Judges 19 (BOATCB2)

1 Saa bere no na Israel nni ɔhene. Na ɔbarima bi a ofi Lewi abusuakuw mu te Efraim bepɔw asase no so akyirikyiri baabi. Da bi, ɔde ɔbea bi fi Betlehem a ɛwɔ Yuda baa fie sɛ ne mpena. 2 Nanso ɔbea no anni no nokware enti ɔsan kɔɔ nʼagya fi wɔ Betlehem. Asram anan akyi no, 3 ne kunu no faa ɔsomfo ne afurum foforo kaa ne ho kɔɔ Betlehem sɛ ɔde rekɔdɛfɛdɛfɛ no na wasan nʼakyi aba. Oduu ɔbea no agya fi no, ɔde no kɔɔ ofi no mu maa nʼagya no gyee no fɛw so. 4 Ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se ɔntena nkyɛ kakra. Enti odii nnansa, didi, nom, daa hɔ. 5 Ne nnannan so no, ɔbarima no sɔree anɔpa, pɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Didi ansa na woakɔ.” 6 Enti wɔn baanu no tenaa ase didi, nomee. Afei, ɔbea no agya ka kyerɛɛ no se, “Mesrɛ wo, da anadwo yi na gye wʼani.” 7 Ɔbarima no sɔree sɛ anka ɔrekɔ, nanso nʼase no hyɛɛ no sɛ ɔntena. Enti ɔpenee so daa hɔ anadwo no. 8 Nnaanum so anɔpa no, ɔsɔree bio a ɔpɛɛ sɛ ɔkɔ. Nanso bio, ɔbea no agya kae se, “Didi ansa, na awia mu kakra no wubetumi akɔ.” Enti wɔsan didii bio. 9 Awia no, ɔbarima no ne ne mpena no ne ne somfo boaboaa wɔn ho pɛɛ sɛ wɔkɔ. Nanso nʼase no ka kyerɛɛ no se, “Muntie! Ade reyɛ asa. Montena na munnye mo ani anadwo yi. Ɔkyena mubetumi asi mu anɔpahema.” 10 Nanso afei de, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔbɛkɔ. Enti ɔfaa ne mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn no ne ne mpena no, na wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yebus (a ɛyɛ Yerusalem). 11 Bere a woduu Yebus no na ade reyɛ asa, na ɔsomfo no ka kyerɛɛ ne wura no se, “Ade reyɛ asa, enti momma yɛnna Yebusifo kuropɔn yi mu anadwo yi.” 12 Ne wura no buae se, “Dabi, yɛrentumi ntena ananafo kuropɔn a Israelfo nni mu yi mu. Yɛbɛtoa so akɔ Gibea. 13 Yebenya nnabea anadwo yi wɔ Gibea anaa Rama.” 14 Enti wɔtoaa so. Wɔrebedu kurow Gibea a ɛwɔ Benyamin asase so no, na owia rekɔtɔ. 15 Ɛhɔ na wɔdaa anadwo no. Wɔdaa kurow no abɔnten kɛse so, na obiara amfa wɔn ankɔ fie ankɔsom wɔn hɔho. 16 Anwummere no, akwakoraa bi fii nʼafum baa fie. Na ofi Efraim bepɔw asase so, nanso na ɔte Gibea wɔ Benyamin asase so. 17 Bere a ohuu akwantufo yi sɛ wɔtete kurow no abɔnten kɛse so no, obisaa wɔn faako a wofi ne nea wɔrekɔ. 18 Ɔbarima no buaa no se, “Yefi Betlehem a ɛwɔ Yuda na yɛrekɔ Efraim bepɔw asase no so; kurow bi a ɛwɔ akyirikyiri, na yɛrekɔ AWURADE Hyiadan. Nanso obiara amfa yɛn ankɔ ne fi ankɔma yɛn nnabea, 19 ɛwɔ mu sɛ yɛwɔ nea ehia yɛn biara. Yɛwɔ sare ne aduan a yɛde bɛma yɛn mfurum; yenhia hwee.” 20 Akwakoraa no kae se, “Mommra me fi. Mɛma mo biribiara a ebehia mo. Na anadwo yi de, ɛnsɛ sɛ moda abɔnten kɛse so ha.” 21 Enti ɔfaa wɔn de wɔn kɔɔ ne fi, na ɔmaa wɔn mfurum no aduan. Wɔhohoroo wɔn nan ase wiei no, wɔbɔɔ mu didii. 22 Bere a wɔregye wɔn ani no, kurow no mu nnipa bɔnefo bi betwaa ofi no ho hyiae. Wofii ase pempem ɔpon no teɛteɛɛ mu guu akwakoraa no so se, “Fa ɔbarima a wabɛsoɛ wo no ma yɛn sɛnea yebetumi ne no ada.” 23 Akwakoraa no fi ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn se, “Dabi, anuanom, monnyɛ bɔne a ɛte saa. Saa ɔbarima yi yɛ me hɔho na sɛ moyɛ saa a, ɛbɛyɛ animguase. 24 Me babea ɔbabun ne ɔbarima yi mpena ni. Mede wɔn bɛma mo. Na nea mopɛ biara no monyɛ wɔn. Na mo ne saa ɔbarima yi nyɛ saa animguasede yi.” 25 Nanso wɔantie no. Enti Lewini no faa ne mpena no piaa no fii adi. Na kurow no mu mmarima no faa no nnidiso nnidiso kosii adekyee. Ahemadakye no na wogyaw no ma ɔkɔe. 26 Ɔbea no koduu ofi a ne kunu no te mu no pon ano ara pɛ na ɔtɔɔ mum. Ɔdaa hɔ ara kosii sɛ anim tetewee. 27 Bere a ne kunu buee ɔpon no sɛ ɔrepue pɛ na ohuu sɛ ɔda hɔ. Na nʼanim butuw hɔ a ne nsa gu apongua no so. 28 Ohuu no no, ɔkae se, “Sɔre! Ma yɛnkɔ!” Nanso wammua. Enti ɔde no too nʼafurum no so de no kɔɔ fie. 29 Oduu fie no, ɔtwee afoa de twitwaa ne mpena no mu asinasin dumien. Na ɔde sin baako biara kɔɔ Israel mmusuakuw dumien no mu. 30 Na obiara a ohuu saa aninyanne yi kae se, “Efi bere a Israel fii Misraim no, obi nnii saa amumɔyɛsɛm yi bi da. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa na yɛyɛ ho biribi?”

In Other Versions

Judges 19 in the ANGEFD

Judges 19 in the ANTPNG2D

Judges 19 in the AS21

Judges 19 in the BAGH

Judges 19 in the BBPNG

Judges 19 in the BBT1E

Judges 19 in the BDS

Judges 19 in the BEV

Judges 19 in the BHAD

Judges 19 in the BIB

Judges 19 in the BLPT

Judges 19 in the BNT

Judges 19 in the BNTABOOT

Judges 19 in the BNTLV

Judges 19 in the BOATCB

Judges 19 in the BOBCV

Judges 19 in the BOCNT

Judges 19 in the BOECS

Judges 19 in the BOGWICC

Judges 19 in the BOHCB

Judges 19 in the BOHCV

Judges 19 in the BOHLNT

Judges 19 in the BOHNTLTAL

Judges 19 in the BOICB

Judges 19 in the BOILNTAP

Judges 19 in the BOITCV

Judges 19 in the BOKCV

Judges 19 in the BOKCV2

Judges 19 in the BOKHWOG

Judges 19 in the BOKSSV

Judges 19 in the BOLCB

Judges 19 in the BOLCB2

Judges 19 in the BOMCV

Judges 19 in the BONAV

Judges 19 in the BONCB

Judges 19 in the BONLT

Judges 19 in the BONUT2

Judges 19 in the BOPLNT

Judges 19 in the BOSCB

Judges 19 in the BOSNC

Judges 19 in the BOTLNT

Judges 19 in the BOVCB

Judges 19 in the BOYCB

Judges 19 in the BPBB

Judges 19 in the BPH

Judges 19 in the BSB

Judges 19 in the CCB

Judges 19 in the CUV

Judges 19 in the CUVS

Judges 19 in the DBT

Judges 19 in the DGDNT

Judges 19 in the DHNT

Judges 19 in the DNT

Judges 19 in the ELBE

Judges 19 in the EMTV

Judges 19 in the ESV

Judges 19 in the FBV

Judges 19 in the FEB

Judges 19 in the GGMNT

Judges 19 in the GNT

Judges 19 in the HARY

Judges 19 in the HNT

Judges 19 in the IRVA

Judges 19 in the IRVB

Judges 19 in the IRVG

Judges 19 in the IRVH

Judges 19 in the IRVK

Judges 19 in the IRVM

Judges 19 in the IRVM2

Judges 19 in the IRVO

Judges 19 in the IRVP

Judges 19 in the IRVT

Judges 19 in the IRVT2

Judges 19 in the IRVU

Judges 19 in the ISVN

Judges 19 in the JSNT

Judges 19 in the KAPI

Judges 19 in the KBT1ETNIK

Judges 19 in the KBV

Judges 19 in the KJV

Judges 19 in the KNFD

Judges 19 in the LBA

Judges 19 in the LBLA

Judges 19 in the LNT

Judges 19 in the LSV

Judges 19 in the MAAL

Judges 19 in the MBV

Judges 19 in the MBV2

Judges 19 in the MHNT

Judges 19 in the MKNFD

Judges 19 in the MNG

Judges 19 in the MNT

Judges 19 in the MNT2

Judges 19 in the MRS1T

Judges 19 in the NAA

Judges 19 in the NASB

Judges 19 in the NBLA

Judges 19 in the NBS

Judges 19 in the NBVTP

Judges 19 in the NET2

Judges 19 in the NIV11

Judges 19 in the NNT

Judges 19 in the NNT2

Judges 19 in the NNT3

Judges 19 in the PDDPT

Judges 19 in the PFNT

Judges 19 in the RMNT

Judges 19 in the SBIAS

Judges 19 in the SBIBS

Judges 19 in the SBIBS2

Judges 19 in the SBICS

Judges 19 in the SBIDS

Judges 19 in the SBIGS

Judges 19 in the SBIHS

Judges 19 in the SBIIS

Judges 19 in the SBIIS2

Judges 19 in the SBIIS3

Judges 19 in the SBIKS

Judges 19 in the SBIKS2

Judges 19 in the SBIMS

Judges 19 in the SBIOS

Judges 19 in the SBIPS

Judges 19 in the SBISS

Judges 19 in the SBITS

Judges 19 in the SBITS2

Judges 19 in the SBITS3

Judges 19 in the SBITS4

Judges 19 in the SBIUS

Judges 19 in the SBIVS

Judges 19 in the SBT

Judges 19 in the SBT1E

Judges 19 in the SCHL

Judges 19 in the SNT

Judges 19 in the SUSU

Judges 19 in the SUSU2

Judges 19 in the SYNO

Judges 19 in the TBIAOTANT

Judges 19 in the TBT1E

Judges 19 in the TBT1E2

Judges 19 in the TFTIP

Judges 19 in the TFTU

Judges 19 in the TGNTATF3T

Judges 19 in the THAI

Judges 19 in the TNFD

Judges 19 in the TNT

Judges 19 in the TNTIK

Judges 19 in the TNTIL

Judges 19 in the TNTIN

Judges 19 in the TNTIP

Judges 19 in the TNTIZ

Judges 19 in the TOMA

Judges 19 in the TTENT

Judges 19 in the UBG

Judges 19 in the UGV

Judges 19 in the UGV2

Judges 19 in the UGV3

Judges 19 in the VBL

Judges 19 in the VDCC

Judges 19 in the YALU

Judges 19 in the YAPE

Judges 19 in the YBVTP

Judges 19 in the ZBP