Genesis 8 (BOATCB)

1 Nanso, Onyankopɔn kaee Noa ne wiram mmoa a na wɔne no wɔ adaka no mu no. Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no tweeɛ. 2 Nsutire a ɛwɔ asase ase no mu nsuo a ɛbɔeɛ no gyaee ba, na ɛsoro mpomma no nso mu totoeɛ, maa nsuo no gyaee tɔ. 3 Nsuo no toaa so twe firii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyiri no, na nsuo no atwe koraa. 4 Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔ so. 5 Nsuo no toaa so, tweeɛ ara kɔsii ɔbosome a ɛtɔ so edu no so. Na ɔbosome edu no ɛda a ɛdi ɛkan no, mmepɔ no atifi daa adi. 6 Adaduanan akyiri no, Noa buee mpomma a ɔtwa too adaka no ho no, 7 na ɔsomaa kwaakwaadabi, ma ɔdii akɔneaba kɔsii sɛ nsuo no nyinaa we firii asase no so. 8 Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ, ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo anaa. 9 Nanso, aborɔnoma no annya baabi ansi, ɛfiri sɛ, na nsuo no akata asase no so nyinaa. Enti, ɔsane baa Noa nkyɛn, maa Noa tenee ne nsa sɔɔ ne mu de no baa Adaka no mu. 10 Noa twɛn nnanson, na ɛno akyiri no, ɔsane somaa aborɔnoma no bio. 11 Ɛberɛ a aborɔnoma no sane baa ne nkyɛn anwummerɛ no, na ngo dua ahahammono a wate tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa hunuu sɛ, nsuo no atwe afiri asase no so. 12 Noa twɛnee nnanson bio, na ɔsane somaa aborɔnoma no, nanso wansane amma ne nkyɛn bio. 13 Na ɛbaa sɛ Noa dii mfeɛ ahansia ne baako, bosome a ɛdi ɛkan no mu ɛda a ɛdi ɛkan no, na nsuo no atwe afiri asase no so. Enti, Noa yii adaka no suhyɛ no, na ɔhunuu sɛ, asase so awo. 14 Ɔbosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu nson so no na asase no so woo koraa. 15 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ, 16 “Wo ne wo yere ne wo mmammarima ne wɔn yerenom mfiri adaka no mu mfi. 17 Afei, yi abɔdeɛ biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa firi adaka no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔre wɔ asase so.” 18 Enti, Noa ne ne mmammarima ne ne yere ne ne mmammarima yerenom firii adaka no mu. 19 Mmoa no nyinaa ne abɔdeɛ a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so ahodoɔ nyinaa firii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako. 20 Afei, Noa sii afɔrebukyia maa AWURADE. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho te, de bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. 21 AWURADE tee afɔdeɛ no a Noa bɔeɛ no hwam a ɛyɛ no, ɔkaa wɔ nʼakoma mu sɛ, “Ɛwom sɛ bɔne ahyɛ onipa akoma ma firi ne mmɔfraase deɛ, nanso merenni onipa akyiri nnome asase bio. Na merensɛe abɔdeɛ a nkwa wɔ mu bio sɛdeɛ mayɛ yi. 22 “Mmerɛ dodoɔ a asase da so wɔ hɔ yi,oguo ne otwa,awɔ ne ahuhuro,asusɔ ne ɔpɛ,owia ne anadworentwam da.”

In Other Versions

Genesis 8 in the ANGEFD

Genesis 8 in the ANTPNG2D

Genesis 8 in the AS21

Genesis 8 in the BAGH

Genesis 8 in the BBPNG

Genesis 8 in the BBT1E

Genesis 8 in the BDS

Genesis 8 in the BEV

Genesis 8 in the BHAD

Genesis 8 in the BIB

Genesis 8 in the BLPT

Genesis 8 in the BNT

Genesis 8 in the BNTABOOT

Genesis 8 in the BNTLV

Genesis 8 in the BOATCB2

Genesis 8 in the BOBCV

Genesis 8 in the BOCNT

Genesis 8 in the BOECS

Genesis 8 in the BOGWICC

Genesis 8 in the BOHCB

Genesis 8 in the BOHCV

Genesis 8 in the BOHLNT

Genesis 8 in the BOHNTLTAL

Genesis 8 in the BOICB

Genesis 8 in the BOILNTAP

Genesis 8 in the BOITCV

Genesis 8 in the BOKCV

Genesis 8 in the BOKCV2

Genesis 8 in the BOKHWOG

Genesis 8 in the BOKSSV

Genesis 8 in the BOLCB

Genesis 8 in the BOLCB2

Genesis 8 in the BOMCV

Genesis 8 in the BONAV

Genesis 8 in the BONCB

Genesis 8 in the BONLT

Genesis 8 in the BONUT2

Genesis 8 in the BOPLNT

Genesis 8 in the BOSCB

Genesis 8 in the BOSNC

Genesis 8 in the BOTLNT

Genesis 8 in the BOVCB

Genesis 8 in the BOYCB

Genesis 8 in the BPBB

Genesis 8 in the BPH

Genesis 8 in the BSB

Genesis 8 in the CCB

Genesis 8 in the CUV

Genesis 8 in the CUVS

Genesis 8 in the DBT

Genesis 8 in the DGDNT

Genesis 8 in the DHNT

Genesis 8 in the DNT

Genesis 8 in the ELBE

Genesis 8 in the EMTV

Genesis 8 in the ESV

Genesis 8 in the FBV

Genesis 8 in the FEB

Genesis 8 in the GGMNT

Genesis 8 in the GNT

Genesis 8 in the HARY

Genesis 8 in the HNT

Genesis 8 in the IRVA

Genesis 8 in the IRVB

Genesis 8 in the IRVG

Genesis 8 in the IRVH

Genesis 8 in the IRVK

Genesis 8 in the IRVM

Genesis 8 in the IRVM2

Genesis 8 in the IRVO

Genesis 8 in the IRVP

Genesis 8 in the IRVT

Genesis 8 in the IRVT2

Genesis 8 in the IRVU

Genesis 8 in the ISVN

Genesis 8 in the JSNT

Genesis 8 in the KAPI

Genesis 8 in the KBT1ETNIK

Genesis 8 in the KBV

Genesis 8 in the KJV

Genesis 8 in the KNFD

Genesis 8 in the LBA

Genesis 8 in the LBLA

Genesis 8 in the LNT

Genesis 8 in the LSV

Genesis 8 in the MAAL

Genesis 8 in the MBV

Genesis 8 in the MBV2

Genesis 8 in the MHNT

Genesis 8 in the MKNFD

Genesis 8 in the MNG

Genesis 8 in the MNT

Genesis 8 in the MNT2

Genesis 8 in the MRS1T

Genesis 8 in the NAA

Genesis 8 in the NASB

Genesis 8 in the NBLA

Genesis 8 in the NBS

Genesis 8 in the NBVTP

Genesis 8 in the NET2

Genesis 8 in the NIV11

Genesis 8 in the NNT

Genesis 8 in the NNT2

Genesis 8 in the NNT3

Genesis 8 in the PDDPT

Genesis 8 in the PFNT

Genesis 8 in the RMNT

Genesis 8 in the SBIAS

Genesis 8 in the SBIBS

Genesis 8 in the SBIBS2

Genesis 8 in the SBICS

Genesis 8 in the SBIDS

Genesis 8 in the SBIGS

Genesis 8 in the SBIHS

Genesis 8 in the SBIIS

Genesis 8 in the SBIIS2

Genesis 8 in the SBIIS3

Genesis 8 in the SBIKS

Genesis 8 in the SBIKS2

Genesis 8 in the SBIMS

Genesis 8 in the SBIOS

Genesis 8 in the SBIPS

Genesis 8 in the SBISS

Genesis 8 in the SBITS

Genesis 8 in the SBITS2

Genesis 8 in the SBITS3

Genesis 8 in the SBITS4

Genesis 8 in the SBIUS

Genesis 8 in the SBIVS

Genesis 8 in the SBT

Genesis 8 in the SBT1E

Genesis 8 in the SCHL

Genesis 8 in the SNT

Genesis 8 in the SUSU

Genesis 8 in the SUSU2

Genesis 8 in the SYNO

Genesis 8 in the TBIAOTANT

Genesis 8 in the TBT1E

Genesis 8 in the TBT1E2

Genesis 8 in the TFTIP

Genesis 8 in the TFTU

Genesis 8 in the TGNTATF3T

Genesis 8 in the THAI

Genesis 8 in the TNFD

Genesis 8 in the TNT

Genesis 8 in the TNTIK

Genesis 8 in the TNTIL

Genesis 8 in the TNTIN

Genesis 8 in the TNTIP

Genesis 8 in the TNTIZ

Genesis 8 in the TOMA

Genesis 8 in the TTENT

Genesis 8 in the UBG

Genesis 8 in the UGV

Genesis 8 in the UGV2

Genesis 8 in the UGV3

Genesis 8 in the VBL

Genesis 8 in the VDCC

Genesis 8 in the YALU

Genesis 8 in the YAPE

Genesis 8 in the YBVTP

Genesis 8 in the ZBP