Ezekiel 8 (BOATCB)
1 Afe a ɛtɔ so nsia mu, abosome nsia no ɛda a ɛtɔ so enum a na mete me fie na Yuda mpanimfoɔ tete mʼanim no, Otumfoɔ AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ. 2 Mehwɛeɛ na mehunuu biribi a ɛte sɛ onipa. Ɛfiri baabi reba, a ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na ɛfiri hɔ rekɔ ne soro no, na ne tebea hyerɛn sɛ dadeɛ a adɔ. 3 Ɔtenee biribi te sɛ nsa de sɔɔ me tirinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaa me de me kɔɔ ewiem na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehunu mu kɔɔ Yerusalem kɔgyinaa mfimfini adihɔ no atifi ɛpono ano, baabi a ohoni a ɛyɛ ninkunutweɛ farebae no sie. 4 Na ɛhɔ, mʼanim no na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ, te sɛ anisoadehunu a menyaa no wɔ ɛserɛ so no. 5 Afei, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛeɛ, na ɛpono a ɛwɔ afɔrebukyia no atifi fam no mu, mehunuu saa ninkuntwe farebae ohoni yi. 6 Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi, akyiwadeɛ a ɛmfra, a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afiri me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wobɛhunu nneɛma a ɛsene akyiwadeɛ yi koraa.” 7 Afei, ɔde me baa adihɔ hɔ ɛpono no ano. Mehwɛeɛ na mehunuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu. 8 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, bɔ ɔfasuo no mu tokuro.” Enti mebɔɔ ɔfasuo no mu tokuro, na mehunuu ɛpono ano kwan bi wɔ hɔ. 9 Ɔkaa kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ a wɔreyɛ wɔ ha.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛeɛ, na mehunuu afasuo a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahodoɔ nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwadeɛ ne Israel fie ahoni ahodoɔ nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11 Wɔn anim na na Israelfoɔ mpanimfoɔ aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrawantrawa a aduhwam wisie hwamhwam firi so rekɔ soro. 12 Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba woahunu deɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ reyɛ wɔ esum no mu. Obiara wɔ nʼankasa ahoni abosonnan mu. Wɔka sɛ, ‘AWURADE nhunu yɛn; AWURADE agya asase no!’ ” 13 Ɔkaa bio sɛ, “Wobɛhunu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a mpo ɛsene yei.” 14 Afei ɔde me baa AWURADE efie no atifi ɛpono no kwan ano, na mehunuu mmaa a wɔtete hɔ resu Tamus. 15 Ɔbisaa me sɛ, “Wohunu yei onipa ba? Wobɛhunu nneɛma a ɛyɛ akyiwadeɛ a ɛsene yei.” 16 Afei, ɔde me baa AWURADE efie adihɔ a ɛwɔ mfimfini no, na ɛhɔ, asɔrefie no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔrebukyia no ntam, na ɛhɔ na mmarimma bɛyɛ aduonu enum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ fam no, na wɔrekoto som owia a ɛwɔ apueeɛ fam. 17 Ɔbisaa me sɛ, “Woahunu yei, onipa ba? Akyiwadeɛ a Yudafoɔ reyɛ wɔ ha yi yɛ asɛm ketewa anaa? Ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuo anaa? Hwɛ, wɔabu me animtia agu mʼanim ase! 18 Ɛno enti, me ne wɔn bɛdi no abufuo so. Merenhunu wɔn mmɔbɔ, na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwom sɛ wɔteam tuatua mʼaso, nanso merentie wɔn.”
In Other Versions
Ezekiel 8 in the ANGEFD
Ezekiel 8 in the ANTPNG2D
Ezekiel 8 in the AS21
Ezekiel 8 in the BAGH
Ezekiel 8 in the BBPNG
Ezekiel 8 in the BBT1E
Ezekiel 8 in the BDS
Ezekiel 8 in the BEV
Ezekiel 8 in the BHAD
Ezekiel 8 in the BIB
Ezekiel 8 in the BLPT
Ezekiel 8 in the BNT
Ezekiel 8 in the BNTABOOT
Ezekiel 8 in the BNTLV
Ezekiel 8 in the BOATCB2
Ezekiel 8 in the BOBCV
Ezekiel 8 in the BOCNT
Ezekiel 8 in the BOECS
Ezekiel 8 in the BOGWICC
Ezekiel 8 in the BOHCB
Ezekiel 8 in the BOHCV
Ezekiel 8 in the BOHLNT
Ezekiel 8 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 8 in the BOICB
Ezekiel 8 in the BOILNTAP
Ezekiel 8 in the BOITCV
Ezekiel 8 in the BOKCV
Ezekiel 8 in the BOKCV2
Ezekiel 8 in the BOKHWOG
Ezekiel 8 in the BOKSSV
Ezekiel 8 in the BOLCB
Ezekiel 8 in the BOLCB2
Ezekiel 8 in the BOMCV
Ezekiel 8 in the BONAV
Ezekiel 8 in the BONCB
Ezekiel 8 in the BONLT
Ezekiel 8 in the BONUT2
Ezekiel 8 in the BOPLNT
Ezekiel 8 in the BOSCB
Ezekiel 8 in the BOSNC
Ezekiel 8 in the BOTLNT
Ezekiel 8 in the BOVCB
Ezekiel 8 in the BOYCB
Ezekiel 8 in the BPBB
Ezekiel 8 in the BPH
Ezekiel 8 in the BSB
Ezekiel 8 in the CCB
Ezekiel 8 in the CUV
Ezekiel 8 in the CUVS
Ezekiel 8 in the DBT
Ezekiel 8 in the DGDNT
Ezekiel 8 in the DHNT
Ezekiel 8 in the DNT
Ezekiel 8 in the ELBE
Ezekiel 8 in the EMTV
Ezekiel 8 in the ESV
Ezekiel 8 in the FBV
Ezekiel 8 in the FEB
Ezekiel 8 in the GGMNT
Ezekiel 8 in the GNT
Ezekiel 8 in the HARY
Ezekiel 8 in the HNT
Ezekiel 8 in the IRVA
Ezekiel 8 in the IRVB
Ezekiel 8 in the IRVG
Ezekiel 8 in the IRVH
Ezekiel 8 in the IRVK
Ezekiel 8 in the IRVM
Ezekiel 8 in the IRVM2
Ezekiel 8 in the IRVO
Ezekiel 8 in the IRVP
Ezekiel 8 in the IRVT
Ezekiel 8 in the IRVT2
Ezekiel 8 in the IRVU
Ezekiel 8 in the ISVN
Ezekiel 8 in the JSNT
Ezekiel 8 in the KAPI
Ezekiel 8 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 8 in the KBV
Ezekiel 8 in the KJV
Ezekiel 8 in the KNFD
Ezekiel 8 in the LBA
Ezekiel 8 in the LBLA
Ezekiel 8 in the LNT
Ezekiel 8 in the LSV
Ezekiel 8 in the MAAL
Ezekiel 8 in the MBV
Ezekiel 8 in the MBV2
Ezekiel 8 in the MHNT
Ezekiel 8 in the MKNFD
Ezekiel 8 in the MNG
Ezekiel 8 in the MNT
Ezekiel 8 in the MNT2
Ezekiel 8 in the MRS1T
Ezekiel 8 in the NAA
Ezekiel 8 in the NASB
Ezekiel 8 in the NBLA
Ezekiel 8 in the NBS
Ezekiel 8 in the NBVTP
Ezekiel 8 in the NET2
Ezekiel 8 in the NIV11
Ezekiel 8 in the NNT
Ezekiel 8 in the NNT2
Ezekiel 8 in the NNT3
Ezekiel 8 in the PDDPT
Ezekiel 8 in the PFNT
Ezekiel 8 in the RMNT
Ezekiel 8 in the SBIAS
Ezekiel 8 in the SBIBS
Ezekiel 8 in the SBIBS2
Ezekiel 8 in the SBICS
Ezekiel 8 in the SBIDS
Ezekiel 8 in the SBIGS
Ezekiel 8 in the SBIHS
Ezekiel 8 in the SBIIS
Ezekiel 8 in the SBIIS2
Ezekiel 8 in the SBIIS3
Ezekiel 8 in the SBIKS
Ezekiel 8 in the SBIKS2
Ezekiel 8 in the SBIMS
Ezekiel 8 in the SBIOS
Ezekiel 8 in the SBIPS
Ezekiel 8 in the SBISS
Ezekiel 8 in the SBITS
Ezekiel 8 in the SBITS2
Ezekiel 8 in the SBITS3
Ezekiel 8 in the SBITS4
Ezekiel 8 in the SBIUS
Ezekiel 8 in the SBIVS
Ezekiel 8 in the SBT
Ezekiel 8 in the SBT1E
Ezekiel 8 in the SCHL
Ezekiel 8 in the SNT
Ezekiel 8 in the SUSU
Ezekiel 8 in the SUSU2
Ezekiel 8 in the SYNO
Ezekiel 8 in the TBIAOTANT
Ezekiel 8 in the TBT1E
Ezekiel 8 in the TBT1E2
Ezekiel 8 in the TFTIP
Ezekiel 8 in the TFTU
Ezekiel 8 in the TGNTATF3T
Ezekiel 8 in the THAI
Ezekiel 8 in the TNFD
Ezekiel 8 in the TNT
Ezekiel 8 in the TNTIK
Ezekiel 8 in the TNTIL
Ezekiel 8 in the TNTIN
Ezekiel 8 in the TNTIP
Ezekiel 8 in the TNTIZ
Ezekiel 8 in the TOMA
Ezekiel 8 in the TTENT
Ezekiel 8 in the UBG
Ezekiel 8 in the UGV
Ezekiel 8 in the UGV2
Ezekiel 8 in the UGV3
Ezekiel 8 in the VBL
Ezekiel 8 in the VDCC
Ezekiel 8 in the YALU
Ezekiel 8 in the YAPE
Ezekiel 8 in the YBVTP
Ezekiel 8 in the ZBP