Isaiah 1 (BOATCB)
1 Saa anisoadehunu a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho no baa Amos babarima Yesaia so wɔ Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ so. 2 Ao, ɔsoro, montie! Ao, asase yɛ aso!Na AWURADE akasa:“Matete mma ama wɔanyini,nanso wɔate me so atua. 3 Nantwie nim ne wura,afunumu nso nim ne wura mmoa adididaka,nanso Israel nnim,me nkurɔfoɔ nte aseɛ.” 4 Aa, amumuyɛ ɔman,ɔman a afɔdie adesoa ahyɛ wɔn ma,nnebɔneyɛfoɔ kuo,mma a porɔeɛ ahyɛ wɔn ma!Wɔatwe wɔn ho afiri AWURADE ho;Wɔapo Israel Kronkronni no,wɔadane wɔn akyi akyerɛ no. 5 Adɛn enti na mopɛ sɛ wɔkɔ so boro mo?Adɛn enti na moda so te atua?Wɔapira mo tiri,na mo akoma nso di yea. 6 Ɛfiri mo nan ase kɔsi mo tiri soahomeka biara nni mu,apirakuro ne nsoasoaeɛ nko araakuro a anim deda hɔna wɔnhohoro so anaa Wɔnkyekyereeɛanaa wɔmfaa ngo nsrasraa so. 7 Mo ɔman ada mpan,wɔde ogya ahyehye mo nkuropɔn;ananafoɔ regye mo mfuoa mo ani tua,na asɛe sɛdeɛ ɛyɛɛ ɛberɛ a ahɔhoɔ tuu mo guiɛ no. 8 Wɔagya Ɔbabaa Sionte sɛ bobe turo mu sesete sɛ akuraa a ɛsi ɛferɛ afuo mu,te sɛ kuropɔn a atamfoɔ atwa ho ahyia. 9 Sɛ AWURADEtumfoɔ no annya yɛn asefoɔ a,anka yɛayɛ sɛ Sodom,na yɛadane ayɛ sɛ Gomora. 10 Montie AWURADE asɛm,mo Sodom sodifoɔ;montie yɛn Onyankopɔn mmara,mo Gomorafoɔ! 11 “Mo afɔrebɔ ahodoɔ bebree no,ɛdeɛn na ɛyɛ ma me?”Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.“Mewɔ ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma ɛboro so,deɛ ɛyɛ nnwennini ne mmoa a wɔadɔre sradeɛ;mʼani nnyeanantwinini, nnwammaa ne mpapo mogya ho. 12 Sɛ moba mʼanim ahwan na ɔbisa yei firi mo hɔ?Hwan na ɔsomaa mo sɛ monnantenante me efie yi? 13 Monnyae afɔrebɔdeɛ a mode ba a ɛmfra no!Mo aduhwam yɛ me tan.Ɔbosome foforɔ, home nna ne nhyiamu ahodoɔ nemo nhyiamu fi no afono me. 14 Mo bosome foforɔ afahyɛ ne mo apontoɔ a moahyehyɛ no,me kra kyiri.Ayɛ adesoa ama me;masoa mabrɛ. 15 Sɛ mopagya mo nsa bɔ mpaeɛ a,mɛyi mʼani ato nkyɛn.Sɛ mobɔ mpaeɛ bebree mpo amerentie. “Mogya bebree agu mo nsa ho fi. 16 “Monnwira mo ho na mo ho nte.Monnyi mo nnebɔne mfiri mʼani so!Monnyae bɔne yɛ. 17 Monyɛ papa; monhwehwɛ atɛnteneneeMonhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so nkuran.Monni mma nwisiaa,monka akunafoɔ nsɛm mma wɔn. 18 “Afei mommra na yɛnnwene mmɔ mu,”sɛdeɛ AWURADE seɛ nie.“Sɛ mo bɔne te sɛ kɔben a,ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma;mpo sɛ ɛyɛ kɔkɔɔ te sɛ mogya aɛbɛyɛ fitaa sɛ asaawa foturo. 19 Sɛ mopene so na moyɛ ɔsetie a,mobɛdi asase no so nnepa. 20 Na sɛ moampene na mote atua a,akofena bɛdi mo nam.” AWURADE na wakasa. 21 Hwɛ sɛdeɛ kuropɔn nokwafoɔ noadane odwamanfoɔ.Ɛberɛ bi na atɛntenenee ahyɛ no mana anka tenenee te ne mu,nanso seesei awudifoɔ ahyɛ mu ma! 22 Wo dwetɛ adane adeɛ a ɛho nni mfasoɔ,wɔde nsuo afra wo nsã papa mu. 23 Wo sodifoɔ yɛ atuatefoɔ,akorɔmfoɔ yɔnkonom;wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ,na wɔpere akyɛdeɛ ho.Wɔnni mma nwisiaa;na akunafoɔ nsɛm nkɔ wɔn anim. 24 Enti, AWURADE, Otumfoɔ AWURADE,deɛ ɔyɛ Kɛseɛ ma Israel no ka sɛ,“Aa, mɛnya ahomegyeɛ afiri mʼatamfoɔ hɔna matɔ wɔn so were. 25 Mɛma me nsa so, atia mo;mɛhohoro wo ho fi korakorana mayi mo ho nkekaawa nyinaa. 26 Mɛma mo atemmufoɔ bio sɛ kane no,ne mo afutufoɔ sɛdeɛ na ɛteɛ, ahyɛaseɛ no.Yei akyi no, wɔbɛfrɛ woKuropɔn TeneneeKuropɔn Nokwafoɔ.” 27 Wɔde atɛntenenee bɛgye Sion bio,na wɔn a wɔnu wɔn ho no, wɔde tenenee bɛgye wɔn. 28 Nanso atuatefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ deɛ, wɔbɛdwɛre wɔn abɔ mu,na wɔn a wɔpa AWURADE akyi bɛyera. 29 “Mo ani bɛwu ɛsiane odum anyame amonyaa wɔn mu anigyeɛ no;wɔbɛgu mo anim ase ɛsiane nturoa mosom abosom wɔ mu no enti. 30 Mobɛyɛ sɛ odum a ne nhahan apo,ne turo a ɛnnya nsuo. 31 Ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ adeɛ a ɛhye ntɛm;nʼadwuma bɛyɛ sɛ ogya nturueɛ;ne mmienu no bɛhye abɔ mu,a obiara rentumi nnum.”