Judges 19 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi abusuakuo mu te Efraim bepɔ asase no so akyirikyiri baabi. Ɛda bi, ɔde ɔbaa bi firi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena. 2 Nanso, ɔbaa no anni no nokorɛ enti ɔsane kɔɔ nʼagya fie wɔ Betlehem. Abosome ɛnan akyi, 3 ne kunu no faa ɔsomfoɔ ne afunumu foforɔ kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔkorɔkorɔ no na wasane nʼakyi aba. Ɔduruu ɔbaa no agya fie no, ɔde no kɔɔ efie no mu maa nʼagya no gyee no fɛ so. 4 Ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ ɔntena nkyɛ kakra. Enti, ɔdii nnansa, didiiɛ, nomeeɛ, daa hɔ. 5 Ne nna ɛnan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Didi ansa na woakɔ.” 6 Enti, wɔn baanu no tenaa ase didiiɛ, nomeeɛ. Afei, ɔbaa no agya ka kyerɛɛ no sɛ, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.” 7 Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso, nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti, ɔpenee so daa hɔ anadwo no. 8 Nnanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso, bio, ɔbaa no agya kaa sɛ, “Didi ansa, na awiam kakra no wobɛtumi akɔ.” Enti, wɔsane didii bio. 9 Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne ɔsomfoɔ boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso, nʼase no ka kyerɛɛ no sɛ, “Montie! Adeɛ reyɛ asa. Montena na monnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mobɛtumi asim anɔpahema.” 10 Nanso, afei deɛ ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfunumu mmienu a wɔahyehyɛ wɔn no ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). 11 Ɛberɛ a wɔduruu Yebus no na adeɛ reyɛ asa, na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ ne wura no sɛ, “Adeɛ reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifoɔ kuropɔn yi mu anadwo yi.” 12 Ne wura no buaa sɛ, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafoɔ kuropɔn a Israelfoɔ nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. 13 Yɛbɛnya daberɛ anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.” 14 Enti, wɔtoaa so. Wɔrebɛduru kuro Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ, 15 Enti wɔdaa hɔ anadwo no. Wɔdaa kuro no abɔntene kɛseɛ so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔhoɔ. 16 Anwummerɛ no, akɔkoraa bi firii nʼafuom baa fie. Na ɔfiri Efraim bepɔ asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. 17 Ɛberɛ a ɔhunuu akwantufoɔ yi sɛ wɔtete kuro no abɔntene kɛseɛ so no, ɔbisaa wɔn baabi a wɔfiri ne baabi a wɔrekorɔ. 18 Ɔbarima no buaa no sɛ, “Yɛfiri Betlehem a ɛwɔ Yudea na yɛrekɔ Efraim bepɔ asase no so kuro bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ AWURADE Asɔrefie. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fie ankɔpɛ yɛn daberɛ, 19 ɛwom sɛ yɛwɔ deɛ ɛhia yɛn biara. Yɛwɔ ɛserɛ ne aduane a yɛde bɛma yɛn mfunumu; yɛwɔ burodo ne nsã.” 20 Akɔkoraa no kaa sɛ, “Mommra mmɛsoɛ me. Mɛma mo biribiara a ɛbɛhia mo. Na mmom, anadwo yi deɛ, ɛnsɛ sɛ moda abɔntene kɛseɛ so hɔ.” 21 Enti, ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fie, na ɔmaa wɔn mfunumu no aduane. Wɔhohoroo wɔn nan ase wieeɛ no, wɔbɔɔ mu didiiɛ. 22 Ɛberɛ a wɔregye wɔn ani no, kuro no mu nnipa bɔnefoɔ bi bɛtwaa fie no ho hyiaeɛ. Wɔhyɛɛ aseɛ pempem ɛpono no teateaam guu akɔkoraa no so sɛ, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛdeɛ yɛbɛtumi ne no ada.” 23 Akɔkoraa no firi baeɛ, bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔhoɔ na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguaseɛ. 24 Me babaa ɔbaabunu ne ɔbarima yi mpena nie. Mede wɔn bɛma mo. Na deɛ mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasedeɛ yi.” 25 Nanso, wɔantie no. Enti, Lewini no faa ne mpena no piaa no firii adi. Na kuro no mu mmarima no faa no nnidisoɔ nnidisoɔ kɔsii adekyeeɛ. Ahemadakye no na wɔgyaa no ma ɔkɔeɛ. 26 Ɔbaa no kɔduruu fie a ne kunu no te mu no ɛpono ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kɔsii sɛ anim teteeɛ. 27 Ɛberɛ a ne kunu buee ɛpono sɛ ɔrepue pɛ na ɔhunuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butu hɔ a ne nsa gu aponnwa no so. 28 Ɔhunuu no no, ɔkaa sɛ, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso, wammua. Enti, ɔde no too nʼafunumu no so de no kɔɔ efie. 29 Ɔduruu fie no, ɔtwee sekan de twitwaa ne mpena no mu asinasini dumienu. Na ɔde esini baako biara kɔɔ Israel mmusuakuo dumienu no mu. 30 Na obiara a ɔhunuu saa aninyanneɛ yi kaa sɛ, “Ɛfiri ɛberɛ a Israel firii Misraim no, obi nnii saa amumuyɛsɛm yi bi da. Adɛn enti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”

In Other Versions

Judges 19 in the ANGEFD

Judges 19 in the ANTPNG2D

Judges 19 in the AS21

Judges 19 in the BAGH

Judges 19 in the BBPNG

Judges 19 in the BBT1E

Judges 19 in the BDS

Judges 19 in the BEV

Judges 19 in the BHAD

Judges 19 in the BIB

Judges 19 in the BLPT

Judges 19 in the BNT

Judges 19 in the BNTABOOT

Judges 19 in the BNTLV

Judges 19 in the BOATCB2

Judges 19 in the BOBCV

Judges 19 in the BOCNT

Judges 19 in the BOECS

Judges 19 in the BOGWICC

Judges 19 in the BOHCB

Judges 19 in the BOHCV

Judges 19 in the BOHLNT

Judges 19 in the BOHNTLTAL

Judges 19 in the BOICB

Judges 19 in the BOILNTAP

Judges 19 in the BOITCV

Judges 19 in the BOKCV

Judges 19 in the BOKCV2

Judges 19 in the BOKHWOG

Judges 19 in the BOKSSV

Judges 19 in the BOLCB

Judges 19 in the BOLCB2

Judges 19 in the BOMCV

Judges 19 in the BONAV

Judges 19 in the BONCB

Judges 19 in the BONLT

Judges 19 in the BONUT2

Judges 19 in the BOPLNT

Judges 19 in the BOSCB

Judges 19 in the BOSNC

Judges 19 in the BOTLNT

Judges 19 in the BOVCB

Judges 19 in the BOYCB

Judges 19 in the BPBB

Judges 19 in the BPH

Judges 19 in the BSB

Judges 19 in the CCB

Judges 19 in the CUV

Judges 19 in the CUVS

Judges 19 in the DBT

Judges 19 in the DGDNT

Judges 19 in the DHNT

Judges 19 in the DNT

Judges 19 in the ELBE

Judges 19 in the EMTV

Judges 19 in the ESV

Judges 19 in the FBV

Judges 19 in the FEB

Judges 19 in the GGMNT

Judges 19 in the GNT

Judges 19 in the HARY

Judges 19 in the HNT

Judges 19 in the IRVA

Judges 19 in the IRVB

Judges 19 in the IRVG

Judges 19 in the IRVH

Judges 19 in the IRVK

Judges 19 in the IRVM

Judges 19 in the IRVM2

Judges 19 in the IRVO

Judges 19 in the IRVP

Judges 19 in the IRVT

Judges 19 in the IRVT2

Judges 19 in the IRVU

Judges 19 in the ISVN

Judges 19 in the JSNT

Judges 19 in the KAPI

Judges 19 in the KBT1ETNIK

Judges 19 in the KBV

Judges 19 in the KJV

Judges 19 in the KNFD

Judges 19 in the LBA

Judges 19 in the LBLA

Judges 19 in the LNT

Judges 19 in the LSV

Judges 19 in the MAAL

Judges 19 in the MBV

Judges 19 in the MBV2

Judges 19 in the MHNT

Judges 19 in the MKNFD

Judges 19 in the MNG

Judges 19 in the MNT

Judges 19 in the MNT2

Judges 19 in the MRS1T

Judges 19 in the NAA

Judges 19 in the NASB

Judges 19 in the NBLA

Judges 19 in the NBS

Judges 19 in the NBVTP

Judges 19 in the NET2

Judges 19 in the NIV11

Judges 19 in the NNT

Judges 19 in the NNT2

Judges 19 in the NNT3

Judges 19 in the PDDPT

Judges 19 in the PFNT

Judges 19 in the RMNT

Judges 19 in the SBIAS

Judges 19 in the SBIBS

Judges 19 in the SBIBS2

Judges 19 in the SBICS

Judges 19 in the SBIDS

Judges 19 in the SBIGS

Judges 19 in the SBIHS

Judges 19 in the SBIIS

Judges 19 in the SBIIS2

Judges 19 in the SBIIS3

Judges 19 in the SBIKS

Judges 19 in the SBIKS2

Judges 19 in the SBIMS

Judges 19 in the SBIOS

Judges 19 in the SBIPS

Judges 19 in the SBISS

Judges 19 in the SBITS

Judges 19 in the SBITS2

Judges 19 in the SBITS3

Judges 19 in the SBITS4

Judges 19 in the SBIUS

Judges 19 in the SBIVS

Judges 19 in the SBT

Judges 19 in the SBT1E

Judges 19 in the SCHL

Judges 19 in the SNT

Judges 19 in the SUSU

Judges 19 in the SUSU2

Judges 19 in the SYNO

Judges 19 in the TBIAOTANT

Judges 19 in the TBT1E

Judges 19 in the TBT1E2

Judges 19 in the TFTIP

Judges 19 in the TFTU

Judges 19 in the TGNTATF3T

Judges 19 in the THAI

Judges 19 in the TNFD

Judges 19 in the TNT

Judges 19 in the TNTIK

Judges 19 in the TNTIL

Judges 19 in the TNTIN

Judges 19 in the TNTIP

Judges 19 in the TNTIZ

Judges 19 in the TOMA

Judges 19 in the TTENT

Judges 19 in the UBG

Judges 19 in the UGV

Judges 19 in the UGV2

Judges 19 in the UGV3

Judges 19 in the VBL

Judges 19 in the VDCC

Judges 19 in the YALU

Judges 19 in the YAPE

Judges 19 in the YBVTP

Judges 19 in the ZBP