Ezekiel 8 (BOATCB2)
1 Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ. 2 Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte sɛ onipa. Efi baabi a ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na efi hɔ rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn sɛ dade a adɔ. 3 Ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si. 4 Na hɔ, wɔ mʼanim na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ, te sɛ anisoadehu a minyaa no wɔ tataw no so no. 5 Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu. 6 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa.” 7 Afei ɔde me baa adiwo hɔ pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru wɔ ɔfasu no mu. 8 Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.” Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi wɔ hɔ. 9 Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha.” 10 Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. 11 Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro. 12 Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘AWURADE nhu yɛn; AWURADE agyaw asase no!’ ” 13 Ɔkaa bio se, “Wubehu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwade a mpo ɛsen eyi.” 14 Afei ɔde me baa AWURADE fi no atifi pon no kwan ano, na mihuu mmea a wɔtete hɔ resu Tamus. 15 Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi? Wubehu nneɛma a ɛyɛ akyiwade a ɛsen eyi.” 16 Afei ɔde me baa AWURADE fi adiwo a ɛwɔ mfimfini no, na hɔ, hyiadan no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔremuka no ntam, na hɔ na mmarima bɛyɛ aduonu anum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔrekotow som owia a ɛwɔ apuei fam. 17 Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase! 18 Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu sɛ, wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn.”
In Other Versions
Ezekiel 8 in the ANGEFD
Ezekiel 8 in the ANTPNG2D
Ezekiel 8 in the AS21
Ezekiel 8 in the BAGH
Ezekiel 8 in the BBPNG
Ezekiel 8 in the BBT1E
Ezekiel 8 in the BDS
Ezekiel 8 in the BEV
Ezekiel 8 in the BHAD
Ezekiel 8 in the BIB
Ezekiel 8 in the BLPT
Ezekiel 8 in the BNT
Ezekiel 8 in the BNTABOOT
Ezekiel 8 in the BNTLV
Ezekiel 8 in the BOATCB
Ezekiel 8 in the BOBCV
Ezekiel 8 in the BOCNT
Ezekiel 8 in the BOECS
Ezekiel 8 in the BOGWICC
Ezekiel 8 in the BOHCB
Ezekiel 8 in the BOHCV
Ezekiel 8 in the BOHLNT
Ezekiel 8 in the BOHNTLTAL
Ezekiel 8 in the BOICB
Ezekiel 8 in the BOILNTAP
Ezekiel 8 in the BOITCV
Ezekiel 8 in the BOKCV
Ezekiel 8 in the BOKCV2
Ezekiel 8 in the BOKHWOG
Ezekiel 8 in the BOKSSV
Ezekiel 8 in the BOLCB
Ezekiel 8 in the BOLCB2
Ezekiel 8 in the BOMCV
Ezekiel 8 in the BONAV
Ezekiel 8 in the BONCB
Ezekiel 8 in the BONLT
Ezekiel 8 in the BONUT2
Ezekiel 8 in the BOPLNT
Ezekiel 8 in the BOSCB
Ezekiel 8 in the BOSNC
Ezekiel 8 in the BOTLNT
Ezekiel 8 in the BOVCB
Ezekiel 8 in the BOYCB
Ezekiel 8 in the BPBB
Ezekiel 8 in the BPH
Ezekiel 8 in the BSB
Ezekiel 8 in the CCB
Ezekiel 8 in the CUV
Ezekiel 8 in the CUVS
Ezekiel 8 in the DBT
Ezekiel 8 in the DGDNT
Ezekiel 8 in the DHNT
Ezekiel 8 in the DNT
Ezekiel 8 in the ELBE
Ezekiel 8 in the EMTV
Ezekiel 8 in the ESV
Ezekiel 8 in the FBV
Ezekiel 8 in the FEB
Ezekiel 8 in the GGMNT
Ezekiel 8 in the GNT
Ezekiel 8 in the HARY
Ezekiel 8 in the HNT
Ezekiel 8 in the IRVA
Ezekiel 8 in the IRVB
Ezekiel 8 in the IRVG
Ezekiel 8 in the IRVH
Ezekiel 8 in the IRVK
Ezekiel 8 in the IRVM
Ezekiel 8 in the IRVM2
Ezekiel 8 in the IRVO
Ezekiel 8 in the IRVP
Ezekiel 8 in the IRVT
Ezekiel 8 in the IRVT2
Ezekiel 8 in the IRVU
Ezekiel 8 in the ISVN
Ezekiel 8 in the JSNT
Ezekiel 8 in the KAPI
Ezekiel 8 in the KBT1ETNIK
Ezekiel 8 in the KBV
Ezekiel 8 in the KJV
Ezekiel 8 in the KNFD
Ezekiel 8 in the LBA
Ezekiel 8 in the LBLA
Ezekiel 8 in the LNT
Ezekiel 8 in the LSV
Ezekiel 8 in the MAAL
Ezekiel 8 in the MBV
Ezekiel 8 in the MBV2
Ezekiel 8 in the MHNT
Ezekiel 8 in the MKNFD
Ezekiel 8 in the MNG
Ezekiel 8 in the MNT
Ezekiel 8 in the MNT2
Ezekiel 8 in the MRS1T
Ezekiel 8 in the NAA
Ezekiel 8 in the NASB
Ezekiel 8 in the NBLA
Ezekiel 8 in the NBS
Ezekiel 8 in the NBVTP
Ezekiel 8 in the NET2
Ezekiel 8 in the NIV11
Ezekiel 8 in the NNT
Ezekiel 8 in the NNT2
Ezekiel 8 in the NNT3
Ezekiel 8 in the PDDPT
Ezekiel 8 in the PFNT
Ezekiel 8 in the RMNT
Ezekiel 8 in the SBIAS
Ezekiel 8 in the SBIBS
Ezekiel 8 in the SBIBS2
Ezekiel 8 in the SBICS
Ezekiel 8 in the SBIDS
Ezekiel 8 in the SBIGS
Ezekiel 8 in the SBIHS
Ezekiel 8 in the SBIIS
Ezekiel 8 in the SBIIS2
Ezekiel 8 in the SBIIS3
Ezekiel 8 in the SBIKS
Ezekiel 8 in the SBIKS2
Ezekiel 8 in the SBIMS
Ezekiel 8 in the SBIOS
Ezekiel 8 in the SBIPS
Ezekiel 8 in the SBISS
Ezekiel 8 in the SBITS
Ezekiel 8 in the SBITS2
Ezekiel 8 in the SBITS3
Ezekiel 8 in the SBITS4
Ezekiel 8 in the SBIUS
Ezekiel 8 in the SBIVS
Ezekiel 8 in the SBT
Ezekiel 8 in the SBT1E
Ezekiel 8 in the SCHL
Ezekiel 8 in the SNT
Ezekiel 8 in the SUSU
Ezekiel 8 in the SUSU2
Ezekiel 8 in the SYNO
Ezekiel 8 in the TBIAOTANT
Ezekiel 8 in the TBT1E
Ezekiel 8 in the TBT1E2
Ezekiel 8 in the TFTIP
Ezekiel 8 in the TFTU
Ezekiel 8 in the TGNTATF3T
Ezekiel 8 in the THAI
Ezekiel 8 in the TNFD
Ezekiel 8 in the TNT
Ezekiel 8 in the TNTIK
Ezekiel 8 in the TNTIL
Ezekiel 8 in the TNTIN
Ezekiel 8 in the TNTIP
Ezekiel 8 in the TNTIZ
Ezekiel 8 in the TOMA
Ezekiel 8 in the TTENT
Ezekiel 8 in the UBG
Ezekiel 8 in the UGV
Ezekiel 8 in the UGV2
Ezekiel 8 in the UGV3
Ezekiel 8 in the VBL
Ezekiel 8 in the VDCC
Ezekiel 8 in the YALU
Ezekiel 8 in the YAPE
Ezekiel 8 in the YBVTP
Ezekiel 8 in the ZBP