Genesis 8 (BOATCB2)

1 Nanso Onyankopɔn kaee Noa ne wuram mmoa a na wɔne no wɔ Adaka no mu no, na ɔmaa mframa bɔ faa asase so, na nsu no twee. 2 Asuti a ɛwowɔ asase ase no mu nsu a ɛbobɔe no gyaee ba, na ɔsoro mfɛnsere no nso mu toto maa osu no gyaee tɔ. 3 Nsu no toaa so twe fii asase so. Nnafua ɔha ne aduonum akyi no, na nsu no atwe koraa. 4 Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunson so, Adaka no kɔtaa Ararat mmepɔw so. 5 Nsu no toaa so, twee ara kosii ɔsram a ɛto so du no so. Na ɔsram no da a edi kan no, mmepɔw no atifi daa adi. 6 Adaduanan akyi no, Noa buee mfɛnsere a otwa too Adaka no ho no, 7 na ɔsomaa kwaakwaadabi ma odii akɔneaba kosii sɛ nsu no nyinaa yow fii asase no so. 8 Afei, ɔsomaa aborɔnoma sɛ ɔnkɔhwɛ sɛ asase no so awo ana. 9 Nanso aborɔnoma no annya baabi ansi, efisɛ na nsu no akata asase no so nyinaa. Enti ɔsan baa Noa nkyɛn ma Noa teɛɛ ne nsa soo ne mu de no baa Adaka no mu. 10 Noa twɛn nnanson, na ɛno akyi no, ɔsan somaa aborɔnoma no bio. 11 Bere a aborɔnoma no san baa ne nkyɛn anwummere no, na ngodua ahabammono a watew tua nʼano. Ɛno na ɛmaa Noa huu sɛ nsu no atwe afi asase no so. 12 Noa twɛn nnanson bio, na ɔsan somaa aborɔnoma no, nanso wansan amma ne nkyɛn bio. 13 Na ɛbaa sɛ Noa dii mfe ahansia ne baako, ɔsram a edi kan no mu da a edi kan no, na nsu no atwe afi asase no so. Enti Noa yii Adaka no suhyɛ no, na ohuu sɛ asase so awo. 14 Ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu ason so no na asase no so woo koraa. 15 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa se, 16 “Wo ne wo yere ne wo mmabarima ne wɔn yerenom mfi Adaka no mu mpue. 17 Yi abɔde biara a nkwa wɔ mu a wɔwɔ wo nkyɛn, a ɛyɛ nnomaa, mmoa ne mmoa a wɔnam asase so nyinaa fi Adaka no mu sɛnea ɛbɛyɛ a, wɔn ase bɛdɔ wɔ asase so.” 18 Enti Noa ne ne mmabarima ne ne yere ne ne mmabarima yerenom fii Adaka no mu. 19 Mmoa no nyinaa ne abɔde a wɔnam asase so nyinaa ne nnomaa nyinaa ne biribiara a ɛnam asase so nyinaa fii Adaka no mu saa ara mmaako mmaako. 20 Na Noa sii afɔremuka maa AWURADE. Ɔfaa mmoa ne nnomaa a wɔn ho tew, de bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so. 21 AWURADE tee afɔre a Noa bɔe no huam no, ɔkaa wɔ ne koma mu se, “Ɛwɔ mu sɛ bɔne ahyɛ onipa koma ma fi ne mmofraase de, nanso merenni onipa akyi nnome asase bio. Na merensɛe abɔde a nkwa wɔ mu bio sɛnea mayɛ yi. 22 “Mmere dodow a asase da so wɔ hɔ yi,ogu ne otwa,awɔw ne ahuhuru,asusow ne ɔpɛ,awia ne anadwoto rentwa da.”

In Other Versions

Genesis 8 in the ANGEFD

Genesis 8 in the ANTPNG2D

Genesis 8 in the AS21

Genesis 8 in the BAGH

Genesis 8 in the BBPNG

Genesis 8 in the BBT1E

Genesis 8 in the BDS

Genesis 8 in the BEV

Genesis 8 in the BHAD

Genesis 8 in the BIB

Genesis 8 in the BLPT

Genesis 8 in the BNT

Genesis 8 in the BNTABOOT

Genesis 8 in the BNTLV

Genesis 8 in the BOATCB

Genesis 8 in the BOBCV

Genesis 8 in the BOCNT

Genesis 8 in the BOECS

Genesis 8 in the BOGWICC

Genesis 8 in the BOHCB

Genesis 8 in the BOHCV

Genesis 8 in the BOHLNT

Genesis 8 in the BOHNTLTAL

Genesis 8 in the BOICB

Genesis 8 in the BOILNTAP

Genesis 8 in the BOITCV

Genesis 8 in the BOKCV

Genesis 8 in the BOKCV2

Genesis 8 in the BOKHWOG

Genesis 8 in the BOKSSV

Genesis 8 in the BOLCB

Genesis 8 in the BOLCB2

Genesis 8 in the BOMCV

Genesis 8 in the BONAV

Genesis 8 in the BONCB

Genesis 8 in the BONLT

Genesis 8 in the BONUT2

Genesis 8 in the BOPLNT

Genesis 8 in the BOSCB

Genesis 8 in the BOSNC

Genesis 8 in the BOTLNT

Genesis 8 in the BOVCB

Genesis 8 in the BOYCB

Genesis 8 in the BPBB

Genesis 8 in the BPH

Genesis 8 in the BSB

Genesis 8 in the CCB

Genesis 8 in the CUV

Genesis 8 in the CUVS

Genesis 8 in the DBT

Genesis 8 in the DGDNT

Genesis 8 in the DHNT

Genesis 8 in the DNT

Genesis 8 in the ELBE

Genesis 8 in the EMTV

Genesis 8 in the ESV

Genesis 8 in the FBV

Genesis 8 in the FEB

Genesis 8 in the GGMNT

Genesis 8 in the GNT

Genesis 8 in the HARY

Genesis 8 in the HNT

Genesis 8 in the IRVA

Genesis 8 in the IRVB

Genesis 8 in the IRVG

Genesis 8 in the IRVH

Genesis 8 in the IRVK

Genesis 8 in the IRVM

Genesis 8 in the IRVM2

Genesis 8 in the IRVO

Genesis 8 in the IRVP

Genesis 8 in the IRVT

Genesis 8 in the IRVT2

Genesis 8 in the IRVU

Genesis 8 in the ISVN

Genesis 8 in the JSNT

Genesis 8 in the KAPI

Genesis 8 in the KBT1ETNIK

Genesis 8 in the KBV

Genesis 8 in the KJV

Genesis 8 in the KNFD

Genesis 8 in the LBA

Genesis 8 in the LBLA

Genesis 8 in the LNT

Genesis 8 in the LSV

Genesis 8 in the MAAL

Genesis 8 in the MBV

Genesis 8 in the MBV2

Genesis 8 in the MHNT

Genesis 8 in the MKNFD

Genesis 8 in the MNG

Genesis 8 in the MNT

Genesis 8 in the MNT2

Genesis 8 in the MRS1T

Genesis 8 in the NAA

Genesis 8 in the NASB

Genesis 8 in the NBLA

Genesis 8 in the NBS

Genesis 8 in the NBVTP

Genesis 8 in the NET2

Genesis 8 in the NIV11

Genesis 8 in the NNT

Genesis 8 in the NNT2

Genesis 8 in the NNT3

Genesis 8 in the PDDPT

Genesis 8 in the PFNT

Genesis 8 in the RMNT

Genesis 8 in the SBIAS

Genesis 8 in the SBIBS

Genesis 8 in the SBIBS2

Genesis 8 in the SBICS

Genesis 8 in the SBIDS

Genesis 8 in the SBIGS

Genesis 8 in the SBIHS

Genesis 8 in the SBIIS

Genesis 8 in the SBIIS2

Genesis 8 in the SBIIS3

Genesis 8 in the SBIKS

Genesis 8 in the SBIKS2

Genesis 8 in the SBIMS

Genesis 8 in the SBIOS

Genesis 8 in the SBIPS

Genesis 8 in the SBISS

Genesis 8 in the SBITS

Genesis 8 in the SBITS2

Genesis 8 in the SBITS3

Genesis 8 in the SBITS4

Genesis 8 in the SBIUS

Genesis 8 in the SBIVS

Genesis 8 in the SBT

Genesis 8 in the SBT1E

Genesis 8 in the SCHL

Genesis 8 in the SNT

Genesis 8 in the SUSU

Genesis 8 in the SUSU2

Genesis 8 in the SYNO

Genesis 8 in the TBIAOTANT

Genesis 8 in the TBT1E

Genesis 8 in the TBT1E2

Genesis 8 in the TFTIP

Genesis 8 in the TFTU

Genesis 8 in the TGNTATF3T

Genesis 8 in the THAI

Genesis 8 in the TNFD

Genesis 8 in the TNT

Genesis 8 in the TNTIK

Genesis 8 in the TNTIL

Genesis 8 in the TNTIN

Genesis 8 in the TNTIP

Genesis 8 in the TNTIZ

Genesis 8 in the TOMA

Genesis 8 in the TTENT

Genesis 8 in the UBG

Genesis 8 in the UGV

Genesis 8 in the UGV2

Genesis 8 in the UGV3

Genesis 8 in the VBL

Genesis 8 in the VDCC

Genesis 8 in the YALU

Genesis 8 in the YAPE

Genesis 8 in the YBVTP

Genesis 8 in the ZBP