Judges 11 (BOATCB2)

1 Gileadni Yefta yɛ ɔkofo kɛse. Nʼagya din de Gilead. Nanso ne na yɛ ɔbea guamanfo. 2 Gilead yere woo mmabarima bebree, na saa mmabarima no nyinyinii no, wɔpam Yefta fii asase no so. Wɔka kyerɛɛ no se, “Worennya yɛn agya agyapade biara, efisɛ woyɛ ɔbea guamanfo bi ba.” 3 Enti Yefta guan fii ne nuanom nkyɛn kɔtenaa Tob asase so. Ankyɛ, onyaa atuatewfo bebree bedii nʼakyi. 4 Bere koro yi ara, Amonfo de ɔko bɛkaa Israel. 5 Bere a Amonfo tow hyɛɛ Israelfo so no, Gilead mpanyimfo soma kɔfaa Yefta fii Tob asase so bae. Wɔka kyerɛɛ no se, 6 “Bra na bɛyɛ yɛn so ɔsahene! Boa yɛn ma yɛne Amonfo nko.” 7 Yefta bisaa wɔn se, “Ɛnyɛ mo na motan me, pam me fii mʼagya fi no? Adɛn nti na afei a mowɔ ɔhaw mu no, morebɛfrɛ me?” 8 Gilead mpanyimfo no ka kyerɛɛ Yefta se, “Wo ho hia yɛn. Sɛ wudi yɛn anim ma yɛko tia Amonfo a, yɛbɛyɛ wo Gileadfo nyinaa sodifo.” 9 Yefta buae se, “Sɛ me ne mo kɔ na AWURADE ma midi Amonfo so nkonim a, ampa ara sɛ mode me bɛyɛ nnipa no nyinaa sodifo ana?” 10 Gilead ntuanofo no buaa no se, “AWURADE ne yɛn dansefo. Yɛbɛyɛ sɛnea woka biara.” 11 Enti Yefta ne ntuanofo no kɔɔ Gilead. Na wɔde no yɛɛ wɔn sodifo ne ɔsahene. Na Yefta tii nsɛm no nyinaa mu wɔ Mispa wɔ AWURADE anim. 12 Afei, Yefta somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene nkyɛn se wonkobisa no nea enti a ɔrebɛtow ahyɛ Israel so. 13 Amonfo hene buaa Yefta abɔfo no se, “Bere a Israel fii Misraim bae no, wɔfaa mʼasase a efi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, toa so kosi Yordan. Enti san fa mʼade ma me asomdwoe mu.” 14 Na Yefta san somaa abɔfo kɔɔ Amonfo hene hɔ se, 15 “Sɛnea Yefta se ni: Israel amfa Moab asase anaa Amonfo asase biara. 16 Bere a Israelfo tuu kwan fii Misraim, twaa Po Kɔkɔɔ na woduu Kades no, 17 wɔsomaa abɔfo kɔɔ Edomhene hɔ sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔmfa nʼasase no so. Nanso Edomhene ampene. Wɔsoma ma wɔkɔɔ Moabhene hɔ, nanso ɔno nso ampene. Enti, Israelfo tenaa Kades. 18 “Ne korakora ne sɛ, wɔnam sare so twa faa Edom ne Moab ho hyiae. Wɔfaa Edom apuei fam hye so kyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon fa hɔ. Nanso wɔantwa Asubɔnten Arnon ankɔ Moab asase so. 19 “Afei, Israelfo somaa abɔfo kɔɔ Amorihene Sihon a odii ade fi Hesbon na wɔsrɛɛ kwan sɛ wɔpɛ sɛ wɔfa nʼasase so kɔ baabi a wɔrekɔ no. 20 Nanso esiane sɛ na ɔhene Sihon nni Israelfo mu gyidi nti ɔboaboaa ne dɔm ano wɔ Yahas ma wɔtow hyɛɛ wɔn so. 21 “Na AWURADE, Israel Nyankopɔn, maa ne nkurɔfo dii ɔhene Sihon so. Enti Israelfo faa Amorifo asase a na wɔte so wɔ ɔmantam no mu, 22 fi Asubɔnten Arnon de kosi Asubɔnten Yabok, fi sare no so de kosi Yordan nyinaa dii so. 23 “Enti moahu, ɛyɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn na ogyee asase no fii Amorifo nsam na ɔde maa Israel. Adɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ma mo? 24 Nea mo nyame Kemos de maa mo no momfa, na yɛn nso, nea AWURADE, yɛn Nyankopɔn de maa yɛn biara no yɛafa. 25 So wosen Mosen, Sipor babarima Balak a na ɔyɛ Moabhene no? Ɔne Israel hamee anaa koe ana? 26 Na afei, mfe ahaasa akyi na woama saa asɛm yi so? Israel atena ha saa bere tenten yi, wɔatrɛw afi Hesbon asase so, akosi Aroer ne nkurow no nyinaa so, akɔfa Asubɔnten Arnon ano. Adɛn nti na mmere sann yi moanyɛ mo adwene sɛ mubegye asase yi? 27 Menyɛɛ mo bɔne. Mmom, mo na moayɛ me bɔne sɛ motow hyɛɛ me so. Momma Awurade a ɔyɛ otemmufo no mmua nnɛ, sɛ yɛn mu hena na nʼasɛm yɛ dɛ? Israel anaa Amon.” 28 Nanso Amonhene amfa Yefta asɛm no asɛnhia. 29 Saa bere no, AWURADE Honhom baa Yefta so maa ɔkɔɔ Gilead ne Manase nsase nyinaa so a, Mispa a ɛwɔ Gilead ka ho. Na odii asraafo anim tow hyɛɛ Amonfo so. 30 Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ. Ɔkae se, “Sɛ woma midi Amonfo so a, 31 mede ade a ebedi kan afi me fi abehyia me bere a mede nkonimdi reba no, bɛma AWURADE. Mede bɛma no sɛ ɔhyew afɔre.” 32 Ɛnna Yefta dii nʼakofo anim tiaa Amonfo, na AWURADE ma odii nkonim. 33 Odii Amonfo so pasaa, sɛee nkurow bɛyɛ aduonu, fii Aroer de kosii baabi a ɛbɛn Minit, kɔe ara kosii Abel-Keramim. Saa kwan yi so na Israelfo fa kaa Amonfo hyɛe. 34 Bere a Yefta fi akono kɔɔ ne fi wɔ Mispa no, ne babea, a ɔyɛ ne ba koro no, tuu mmirika behyiaa no a ɔrebɔ akasae, na anigye nti, ɔresaw. 35 Yefta huu no no, ɔde awerɛhow sunsuan ne ntade mu, teɛɛ mu se, “Ao, me ba! Woabrɛ me ase na matetew apansam. Na maka AWURADE ntam na merentumi mmu so.” 36 Ne babea no buae se, “Mʼagya, woahyɛ AWURADE bɔ. Yɛ me sɛnea woahyɛ bɔ no, efisɛ AWURADE ama woadi wʼatamfo a wɔyɛ Amonfo no so nkonim. 37 Nanso nea edi kan no, ma memforo mmepɔw nkokyinkyin so na me ne me nnamfonom nsu asram abien, efisɛ mewu sɛ ababaa a minhuu ɔbarima da.” 38 Yefta ka kyerɛɛ no se, “Wutumi kɔ.” Enti ɔmaa no kɔ kodii asram abien. Ɔne ne nnamfonom kɔɔ mmepɔw no so kosui, efisɛ ɔrennya mma. 39 Bere a ɔsan baa fie no, nʼagya dii ne bɔhyɛ so. Enti owui sɛ ababaa a onhuu ɔbarima da.Eyi abɛyɛ amanne wɔ Israel 40 ama Israel mmabun sɛ afe biara wɔbɛkɔ baabi akodi nnaanan na wɔakosu Yefta babea no nkrabea.

In Other Versions

Judges 11 in the ANGEFD

Judges 11 in the ANTPNG2D

Judges 11 in the AS21

Judges 11 in the BAGH

Judges 11 in the BBPNG

Judges 11 in the BBT1E

Judges 11 in the BDS

Judges 11 in the BEV

Judges 11 in the BHAD

Judges 11 in the BIB

Judges 11 in the BLPT

Judges 11 in the BNT

Judges 11 in the BNTABOOT

Judges 11 in the BNTLV

Judges 11 in the BOATCB

Judges 11 in the BOBCV

Judges 11 in the BOCNT

Judges 11 in the BOECS

Judges 11 in the BOGWICC

Judges 11 in the BOHCB

Judges 11 in the BOHCV

Judges 11 in the BOHLNT

Judges 11 in the BOHNTLTAL

Judges 11 in the BOICB

Judges 11 in the BOILNTAP

Judges 11 in the BOITCV

Judges 11 in the BOKCV

Judges 11 in the BOKCV2

Judges 11 in the BOKHWOG

Judges 11 in the BOKSSV

Judges 11 in the BOLCB

Judges 11 in the BOLCB2

Judges 11 in the BOMCV

Judges 11 in the BONAV

Judges 11 in the BONCB

Judges 11 in the BONLT

Judges 11 in the BONUT2

Judges 11 in the BOPLNT

Judges 11 in the BOSCB

Judges 11 in the BOSNC

Judges 11 in the BOTLNT

Judges 11 in the BOVCB

Judges 11 in the BOYCB

Judges 11 in the BPBB

Judges 11 in the BPH

Judges 11 in the BSB

Judges 11 in the CCB

Judges 11 in the CUV

Judges 11 in the CUVS

Judges 11 in the DBT

Judges 11 in the DGDNT

Judges 11 in the DHNT

Judges 11 in the DNT

Judges 11 in the ELBE

Judges 11 in the EMTV

Judges 11 in the ESV

Judges 11 in the FBV

Judges 11 in the FEB

Judges 11 in the GGMNT

Judges 11 in the GNT

Judges 11 in the HARY

Judges 11 in the HNT

Judges 11 in the IRVA

Judges 11 in the IRVB

Judges 11 in the IRVG

Judges 11 in the IRVH

Judges 11 in the IRVK

Judges 11 in the IRVM

Judges 11 in the IRVM2

Judges 11 in the IRVO

Judges 11 in the IRVP

Judges 11 in the IRVT

Judges 11 in the IRVT2

Judges 11 in the IRVU

Judges 11 in the ISVN

Judges 11 in the JSNT

Judges 11 in the KAPI

Judges 11 in the KBT1ETNIK

Judges 11 in the KBV

Judges 11 in the KJV

Judges 11 in the KNFD

Judges 11 in the LBA

Judges 11 in the LBLA

Judges 11 in the LNT

Judges 11 in the LSV

Judges 11 in the MAAL

Judges 11 in the MBV

Judges 11 in the MBV2

Judges 11 in the MHNT

Judges 11 in the MKNFD

Judges 11 in the MNG

Judges 11 in the MNT

Judges 11 in the MNT2

Judges 11 in the MRS1T

Judges 11 in the NAA

Judges 11 in the NASB

Judges 11 in the NBLA

Judges 11 in the NBS

Judges 11 in the NBVTP

Judges 11 in the NET2

Judges 11 in the NIV11

Judges 11 in the NNT

Judges 11 in the NNT2

Judges 11 in the NNT3

Judges 11 in the PDDPT

Judges 11 in the PFNT

Judges 11 in the RMNT

Judges 11 in the SBIAS

Judges 11 in the SBIBS

Judges 11 in the SBIBS2

Judges 11 in the SBICS

Judges 11 in the SBIDS

Judges 11 in the SBIGS

Judges 11 in the SBIHS

Judges 11 in the SBIIS

Judges 11 in the SBIIS2

Judges 11 in the SBIIS3

Judges 11 in the SBIKS

Judges 11 in the SBIKS2

Judges 11 in the SBIMS

Judges 11 in the SBIOS

Judges 11 in the SBIPS

Judges 11 in the SBISS

Judges 11 in the SBITS

Judges 11 in the SBITS2

Judges 11 in the SBITS3

Judges 11 in the SBITS4

Judges 11 in the SBIUS

Judges 11 in the SBIVS

Judges 11 in the SBT

Judges 11 in the SBT1E

Judges 11 in the SCHL

Judges 11 in the SNT

Judges 11 in the SUSU

Judges 11 in the SUSU2

Judges 11 in the SYNO

Judges 11 in the TBIAOTANT

Judges 11 in the TBT1E

Judges 11 in the TBT1E2

Judges 11 in the TFTIP

Judges 11 in the TFTU

Judges 11 in the TGNTATF3T

Judges 11 in the THAI

Judges 11 in the TNFD

Judges 11 in the TNT

Judges 11 in the TNTIK

Judges 11 in the TNTIL

Judges 11 in the TNTIN

Judges 11 in the TNTIP

Judges 11 in the TNTIZ

Judges 11 in the TOMA

Judges 11 in the TTENT

Judges 11 in the UBG

Judges 11 in the UGV

Judges 11 in the UGV2

Judges 11 in the UGV3

Judges 11 in the VBL

Judges 11 in the VDCC

Judges 11 in the YALU

Judges 11 in the YAPE

Judges 11 in the YBVTP

Judges 11 in the ZBP