Judges 11 (BOATCB)

1 Gileadni Yefta yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne maame yɛ ɔbaa dwamanfoɔ. 2 Gilead yere woo mmammarima bebree, na saa mmammarima no nyinyiniiɛ no, wɔpamoo Yefta firii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Worennya yɛn agya agyapadeɛ biara, ɛfiri sɛ, woyɛ ɔbaa dwamanfoɔ bi ba.” 3 Enti Yefta dwane firii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛre, ɔnyaa atuatefoɔ bebree bɛdii nʼakyi. 4 Ɛberɛ korɔ yi ara, Amonfoɔ de ɔko bɛkaa Israel. 5 Ɛberɛ a Amonfoɔ to hyɛɛ Israelfoɔ so, Gilead mpanimfoɔ soma kɔfaa Yefta firii Tob asase so baeɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, 6 “Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfoɔ nko.” 7 Yefta bisaa wɔn sɛ, “Ɛnyɛ mo na motane me, pamoo me firii mʼagya fie no? Adɛn enti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?” 8 Gilead mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ Yefta sɛ, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wodi yɛn anim ma yɛko tia Amonfoɔ a, yɛbɛyɛ wo Gileadfoɔ nyinaa sodifoɔ.” 9 Yefta buaa sɛ, “Sɛ me ne mo kɔ na AWURADE ma medi Amonfoɔ so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifoɔ anaa?” 10 Gilead ntuanofoɔ no buaa no sɛ, “AWURADE ne yɛn danseni. Yɛbɛyɛ sɛdeɛ woka biara.” 11 Enti, Yefta ne ntuanofoɔ no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifoɔ ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ AWURADE anim. 12 Afei, Yefta somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene nkyɛn sɛ wɔnkɔbisa no deɛ enti a ɔrebɛto ahyɛ Israel so. 13 Amonfoɔ ɔhene buaa Yefta abɔfoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a Israel firii Misraim baeɛ no, wɔfaa mʼasase a ɛfiri Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, toaso kɔsi Yordan. Enti, sane fa mʼadeɛ ma me asomdwoeɛ mu.” 14 Na Yefta sane somaa abɔfoɔ kɔɔ Amonfoɔ ɔhene hɔ sɛ, 15 “Sɛdeɛ Yefta seɛ nie: Israel amfa Moab asase anaa Amonfoɔ asase biara. 16 Ɛberɛ a Israelfoɔ tuu kwan firii Misraim, twaa Ɛpo Kɔkɔɔ na wɔduruu Kades no, 17 wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn ɛkwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfoɔ tenaa Kades. 18 “Ne korakora ne sɛ, wɔnam ɛserɛ so twa faa Edom ne Moab ho hyiaeɛ. Wɔfaa Edom apueeɛ fam hyeɛ so kyeree sraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso, wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so. 19 “Afei, Israelfoɔ somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔhene Sihon a ɔdii adeɛ firi Hesbon na wɔbisaa ɛkwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ. 20 Nanso, ɛsiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfoɔ mu gyidie enti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas maa wɔto hyɛɛ wɔn so. 21 “Na AWURADE, Israel Onyankopɔn, maa ne nkurɔfoɔ dii ɔhene Sihon so. Enti, Israelfoɔ faa Amorifoɔ asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu 22 firi Asubɔnten Arnon de kɔsi Asubɔnten Yabok, firi ɛserɛ no so de kɔsi Yordan nyinaa dii so. 23 “Enti, moahunu, ɛyɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn na ɔgyee asase no firii Amorifoɔ nsam na ɔde maa Israel. Enti, adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo? 24 Deɛ mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, deɛ AWURADE, yɛn Onyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa. 25 Mosene Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel twee asase bi so manso anaa? Ɔkɔɔ ɔko anaa? Dabi. 26 Na afei, mfeɛ ahasa akyi, na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa ɛberɛ tenten yi, wɔatrɛ afiri Hesbon asase so, akɔsi Aroer ne nkuro no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn enti na dadaada yi moanyɛ mo adwene sɛ mobɛgye asase yi? 27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ moto hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ ɔtemmufoɔ no mmua ɛnnɛ, sɛ yɛn mu hwan na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.” 28 Nanso, Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛmhia. 29 Saa ɛberɛ no, AWURADE Honhom baa Yefta so ma ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na ɔdii akodɔm anim to hyɛɛ Amonfoɔ so. 30 Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ. Ɔkaa sɛ, “Sɛ woma medi Amonfoɔ so a, 31 mede adeɛ a ɛbɛdi ɛkan afiri me fie abɛhyia me ɛberɛ a mede nkonimdie reba no, bɛma AWURADE. Mede bɛma no sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.” 32 Ɛnna Yefta dii nʼakodɔm anim tiaa Amonfoɔ, na AWURADE ma ɔdii nkonim. 33 Ɔdii Amonfoɔ so pasaa, sɛee nkuro bɛyɛ aduonu, firii Aroer de kɔsii baabi a ɛbɛn Minit, kɔeɛ ara kɔsii Abel-Keramim. Saa ɛkwan yi na Israelfoɔ faa so kaa Amonfoɔ hyɛeɛ. 34 Ɛberɛ a Yefta firi akono kɔɔ ne fie wɔ Mispa no, ne babaa, a ɔyɛ ne ba korɔ no, tuu mmirika bɛhyiaa no a ɔrebɔ akasaeɛ, na anigyeɛ enti, ɔresa. 35 Yefta hunuu no no, ɔde awerɛhoɔ sunsuanee ne ntadeɛ mu, teaam sɛ, “Ao, me ba, mʼakoma rete! Ɛdeɛn ahometesɛm sɛ woaba, rebɛhyia me. Na maka AWURADE ntam na merentumi mmu so.” 36 Ne babaa no buaa sɛ, “Mʼagya, woahyɛ AWURADE bɔ. Yɛ me sɛdeɛ woahyɛ bɔ no, ɛfiri sɛ AWURADE ama woadi wʼatamfoɔ a wɔyɛ Amonfoɔ no so nkonim. 37 Nanso, deɛ ɛdi ɛkan no, ma memforo mmepɔ nkɔkyinkyini so na me ne me nnamfonom nsu abosome mmienu, ɛfiri sɛ, mɛwu sɛ ababaawa a menhunuu ɔbarima da.” 38 Yefta ka kyerɛɛ no sɛ, “Wotumi kɔ.” Enti, ɔmaa no kɔ kɔdii abosome mmienu. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔ no so kɔsuiɛ, ɛfiri sɛ, ɔrennya mma. 39 Ɛberɛ a ɔsane baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti ɔwuu sɛ ababaawa a ɔnhunuu ɔbarima da.Yei abɛyɛ amanneɛ wɔ Israel 40 ama Israel mmaabunu sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akɔdi nna ɛnan na wɔakɔsu Yefta babaa no nkrabea.

In Other Versions

Judges 11 in the ANGEFD

Judges 11 in the ANTPNG2D

Judges 11 in the AS21

Judges 11 in the BAGH

Judges 11 in the BBPNG

Judges 11 in the BBT1E

Judges 11 in the BDS

Judges 11 in the BEV

Judges 11 in the BHAD

Judges 11 in the BIB

Judges 11 in the BLPT

Judges 11 in the BNT

Judges 11 in the BNTABOOT

Judges 11 in the BNTLV

Judges 11 in the BOATCB2

Judges 11 in the BOBCV

Judges 11 in the BOCNT

Judges 11 in the BOECS

Judges 11 in the BOGWICC

Judges 11 in the BOHCB

Judges 11 in the BOHCV

Judges 11 in the BOHLNT

Judges 11 in the BOHNTLTAL

Judges 11 in the BOICB

Judges 11 in the BOILNTAP

Judges 11 in the BOITCV

Judges 11 in the BOKCV

Judges 11 in the BOKCV2

Judges 11 in the BOKHWOG

Judges 11 in the BOKSSV

Judges 11 in the BOLCB

Judges 11 in the BOLCB2

Judges 11 in the BOMCV

Judges 11 in the BONAV

Judges 11 in the BONCB

Judges 11 in the BONLT

Judges 11 in the BONUT2

Judges 11 in the BOPLNT

Judges 11 in the BOSCB

Judges 11 in the BOSNC

Judges 11 in the BOTLNT

Judges 11 in the BOVCB

Judges 11 in the BOYCB

Judges 11 in the BPBB

Judges 11 in the BPH

Judges 11 in the BSB

Judges 11 in the CCB

Judges 11 in the CUV

Judges 11 in the CUVS

Judges 11 in the DBT

Judges 11 in the DGDNT

Judges 11 in the DHNT

Judges 11 in the DNT

Judges 11 in the ELBE

Judges 11 in the EMTV

Judges 11 in the ESV

Judges 11 in the FBV

Judges 11 in the FEB

Judges 11 in the GGMNT

Judges 11 in the GNT

Judges 11 in the HARY

Judges 11 in the HNT

Judges 11 in the IRVA

Judges 11 in the IRVB

Judges 11 in the IRVG

Judges 11 in the IRVH

Judges 11 in the IRVK

Judges 11 in the IRVM

Judges 11 in the IRVM2

Judges 11 in the IRVO

Judges 11 in the IRVP

Judges 11 in the IRVT

Judges 11 in the IRVT2

Judges 11 in the IRVU

Judges 11 in the ISVN

Judges 11 in the JSNT

Judges 11 in the KAPI

Judges 11 in the KBT1ETNIK

Judges 11 in the KBV

Judges 11 in the KJV

Judges 11 in the KNFD

Judges 11 in the LBA

Judges 11 in the LBLA

Judges 11 in the LNT

Judges 11 in the LSV

Judges 11 in the MAAL

Judges 11 in the MBV

Judges 11 in the MBV2

Judges 11 in the MHNT

Judges 11 in the MKNFD

Judges 11 in the MNG

Judges 11 in the MNT

Judges 11 in the MNT2

Judges 11 in the MRS1T

Judges 11 in the NAA

Judges 11 in the NASB

Judges 11 in the NBLA

Judges 11 in the NBS

Judges 11 in the NBVTP

Judges 11 in the NET2

Judges 11 in the NIV11

Judges 11 in the NNT

Judges 11 in the NNT2

Judges 11 in the NNT3

Judges 11 in the PDDPT

Judges 11 in the PFNT

Judges 11 in the RMNT

Judges 11 in the SBIAS

Judges 11 in the SBIBS

Judges 11 in the SBIBS2

Judges 11 in the SBICS

Judges 11 in the SBIDS

Judges 11 in the SBIGS

Judges 11 in the SBIHS

Judges 11 in the SBIIS

Judges 11 in the SBIIS2

Judges 11 in the SBIIS3

Judges 11 in the SBIKS

Judges 11 in the SBIKS2

Judges 11 in the SBIMS

Judges 11 in the SBIOS

Judges 11 in the SBIPS

Judges 11 in the SBISS

Judges 11 in the SBITS

Judges 11 in the SBITS2

Judges 11 in the SBITS3

Judges 11 in the SBITS4

Judges 11 in the SBIUS

Judges 11 in the SBIVS

Judges 11 in the SBT

Judges 11 in the SBT1E

Judges 11 in the SCHL

Judges 11 in the SNT

Judges 11 in the SUSU

Judges 11 in the SUSU2

Judges 11 in the SYNO

Judges 11 in the TBIAOTANT

Judges 11 in the TBT1E

Judges 11 in the TBT1E2

Judges 11 in the TFTIP

Judges 11 in the TFTU

Judges 11 in the TGNTATF3T

Judges 11 in the THAI

Judges 11 in the TNFD

Judges 11 in the TNT

Judges 11 in the TNTIK

Judges 11 in the TNTIL

Judges 11 in the TNTIN

Judges 11 in the TNTIP

Judges 11 in the TNTIZ

Judges 11 in the TOMA

Judges 11 in the TTENT

Judges 11 in the UBG

Judges 11 in the UGV

Judges 11 in the UGV2

Judges 11 in the UGV3

Judges 11 in the VBL

Judges 11 in the VDCC

Judges 11 in the YALU

Judges 11 in the YAPE

Judges 11 in the YBVTP

Judges 11 in the ZBP