Judges 14 (BOATCB)

1 Dabi a na Samson wɔ Timna no, ɔhunuu Filistini ababaawa bi. 2 Ɔsane kɔɔ efie no, ɔka kyerɛɛ nʼagya ne ne maame sɛ, “Mahunu Filistini ababaawa bi wɔ Timna a mepɛ sɛ meware no.” 3 Nʼagya ne ne maame ampene so kaa no anibereɛ so sɛ, “Enti, yɛn abusua yi mu anaa Israelfoɔ yi mu, ɔbaa baako mpo nni mu a wotumi ware no? Adɛn na ɛsɛ sɛ wokɔ Filistifoɔ abosonsomfoɔ mu kɔpɛ ɔyere?”Nanso, Samson ka kyerɛɛ nʼagya sɛ, “Kɔyɛ ne ho adeɛ ma me. Ɔno ara na mepɛ.” 4 Nʼagya ne ne maame anhunu sɛ AWURADE na ɔreyɛ nʼadwuma, repɛ akwannya bi a ɔbɛfa so atia Filistifoɔ a saa ɛberɛ no na wɔdi Israelfoɔ so. 5 Samson ne nʼawofoɔ rekɔ Timna no, gyata ba bi to hyɛɛ Samson so wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Timna bobe nturo. 6 Amonom hɔ ara, AWURADE Honhom baa ne so wɔ ahoɔden mu, na ɔde ne nsa hunu waee gyata no apantan. Ɔwaee te sɛ deɛ ɔrewae abirekyie ba bi apantan. Nanso, wanka deɛ ɔyɛeɛ yi ankyerɛ nʼawofoɔ. 7 Samson duruu Timna no, ɔne ɔbaa no kasaeɛ na nʼani gyee ne ho. 8 Akyire no a ɔresane akɔ Timna akɔhyia ayeforɔ no, ɔmane kɔhwɛɛ gyata no funu no. Ɔhunuu sɛ nwowa kuo akɔyɛ ɛwoɔ wɔ mu. 9 Ɔkɔtii ɛwoɔ no bi dii wɔ ɛkwan so. Ɔmaa nʼawofoɔ no bi ma wɔdiiɛ. Nanso, wanka ankyerɛ wɔn sɛ ɔnyaa ɛwoɔ no wɔ gyata funu no mu. 10 Afei, ɛberɛ a nʼagya reyɛ ahoboa ama awaregyeɛ no, Samson too ɛpono wɔ Timna, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ saa ɛberɛ no. 11 Wɔtoo nsa frɛɛ mmeranteɛ aduasa a wɔfiri kuro no mu sɛ wɔmmɛka ne ho. 12 Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma menka aborɔme bi nkyerɛ mo. Sɛ nnanson apontoɔ yi mu, motumi yi ano a, mɛma mo serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa. 13 Sɛ moantumi anyi ano nso a, mo nso mobɛma me serekyetam ntadeɛ aduasa ne ntadeɛ ahodoɔ bi nso aduasa.”Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ka aborɔme no ma yɛntie.” 14 Ɔkaa no sɛ,“Deɛ ɔdie mu na wɔnya biribi a wɔdie;ɔhoɔdenfoɔ mu na ɔdɛ firi ba.”Nnansa akyi no, na wɔntumi nyii ano. 15 Ne nna ɛnan soɔ no, wɔkɔka kyerɛɛ Samson yere sɛ, “Gye aborɔme no mmuaeɛ firi wo kunu hɔ ma yɛn, anyɛ saa a, yɛbɛhye wo ne wʼagya fie ama wɔawu. Motoo nsa frɛɛ yɛn wɔ ha sɛ morebɛsisi yɛn anaa?” 16 Enti, Samson yere de su baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ, “Wonnɔ me. Wotan me! Woaka aborɔme bi akyerɛ me nkurɔfoɔ, nanso, wonkyerɛɛ me aseɛ.”Samson buaa ne yere no sɛ, “Saa ara na mʼagya ne me maame nso menkyerɛɛ wɔn aseɛ. Na adɛn enti na ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo?” 17 Enti, ɔsu guu ne so biribiara ɔne no wɔ hɔ. Ɔkɔɔ so saa ara nna a aka na apontoɔ no aba nʼawieeɛ nyinaa. Nnanson so no, ɛsiane ha a ɔhaa no enti, ɔkyerɛɛ no aseɛ. Ɔno nso kaa aborɔme asekyerɛ no kyerɛɛ mmeranteɛ no. 18 Na nnanson so, ansa na owia rebɛtɔ no, kuro no mu mmarima baa Samson nkyɛn bɛkyerɛɛ no aseɛ sɛ,“Ɛdeɛn na ɛyɛ dɛ sene woɔ?Ɛdeɛn na ɛwɔ ahoɔden sene gyata?”Samson buaa wɔn sɛ, “Sɛ mo ne ɔfatwafoɔ no antu agyina, anka morennya aborɔme no asekyerɛ.” 19 Afei, AWURADE Honhom de ahoɔden kɛseɛ bi baa ne so. Ɔkɔɔ Askelon kuro mu. Ɔkunkumm mmarima aduasa faa wɔn agyapadeɛ nyinaa. Ɔde wɔn ntadeɛ maa mmarima a wɔyii aborɔme no ano no. Na Samson bo annwo deɛ ɛbaeɛ no ho yie enti ɔkɔɔ ne fie na ɔne nʼawofoɔ kɔtenaeɛ. 20 Enti, wɔde ne yere no maa ɔbarima a na ɔdi Samson nan ase wɔ wɔn ayeforɔhyia mu no awadeɛ.

In Other Versions

Judges 14 in the ANGEFD

Judges 14 in the ANTPNG2D

Judges 14 in the AS21

Judges 14 in the BAGH

Judges 14 in the BBPNG

Judges 14 in the BBT1E

Judges 14 in the BDS

Judges 14 in the BEV

Judges 14 in the BHAD

Judges 14 in the BIB

Judges 14 in the BLPT

Judges 14 in the BNT

Judges 14 in the BNTABOOT

Judges 14 in the BNTLV

Judges 14 in the BOATCB2

Judges 14 in the BOBCV

Judges 14 in the BOCNT

Judges 14 in the BOECS

Judges 14 in the BOGWICC

Judges 14 in the BOHCB

Judges 14 in the BOHCV

Judges 14 in the BOHLNT

Judges 14 in the BOHNTLTAL

Judges 14 in the BOICB

Judges 14 in the BOILNTAP

Judges 14 in the BOITCV

Judges 14 in the BOKCV

Judges 14 in the BOKCV2

Judges 14 in the BOKHWOG

Judges 14 in the BOKSSV

Judges 14 in the BOLCB

Judges 14 in the BOLCB2

Judges 14 in the BOMCV

Judges 14 in the BONAV

Judges 14 in the BONCB

Judges 14 in the BONLT

Judges 14 in the BONUT2

Judges 14 in the BOPLNT

Judges 14 in the BOSCB

Judges 14 in the BOSNC

Judges 14 in the BOTLNT

Judges 14 in the BOVCB

Judges 14 in the BOYCB

Judges 14 in the BPBB

Judges 14 in the BPH

Judges 14 in the BSB

Judges 14 in the CCB

Judges 14 in the CUV

Judges 14 in the CUVS

Judges 14 in the DBT

Judges 14 in the DGDNT

Judges 14 in the DHNT

Judges 14 in the DNT

Judges 14 in the ELBE

Judges 14 in the EMTV

Judges 14 in the ESV

Judges 14 in the FBV

Judges 14 in the FEB

Judges 14 in the GGMNT

Judges 14 in the GNT

Judges 14 in the HARY

Judges 14 in the HNT

Judges 14 in the IRVA

Judges 14 in the IRVB

Judges 14 in the IRVG

Judges 14 in the IRVH

Judges 14 in the IRVK

Judges 14 in the IRVM

Judges 14 in the IRVM2

Judges 14 in the IRVO

Judges 14 in the IRVP

Judges 14 in the IRVT

Judges 14 in the IRVT2

Judges 14 in the IRVU

Judges 14 in the ISVN

Judges 14 in the JSNT

Judges 14 in the KAPI

Judges 14 in the KBT1ETNIK

Judges 14 in the KBV

Judges 14 in the KJV

Judges 14 in the KNFD

Judges 14 in the LBA

Judges 14 in the LBLA

Judges 14 in the LNT

Judges 14 in the LSV

Judges 14 in the MAAL

Judges 14 in the MBV

Judges 14 in the MBV2

Judges 14 in the MHNT

Judges 14 in the MKNFD

Judges 14 in the MNG

Judges 14 in the MNT

Judges 14 in the MNT2

Judges 14 in the MRS1T

Judges 14 in the NAA

Judges 14 in the NASB

Judges 14 in the NBLA

Judges 14 in the NBS

Judges 14 in the NBVTP

Judges 14 in the NET2

Judges 14 in the NIV11

Judges 14 in the NNT

Judges 14 in the NNT2

Judges 14 in the NNT3

Judges 14 in the PDDPT

Judges 14 in the PFNT

Judges 14 in the RMNT

Judges 14 in the SBIAS

Judges 14 in the SBIBS

Judges 14 in the SBIBS2

Judges 14 in the SBICS

Judges 14 in the SBIDS

Judges 14 in the SBIGS

Judges 14 in the SBIHS

Judges 14 in the SBIIS

Judges 14 in the SBIIS2

Judges 14 in the SBIIS3

Judges 14 in the SBIKS

Judges 14 in the SBIKS2

Judges 14 in the SBIMS

Judges 14 in the SBIOS

Judges 14 in the SBIPS

Judges 14 in the SBISS

Judges 14 in the SBITS

Judges 14 in the SBITS2

Judges 14 in the SBITS3

Judges 14 in the SBITS4

Judges 14 in the SBIUS

Judges 14 in the SBIVS

Judges 14 in the SBT

Judges 14 in the SBT1E

Judges 14 in the SCHL

Judges 14 in the SNT

Judges 14 in the SUSU

Judges 14 in the SUSU2

Judges 14 in the SYNO

Judges 14 in the TBIAOTANT

Judges 14 in the TBT1E

Judges 14 in the TBT1E2

Judges 14 in the TFTIP

Judges 14 in the TFTU

Judges 14 in the TGNTATF3T

Judges 14 in the THAI

Judges 14 in the TNFD

Judges 14 in the TNT

Judges 14 in the TNTIK

Judges 14 in the TNTIL

Judges 14 in the TNTIN

Judges 14 in the TNTIP

Judges 14 in the TNTIZ

Judges 14 in the TOMA

Judges 14 in the TTENT

Judges 14 in the UBG

Judges 14 in the UGV

Judges 14 in the UGV2

Judges 14 in the UGV3

Judges 14 in the VBL

Judges 14 in the VDCC

Judges 14 in the YALU

Judges 14 in the YAPE

Judges 14 in the YBVTP

Judges 14 in the ZBP