wɔ wo mu. 11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da wɔ animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa. 12 Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ AWURADE na ɔseɛ. 13 “ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so. 14 Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me AWURADE na akasa, na mɛyɛ. 15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ. 16 Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene AWURADE no.’ ” 17 Afei, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18 “Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa. 19 Ɛno enti sei na Otumfoɔ AWURADE seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. 20 Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano yɛ dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manane mo. 21 Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane wɔ ne mu. 22 Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ ne mu na moahunu sɛ me AWURADE na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’ ” 23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn bio sɛ: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ asase no sɛ, ‘Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so wɔ abufuo ɛda no.’ 25 Ne mmapɔmma abɔ pɔ bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ ne mu. 26 Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. 27 Nʼadwumayɛfoɔ te sɛ mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de pɛ mfasoɔ bɔne. 28 Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ,’ wɔ ɛberɛ a AWURADE nkasaeɛ. 29 Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn. 30 “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara. 31 Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.”

In Other Versions

Ezekiel 22 in the ANGEFD

Ezekiel 22 in the ANTPNG2D

Ezekiel 22 in the AS21

Ezekiel 22 in the BAGH

Ezekiel 22 in the BBPNG

Ezekiel 22 in the BBT1E

Ezekiel 22 in the BDS

Ezekiel 22 in the BEV

Ezekiel 22 in the BHAD

Ezekiel 22 in the BIB

Ezekiel 22 in the BLPT

Ezekiel 22 in the BNT

Ezekiel 22 in the BNTABOOT

Ezekiel 22 in the BNTLV

Ezekiel 22 in the BOATCB2

Ezekiel 22 in the BOBCV

Ezekiel 22 in the BOCNT

Ezekiel 22 in the BOECS

Ezekiel 22 in the BOGWICC

Ezekiel 22 in the BOHCB

Ezekiel 22 in the BOHCV

Ezekiel 22 in the BOHLNT

Ezekiel 22 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 22 in the BOICB

Ezekiel 22 in the BOILNTAP

Ezekiel 22 in the BOITCV

Ezekiel 22 in the BOKCV

Ezekiel 22 in the BOKCV2

Ezekiel 22 in the BOKHWOG

Ezekiel 22 in the BOKSSV

Ezekiel 22 in the BOLCB

Ezekiel 22 in the BOLCB2

Ezekiel 22 in the BOMCV

Ezekiel 22 in the BONAV

Ezekiel 22 in the BONCB

Ezekiel 22 in the BONLT

Ezekiel 22 in the BONUT2

Ezekiel 22 in the BOPLNT

Ezekiel 22 in the BOSCB

Ezekiel 22 in the BOSNC

Ezekiel 22 in the BOTLNT

Ezekiel 22 in the BOVCB

Ezekiel 22 in the BOYCB

Ezekiel 22 in the BPBB

Ezekiel 22 in the BPH

Ezekiel 22 in the BSB

Ezekiel 22 in the CCB

Ezekiel 22 in the CUV

Ezekiel 22 in the CUVS

Ezekiel 22 in the DBT

Ezekiel 22 in the DGDNT

Ezekiel 22 in the DHNT

Ezekiel 22 in the DNT

Ezekiel 22 in the ELBE

Ezekiel 22 in the EMTV

Ezekiel 22 in the ESV

Ezekiel 22 in the FBV

Ezekiel 22 in the FEB

Ezekiel 22 in the GGMNT

Ezekiel 22 in the GNT

Ezekiel 22 in the HARY

Ezekiel 22 in the HNT

Ezekiel 22 in the IRVA

Ezekiel 22 in the IRVB

Ezekiel 22 in the IRVG

Ezekiel 22 in the IRVH

Ezekiel 22 in the IRVK

Ezekiel 22 in the IRVM

Ezekiel 22 in the IRVM2

Ezekiel 22 in the IRVO

Ezekiel 22 in the IRVP

Ezekiel 22 in the IRVT

Ezekiel 22 in the IRVT2

Ezekiel 22 in the IRVU

Ezekiel 22 in the ISVN

Ezekiel 22 in the JSNT

Ezekiel 22 in the KAPI

Ezekiel 22 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 22 in the KBV

Ezekiel 22 in the KJV

Ezekiel 22 in the KNFD

Ezekiel 22 in the LBA

Ezekiel 22 in the LBLA

Ezekiel 22 in the LNT

Ezekiel 22 in the LSV

Ezekiel 22 in the MAAL

Ezekiel 22 in the MBV

Ezekiel 22 in the MBV2

Ezekiel 22 in the MHNT

Ezekiel 22 in the MKNFD

Ezekiel 22 in the MNG

Ezekiel 22 in the MNT

Ezekiel 22 in the MNT2

Ezekiel 22 in the MRS1T

Ezekiel 22 in the NAA

Ezekiel 22 in the NASB

Ezekiel 22 in the NBLA

Ezekiel 22 in the NBS

Ezekiel 22 in the NBVTP

Ezekiel 22 in the NET2

Ezekiel 22 in the NIV11

Ezekiel 22 in the NNT

Ezekiel 22 in the NNT2

Ezekiel 22 in the NNT3

Ezekiel 22 in the PDDPT

Ezekiel 22 in the PFNT

Ezekiel 22 in the RMNT

Ezekiel 22 in the SBIAS

Ezekiel 22 in the SBIBS

Ezekiel 22 in the SBIBS2

Ezekiel 22 in the SBICS

Ezekiel 22 in the SBIDS

Ezekiel 22 in the SBIGS

Ezekiel 22 in the SBIHS

Ezekiel 22 in the SBIIS

Ezekiel 22 in the SBIIS2

Ezekiel 22 in the SBIIS3

Ezekiel 22 in the SBIKS

Ezekiel 22 in the SBIKS2

Ezekiel 22 in the SBIMS

Ezekiel 22 in the SBIOS

Ezekiel 22 in the SBIPS

Ezekiel 22 in the SBISS

Ezekiel 22 in the SBITS

Ezekiel 22 in the SBITS2

Ezekiel 22 in the SBITS3

Ezekiel 22 in the SBITS4

Ezekiel 22 in the SBIUS

Ezekiel 22 in the SBIVS

Ezekiel 22 in the SBT

Ezekiel 22 in the SBT1E

Ezekiel 22 in the SCHL

Ezekiel 22 in the SNT

Ezekiel 22 in the SUSU

Ezekiel 22 in the SUSU2

Ezekiel 22 in the SYNO

Ezekiel 22 in the TBIAOTANT

Ezekiel 22 in the TBT1E

Ezekiel 22 in the TBT1E2

Ezekiel 22 in the TFTIP

Ezekiel 22 in the TFTU

Ezekiel 22 in the TGNTATF3T

Ezekiel 22 in the THAI

Ezekiel 22 in the TNFD

Ezekiel 22 in the TNT

Ezekiel 22 in the TNTIK

Ezekiel 22 in the TNTIL

Ezekiel 22 in the TNTIN

Ezekiel 22 in the TNTIP

Ezekiel 22 in the TNTIZ

Ezekiel 22 in the TOMA

Ezekiel 22 in the TTENT

Ezekiel 22 in the UBG

Ezekiel 22 in the UGV

Ezekiel 22 in the UGV2

Ezekiel 22 in the UGV3

Ezekiel 22 in the VBL

Ezekiel 22 in the VDCC

Ezekiel 22 in the YALU

Ezekiel 22 in the YAPE

Ezekiel 22 in the YBVTP

Ezekiel 22 in the ZBP