Jeremiah 32 (BOATCB2)

1 Eyi ne asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ Yudahene Sedekia adedi afe a ɛto so du a na ɛyɛ Nebukadnessar adedi afe a ɛto so dunwɔtwe no mu. 2 Na Babiloniahene nsraadɔm aka Yerusalem ahyɛ a na odiyifo Yeremia nso da dua mu wɔ awɛmfo adiwo a ɛwɔ Yuda ahemfi. 3 Na Yudahene Sedekia de no ato afiase wɔ hɔ reka se, “Adɛn nti na wohyɛ nkɔm a ɛte sɛɛ? Woka se, ‘Nea AWURADE se ni: Mede saa kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniahene nsa, na wafa no nnommum. 4 Yudahene Sedekia rennya kwan nguan mfi Babiloniafo nsam, na ampa ara hyɛ na wɔde no bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔne no akasa anim ne anim na ɔde nʼani ahu no. 5 Ɔde Sedekia bɛkɔ Babilonia, na hɔ na ɔbɛtena akosi sɛ me ne no bedi, AWURADE na ose. Sɛ woko tia Babiloniafo no a worenni nkonim.’ ” 6 Yeremia kae se, “AWURADE asɛm baa me nkyɛn se, 7 Wo wɔfa Salum babarima Hanamel rebɛba wo nkyɛn, abɛka se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot no, efisɛ woyɛ me busuani titiriw na wowɔ ho kwan, na ɛyɛ wʼasɛde nso sɛ wotɔ.’  8 “Na sɛnea AWURADE aka no, me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfo adiwo hɔ bɛkae se, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho kwan sɛ wugye na wofa no nti, tɔ na fa.’“Mihuu sɛ eyi yɛ AWURADE asɛm.” 9 Enti metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no fii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na mituaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron anan (194) maa no. 10 Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase, sɔw ano wɔ nnansefo anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔw no. 11 Na mefaa adetɔ nhoma no, nea wɔasɔw ano a ɛho nhyehyɛe wɔ mu no, ne nea wɔnsɔw ano no nso, 12 na mede saa adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk a, ɔyɛ Maaseia nena no wɔ me wɔfa ba Hanamel, nnansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nhoma no ase ne Yudafo a na wɔwɔ awɛmfo adiwo hɔ no nyinaa anim. 13 “Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim se, 14 ‘Nea Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no se ni: Fa saa adetɔ so nhoma yi, nea wɔasɔw ano ne nea wɔnsɔw ano, na fa gu dɔte asuhina mu, sɛnea ɛbɛkyɛ yiye. 15 Nea Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no se ni: Wɔbɛtotɔ afi, mfuw ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’  16 “Mede adetɔ nhoma no maa Neria babarima Baruk akyiri no, mebɔɔ AWURADE mpae se, 17 “Ao, Otumfo AWURADE, wo na wonam wo tumi ne wo basa a woateɛ mu so abɔ ɔsoro ne asase. Biribiara nyɛ den mma wo. 18 Wuyi ɔdɔ adi kyerɛ mpempem, nanso wutua agyanom amumɔyɛ so ka gu wɔn mma a wodi wɔn akyi srɛ so. Onyankopɔn Tweduampɔn a woso na wowɔ tumi, wo din ne Asafo AWURADE, 19 wo botae so, na wo nneyɛe yɛ kɛse. Wʼaniwa hu nnipa akwan nyinaa; na wutua obiara ka sɛnea nʼabrabɔ ne ne nneyɛe te. 20 Woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade wɔ Misraim na atoa so de abesi nnɛ wɔ Israel ne adesamma nyinaa mu, na wode agye din a ɛwɔ wo de besi nnɛ. 21 Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, nsa a ɛyɛ den ne abasa a wɔateɛ mu ne nneɛma ɛyɛ hu yii wo man Israel fii Misraim. 22 Wode asase a wokaa ho ntam sɛ wode bɛma wɔn agyanom no maa wɔn, asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so. 23 Wɔba bedii, na wɔtenaa so, nanso wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; wɔanyɛ nea wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Enti wode saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so. 24 “Hwɛ sɛnea wɔasisi ntuano mpampim de rebegye kuropɔn no. Esiane afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm nti, wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo a wɔretow ahyɛ ne so no nsa. Nea wokae no aba mu sɛnea wuhu no mprempren no. 25 Na ɛwɔ mu sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafo nsa de, nanso wo, Otumfo AWURADE, ka kyerɛ me se, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma nnansefo mmra ho nhyehyɛe no mu.’ ” 26 Na AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 27 “Mene AWURADE adesamma nyinaa Nyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me ana? 28 Enti nea AWURADE se ni: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafo ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29 Babiloniafo a wɔretow ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba, na wɔato mu gya; wɔbɛhyew no dwerɛbee, ɛno ne afi a nnipa hyew nnuhuam wɔ atifi maa Baal na wohwiee afɔrebɔ nsa maa anyame foforo de hyɛɛ me abufuw no. 30 “Israelfo ne Yudafo nyɛɛ biribiara sɛ bɔne wɔ mʼani so, efi wɔn mmabun bere mu; ampa ara Israelfo nyɛɛ biribiara sɛ wɔde nneɛma a wɔde wɔn nsa ayɛ bɛhyɛ me abufuw, AWURADE na ose. 31 Efi da a wɔkyekyeree saa kuropɔn yi de besi nnɛ, wahyɛ me abufuw ne abufuwtraso a ɛsɛ sɛ miyi no fi mʼani so. 32 Israelfo ne Yudafo de bɔne a wɔayɛ nyinaa ahyɛ me abufuw, wɔn, wɔn ahemfo ne adwumayɛfo, wɔn asɔfo ne adiyifo, mmarima a wɔwɔ Yuda ne nnipa a wɔwɔ Yerusalem. 33 Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ me; ɛwɔ mu, mekyerɛkyerɛ wɔn bere biara de, nanso wɔantie na wɔamfa nteɛso. 34 Wɔasisi ahoni a ɛyɛ akyiwade wɔ ofi a me Din da so no mu, de guu ho fi. 35 Wosisii sorɔnsorɔmmea maa Baal wɔ Ben Hinom bon mu, de wɔn mmabarima ne mmabea bɔɔ afɔre maa Molek, wɔ bere a menhyɛɛ wɔn na ɛmmaa mʼadwene mu da sɛ wɔnyɛ saa akyiwade yi mma Yuda nyɛ bɔne. 36 “Woreka wɔ kuropɔn yi ho se, ‘Wɔnam afoa, ɔkɔm ne ɔyaredɔm so de bɛhyɛ Babiloniahene nsa’; nanso sɛɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn se: 37 Ampa ara mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mifi mʼabufuwhyew mu pam wɔn koguu hɔ; mɛsan de wɔn aba ha na mama wɔatena ase ahotɔ mu. 38 Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. 39 Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti. 40 Na me ne wɔn bɛyɛ daapem apam: Merennyae wɔn yiyeyɛ da, na mede ɔpɛ bɛhyɛ wɔn koma mu, ama wɔasuro me, sɛnea wɔrentwe wɔn ho mfi me ho da. 41 Mʼani begye sɛ mɛyɛ wɔn yiye, na ampa ara mede me koma ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so. 42 “Sɛɛ na AWURADE se: Sɛnea mede amanehunu kɛse yi nyinaa aba nkurɔfo yi so no, saa ara na mede yiyedi a mahyɛ wɔn ho bɔ no bɛma wɔn. 43 Wɔbɛtotɔ nsase bio wɔ ha, nea moka wɔ ho se, ‘Wɔde ahyɛ Babiloniafo nsa, ɛno nti ada mpan, na nnipa anaa mmoa nni so no.’ 44 Wɔde dwetɛ bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyɛ adetɔ nhoma wɔ so. Wɔbɛsɔw ano wɔ nnansefo anim wɔ Benyamin mantam, nkuraa a atwa Yerusalem ho ahyia, nkurow a ɛwɔ Yuda, bepɔw so man, atɔe fam mmepɔw ase ne Negeb, efisɛ mɛsan de wɔn ahonyade ama wɔn, AWURADE na ose.”

In Other Versions

Jeremiah 32 in the ANGEFD

Jeremiah 32 in the ANTPNG2D

Jeremiah 32 in the AS21

Jeremiah 32 in the BAGH

Jeremiah 32 in the BBPNG

Jeremiah 32 in the BBT1E

Jeremiah 32 in the BDS

Jeremiah 32 in the BEV

Jeremiah 32 in the BHAD

Jeremiah 32 in the BIB

Jeremiah 32 in the BLPT

Jeremiah 32 in the BNT

Jeremiah 32 in the BNTABOOT

Jeremiah 32 in the BNTLV

Jeremiah 32 in the BOATCB

Jeremiah 32 in the BOBCV

Jeremiah 32 in the BOCNT

Jeremiah 32 in the BOECS

Jeremiah 32 in the BOGWICC

Jeremiah 32 in the BOHCB

Jeremiah 32 in the BOHCV

Jeremiah 32 in the BOHLNT

Jeremiah 32 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 32 in the BOICB

Jeremiah 32 in the BOILNTAP

Jeremiah 32 in the BOITCV

Jeremiah 32 in the BOKCV

Jeremiah 32 in the BOKCV2

Jeremiah 32 in the BOKHWOG

Jeremiah 32 in the BOKSSV

Jeremiah 32 in the BOLCB

Jeremiah 32 in the BOLCB2

Jeremiah 32 in the BOMCV

Jeremiah 32 in the BONAV

Jeremiah 32 in the BONCB

Jeremiah 32 in the BONLT

Jeremiah 32 in the BONUT2

Jeremiah 32 in the BOPLNT

Jeremiah 32 in the BOSCB

Jeremiah 32 in the BOSNC

Jeremiah 32 in the BOTLNT

Jeremiah 32 in the BOVCB

Jeremiah 32 in the BOYCB

Jeremiah 32 in the BPBB

Jeremiah 32 in the BPH

Jeremiah 32 in the BSB

Jeremiah 32 in the CCB

Jeremiah 32 in the CUV

Jeremiah 32 in the CUVS

Jeremiah 32 in the DBT

Jeremiah 32 in the DGDNT

Jeremiah 32 in the DHNT

Jeremiah 32 in the DNT

Jeremiah 32 in the ELBE

Jeremiah 32 in the EMTV

Jeremiah 32 in the ESV

Jeremiah 32 in the FBV

Jeremiah 32 in the FEB

Jeremiah 32 in the GGMNT

Jeremiah 32 in the GNT

Jeremiah 32 in the HARY

Jeremiah 32 in the HNT

Jeremiah 32 in the IRVA

Jeremiah 32 in the IRVB

Jeremiah 32 in the IRVG

Jeremiah 32 in the IRVH

Jeremiah 32 in the IRVK

Jeremiah 32 in the IRVM

Jeremiah 32 in the IRVM2

Jeremiah 32 in the IRVO

Jeremiah 32 in the IRVP

Jeremiah 32 in the IRVT

Jeremiah 32 in the IRVT2

Jeremiah 32 in the IRVU

Jeremiah 32 in the ISVN

Jeremiah 32 in the JSNT

Jeremiah 32 in the KAPI

Jeremiah 32 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 32 in the KBV

Jeremiah 32 in the KJV

Jeremiah 32 in the KNFD

Jeremiah 32 in the LBA

Jeremiah 32 in the LBLA

Jeremiah 32 in the LNT

Jeremiah 32 in the LSV

Jeremiah 32 in the MAAL

Jeremiah 32 in the MBV

Jeremiah 32 in the MBV2

Jeremiah 32 in the MHNT

Jeremiah 32 in the MKNFD

Jeremiah 32 in the MNG

Jeremiah 32 in the MNT

Jeremiah 32 in the MNT2

Jeremiah 32 in the MRS1T

Jeremiah 32 in the NAA

Jeremiah 32 in the NASB

Jeremiah 32 in the NBLA

Jeremiah 32 in the NBS

Jeremiah 32 in the NBVTP

Jeremiah 32 in the NET2

Jeremiah 32 in the NIV11

Jeremiah 32 in the NNT

Jeremiah 32 in the NNT2

Jeremiah 32 in the NNT3

Jeremiah 32 in the PDDPT

Jeremiah 32 in the PFNT

Jeremiah 32 in the RMNT

Jeremiah 32 in the SBIAS

Jeremiah 32 in the SBIBS

Jeremiah 32 in the SBIBS2

Jeremiah 32 in the SBICS

Jeremiah 32 in the SBIDS

Jeremiah 32 in the SBIGS

Jeremiah 32 in the SBIHS

Jeremiah 32 in the SBIIS

Jeremiah 32 in the SBIIS2

Jeremiah 32 in the SBIIS3

Jeremiah 32 in the SBIKS

Jeremiah 32 in the SBIKS2

Jeremiah 32 in the SBIMS

Jeremiah 32 in the SBIOS

Jeremiah 32 in the SBIPS

Jeremiah 32 in the SBISS

Jeremiah 32 in the SBITS

Jeremiah 32 in the SBITS2

Jeremiah 32 in the SBITS3

Jeremiah 32 in the SBITS4

Jeremiah 32 in the SBIUS

Jeremiah 32 in the SBIVS

Jeremiah 32 in the SBT

Jeremiah 32 in the SBT1E

Jeremiah 32 in the SCHL

Jeremiah 32 in the SNT

Jeremiah 32 in the SUSU

Jeremiah 32 in the SUSU2

Jeremiah 32 in the SYNO

Jeremiah 32 in the TBIAOTANT

Jeremiah 32 in the TBT1E

Jeremiah 32 in the TBT1E2

Jeremiah 32 in the TFTIP

Jeremiah 32 in the TFTU

Jeremiah 32 in the TGNTATF3T

Jeremiah 32 in the THAI

Jeremiah 32 in the TNFD

Jeremiah 32 in the TNT

Jeremiah 32 in the TNTIK

Jeremiah 32 in the TNTIL

Jeremiah 32 in the TNTIN

Jeremiah 32 in the TNTIP

Jeremiah 32 in the TNTIZ

Jeremiah 32 in the TOMA

Jeremiah 32 in the TTENT

Jeremiah 32 in the UBG

Jeremiah 32 in the UGV

Jeremiah 32 in the UGV2

Jeremiah 32 in the UGV3

Jeremiah 32 in the VBL

Jeremiah 32 in the VDCC

Jeremiah 32 in the YALU

Jeremiah 32 in the YAPE

Jeremiah 32 in the YBVTP

Jeremiah 32 in the ZBP