Ezekiel 34 (BOATCB2)

1 AWURADE asɛm baa me nkyɛn se: 2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nguanhwɛfo: hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn se: Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Nnome nka Israel nguanhwɛfo a wɔhwɛ wɔn ankasa nko ara so. Ɛnsɛ sɛ nguanhwɛfo hwɛ nguankuw no ana? 3 Monom nufusu, mode mmoa no ho nwi fura mo ho na mukum mmoa a wɔadodɔ nanso monhwɛ nguankuw no. 4 Monhyɛɛ wɔn a wɔyɛ mmerɛw no den, nsaa ayarefo yare na monkyekyeree apirafo akuru. Momfaa wɔn a wɔabɔ ko mmae, na monhwehwɛɛ wɔn a wɔayera. Mode ɔhyɛ ne atirimɔden na ahwɛ wɔn so. 5 Ɛno nti wɔbɔ ahwete, efisɛ wonni ɔhwɛfo bi, na wɔbɔ ahwete no, wɔbɛyɛɛ hanam maa wuram mmoa nyinaa. 6 Me nguan kyinkyin mmepɔw ne nkoko nyinaa so. Wɔbɔɔ wɔn petee asase so baabiara, na obiara anhwehwɛ wɔn. 7 “Enti, mo nguanhwɛfo, muntie AWURADE asɛm: 8 Nokware, sɛ mete ase yi, Otumfo AWURADE asɛm ni, esiane sɛ me nguankuw nni ɔhwɛfo nti wɔawiawia wɔn na wɔayɛ hanam ama wuram mmoa, na esiane sɛ nguanhwɛfo no anhwehwɛ me nguan no na mmom wɔhwɛɛ wɔn ankasa ho na wɔtoo me nguan no asaworam 9 nti, nguanhwɛfo, muntie AWURADE asɛm: 10 Sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Me ne nguanhwɛfo no anya na mɛma wɔabu me nguankuw no ho akontaa. Meremma wɔnhwɛ nguankuw no bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum nguan no nnwe; megye me nguankuw afi wɔn anom na wɔrenyɛ wɔn aduan bio. 11 “ ‘Na sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Me ara mɛhwehwɛ me nguan na mahwɛ wɔn so. 12 Sɛnea oguanhwɛfo hwɛ ne nguan a wɔahwete bere a ɔwɔ wɔn nkyɛn no, saa ara na mɛhwɛ me nguan so. Meyi wɔn afi mmeae a wɔhwete kɔɔ wɔ omununkum ne sum kabii da no. 13 Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa. 14 Mehwɛ wɔn so wɔ adidibea papa, na Israel mmepɔw atenten so bɛyɛ wɔn adidibea. Ɛhɔ na wɔbɛdeda adidibea asase papa so, na hɔ na wɔbɛwe sare frɔmfrɔm wɔ Israel mmepɔw so. 15 Me ara mɛhwɛ me nguan na mama wɔadeda hɔ. AWURADE asɛm ni. 16 Mɛhwehwɛ nea wayera na mede nea wabɔ ko asan aba. Mɛkyekyere nea wapira no akuru, na mahyɛ nea ɔyɛ mmerɛw no den, nanso nea wadɔ ne nea ne ho yɛ den no, mɛsɛe wɔn. Mede trenee bɛhwɛ nguankuw no. 17 “ ‘Na mo, me nguankuw, sɛɛ na Otumfo AWURADE se: Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn ne mpapo ne adwennini ntam. 18 Adidibea papa a mudidi so no, ɛyɛ ade ketewa ma mo ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan tiatia mo adidibea a aka no nso so ana? Ɛnsɔ mo ani sɛ monom nsu a ani yɛ kurunnyenn ana? Ɛsɛ sɛ mode mo anan fono nkae no ana? 19 Ɛsɛ sɛ me nguankuw di nea moatiatia so na wɔnom nea mode mo anan afon ana? 20 “ ‘Ɛno nti sɛɛ na Otumfo AWURADE ka kyerɛ wɔn: Monhwɛ, me ara mebu nguan a wɔadodɔ ne nguan a wɔafonfɔn ntam atɛn. 21 Esiane sɛ, mode mo nkyɛn mu ne mmati puapua nguan a wonni ahoɔden na mode mo mmɛn pempem wɔn kosi sɛ mobɛpam wɔn akɔ akyirikyiri nti, 22 megye me nguankuw na wɔremfom wɔn bio. Mebu oguan baako ne ɔfoforo ntam atɛn. 23 Mɛma oguanhwɛfo baako, me somfo Dawid, ahwɛ wɔn so, na ɔbɛyɛn wɔn na wayɛ wɔn hwɛfo. 24 Na me, AWURADE, mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na me somfo Dawid ayɛ wɔn mu obirɛmpɔn. Me AWURADE na maka. 25 “ ‘Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoe apam na matɔre nkekaboa ase wɔ asase no so sɛnea wobetumi atena sare so na wɔadeda kwae mu asomdwoe mu. 26 Mehyira wɔn ne mmeae a atwa me pampa ho ahyia. Mɛtɔ obosu wɔ ne bere mu, na ɛbɛyɛ nhyira bosu. 27 Mfuw so nnua bɛsow wɔn aba na asase no nso abɔ nʼaduan. Nnipa no bɛtena wɔn asase so dwoodwoo. Mibubu wɔn konnua na migye wɔn fi wɔn a wɔde wɔn yɛɛ nkoa nsam a wobehu sɛ mene AWURADE no. 28 Amanaman no remfow wɔn bio, na wuram mmoa nso renkyere wɔn nnwe. Wɔbɛtena asomdwoe mu na obiara renhunahuna wɔn. 29 Na mɛma wɔn asase a ɛsow nnɔbae ama agye din, na aduankɔm renne wɔn wɔ asase no so na wɔrenyɛ ahohora mma amanaman no. 30 Afei wobehu sɛ me AWURADE, wɔn Nyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ, na wɔn, Israelfi, yɛ me nkurɔfo; Otumfo AWURADE asɛm ni. 31 Mo, me nguan, mʼadidibea nguan yɛ me nkurɔfo, na mene mo Nyankopɔn, Otumfo AWURADE asɛm ni.’ ”

In Other Versions

Ezekiel 34 in the ANGEFD

Ezekiel 34 in the ANTPNG2D

Ezekiel 34 in the AS21

Ezekiel 34 in the BAGH

Ezekiel 34 in the BBPNG

Ezekiel 34 in the BBT1E

Ezekiel 34 in the BDS

Ezekiel 34 in the BEV

Ezekiel 34 in the BHAD

Ezekiel 34 in the BIB

Ezekiel 34 in the BLPT

Ezekiel 34 in the BNT

Ezekiel 34 in the BNTABOOT

Ezekiel 34 in the BNTLV

Ezekiel 34 in the BOATCB

Ezekiel 34 in the BOBCV

Ezekiel 34 in the BOCNT

Ezekiel 34 in the BOECS

Ezekiel 34 in the BOGWICC

Ezekiel 34 in the BOHCB

Ezekiel 34 in the BOHCV

Ezekiel 34 in the BOHLNT

Ezekiel 34 in the BOHNTLTAL

Ezekiel 34 in the BOICB

Ezekiel 34 in the BOILNTAP

Ezekiel 34 in the BOITCV

Ezekiel 34 in the BOKCV

Ezekiel 34 in the BOKCV2

Ezekiel 34 in the BOKHWOG

Ezekiel 34 in the BOKSSV

Ezekiel 34 in the BOLCB

Ezekiel 34 in the BOLCB2

Ezekiel 34 in the BOMCV

Ezekiel 34 in the BONAV

Ezekiel 34 in the BONCB

Ezekiel 34 in the BONLT

Ezekiel 34 in the BONUT2

Ezekiel 34 in the BOPLNT

Ezekiel 34 in the BOSCB

Ezekiel 34 in the BOSNC

Ezekiel 34 in the BOTLNT

Ezekiel 34 in the BOVCB

Ezekiel 34 in the BOYCB

Ezekiel 34 in the BPBB

Ezekiel 34 in the BPH

Ezekiel 34 in the BSB

Ezekiel 34 in the CCB

Ezekiel 34 in the CUV

Ezekiel 34 in the CUVS

Ezekiel 34 in the DBT

Ezekiel 34 in the DGDNT

Ezekiel 34 in the DHNT

Ezekiel 34 in the DNT

Ezekiel 34 in the ELBE

Ezekiel 34 in the EMTV

Ezekiel 34 in the ESV

Ezekiel 34 in the FBV

Ezekiel 34 in the FEB

Ezekiel 34 in the GGMNT

Ezekiel 34 in the GNT

Ezekiel 34 in the HARY

Ezekiel 34 in the HNT

Ezekiel 34 in the IRVA

Ezekiel 34 in the IRVB

Ezekiel 34 in the IRVG

Ezekiel 34 in the IRVH

Ezekiel 34 in the IRVK

Ezekiel 34 in the IRVM

Ezekiel 34 in the IRVM2

Ezekiel 34 in the IRVO

Ezekiel 34 in the IRVP

Ezekiel 34 in the IRVT

Ezekiel 34 in the IRVT2

Ezekiel 34 in the IRVU

Ezekiel 34 in the ISVN

Ezekiel 34 in the JSNT

Ezekiel 34 in the KAPI

Ezekiel 34 in the KBT1ETNIK

Ezekiel 34 in the KBV

Ezekiel 34 in the KJV

Ezekiel 34 in the KNFD

Ezekiel 34 in the LBA

Ezekiel 34 in the LBLA

Ezekiel 34 in the LNT

Ezekiel 34 in the LSV

Ezekiel 34 in the MAAL

Ezekiel 34 in the MBV

Ezekiel 34 in the MBV2

Ezekiel 34 in the MHNT

Ezekiel 34 in the MKNFD

Ezekiel 34 in the MNG

Ezekiel 34 in the MNT

Ezekiel 34 in the MNT2

Ezekiel 34 in the MRS1T

Ezekiel 34 in the NAA

Ezekiel 34 in the NASB

Ezekiel 34 in the NBLA

Ezekiel 34 in the NBS

Ezekiel 34 in the NBVTP

Ezekiel 34 in the NET2

Ezekiel 34 in the NIV11

Ezekiel 34 in the NNT

Ezekiel 34 in the NNT2

Ezekiel 34 in the NNT3

Ezekiel 34 in the PDDPT

Ezekiel 34 in the PFNT

Ezekiel 34 in the RMNT

Ezekiel 34 in the SBIAS

Ezekiel 34 in the SBIBS

Ezekiel 34 in the SBIBS2

Ezekiel 34 in the SBICS

Ezekiel 34 in the SBIDS

Ezekiel 34 in the SBIGS

Ezekiel 34 in the SBIHS

Ezekiel 34 in the SBIIS

Ezekiel 34 in the SBIIS2

Ezekiel 34 in the SBIIS3

Ezekiel 34 in the SBIKS

Ezekiel 34 in the SBIKS2

Ezekiel 34 in the SBIMS

Ezekiel 34 in the SBIOS

Ezekiel 34 in the SBIPS

Ezekiel 34 in the SBISS

Ezekiel 34 in the SBITS

Ezekiel 34 in the SBITS2

Ezekiel 34 in the SBITS3

Ezekiel 34 in the SBITS4

Ezekiel 34 in the SBIUS

Ezekiel 34 in the SBIVS

Ezekiel 34 in the SBT

Ezekiel 34 in the SBT1E

Ezekiel 34 in the SCHL

Ezekiel 34 in the SNT

Ezekiel 34 in the SUSU

Ezekiel 34 in the SUSU2

Ezekiel 34 in the SYNO

Ezekiel 34 in the TBIAOTANT

Ezekiel 34 in the TBT1E

Ezekiel 34 in the TBT1E2

Ezekiel 34 in the TFTIP

Ezekiel 34 in the TFTU

Ezekiel 34 in the TGNTATF3T

Ezekiel 34 in the THAI

Ezekiel 34 in the TNFD

Ezekiel 34 in the TNT

Ezekiel 34 in the TNTIK

Ezekiel 34 in the TNTIL

Ezekiel 34 in the TNTIN

Ezekiel 34 in the TNTIP

Ezekiel 34 in the TNTIZ

Ezekiel 34 in the TOMA

Ezekiel 34 in the TTENT

Ezekiel 34 in the UBG

Ezekiel 34 in the UGV

Ezekiel 34 in the UGV2

Ezekiel 34 in the UGV3

Ezekiel 34 in the VBL

Ezekiel 34 in the VDCC

Ezekiel 34 in the YALU

Ezekiel 34 in the YAPE

Ezekiel 34 in the YBVTP

Ezekiel 34 in the ZBP