Jeremiah 36 (BOATCB)

1 Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛtɔ so ɛnan mu, saa asɛm yi firi AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ, 2 “Fa nwoma mmobɔeɛ, na twerɛ nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, ɛfiri ɛberɛ a mefirii aseɛ kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedie berɛ so bɛsi ɛnnɛ gu so. 3 Ebia, sɛ Yudafoɔ te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so a, wɔn mu biara bɛdane afiri nʼamumuyɛ ho na afei mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.” 4 Enti, Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na ɛberɛ a ɔreka nsɛm a AWURADE aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu. 5 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Meda dua mu; merentumi nkɔ AWURADE asɔredan mu. 6 Enti, kɔ AWURADE efie mmuadadie da bi na kenkan nsɛm a ɛfiri AWURADE nkyɛn a meka ma wotwerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafoɔ a wɔfiri wɔn nkuro so aba no. 7 Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba AWURADE anim na wɔn mu biara adane afiri nʼamumuyɛ akwan ho, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ nsɛm a AWURADE aka atia saa nnipa yi so.” 8 Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifoɔ Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkanee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu wɔ AWURADE asɔredan no mu. 9 Ɔbosome a ɛtɔ so nkron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedie afe a ɛtɔ so enum so no, wɔpaee AWURADE anim mmuadadie maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wɔfiri Yuda nkuro so aba no. 10 Baruk kenkanee Yeremia nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ AWURADE asɔredan no mu nyinaa; firii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adihɔ na ɛbɛn Ɔpono Foforɔ no mu. 11 Ɛberɛ a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu no, 12 ɔkɔɔ ɔtwerɛfoɔ no dan a ɛwɔ ahemfie hɔ no mu, baabi a na ɔtwerɛfoɔ Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa teteɛ. 13 Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkanee firii nwoma mmobɔeɛ no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi, 14 adwumayɛfoɔ no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ a wokenkane firii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a nwoma mmobɔeɛ no kura no. 15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16 Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Afei, wɔbisaa Baruk sɛ, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wotwerɛɛ yeinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wotwerɛeɛ anaa?” 18 Baruk buaa sɛ, “Aane, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri twerɛ guu nwoma mmobɔeɛ no mu.” 19 Na adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ Baruk sɛ, “Wo ne Yeremia, monkɔhinta. Monnkyerɛ obiara mo akyiri ɛkwan.” 20 Wɔde nwoma mmobɔeɛ no kɔsiee ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu akyi no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabannwa no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21 Ɔhene no somaa Yehudi sɛ, ɔnkɔfa nwoma mmobɔeɛ no mmra. Yehudi kɔfa firii ɔtwerɛfoɔ Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no nyinaa. 22 Na ɛyɛ ɔbosome a ɛtɔ so nkron a na ɔhene no te awɔberɛ dan mu reto ogya a ɛsi nʼanim. 23 Ɛberɛ biara a Yehudi bɛkenkan nwoma mmobɔeɛ no afaafa bɛyɛ mmiɛnsa anaa ɛnan no, ɔhene no de ɔtwerɛfoɔ sekan, twitwa de gu ogya no mu, kɔsii sɛ nwoma mmobɔeɛ no nyinaa hyeeɛ. 24 Ɔhene no ne nʼasomfoɔ a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntadeɛ mu nso. 25 Ɛwom sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnnhye nwoma mmobɔeɛ no, nanso wantie wɔn. 26 Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia sɛ, wɔnkɔkye ɔtwerɛfoɔ Baruk ne odiyifoɔ Yeremia mmra. Nanso, na AWURADE de wɔn asie. 27 Ɔhene no hyee nwoma mmobɔeɛ a na nsɛm a Baruk twerɛ firii Yeremia anom wɔ mu no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 28 “Fa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na twerɛ nsɛm a ɛwɔ kane mmobɔeɛ a Yudahene Yehoiakim hyeeɛ no gu mu. 29 Afei, ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim sɛ, ‘Yei ne deɛ AWURADE seɛ: Wohyee nwoma mmobɔeɛ no kaa sɛ: “Adɛn enti na wotwerɛɛ wɔ mu sɛ ɛkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre ɛso nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30 Ɛno enti, yei ne deɛ AWURADE ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahennwa so. Wɔbɛto ne funu atwene a, wɔrensie no, na wada owia hyeɛ ne anadwo awɔ mu. 31 Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfoɔ aso wɔ wɔn amumuyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnntieɛ.’ ” 32 Na Yeremia faa nwoma mmobɔeɛ foforɔ, na ɔka maa ne twerɛfoɔ Baruk twerɛeɛ. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no a Yudahene Yehoiakim hyee no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.

In Other Versions

Jeremiah 36 in the ANGEFD

Jeremiah 36 in the ANTPNG2D

Jeremiah 36 in the AS21

Jeremiah 36 in the BAGH

Jeremiah 36 in the BBPNG

Jeremiah 36 in the BBT1E

Jeremiah 36 in the BDS

Jeremiah 36 in the BEV

Jeremiah 36 in the BHAD

Jeremiah 36 in the BIB

Jeremiah 36 in the BLPT

Jeremiah 36 in the BNT

Jeremiah 36 in the BNTABOOT

Jeremiah 36 in the BNTLV

Jeremiah 36 in the BOATCB2

Jeremiah 36 in the BOBCV

Jeremiah 36 in the BOCNT

Jeremiah 36 in the BOECS

Jeremiah 36 in the BOGWICC

Jeremiah 36 in the BOHCB

Jeremiah 36 in the BOHCV

Jeremiah 36 in the BOHLNT

Jeremiah 36 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 36 in the BOICB

Jeremiah 36 in the BOILNTAP

Jeremiah 36 in the BOITCV

Jeremiah 36 in the BOKCV

Jeremiah 36 in the BOKCV2

Jeremiah 36 in the BOKHWOG

Jeremiah 36 in the BOKSSV

Jeremiah 36 in the BOLCB

Jeremiah 36 in the BOLCB2

Jeremiah 36 in the BOMCV

Jeremiah 36 in the BONAV

Jeremiah 36 in the BONCB

Jeremiah 36 in the BONLT

Jeremiah 36 in the BONUT2

Jeremiah 36 in the BOPLNT

Jeremiah 36 in the BOSCB

Jeremiah 36 in the BOSNC

Jeremiah 36 in the BOTLNT

Jeremiah 36 in the BOVCB

Jeremiah 36 in the BOYCB

Jeremiah 36 in the BPBB

Jeremiah 36 in the BPH

Jeremiah 36 in the BSB

Jeremiah 36 in the CCB

Jeremiah 36 in the CUV

Jeremiah 36 in the CUVS

Jeremiah 36 in the DBT

Jeremiah 36 in the DGDNT

Jeremiah 36 in the DHNT

Jeremiah 36 in the DNT

Jeremiah 36 in the ELBE

Jeremiah 36 in the EMTV

Jeremiah 36 in the ESV

Jeremiah 36 in the FBV

Jeremiah 36 in the FEB

Jeremiah 36 in the GGMNT

Jeremiah 36 in the GNT

Jeremiah 36 in the HARY

Jeremiah 36 in the HNT

Jeremiah 36 in the IRVA

Jeremiah 36 in the IRVB

Jeremiah 36 in the IRVG

Jeremiah 36 in the IRVH

Jeremiah 36 in the IRVK

Jeremiah 36 in the IRVM

Jeremiah 36 in the IRVM2

Jeremiah 36 in the IRVO

Jeremiah 36 in the IRVP

Jeremiah 36 in the IRVT

Jeremiah 36 in the IRVT2

Jeremiah 36 in the IRVU

Jeremiah 36 in the ISVN

Jeremiah 36 in the JSNT

Jeremiah 36 in the KAPI

Jeremiah 36 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 36 in the KBV

Jeremiah 36 in the KJV

Jeremiah 36 in the KNFD

Jeremiah 36 in the LBA

Jeremiah 36 in the LBLA

Jeremiah 36 in the LNT

Jeremiah 36 in the LSV

Jeremiah 36 in the MAAL

Jeremiah 36 in the MBV

Jeremiah 36 in the MBV2

Jeremiah 36 in the MHNT

Jeremiah 36 in the MKNFD

Jeremiah 36 in the MNG

Jeremiah 36 in the MNT

Jeremiah 36 in the MNT2

Jeremiah 36 in the MRS1T

Jeremiah 36 in the NAA

Jeremiah 36 in the NASB

Jeremiah 36 in the NBLA

Jeremiah 36 in the NBS

Jeremiah 36 in the NBVTP

Jeremiah 36 in the NET2

Jeremiah 36 in the NIV11

Jeremiah 36 in the NNT

Jeremiah 36 in the NNT2

Jeremiah 36 in the NNT3

Jeremiah 36 in the PDDPT

Jeremiah 36 in the PFNT

Jeremiah 36 in the RMNT

Jeremiah 36 in the SBIAS

Jeremiah 36 in the SBIBS

Jeremiah 36 in the SBIBS2

Jeremiah 36 in the SBICS

Jeremiah 36 in the SBIDS

Jeremiah 36 in the SBIGS

Jeremiah 36 in the SBIHS

Jeremiah 36 in the SBIIS

Jeremiah 36 in the SBIIS2

Jeremiah 36 in the SBIIS3

Jeremiah 36 in the SBIKS

Jeremiah 36 in the SBIKS2

Jeremiah 36 in the SBIMS

Jeremiah 36 in the SBIOS

Jeremiah 36 in the SBIPS

Jeremiah 36 in the SBISS

Jeremiah 36 in the SBITS

Jeremiah 36 in the SBITS2

Jeremiah 36 in the SBITS3

Jeremiah 36 in the SBITS4

Jeremiah 36 in the SBIUS

Jeremiah 36 in the SBIVS

Jeremiah 36 in the SBT

Jeremiah 36 in the SBT1E

Jeremiah 36 in the SCHL

Jeremiah 36 in the SNT

Jeremiah 36 in the SUSU

Jeremiah 36 in the SUSU2

Jeremiah 36 in the SYNO

Jeremiah 36 in the TBIAOTANT

Jeremiah 36 in the TBT1E

Jeremiah 36 in the TBT1E2

Jeremiah 36 in the TFTIP

Jeremiah 36 in the TFTU

Jeremiah 36 in the TGNTATF3T

Jeremiah 36 in the THAI

Jeremiah 36 in the TNFD

Jeremiah 36 in the TNT

Jeremiah 36 in the TNTIK

Jeremiah 36 in the TNTIL

Jeremiah 36 in the TNTIN

Jeremiah 36 in the TNTIP

Jeremiah 36 in the TNTIZ

Jeremiah 36 in the TOMA

Jeremiah 36 in the TTENT

Jeremiah 36 in the UBG

Jeremiah 36 in the UGV

Jeremiah 36 in the UGV2

Jeremiah 36 in the UGV3

Jeremiah 36 in the VBL

Jeremiah 36 in the VDCC

Jeremiah 36 in the YALU

Jeremiah 36 in the YAPE

Jeremiah 36 in the YBVTP

Jeremiah 36 in the ZBP