Genesis 22 (BOATCB)

1 Yeinom nyinaa akyiri, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛeɛ. Ɔfrɛɛ Abraham sɛ, “Abraham!”Abraham buaa sɛ, “Me nie!” 2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ba, wo ba korɔ Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ mmepɔ a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.” 3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafunumu. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Ɔtwitwaa egya a ɛbɛso ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔsiim kɔɔ baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. 4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani hunuu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri. 5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, “Mo ne afunumu no ntwɛn ha, na me ne abarimaa no nkɔ animu kakra, nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsane aba.” 6 Abraham faa anyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no de soaa ne ba Isak. Ɛnna ɔno nso faa egya ne sekammoa kuraeɛ. Ɛberɛ a wɔrekɔ no, 7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham sɛ, “Agya!”Ɛnna Abraham buaa sɛ, “Me ba, asɛm bɛn?”Isak bisaa no sɛ, “Egya ne anyina no nie, na odwammaa a yɛde no rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?” 8 Abraham buaa sɛ, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔredwan a yɛde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.” Afei, wɔn baanu no toaa so kɔeɛ. 9 Wɔbɛduruu baabi a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, hyehyɛɛ anyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too anyina no so wɔ afɔrebukyia no so. 10 Abraham twee sekammoa no, pagyaa sɛ ɔde rebɛtwa ne ba no mene akum no. 11 Ɛhɔ ara na AWURADE ɔbɔfoɔ frɛɛ no firi soro sɛ, “Abraham! Abraham!”Ɛnna Abraham gyee so sɛ, “Me nie.” 12 AWURADE ɔbɔfoɔ no kaa sɛ, “Mfa wo nsa nka abɔfra no. Ɛnyɛ no bɔne biara. Esiane sɛ woamfa wo dɔ ba, wo ba korɔ no ankame me no enti, mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn.” 13 Abraham maa nʼani so hunuu sɛ nkyɛkyerɛ bi asɔ odwennini bi mmɛn mu wɔ wira no mu hɔ. Abraham kɔkyeree odwennini no de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, sii ne ba no ananmu. 14 Abraham too beaeɛ no din sɛ AWURADE De Bɛma. Ɛbɛsi ɛnnɛ no wɔka sɛ, “wɔde bɛma wɔ AWURADE bepɔ no so.” 15 AWURADE ɔbɔfoɔ no frɛɛ Abraham firii soro deɛ ɛtɔ so mmienu kaa sɛ, 16 “Maka me ho ntam sɛ, ɛsiane sɛ woayɛ yei, na woamfa wo ba, wo ba korɔ no ankame me enti, 17 hyira na mɛhyira wo na mama wʼase adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na wʼasefoɔ bɛgye wɔn atamfoɔ nkuropɔn adi so. 18 Wɔnam wʼasefoɔ so na wɔbɛhyira ewiase amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ, woadi mʼasɛm so.” 19 Afei, Abraham sane kɔɔ nʼasomfoɔ no nkyɛn ne wɔn siim kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ. 20 Yeinom nyinaa akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Milka nso yɛ ɔbaatan a wawo mmammarima ama wo nuabarima Nahor. Wɔn din na ɛdidi so yi: 21 Us yɛ abakan, Us nuabarima Bus na ɔtɔ so mmienu.Deɛ ɔdi so ne Kemuel, a ɔyɛ Aram agya. 22 Wɔn a wɔaka no ne Kesed, Haso, Pildas, Yidlaf ne Betuel.” 23 Saa Betuel yi na ɔwoo Rebeka.Milka ne Abraham nua Nahor na wɔwowoo saa mmammarima baawɔtwe yi. 24 Nahor ne ne mpena Rehuma nso wowoo mma baanan a wɔn din de,Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

In Other Versions

Genesis 22 in the ANGEFD

Genesis 22 in the ANTPNG2D

Genesis 22 in the AS21

Genesis 22 in the BAGH

Genesis 22 in the BBPNG

Genesis 22 in the BBT1E

Genesis 22 in the BDS

Genesis 22 in the BEV

Genesis 22 in the BHAD

Genesis 22 in the BIB

Genesis 22 in the BLPT

Genesis 22 in the BNT

Genesis 22 in the BNTABOOT

Genesis 22 in the BNTLV

Genesis 22 in the BOATCB2

Genesis 22 in the BOBCV

Genesis 22 in the BOCNT

Genesis 22 in the BOECS

Genesis 22 in the BOGWICC

Genesis 22 in the BOHCB

Genesis 22 in the BOHCV

Genesis 22 in the BOHLNT

Genesis 22 in the BOHNTLTAL

Genesis 22 in the BOICB

Genesis 22 in the BOILNTAP

Genesis 22 in the BOITCV

Genesis 22 in the BOKCV

Genesis 22 in the BOKCV2

Genesis 22 in the BOKHWOG

Genesis 22 in the BOKSSV

Genesis 22 in the BOLCB

Genesis 22 in the BOLCB2

Genesis 22 in the BOMCV

Genesis 22 in the BONAV

Genesis 22 in the BONCB

Genesis 22 in the BONLT

Genesis 22 in the BONUT2

Genesis 22 in the BOPLNT

Genesis 22 in the BOSCB

Genesis 22 in the BOSNC

Genesis 22 in the BOTLNT

Genesis 22 in the BOVCB

Genesis 22 in the BOYCB

Genesis 22 in the BPBB

Genesis 22 in the BPH

Genesis 22 in the BSB

Genesis 22 in the CCB

Genesis 22 in the CUV

Genesis 22 in the CUVS

Genesis 22 in the DBT

Genesis 22 in the DGDNT

Genesis 22 in the DHNT

Genesis 22 in the DNT

Genesis 22 in the ELBE

Genesis 22 in the EMTV

Genesis 22 in the ESV

Genesis 22 in the FBV

Genesis 22 in the FEB

Genesis 22 in the GGMNT

Genesis 22 in the GNT

Genesis 22 in the HARY

Genesis 22 in the HNT

Genesis 22 in the IRVA

Genesis 22 in the IRVB

Genesis 22 in the IRVG

Genesis 22 in the IRVH

Genesis 22 in the IRVK

Genesis 22 in the IRVM

Genesis 22 in the IRVM2

Genesis 22 in the IRVO

Genesis 22 in the IRVP

Genesis 22 in the IRVT

Genesis 22 in the IRVT2

Genesis 22 in the IRVU

Genesis 22 in the ISVN

Genesis 22 in the JSNT

Genesis 22 in the KAPI

Genesis 22 in the KBT1ETNIK

Genesis 22 in the KBV

Genesis 22 in the KJV

Genesis 22 in the KNFD

Genesis 22 in the LBA

Genesis 22 in the LBLA

Genesis 22 in the LNT

Genesis 22 in the LSV

Genesis 22 in the MAAL

Genesis 22 in the MBV

Genesis 22 in the MBV2

Genesis 22 in the MHNT

Genesis 22 in the MKNFD

Genesis 22 in the MNG

Genesis 22 in the MNT

Genesis 22 in the MNT2

Genesis 22 in the MRS1T

Genesis 22 in the NAA

Genesis 22 in the NASB

Genesis 22 in the NBLA

Genesis 22 in the NBS

Genesis 22 in the NBVTP

Genesis 22 in the NET2

Genesis 22 in the NIV11

Genesis 22 in the NNT

Genesis 22 in the NNT2

Genesis 22 in the NNT3

Genesis 22 in the PDDPT

Genesis 22 in the PFNT

Genesis 22 in the RMNT

Genesis 22 in the SBIAS

Genesis 22 in the SBIBS

Genesis 22 in the SBIBS2

Genesis 22 in the SBICS

Genesis 22 in the SBIDS

Genesis 22 in the SBIGS

Genesis 22 in the SBIHS

Genesis 22 in the SBIIS

Genesis 22 in the SBIIS2

Genesis 22 in the SBIIS3

Genesis 22 in the SBIKS

Genesis 22 in the SBIKS2

Genesis 22 in the SBIMS

Genesis 22 in the SBIOS

Genesis 22 in the SBIPS

Genesis 22 in the SBISS

Genesis 22 in the SBITS

Genesis 22 in the SBITS2

Genesis 22 in the SBITS3

Genesis 22 in the SBITS4

Genesis 22 in the SBIUS

Genesis 22 in the SBIVS

Genesis 22 in the SBT

Genesis 22 in the SBT1E

Genesis 22 in the SCHL

Genesis 22 in the SNT

Genesis 22 in the SUSU

Genesis 22 in the SUSU2

Genesis 22 in the SYNO

Genesis 22 in the TBIAOTANT

Genesis 22 in the TBT1E

Genesis 22 in the TBT1E2

Genesis 22 in the TFTIP

Genesis 22 in the TFTU

Genesis 22 in the TGNTATF3T

Genesis 22 in the THAI

Genesis 22 in the TNFD

Genesis 22 in the TNT

Genesis 22 in the TNTIK

Genesis 22 in the TNTIL

Genesis 22 in the TNTIN

Genesis 22 in the TNTIP

Genesis 22 in the TNTIZ

Genesis 22 in the TOMA

Genesis 22 in the TTENT

Genesis 22 in the UBG

Genesis 22 in the UGV

Genesis 22 in the UGV2

Genesis 22 in the UGV3

Genesis 22 in the VBL

Genesis 22 in the VDCC

Genesis 22 in the YALU

Genesis 22 in the YAPE

Genesis 22 in the YBVTP

Genesis 22 in the ZBP