Jeremiah 32 (BOATCB)

1 Yei ne asɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedie afe a ɛtɔ so edu a na ɛyɛ Nebukadnessar adedie afe a ɛtɔ so dunwɔtwe. 2 Na Babiloniahene akodɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifoɔ Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfoɔ adihɔ a ɛwɔ Yuda ahemfie. 3 Na Yudahene Sedekia de no ato afiase na ɔrebisa no sɛ adɛn enti na wohyɛ nkɔm sɛ, “Deɛ AWURADE seɛ nie: ‘Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4 Yudahene Sedekia renya ɛkwan nnwane mfiri Babiloniafoɔ nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahunu no. 5 Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ me ne no bɛdi, AWURADE na ɔseɛ. Sɛ woko tia Babiloniafoɔ no a worenni nkonim.’ ” 6 Yeremia kaa sɛ, “AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ, 7 Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot no, ɛfiri sɛ woyɛ me busuani nimpɔn na wowɔ ho ɛkwan, na ɛyɛ wʼasɛdeɛ nso sɛ wotɔ.’ 8 “Na sɛdeɛ AWURADE aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’“Mehunuu sɛ yei yɛ AWURADE asɛm.” 9 Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan (194) maa no. 10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no. 11 Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, 12 na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim. 13 “Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ, 14 ‘Deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie. 15 Deɛ Asafo AWURADE, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’ 16 “Mede adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk. Akyire no, mebɔɔ AWURADE mpaeɛ sɛ, 17 “Ao, Otumfoɔ AWURADE, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woatene muo so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18 Woyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wotua agyanom amumuyɛ so ka gu wɔn mma a wɔdi wɔn akyi srɛ so. Ao, Onyankopɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo AWURADE, 19 wo botaeɛ so, na wo nneyɛeɛ yɛ kɛseɛ. Wʼaniwa hunu nnipa akwan nyinaa; na wotua obiara ka sɛdeɛ nʼabrabɔ ne ne nneyɛeɛ teɛ. 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Misraim na atoa so de abɛsi ɛnnɛ wɔ Israel ne adasamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de bɛsi ɛnnɛ. 21 Wode nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, nsa a ɛyɛ den ne abasa a watene mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo ɔman Israel firii Misraim. 22 Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so. 23 Wɔba bɛfaeɛ, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so. 24 “Hwɛ sɛdeɛ wɔasisi ntuano mpampim de rebɛgye kuropɔn no. Esiane akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm enti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ ne so no nsa. Deɛ wokaeɛ no aba mu sɛdeɛ wohunu no seesei no. 25 Na ɛwom sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ AWURADE, ka kyerɛ me sɛ, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’ ” 26 Ɛna AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 27 “Mene AWURADE adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa? 28 Enti, deɛ AWURADE seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29 Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo. 30 “Israelfoɔ ne Yudafoɔ nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, ɛfiri wɔn mmabunu berɛ mu; ampa ara Israelfoɔ nnyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuo, AWURADE na ɔseɛ. 31 Ɛfiri da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de bɛsi ɛnnɛ, wahyɛ me abufuo ne abufutrasoɔ a ɛsɛ sɛ anka meyi no firi mʼani so. 32 Israelfoɔ ne Yudafoɔ de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuo, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfoɔ, wɔn asɔfoɔ ne adiyifoɔ, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33 Wɔdanee wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwom, mekyerɛkyerɛ wɔn ɛberɛ biara deɛ, nanso wɔantie na wɔammfa ntenesoɔ. 34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ wɔ efie a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35 Wɔsisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bɔnhwa mu, de wɔn mmammarima ne mmammaa bɔɔ afɔdeɛ maa Molek, wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwadeɛ yi mma Yuda nyɛ bɔne. 36 “Woreka wɔ kuropɔn yi ho sɛ, ‘Wɔnam akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso yei ne deɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn seɛ: 37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afiri nsase a mefiri mʼabufuhyeɛ mu pamoo wɔn kɔguiɛ hɔ; mɛsane de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn akoma korɔ na wɔayɛ wɔn adeɛ abɔ mu, sɛdeɛ, ɛberɛ biara wɔbɛsuro me wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiedie enti. 40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yieyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn akoma mu, ama wɔn asuro me, sɛdeɛ wɔrentwe wɔn ho mfiri me ho da. 41 Mʼani bɛgye sɛ mɛyɛ wɔn yie, na ampa ara mede mʼakoma ne me kra nyinaa bɛdua wɔn wɔ asase yi so. 42 “Yei ne deɛ AWURADE seɛ: Sɛdeɛ mede amanehunu kɛseɛ yi nyinaa aba nkurɔfoɔ yi so no, saa ara na mede yiedie a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43 Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, deɛ moka wɔ ho sɛ, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafoɔ nsa, ɛno enti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so.’ 44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nwoma wɔ so. Wɔbɛsɔ ano wɔ adansefoɔ anim wɔ Benyamin mantam, nkuraase a atwa Yerusalem ho ahyia, nkuro a ɛwɔ Yuda, bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam mmepɔ ase ne Negeb, ɛfiri sɛ, mɛsane de wɔn ahonyadeɛ ama wɔn, AWURADE na ɔseɛ.”

In Other Versions

Jeremiah 32 in the ANGEFD

Jeremiah 32 in the ANTPNG2D

Jeremiah 32 in the AS21

Jeremiah 32 in the BAGH

Jeremiah 32 in the BBPNG

Jeremiah 32 in the BBT1E

Jeremiah 32 in the BDS

Jeremiah 32 in the BEV

Jeremiah 32 in the BHAD

Jeremiah 32 in the BIB

Jeremiah 32 in the BLPT

Jeremiah 32 in the BNT

Jeremiah 32 in the BNTABOOT

Jeremiah 32 in the BNTLV

Jeremiah 32 in the BOATCB2

Jeremiah 32 in the BOBCV

Jeremiah 32 in the BOCNT

Jeremiah 32 in the BOECS

Jeremiah 32 in the BOGWICC

Jeremiah 32 in the BOHCB

Jeremiah 32 in the BOHCV

Jeremiah 32 in the BOHLNT

Jeremiah 32 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 32 in the BOICB

Jeremiah 32 in the BOILNTAP

Jeremiah 32 in the BOITCV

Jeremiah 32 in the BOKCV

Jeremiah 32 in the BOKCV2

Jeremiah 32 in the BOKHWOG

Jeremiah 32 in the BOKSSV

Jeremiah 32 in the BOLCB

Jeremiah 32 in the BOLCB2

Jeremiah 32 in the BOMCV

Jeremiah 32 in the BONAV

Jeremiah 32 in the BONCB

Jeremiah 32 in the BONLT

Jeremiah 32 in the BONUT2

Jeremiah 32 in the BOPLNT

Jeremiah 32 in the BOSCB

Jeremiah 32 in the BOSNC

Jeremiah 32 in the BOTLNT

Jeremiah 32 in the BOVCB

Jeremiah 32 in the BOYCB

Jeremiah 32 in the BPBB

Jeremiah 32 in the BPH

Jeremiah 32 in the BSB

Jeremiah 32 in the CCB

Jeremiah 32 in the CUV

Jeremiah 32 in the CUVS

Jeremiah 32 in the DBT

Jeremiah 32 in the DGDNT

Jeremiah 32 in the DHNT

Jeremiah 32 in the DNT

Jeremiah 32 in the ELBE

Jeremiah 32 in the EMTV

Jeremiah 32 in the ESV

Jeremiah 32 in the FBV

Jeremiah 32 in the FEB

Jeremiah 32 in the GGMNT

Jeremiah 32 in the GNT

Jeremiah 32 in the HARY

Jeremiah 32 in the HNT

Jeremiah 32 in the IRVA

Jeremiah 32 in the IRVB

Jeremiah 32 in the IRVG

Jeremiah 32 in the IRVH

Jeremiah 32 in the IRVK

Jeremiah 32 in the IRVM

Jeremiah 32 in the IRVM2

Jeremiah 32 in the IRVO

Jeremiah 32 in the IRVP

Jeremiah 32 in the IRVT

Jeremiah 32 in the IRVT2

Jeremiah 32 in the IRVU

Jeremiah 32 in the ISVN

Jeremiah 32 in the JSNT

Jeremiah 32 in the KAPI

Jeremiah 32 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 32 in the KBV

Jeremiah 32 in the KJV

Jeremiah 32 in the KNFD

Jeremiah 32 in the LBA

Jeremiah 32 in the LBLA

Jeremiah 32 in the LNT

Jeremiah 32 in the LSV

Jeremiah 32 in the MAAL

Jeremiah 32 in the MBV

Jeremiah 32 in the MBV2

Jeremiah 32 in the MHNT

Jeremiah 32 in the MKNFD

Jeremiah 32 in the MNG

Jeremiah 32 in the MNT

Jeremiah 32 in the MNT2

Jeremiah 32 in the MRS1T

Jeremiah 32 in the NAA

Jeremiah 32 in the NASB

Jeremiah 32 in the NBLA

Jeremiah 32 in the NBS

Jeremiah 32 in the NBVTP

Jeremiah 32 in the NET2

Jeremiah 32 in the NIV11

Jeremiah 32 in the NNT

Jeremiah 32 in the NNT2

Jeremiah 32 in the NNT3

Jeremiah 32 in the PDDPT

Jeremiah 32 in the PFNT

Jeremiah 32 in the RMNT

Jeremiah 32 in the SBIAS

Jeremiah 32 in the SBIBS

Jeremiah 32 in the SBIBS2

Jeremiah 32 in the SBICS

Jeremiah 32 in the SBIDS

Jeremiah 32 in the SBIGS

Jeremiah 32 in the SBIHS

Jeremiah 32 in the SBIIS

Jeremiah 32 in the SBIIS2

Jeremiah 32 in the SBIIS3

Jeremiah 32 in the SBIKS

Jeremiah 32 in the SBIKS2

Jeremiah 32 in the SBIMS

Jeremiah 32 in the SBIOS

Jeremiah 32 in the SBIPS

Jeremiah 32 in the SBISS

Jeremiah 32 in the SBITS

Jeremiah 32 in the SBITS2

Jeremiah 32 in the SBITS3

Jeremiah 32 in the SBITS4

Jeremiah 32 in the SBIUS

Jeremiah 32 in the SBIVS

Jeremiah 32 in the SBT

Jeremiah 32 in the SBT1E

Jeremiah 32 in the SCHL

Jeremiah 32 in the SNT

Jeremiah 32 in the SUSU

Jeremiah 32 in the SUSU2

Jeremiah 32 in the SYNO

Jeremiah 32 in the TBIAOTANT

Jeremiah 32 in the TBT1E

Jeremiah 32 in the TBT1E2

Jeremiah 32 in the TFTIP

Jeremiah 32 in the TFTU

Jeremiah 32 in the TGNTATF3T

Jeremiah 32 in the THAI

Jeremiah 32 in the TNFD

Jeremiah 32 in the TNT

Jeremiah 32 in the TNTIK

Jeremiah 32 in the TNTIL

Jeremiah 32 in the TNTIN

Jeremiah 32 in the TNTIP

Jeremiah 32 in the TNTIZ

Jeremiah 32 in the TOMA

Jeremiah 32 in the TTENT

Jeremiah 32 in the UBG

Jeremiah 32 in the UGV

Jeremiah 32 in the UGV2

Jeremiah 32 in the UGV3

Jeremiah 32 in the VBL

Jeremiah 32 in the VDCC

Jeremiah 32 in the YALU

Jeremiah 32 in the YAPE

Jeremiah 32 in the YBVTP

Jeremiah 32 in the ZBP