Genesis 28 (BOATCB)
1 Isak frɛɛ Yakob, hyiraa no hyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da. 2 Ka wo ho kɔ Betuel a ɔyɛ wo maame Rebeka agya no nkyɛn wɔ Paddan-Aram, na kɔware wo wɔfa Laban mmammaa no mu baako. 3 Otumfoɔ Onyankopɔn no nhyira wo. Ɔmma wʼase nnɔre bebree, na wʼasefoɔ no abɛyɛ ɔman kɛseɛ a mmusuakuo bebree bɛfiri mu aba. 4 Onyankopɔn mfa nhyira a ɔde hyiraa Abraham no nhyira wo ne wʼasefoɔ. Ɔmma asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ yi a ɛyɛ asase a Onyankopɔn de maa Abraham no nyɛ wo dea.” 5 Sɛdeɛ Isak gyaa ne ba Yakob ɛkwan nie: Yakob kɔɔ Laban a ɔyɛ Aramni Betuel babarima nkyɛn wɔ Paddan-Aram. Na saa Laban yi yɛ Esau ne Yakob maame Rebeka nuabarima. 6 Esau tee sɛ Isak ahyira Yakob, na wagya no kwan ma ɔkɔ Paddan-Aram sɛ ɔnkɔware wɔ hɔ. Ɔhyiraa no no, ɔhyɛɛ no sɛ, “Nware saa Kanaanfoɔ mmaa yi bi da.” 7 Yakob tiee nʼagya ne ne maame afotuo no siim kɔɔ Paddan-Aram. 8 Esau hunuu sɛ nʼagya Isak mpɛ Kanaanfoɔ mmaa asɛm. 9 Enti, ɔsiim kɔɔ Abraham babarima Ismael nkyɛn, kɔwaree ne babaa Mahalat. Na Mahalat yɛ Nebaiot nuabaa, na ɔyɛ Ismael a ɔno nso yɛ Abraham babarima babaa. Esau waree Mahalat kaa ne yerenom ho. 10 Yakob firii Beer-Seba de nʼani kyerɛɛ Haran. 11 Ɔduruu baabi na onwunu redwoɔ no, ɔpɛɛ baabi soɛeɛ, ɛfiri sɛ, na adeɛ resa. Ɔfaa ɛboɔ bi wɔ baabi a waduru hɔ de yɛɛ sumiiɛ. 12 Ɔdaeɛ no, ɔsoo daeɛ bi. Daeɛ no mu, ɔhunuu sɛ atwedeɛ bi si fam a nʼatifi ka ewiem, na Onyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane. 13 Ɔhunuu sɛ Onyankopɔn gyina atwedeɛ no atifi. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Mene AWURADE, Abraham Onyankopɔn, ne wʼagya Isak Onyankopɔn. Mede asase a woda so yi bɛma wo ne wʼasefoɔ. 14 Wʼasefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na mobɛtrɛtrɛ akɔ apueeɛ ne atɔeɛ, atifi ne anafoɔ nyinaa. Wo ne wʼasefoɔ mu na wɔfiri bɛhyira ewiase mmusuakuo nyinaa. 15 Yeinom nyinaa akyiri no, mɛka wo ho, na baabiara a wobɛkɔ no, mɛdi wʼakyi, na mɛsane de wo aba saa asase yi so. Merennyaa wo da, kɔsi sɛ ɛbɔ a mahyɛ wo yi nyinaa bɛba mu.” 16 Yakob nyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Ampa ara, sɛɛ na AWURADE wɔ saa beaeɛ ha yi, a na mennim!” 17 Yakob suroeɛ, na ɔkɔɔ so kaa wɔ ne tirim sɛ, “Ɛha yɛ hu papa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Onyankopɔn fie. Ɔsoro ɛpono ano ne ha.” 18 Enti, Yakob sɔree anɔpatutuutu maa ɛboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no so sii hɔ, hwiee ngo guu so. 19 Ɔtoo beaeɛ no edin Bet-El a aseɛ kyerɛ Onyame fie. Kane no na anka wɔfrɛ saa kuro no Lus. 20 Afei, Yakob kaa ntam sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bɛka me ho, ahwɛ me so wɔ saa akwantuo yi mu, ama me aduane adi, ama me ntoma afira, 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛsane aba mʼagya fie asomdwoeɛ mu a, ɛnneɛ, AWURADE bɛyɛ me Onyankopɔn. 22 Saa ɛboɔ a mede asi hɔ sɛ nkaeɛdum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie. Biribiara a wo, Onyankopɔn, de bɛma me no, mede mu nkyɛmu edu mu baako bɛma wo.”
In Other Versions
Genesis 28 in the ANGEFD
Genesis 28 in the ANTPNG2D
Genesis 28 in the AS21
Genesis 28 in the BAGH
Genesis 28 in the BBPNG
Genesis 28 in the BBT1E
Genesis 28 in the BDS
Genesis 28 in the BEV
Genesis 28 in the BHAD
Genesis 28 in the BIB
Genesis 28 in the BLPT
Genesis 28 in the BNT
Genesis 28 in the BNTABOOT
Genesis 28 in the BNTLV
Genesis 28 in the BOATCB2
Genesis 28 in the BOBCV
Genesis 28 in the BOCNT
Genesis 28 in the BOECS
Genesis 28 in the BOGWICC
Genesis 28 in the BOHCB
Genesis 28 in the BOHCV
Genesis 28 in the BOHLNT
Genesis 28 in the BOHNTLTAL
Genesis 28 in the BOICB
Genesis 28 in the BOILNTAP
Genesis 28 in the BOITCV
Genesis 28 in the BOKCV
Genesis 28 in the BOKCV2
Genesis 28 in the BOKHWOG
Genesis 28 in the BOKSSV
Genesis 28 in the BOLCB
Genesis 28 in the BOLCB2
Genesis 28 in the BOMCV
Genesis 28 in the BONAV
Genesis 28 in the BONCB
Genesis 28 in the BONLT
Genesis 28 in the BONUT2
Genesis 28 in the BOPLNT
Genesis 28 in the BOSCB
Genesis 28 in the BOSNC
Genesis 28 in the BOTLNT
Genesis 28 in the BOVCB
Genesis 28 in the BOYCB
Genesis 28 in the BPBB
Genesis 28 in the BPH
Genesis 28 in the BSB
Genesis 28 in the CCB
Genesis 28 in the CUV
Genesis 28 in the CUVS
Genesis 28 in the DBT
Genesis 28 in the DGDNT
Genesis 28 in the DHNT
Genesis 28 in the DNT
Genesis 28 in the ELBE
Genesis 28 in the EMTV
Genesis 28 in the ESV
Genesis 28 in the FBV
Genesis 28 in the FEB
Genesis 28 in the GGMNT
Genesis 28 in the GNT
Genesis 28 in the HARY
Genesis 28 in the HNT
Genesis 28 in the IRVA
Genesis 28 in the IRVB
Genesis 28 in the IRVG
Genesis 28 in the IRVH
Genesis 28 in the IRVK
Genesis 28 in the IRVM
Genesis 28 in the IRVM2
Genesis 28 in the IRVO
Genesis 28 in the IRVP
Genesis 28 in the IRVT
Genesis 28 in the IRVT2
Genesis 28 in the IRVU
Genesis 28 in the ISVN
Genesis 28 in the JSNT
Genesis 28 in the KAPI
Genesis 28 in the KBT1ETNIK
Genesis 28 in the KBV
Genesis 28 in the KJV
Genesis 28 in the KNFD
Genesis 28 in the LBA
Genesis 28 in the LBLA
Genesis 28 in the LNT
Genesis 28 in the LSV
Genesis 28 in the MAAL
Genesis 28 in the MBV
Genesis 28 in the MBV2
Genesis 28 in the MHNT
Genesis 28 in the MKNFD
Genesis 28 in the MNG
Genesis 28 in the MNT
Genesis 28 in the MNT2
Genesis 28 in the MRS1T
Genesis 28 in the NAA
Genesis 28 in the NASB
Genesis 28 in the NBLA
Genesis 28 in the NBS
Genesis 28 in the NBVTP
Genesis 28 in the NET2
Genesis 28 in the NIV11
Genesis 28 in the NNT
Genesis 28 in the NNT2
Genesis 28 in the NNT3
Genesis 28 in the PDDPT
Genesis 28 in the PFNT
Genesis 28 in the RMNT
Genesis 28 in the SBIAS
Genesis 28 in the SBIBS
Genesis 28 in the SBIBS2
Genesis 28 in the SBICS
Genesis 28 in the SBIDS
Genesis 28 in the SBIGS
Genesis 28 in the SBIHS
Genesis 28 in the SBIIS
Genesis 28 in the SBIIS2
Genesis 28 in the SBIIS3
Genesis 28 in the SBIKS
Genesis 28 in the SBIKS2
Genesis 28 in the SBIMS
Genesis 28 in the SBIOS
Genesis 28 in the SBIPS
Genesis 28 in the SBISS
Genesis 28 in the SBITS
Genesis 28 in the SBITS2
Genesis 28 in the SBITS3
Genesis 28 in the SBITS4
Genesis 28 in the SBIUS
Genesis 28 in the SBIVS
Genesis 28 in the SBT
Genesis 28 in the SBT1E
Genesis 28 in the SCHL
Genesis 28 in the SNT
Genesis 28 in the SUSU
Genesis 28 in the SUSU2
Genesis 28 in the SYNO
Genesis 28 in the TBIAOTANT
Genesis 28 in the TBT1E
Genesis 28 in the TBT1E2
Genesis 28 in the TFTIP
Genesis 28 in the TFTU
Genesis 28 in the TGNTATF3T
Genesis 28 in the THAI
Genesis 28 in the TNFD
Genesis 28 in the TNT
Genesis 28 in the TNTIK
Genesis 28 in the TNTIL
Genesis 28 in the TNTIN
Genesis 28 in the TNTIP
Genesis 28 in the TNTIZ
Genesis 28 in the TOMA
Genesis 28 in the TTENT
Genesis 28 in the UBG
Genesis 28 in the UGV
Genesis 28 in the UGV2
Genesis 28 in the UGV3
Genesis 28 in the VBL
Genesis 28 in the VDCC
Genesis 28 in the YALU
Genesis 28 in the YAPE
Genesis 28 in the YBVTP
Genesis 28 in the ZBP