Genesis 2 (BOATCB)
1 Yei ne ɛkwan a Onyankopɔn faa so bɔɔ ɔsoro ne asase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. 2 Ɛduruu ɛda a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie nnwuma a ɔhyɛɛ aseɛ yɛeɛ no nyinaa. Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔgyee nʼahome. 3 Onyankopɔn hyiraa ɛda a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho. Ɛfiri sɛ, saa ɛda no na Onyankopɔn gyee nʼahome firii adebɔ nnwuma no nyinaa ho. 4 Yei ne ɔsoro ne asase bɔ ho asɛm. Ɛberɛ a AWURADE Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase no. 5 Na afifideɛ biara nni asase so, na wiram nnua biara nso nni hɔ. Ɛfiri sɛ, na AWURADE Onyankopɔn mmaa nsuo ntɔɔ wɔ asase so, na onipa nso nni asase so a ɔbɛyɛ so adwuma. 6 Nanso, nsutire puepue fifirii asase mu bɛpetee asase ani nyinaa. 7 AWURADE Onyankopɔn de asase no so dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhomee nkwa home guu ne hwene mu, maa onipa no bɛyɛɛ ɔteasefoɔ. 8 Afei, AWURADE Onyankopɔn yɛɛ turo wɔ Eden apueeɛ fam, na ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwonoo no no tenaeɛ. 9 AWURADE Onyankopɔn maa nnua ahodoɔ nyinaa fifirii asase no so; nnua a ɛyɛ fɛ na wɔdie. Turo no mfimfini no na nkwa dua, ɛnna papa ne bɔnehunu dua sisie. 10 Na nsuo tene firi Eden bɛgugu turo no mu afifideɛ no so; ɛfiri hɔ a, na saa nsuo no mu apaapae ayɛ nsubɔntene ɛnan. 11 Wɔtoo nsuo a apaapae no mu deɛ ɛdi ɛkan no edin Pison. Na ɛkontonkonton fa Hawila asase a sikakɔkɔɔ wɔ so no so nyinaa. 12 Na saa asase no so sikakɔkɔɔ yɛ. Na ɛhyɛ a ɛyɛ hwam ne apopobibirieboɔ nso wɔ hɔ. 13 Asubɔnten a ɛtɔ so mmienu no din de Gihon. Na ɛno ara na abobare afa Kus asase ho nyinaa. 14 Asuo a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wɔfrɛ no Tigris a ɛtene kɔ asase kɛseɛ Asiria apueeɛ fam. Asuo a ɛtɔ so ɛnan no nso, na wɔfrɛ no Eufrate. 15 AWURADE Onyankopɔn faa onipa no de no kɔtenaa Eden turo mu hɔ sɛ ɔnyɛ mu adwuma, na ɔnhwɛ so. 16 Na AWURADE Onyankopɔn bɔɔ onipa no kɔkɔ sɛ, “Wowɔ ho ɛkwan sɛ, wodi dua biara so aba wɔ turo yi mu ha; 17 nanso wonni ho ɛkwan sɛ wodi papa ne bɔnehunu dua no so aba. Ɛda a wobɛdie no, deɛ ɛbɛyɛ biara, wobɛwu.” 18 Afei, AWURADE Onyankopɔn kaa sɛ, “Ɛnyɛ sɛ onipa nko ara tena; mɛbɔ ɔboafoɔ a ɔfata no ama no.” 19 Saa ɛberɛ no na, AWURADE Onyankopɔn de mfuturo abɔ wiram mmoa ne ewiem nnomaa nyinaa. Enti, ɔde wɔn brɛɛ onipa sɛ ɔnhwehwɛ edin ko a ɔde bɛtoto wɔn. Edin a onipa de too abɔdeɛ a nkwa wɔ mu biara no, ɛno ara na ɛyɛɛ edin a wɔde frɛɛ no. 20 Enti, onipa totoo nyɛmmoa, ewiem nnomaa ne wiram mmoa no nyinaa edin.Nanso, onipa deɛ, wannya ɔboafoɔ a ɔfata no. 21 Enti, AWURADE Onyankopɔn maa onipa daa nnahɔɔ. Ɛberɛ a onipa daa saa no, ɔyii ne mfe mu mpadeɛ baako, na ɔde honam taree deɛ ɔyii mpadeɛ hɔ no. 22 Afei, AWURADE Onyankopɔn de mfe mu mpadeɛ baako a ɔyi firii onipa mu no bɔɔ ɔbaa, de no maa onipa no. 23 Na Adam kaa sɛ,“Mʼankasa me dompene me honam bi nie.Wɔbɛfrɛ yei ɔbaa ɛfiri sɛ,ɔbarima mu na wɔyii no firiiɛ.” 24 Yei enti na ɔbarima gya nʼagya ne ne na de ne ho kɔbata ne yere ho sɛdeɛ wɔn baanu bɛyɛ nnipa korɔ. 25 Saa ɛberɛ no, na ɔbarima ne ne yere nyinaa ho da hɔ, nanso na wɔmfɛre.
In Other Versions
Genesis 2 in the ANGEFD
Genesis 2 in the ANTPNG2D
Genesis 2 in the AS21
Genesis 2 in the BAGH
Genesis 2 in the BBPNG
Genesis 2 in the BBT1E
Genesis 2 in the BDS
Genesis 2 in the BEV
Genesis 2 in the BHAD
Genesis 2 in the BIB
Genesis 2 in the BLPT
Genesis 2 in the BNT
Genesis 2 in the BNTABOOT
Genesis 2 in the BNTLV
Genesis 2 in the BOATCB2
Genesis 2 in the BOBCV
Genesis 2 in the BOCNT
Genesis 2 in the BOECS
Genesis 2 in the BOGWICC
Genesis 2 in the BOHCB
Genesis 2 in the BOHCV
Genesis 2 in the BOHLNT
Genesis 2 in the BOHNTLTAL
Genesis 2 in the BOICB
Genesis 2 in the BOILNTAP
Genesis 2 in the BOITCV
Genesis 2 in the BOKCV
Genesis 2 in the BOKCV2
Genesis 2 in the BOKHWOG
Genesis 2 in the BOKSSV
Genesis 2 in the BOLCB
Genesis 2 in the BOLCB2
Genesis 2 in the BOMCV
Genesis 2 in the BONAV
Genesis 2 in the BONCB
Genesis 2 in the BONLT
Genesis 2 in the BONUT2
Genesis 2 in the BOPLNT
Genesis 2 in the BOSCB
Genesis 2 in the BOSNC
Genesis 2 in the BOTLNT
Genesis 2 in the BOVCB
Genesis 2 in the BOYCB
Genesis 2 in the BPBB
Genesis 2 in the BPH
Genesis 2 in the BSB
Genesis 2 in the CCB
Genesis 2 in the CUV
Genesis 2 in the CUVS
Genesis 2 in the DBT
Genesis 2 in the DGDNT
Genesis 2 in the DHNT
Genesis 2 in the DNT
Genesis 2 in the ELBE
Genesis 2 in the EMTV
Genesis 2 in the ESV
Genesis 2 in the FBV
Genesis 2 in the FEB
Genesis 2 in the GGMNT
Genesis 2 in the GNT
Genesis 2 in the HARY
Genesis 2 in the HNT
Genesis 2 in the IRVA
Genesis 2 in the IRVB
Genesis 2 in the IRVG
Genesis 2 in the IRVH
Genesis 2 in the IRVK
Genesis 2 in the IRVM
Genesis 2 in the IRVM2
Genesis 2 in the IRVO
Genesis 2 in the IRVP
Genesis 2 in the IRVT
Genesis 2 in the IRVT2
Genesis 2 in the IRVU
Genesis 2 in the ISVN
Genesis 2 in the JSNT
Genesis 2 in the KAPI
Genesis 2 in the KBT1ETNIK
Genesis 2 in the KBV
Genesis 2 in the KJV
Genesis 2 in the KNFD
Genesis 2 in the LBA
Genesis 2 in the LBLA
Genesis 2 in the LNT
Genesis 2 in the LSV
Genesis 2 in the MAAL
Genesis 2 in the MBV
Genesis 2 in the MBV2
Genesis 2 in the MHNT
Genesis 2 in the MKNFD
Genesis 2 in the MNG
Genesis 2 in the MNT
Genesis 2 in the MNT2
Genesis 2 in the MRS1T
Genesis 2 in the NAA
Genesis 2 in the NASB
Genesis 2 in the NBLA
Genesis 2 in the NBS
Genesis 2 in the NBVTP
Genesis 2 in the NET2
Genesis 2 in the NIV11
Genesis 2 in the NNT
Genesis 2 in the NNT2
Genesis 2 in the NNT3
Genesis 2 in the PDDPT
Genesis 2 in the PFNT
Genesis 2 in the RMNT
Genesis 2 in the SBIAS
Genesis 2 in the SBIBS
Genesis 2 in the SBIBS2
Genesis 2 in the SBICS
Genesis 2 in the SBIDS
Genesis 2 in the SBIGS
Genesis 2 in the SBIHS
Genesis 2 in the SBIIS
Genesis 2 in the SBIIS2
Genesis 2 in the SBIIS3
Genesis 2 in the SBIKS
Genesis 2 in the SBIKS2
Genesis 2 in the SBIMS
Genesis 2 in the SBIOS
Genesis 2 in the SBIPS
Genesis 2 in the SBISS
Genesis 2 in the SBITS
Genesis 2 in the SBITS2
Genesis 2 in the SBITS3
Genesis 2 in the SBITS4
Genesis 2 in the SBIUS
Genesis 2 in the SBIVS
Genesis 2 in the SBT
Genesis 2 in the SBT1E
Genesis 2 in the SCHL
Genesis 2 in the SNT
Genesis 2 in the SUSU
Genesis 2 in the SUSU2
Genesis 2 in the SYNO
Genesis 2 in the TBIAOTANT
Genesis 2 in the TBT1E
Genesis 2 in the TBT1E2
Genesis 2 in the TFTIP
Genesis 2 in the TFTU
Genesis 2 in the TGNTATF3T
Genesis 2 in the THAI
Genesis 2 in the TNFD
Genesis 2 in the TNT
Genesis 2 in the TNTIK
Genesis 2 in the TNTIL
Genesis 2 in the TNTIN
Genesis 2 in the TNTIP
Genesis 2 in the TNTIZ
Genesis 2 in the TOMA
Genesis 2 in the TTENT
Genesis 2 in the UBG
Genesis 2 in the UGV
Genesis 2 in the UGV2
Genesis 2 in the UGV3
Genesis 2 in the VBL
Genesis 2 in the VDCC
Genesis 2 in the YALU
Genesis 2 in the YAPE
Genesis 2 in the YBVTP
Genesis 2 in the ZBP