Ezekiel 34 (BOATCB)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Nnome nka Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nnwanhwɛfoɔ hwɛ nnwankuo no anaa? 3 Monom nufosuo, mode mmoa no ho nwi fira mo ho na mokum mmoa a wɔadɔre nanso monhwɛ nnwankuo no. 4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛ no den, nsaa ayarefoɔ yadeɛ na monkyekyeree apirafoɔ akuro. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmaeɛ na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimuɔden na ahwɛ wɔn so. 5 Ɛno enti wɔbɔ hweteeɛ, ɛfiri sɛ wɔnni hwɛfoɔ, na wɔbɔ hweteeɛ no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wiram mmoa nyinaa. 6 Me nnwan kyinkyini mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn. 7 “ ‘Enti, mo nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm: 8 Nokorɛm, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie, ɛsiane sɛ me nnwankuo nni ɔhwɛfoɔ enti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wiram mmoa, na ɛsiane sɛ nnwanhwɛfoɔ no anhwehwɛ me nnwan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nnwan no asaworam 9 enti, nnwanhwɛfoɔ, montie AWURADE asɛm: 10 Yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Me ne nnwanhwɛfoɔ no anya na mɛma wɔabu me nnwankuo no ho akonta. Memma wɔnhwɛ nnwankuo no bio sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkum nnwan no nnwe; mɛgye me nnwankuo afiri wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduane bio. 11 “ ‘Na yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mahwɛ wɔn so. 12 Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan a wɔahwete ɛberɛ a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nnwan so. Mɛyi wɔn afiri mmea mmea a wɔhwete kɔeɛ wɔ omununkum ne esum ɛda no. 13 Mede wɔn bɛfiri amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, subɔnhwa ne asase no so atenaeɛ nyinaa. 14 Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔ atentene so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na ɛhɔ na wɔbɛwe ɛserɛ frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔ so. 15 Me ara mɛhwɛ me nnwan na mama wɔadeda hɔ. AWURADE asɛm nie. 16 Mɛhwehwɛ deɛ wayera na mede deɛ wabɔ ko asane aba. Mɛkyekyere deɛ wapira no akuro, na mahyɛ deɛ ɔyɛ mmerɛ no den, nanso deɛ wadɔre ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede tenenee bɛhwɛ nnwankuo no. 17 “ ‘Na mo, me nnwankuo, yei ne deɛ Otumfoɔ AWURADE seɛ: Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn ne mpapo ne nnwennini ntam. 18 Adidibea papa a modidi soɔ no, ɛyɛ ade ketewa ma mo anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan tiatia mo adidibea a aka no nso so anaa? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsuo a ani yɛ korɔgyenn anaa? Ɛsɛ sɛ mode mo nan hono nkaeɛ no anaa? 19 Ɛsɛ sɛ me nnwankuo di deɛ moatiatia so na wɔnom deɛ mode mo nan ahono anaa? 20 “ ‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ AWURADE ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mɛbu nnwan a wɔadɔre ne nnwan a wɔafonfɔn ntam atɛn. 21 Esiane sɛ, mode mo nkyɛnmu ne mmatire puapua nnwan a wɔnni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kɔsi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri enti, 22 mɛgye me nnwankuo na wɔrenfom wɔn bio. Mɛbu odwan baako ne ɔfoforɔ ntam atɛn. 23 Mɛma odwanhwɛfoɔ baako, me ɔsomfoɔ Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfoɔ. 24 Na me, AWURADE, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na me ɔsomfoɔ Dawid ayɛ wɔn mu ɔberempɔn. Me AWURADE na maka. 25 “ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛdeɛ wɔbɛtumi atena ɛserɛ so na wɔadeda kwaeɛ mu asomdwoeɛ mu. 26 Mɛhyira wɔn ne mmea mmea a atwa me kokoɔ ho ahyia. Mɛtɔ bosuo wɔ ne berɛ mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosuo. 27 Mfuo so nnua bɛso wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduane. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mɛbubu wɔn kɔnnua na magye wɔn afiri wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam na wɔbɛhunu sɛ mene AWURADE no. 28 Amanaman no renyɛ wɔn fomfa adeɛ bio, na wiram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoeɛ mu na obiara renhunahuna wɔn. 29 Na mɛma wɔn asase a ɛso nnɔbaeɛ ama agye din, na aduanekɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. 30 Afei wɔbɛhunu sɛ me AWURADE, wɔn Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israel efie yɛ me nkurɔfoɔ, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie. 31 Mo, me nnwan, mʼadidibea nnwan yɛ me nkurɔfoɔ, na mene mo Onyankopɔn, Otumfoɔ AWURADE asɛm nie.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 34 in the ANGEFD

Ezekiel 34 in the ANTPNG2D

Ezekiel 34 in the AS21

Ezekiel 34 in the BAGH

Ezekiel 34 in the BBPNG

Ezekiel 34 in the BBT1E

Ezekiel 34 in the BDS

Ezekiel 34 in the BEV

Ezekiel 34 in the BHAD

Ezekiel 34 in the BIB

Ezekiel 34 in the BLPT

Ezekiel 34 in the BNT

Ezekiel 34 in the BNTABOOT

Ezekiel 34 in the BNTLV

Ezekiel 34 in the BOATCB2

Ezekiel 34 in the BOBCV

Ezekiel 34 in the BOCNT

Ezekiel 34 in the BOECS

Ezekiel 34 in the BOGWICC

Ezekiel 34 in the BOHCB

Ezekiel 34 in the BOHCV

Ezekiel 34 in the BOHLNT

Ezekiel 34 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 34 in the BOICB

Ezekiel 34 in the BOILNTAP

Ezekiel 34 in the BOITCV

Ezekiel 34 in the BOKCV

Ezekiel 34 in the BOKCV2

Ezekiel 34 in the BOKHWOG

Ezekiel 34 in the BOKSSV

Ezekiel 34 in the BOLCB

Ezekiel 34 in the BOLCB2

Ezekiel 34 in the BOMCV

Ezekiel 34 in the BONAV

Ezekiel 34 in the BONCB

Ezekiel 34 in the BONLT

Ezekiel 34 in the BONUT2

Ezekiel 34 in the BOPLNT

Ezekiel 34 in the BOSCB

Ezekiel 34 in the BOSNC

Ezekiel 34 in the BOTLNT

Ezekiel 34 in the BOVCB

Ezekiel 34 in the BOYCB

Ezekiel 34 in the BPBB

Ezekiel 34 in the BPH

Ezekiel 34 in the BSB

Ezekiel 34 in the CCB

Ezekiel 34 in the CUV

Ezekiel 34 in the CUVS

Ezekiel 34 in the DBT

Ezekiel 34 in the DGDNT

Ezekiel 34 in the DHNT

Ezekiel 34 in the DNT

Ezekiel 34 in the ELBE

Ezekiel 34 in the EMTV

Ezekiel 34 in the ESV

Ezekiel 34 in the FBV

Ezekiel 34 in the FEB

Ezekiel 34 in the GGMNT

Ezekiel 34 in the GNT

Ezekiel 34 in the HARY

Ezekiel 34 in the HNT

Ezekiel 34 in the IRVA

Ezekiel 34 in the IRVB

Ezekiel 34 in the IRVG

Ezekiel 34 in the IRVH

Ezekiel 34 in the IRVK

Ezekiel 34 in the IRVM

Ezekiel 34 in the IRVM2

Ezekiel 34 in the IRVO

Ezekiel 34 in the IRVP

Ezekiel 34 in the IRVT

Ezekiel 34 in the IRVT2

Ezekiel 34 in the IRVU

Ezekiel 34 in the ISVN

Ezekiel 34 in the JSNT

Ezekiel 34 in the KAPI

Ezekiel 34 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 34 in the KBV

Ezekiel 34 in the KJV

Ezekiel 34 in the KNFD

Ezekiel 34 in the LBA

Ezekiel 34 in the LBLA

Ezekiel 34 in the LNT

Ezekiel 34 in the LSV

Ezekiel 34 in the MAAL

Ezekiel 34 in the MBV

Ezekiel 34 in the MBV2

Ezekiel 34 in the MHNT

Ezekiel 34 in the MKNFD

Ezekiel 34 in the MNG

Ezekiel 34 in the MNT

Ezekiel 34 in the MNT2

Ezekiel 34 in the MRS1T

Ezekiel 34 in the NAA

Ezekiel 34 in the NASB

Ezekiel 34 in the NBLA

Ezekiel 34 in the NBS

Ezekiel 34 in the NBVTP

Ezekiel 34 in the NET2

Ezekiel 34 in the NIV11

Ezekiel 34 in the NNT

Ezekiel 34 in the NNT2

Ezekiel 34 in the NNT3

Ezekiel 34 in the PDDPT

Ezekiel 34 in the PFNT

Ezekiel 34 in the RMNT

Ezekiel 34 in the SBIAS

Ezekiel 34 in the SBIBS

Ezekiel 34 in the SBIBS2

Ezekiel 34 in the SBICS

Ezekiel 34 in the SBIDS

Ezekiel 34 in the SBIGS

Ezekiel 34 in the SBIHS

Ezekiel 34 in the SBIIS

Ezekiel 34 in the SBIIS2

Ezekiel 34 in the SBIIS3

Ezekiel 34 in the SBIKS

Ezekiel 34 in the SBIKS2

Ezekiel 34 in the SBIMS

Ezekiel 34 in the SBIOS

Ezekiel 34 in the SBIPS

Ezekiel 34 in the SBISS

Ezekiel 34 in the SBITS

Ezekiel 34 in the SBITS2

Ezekiel 34 in the SBITS3

Ezekiel 34 in the SBITS4

Ezekiel 34 in the SBIUS

Ezekiel 34 in the SBIVS

Ezekiel 34 in the SBT

Ezekiel 34 in the SBT1E

Ezekiel 34 in the SCHL

Ezekiel 34 in the SNT

Ezekiel 34 in the SUSU

Ezekiel 34 in the SUSU2

Ezekiel 34 in the SYNO

Ezekiel 34 in the TBIAOTANT

Ezekiel 34 in the TBT1E

Ezekiel 34 in the TBT1E2

Ezekiel 34 in the TFTIP

Ezekiel 34 in the TFTU

Ezekiel 34 in the TGNTATF3T

Ezekiel 34 in the THAI

Ezekiel 34 in the TNFD

Ezekiel 34 in the TNT

Ezekiel 34 in the TNTIK

Ezekiel 34 in the TNTIL

Ezekiel 34 in the TNTIN

Ezekiel 34 in the TNTIP

Ezekiel 34 in the TNTIZ

Ezekiel 34 in the TOMA

Ezekiel 34 in the TTENT

Ezekiel 34 in the UBG

Ezekiel 34 in the UGV

Ezekiel 34 in the UGV2

Ezekiel 34 in the UGV3

Ezekiel 34 in the VBL

Ezekiel 34 in the VDCC

Ezekiel 34 in the YALU

Ezekiel 34 in the YAPE

Ezekiel 34 in the YBVTP

Ezekiel 34 in the ZBP