Ezekiel 22 (BOATCB2)
1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, wubebu no atɛn ana? Wubebu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn ana? Ɛno de fa ne nneyɛe a ɛyɛ akyiwade no nyinaa si nʼanim 3 na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Wo kuropɔn a ɔnam mogyahwiegu so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, 4 woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ nti. Woama wo nna abɛn, na wo mfe awiei no aba. Enti mɛyɛ wo ahohorade wɔ amanaman no mu, ne akyiwade wɔ amantam no nyinaa mu. 5 Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bedi wo ho fɛw, wo Kuropɔn a wunni anuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma. 6 “ ‘Hwɛ sɛnea Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya gu. 7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu, wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatan ayisaa ne akunafo ani. 8 Woabu mʼakronkronne animtiaa na woagu me homenna ho fi. 9 Wo mu na mmarima ntwatosofo a wɔpɛ sɛ wohwie mogya gu wɔ, wɔn a wodidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohorade. 10 Wo mu na wɔn a wogu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ; wɔn a wɔne mmea a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho ntew da no wɔ wo mu. 11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwade, ɔfoforo ne nʼasebea da wɔ animguase mu, na ɔfoforo ne ne nuabea da, ɔno ankasa nʼagya babea. 12 Wo mu na nnipa gye adanmude ka mogya gu; wogye nsiho ne mfaso a ɛboro so fi wɔn mfɛfo nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afi me, Otumfo AWURADE na ose. 13 “ ‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisi ahonya ne mogya a woahwie agu no so. 14 Wʼakokoduru betumi agyina anaasɛ wo nsa bɛyɛ den da a mene wo benya no ana? Me AWURADE na akasa, na mɛyɛ. 15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawie. 16 Sɛ wogu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wubehu sɛ mene AWURADE no.’ ” 17 Afei, AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 18 “Onipa ba, Israelfi abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanyaa, dade ne sumpii a wɔagyaw wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛfi nko ara. 19 Ɛno nti sɛɛ na Otumfo AWURADE se: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛfi nti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem. 20 Sɛnea nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanyaa ano hyɛ fononoo mu de ogyatannaa a ano yɛ den nan no, saa ara na mefi mʼabufuw ne mʼabufuwhyew mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manan mo. 21 Mɛboaboa mo ano na mahuw mʼabufuwhyew gya agu mo so, na moanan wɔ ne mu. 22 Sɛnea wɔnan dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnan wɔ ne mu na moahu sɛ me AWURADE na mahwie mʼabufuwhyew agu mo so.’ ” 23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn bio se: 24 “Onipa ba, ka kyerɛ asase no se, ‘Woyɛ asase a wonnwiraa anaa osu ntɔɔ wo so wɔ abufuwhyew da no.’ 25 Ne mmapɔmma abɔ pɔw bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔ mu na ɔtetew ne hanam mu, wɔwe nnipa nam, wɔfa ademude ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafo dɔɔso wɔ ne mu. 26 Nʼasɔfo bu me mmara so na wogu mʼakronkronne ho fi; wɔnnkyerɛ nsonoe a ɛda nea ɛyɛ kronkron ne nea ɛnyɛ kronkron ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonoe biara nna nea ɛho ntew ne nea ɛho tew ntam, na wobu wɔn ani gu me homennadi so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu. 27 Nʼadwumayɛfo te sɛ mpataku a wɔretetew wɔn hanam mu; wohwie mogya gu na wokum nnipa de pɛ mfaso bɔne. 28 Nʼadiyifo nam atoro anisoadehu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka se, ‘Sɛɛ na Otumfo AWURADE se,’ wɔ bere a AWURADE nkasaa ɛ. 29 Asase no so nnipa di amim na wɔbɔ korɔn; wɔhyɛ ahiafo ne mmɔborɔfo so, wonnye ahɔho ani na wɔde atɛntrenee kame wɔn. 30 “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasu no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛnea ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhu obiara. 31 Ɛno nti, mehwie mʼabufuwhyew agu wɔn so, na mede mʼabufuw a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama nea wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn ti so, Otumfo AWURADE asɛm ni.”
In Other Versions
Ezekiel 22 in the ANGEFD
Ezekiel 22 in the ANTPNG2D
Ezekiel 22 in the AS21
Ezekiel 22 in the BAGH
Ezekiel 22 in the BBPNG
Ezekiel 22 in the BBT1E
Ezekiel 22 in the BDS
Ezekiel 22 in the BEV
Ezekiel 22 in the BHAD
Ezekiel 22 in the BIB
Ezekiel 22 in the BLPT
Ezekiel 22 in the BNT
Ezekiel 22 in the BNTABOOT
Ezekiel 22 in the BNTLV
Ezekiel 22 in the BOATCB
Ezekiel 22 in the BOBCV
Ezekiel 22 in the BOCNT
Ezekiel 22 in the BOECS
Ezekiel 22 in the BOGWICC
Ezekiel 22 in the BOHCB
Ezekiel 22 in the BOHCV
Ezekiel 22 in the BOHLNT
Ezekiel 22 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 22 in the BOICB
Ezekiel 22 in the BOILNTAP
Ezekiel 22 in the BOITCV
Ezekiel 22 in the BOKCV
Ezekiel 22 in the BOKCV2
Ezekiel 22 in the BOKHWOG
Ezekiel 22 in the BOKSSV
Ezekiel 22 in the BOLCB
Ezekiel 22 in the BOLCB2
Ezekiel 22 in the BOMCV
Ezekiel 22 in the BONAV
Ezekiel 22 in the BONCB
Ezekiel 22 in the BONLT
Ezekiel 22 in the BONUT2
Ezekiel 22 in the BOPLNT
Ezekiel 22 in the BOSCB
Ezekiel 22 in the BOSNC
Ezekiel 22 in the BOTLNT
Ezekiel 22 in the BOVCB
Ezekiel 22 in the BOYCB
Ezekiel 22 in the BPBB
Ezekiel 22 in the BPH
Ezekiel 22 in the BSB
Ezekiel 22 in the CCB
Ezekiel 22 in the CUV
Ezekiel 22 in the CUVS
Ezekiel 22 in the DBT
Ezekiel 22 in the DGDNT
Ezekiel 22 in the DHNT
Ezekiel 22 in the DNT
Ezekiel 22 in the ELBE
Ezekiel 22 in the EMTV
Ezekiel 22 in the ESV
Ezekiel 22 in the FBV
Ezekiel 22 in the FEB
Ezekiel 22 in the GGMNT
Ezekiel 22 in the GNT
Ezekiel 22 in the HARY
Ezekiel 22 in the HNT
Ezekiel 22 in the IRVA
Ezekiel 22 in the IRVB
Ezekiel 22 in the IRVG
Ezekiel 22 in the IRVH
Ezekiel 22 in the IRVK
Ezekiel 22 in the IRVM
Ezekiel 22 in the IRVM2
Ezekiel 22 in the IRVO
Ezekiel 22 in the IRVP
Ezekiel 22 in the IRVT
Ezekiel 22 in the IRVT2
Ezekiel 22 in the IRVU
Ezekiel 22 in the ISVN
Ezekiel 22 in the JSNT
Ezekiel 22 in the KAPI
Ezekiel 22 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 22 in the KBV
Ezekiel 22 in the KJV
Ezekiel 22 in the KNFD
Ezekiel 22 in the LBA
Ezekiel 22 in the LBLA
Ezekiel 22 in the LNT
Ezekiel 22 in the LSV
Ezekiel 22 in the MAAL
Ezekiel 22 in the MBV
Ezekiel 22 in the MBV2
Ezekiel 22 in the MHNT
Ezekiel 22 in the MKNFD
Ezekiel 22 in the MNG
Ezekiel 22 in the MNT
Ezekiel 22 in the MNT2
Ezekiel 22 in the MRS1T
Ezekiel 22 in the NAA
Ezekiel 22 in the NASB
Ezekiel 22 in the NBLA
Ezekiel 22 in the NBS
Ezekiel 22 in the NBVTP
Ezekiel 22 in the NET2
Ezekiel 22 in the NIV11
Ezekiel 22 in the NNT
Ezekiel 22 in the NNT2
Ezekiel 22 in the NNT3
Ezekiel 22 in the PDDPT
Ezekiel 22 in the PFNT
Ezekiel 22 in the RMNT
Ezekiel 22 in the SBIAS
Ezekiel 22 in the SBIBS
Ezekiel 22 in the SBIBS2
Ezekiel 22 in the SBICS
Ezekiel 22 in the SBIDS
Ezekiel 22 in the SBIGS
Ezekiel 22 in the SBIHS
Ezekiel 22 in the SBIIS
Ezekiel 22 in the SBIIS2
Ezekiel 22 in the SBIIS3
Ezekiel 22 in the SBIKS
Ezekiel 22 in the SBIKS2
Ezekiel 22 in the SBIMS
Ezekiel 22 in the SBIOS
Ezekiel 22 in the SBIPS
Ezekiel 22 in the SBISS
Ezekiel 22 in the SBITS
Ezekiel 22 in the SBITS2
Ezekiel 22 in the SBITS3
Ezekiel 22 in the SBITS4
Ezekiel 22 in the SBIUS
Ezekiel 22 in the SBIVS
Ezekiel 22 in the SBT
Ezekiel 22 in the SBT1E
Ezekiel 22 in the SCHL
Ezekiel 22 in the SNT
Ezekiel 22 in the SUSU
Ezekiel 22 in the SUSU2
Ezekiel 22 in the SYNO
Ezekiel 22 in the TBIAOTANT
Ezekiel 22 in the TBT1E
Ezekiel 22 in the TBT1E2
Ezekiel 22 in the TFTIP
Ezekiel 22 in the TFTU
Ezekiel 22 in the TGNTATF3T
Ezekiel 22 in the THAI
Ezekiel 22 in the TNFD
Ezekiel 22 in the TNT
Ezekiel 22 in the TNTIK
Ezekiel 22 in the TNTIL
Ezekiel 22 in the TNTIN
Ezekiel 22 in the TNTIP
Ezekiel 22 in the TNTIZ
Ezekiel 22 in the TOMA
Ezekiel 22 in the TTENT
Ezekiel 22 in the UBG
Ezekiel 22 in the UGV
Ezekiel 22 in the UGV2
Ezekiel 22 in the UGV3
Ezekiel 22 in the VBL
Ezekiel 22 in the VDCC
Ezekiel 22 in the YALU
Ezekiel 22 in the YAPE
Ezekiel 22 in the YBVTP
Ezekiel 22 in the ZBP