Jeremiah 36 (BOATCB2)

1 Yudahene Yosia babarima Yehoiakim afe a ɛto so anan mu, saa asɛm yi fi AWURADE nkyɛn baa Yeremia hɔ: 2 “Fa nhoma mmobɔwee, na kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo fa Israel, Yuda ne aman a aka no ho nyinaa, efi bere a mifii ase kasa kyerɛɛ wo wɔ Yosia adedi bere so de besi nnɛ no gu so. 3 Ebia, sɛ Yudafo te amanehunu biara a mayɛ mʼadwene sɛ mede bɛba wɔn so no a, wɔn mu biara bɛdan afi nʼamumɔyɛ ho na afei mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.” 4 Enti Yeremia frɛɛ Neria babarima Baruk, na bere a ɔreka nsɛm a AWURADE aka akyerɛ no nyinaa no, Baruk kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu. 5 Afei Yeremia ka kyerɛɛ Baruk se, “Meda dua mu; merentumi nkɔ AWURADE asɔredan mu. 6 Enti kɔ AWURADE fi mmuadadi da bi na kenkan nsɛm a efi AWURADE nkyɛn a meka ma wokyerɛw guu nhoma mmobɔwee no so no kyerɛ nnipa no. Kenkan kyerɛ Yudafo a wofi wɔn nkurow so aba no. 7 Ebia wɔde wɔn nkotosrɛ bɛba AWURADE anim na wɔn mu biara adan afi nʼamumɔyɛ akwan no so, efisɛ abufuw ne abufuwhyew nsɛm a AWURADE aka atia saa nnipa yi so.” 8 Neria babarima Baruk yɛɛ biribiara a odiyifo Yeremia kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, ɔkenkan AWURADE nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu wɔ AWURADE asɔredan no mu. 9 Ɔsram a ɛto so akron wɔ Yudahene Yosia babarima Yehoiakim adedi afe a ɛto so anum so no, wɔpaee AWURADE anim mmuadadi maa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa ne wɔn a wofi Yuda nkurow so aba no. 10 Baruk kenkan Yeremia nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ AWURADE asɔredan no mu nyinaa; fii Safan babarima Gemaria a ɔyɛ ɔkyerɛwfo no pia a ɛwɔ asɔredan no atifi adiwo na ɛbɛn Ɔpon Foforo no mu. 11 Bere a Safan babarima Gemaria babarima Mikaia tee AWURADE nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu no, 12 ɔkɔɔ ɔkyerɛwfo no dan a ɛwɔ ahemfi hɔ no mu, faako a na adwumayɛfo no nyinaa: ɔkyerɛwfo Elisama, Semaia babarima Delaia, Akbor babarima Elnatan, Safan babarima Gemaria, Hanania babarima Sedekia ne adwumayɛfo a wɔaka no nyinaa tete. 13 Mikaia kaa nsɛm a Baruk kenkan fii nhoma mmobɔwee no mu nyinaa kyerɛɛ wɔn no akyi no, 14 adwumayɛfo no nyinaa somaa Kusi babarima Selemia babarima Netania babarima Yehudi sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Baruk se, “Fa nhoma mmobɔwee a wokenkan fii mu kyerɛɛ nnipa no bra, na bra.” Enti Neria babarima Baruk kɔɔ wɔn hɔ a na okura nhoma mmobɔwee no. 15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛsrɛ wo tena ase, na kenkan kyerɛ yɛn.”Enti Baruk kenkan kyerɛɛ wɔn. 16 Wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no, wɔde ehu hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim na wɔka kyerɛɛ Baruk se, “Ɛsɛ sɛ yɛka saa nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔhene.” 17 Afei wobisaa Baruk se, “Ka kyerɛ yɛn, ɛyɛɛ dɛn na wokyerɛw eyinom nyinaa? Yeremia na ɔka ma wokyerɛw ana?” 18 Baruk buae se, “Yiw, ɔno na ɔkaa saa nsɛm yi nyinaa ma mede adubiri kyerɛw guu nhoma mmobɔwee no mu.” 19 Na adwumayɛfo no ka kyerɛɛ Baruk se, “Wo ne Yeremia, munkohintaw. Monnkyerɛ obiara mo akyi kwan.” 20 Wɔde nhoma mmobɔwee no kosiee ɔkyerɛwfo Elisama dan mu akyiri no, wɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn wɔ nʼabangua no mu kɔkaa biribiara kyerɛɛ no. 21 Ɔhene no somaa Yehudi se, ɔnkɔfa nhoma mmobɔwee no mmra. Yehudi kɔfa fii ɔkyerɛwfo Elisama dan mu, bɛkenkan kyerɛɛ ɔhene ne adwumayɛfo a wogyinagyina ne ho no nyinaa. 22 Na ɛyɛ ɔsram a ɛto so akron a na ɔhene no te awɔwbere dan mu reto ogya a esi nʼanim. 23 Bere biara a Yehudi bɛkenkan nhoma mmobɔwee no afaafa bɛyɛ abiɛsa anaa anan no, ɔhene no de ɔkyerɛwfo afoa, twitwa de gu ogya no mu, kosii sɛ nhoma mmobɔwee no nyinaa hyewee. 24 Ɔhene no ne nʼasomfo a wɔtee saa nsɛm yi nyinaa no ammɔ hu, na wɔansunsuane wɔn ntade mu nso. 25 Ɛwɔ mu sɛ Elnatan, Delaia ne Gemaria srɛɛ ɔhene no sɛ ɔnhyew nhoma mmobɔwee no, nanso wantie wɔn. 26 Mmom ɔhene no hyɛɛ ne babarima Yerahmeel, Asriel babarima Seraia ne Abdeel babarima Selemia se, wɔnkɔkyere ɔkyerɛwfo Baruk ne odiyifo Yeremia mmra. Nanso na AWURADE de wɔn asie. 27 Ɔhene no hyew nhoma mmobɔwee a na nsɛm a Baruk akyerɛw afi Yeremia anum wɔ mu no akyi no, AWURADE asɛm baa Yeremia nkyɛn se, 28 “Fa nhoma mmobɔwee foforo, na kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kan mmobɔwee a Yudahene Yehoiakim hyew no gu mu. 29 Afei ka kyerɛ Yudahene Yehoiakim se, ‘Sɛɛ na AWURADE se: Wohyew nhoma mmobɔwee no kae se: “Adɛn nti na wokyerɛw wɔ mu se ɔkwan biara so, Babiloniahene bɛba abɛsɛe asase yi na watɔre so nnipa ne mmoa nyinaa ase?” 30 Ɛno nti, sɛɛ na AWURADE ka fa Yudahene Yehoiakim ho: Ɔrennya obi ntena Dawid ahengua so. Wɔbɛtow ne funu akyene a, wɔrensie no, na wada owia hyew ne anadwo awɔw mu. 31 Mɛtwe ɔno ne ne mma ne nʼasomfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ nti; mede amanehunu biara a mahyɛ atia wɔn bɛba wɔn ne wɔn a wɔte Yerusalem ne Yudafo so, efisɛ wɔantie.’ ” 32 Na Yeremia faa nhoma mmobɔwee foforo, na ɔka maa ne kyerɛwfo Baruk kyerɛwee. Ɔkaa biribiara a na ɛwɔ nhoma mmobɔwee no a ɔhene Yehoiakim hyew no no so. Na ɔde nsɛm pii kaa ho.

In Other Versions

Jeremiah 36 in the ANGEFD

Jeremiah 36 in the ANTPNG2D

Jeremiah 36 in the AS21

Jeremiah 36 in the BAGH

Jeremiah 36 in the BBPNG

Jeremiah 36 in the BBT1E

Jeremiah 36 in the BDS

Jeremiah 36 in the BEV

Jeremiah 36 in the BHAD

Jeremiah 36 in the BIB

Jeremiah 36 in the BLPT

Jeremiah 36 in the BNT

Jeremiah 36 in the BNTABOOT

Jeremiah 36 in the BNTLV

Jeremiah 36 in the BOATCB

Jeremiah 36 in the BOBCV

Jeremiah 36 in the BOCNT

Jeremiah 36 in the BOECS

Jeremiah 36 in the BOGWICC

Jeremiah 36 in the BOHCB

Jeremiah 36 in the BOHCV

Jeremiah 36 in the BOHLNT

Jeremiah 36 in the BOHNTLTAL

Jeremiah 36 in the BOICB

Jeremiah 36 in the BOILNTAP

Jeremiah 36 in the BOITCV

Jeremiah 36 in the BOKCV

Jeremiah 36 in the BOKCV2

Jeremiah 36 in the BOKHWOG

Jeremiah 36 in the BOKSSV

Jeremiah 36 in the BOLCB

Jeremiah 36 in the BOLCB2

Jeremiah 36 in the BOMCV

Jeremiah 36 in the BONAV

Jeremiah 36 in the BONCB

Jeremiah 36 in the BONLT

Jeremiah 36 in the BONUT2

Jeremiah 36 in the BOPLNT

Jeremiah 36 in the BOSCB

Jeremiah 36 in the BOSNC

Jeremiah 36 in the BOTLNT

Jeremiah 36 in the BOVCB

Jeremiah 36 in the BOYCB

Jeremiah 36 in the BPBB

Jeremiah 36 in the BPH

Jeremiah 36 in the BSB

Jeremiah 36 in the CCB

Jeremiah 36 in the CUV

Jeremiah 36 in the CUVS

Jeremiah 36 in the DBT

Jeremiah 36 in the DGDNT

Jeremiah 36 in the DHNT

Jeremiah 36 in the DNT

Jeremiah 36 in the ELBE

Jeremiah 36 in the EMTV

Jeremiah 36 in the ESV

Jeremiah 36 in the FBV

Jeremiah 36 in the FEB

Jeremiah 36 in the GGMNT

Jeremiah 36 in the GNT

Jeremiah 36 in the HARY

Jeremiah 36 in the HNT

Jeremiah 36 in the IRVA

Jeremiah 36 in the IRVB

Jeremiah 36 in the IRVG

Jeremiah 36 in the IRVH

Jeremiah 36 in the IRVK

Jeremiah 36 in the IRVM

Jeremiah 36 in the IRVM2

Jeremiah 36 in the IRVO

Jeremiah 36 in the IRVP

Jeremiah 36 in the IRVT

Jeremiah 36 in the IRVT2

Jeremiah 36 in the IRVU

Jeremiah 36 in the ISVN

Jeremiah 36 in the JSNT

Jeremiah 36 in the KAPI

Jeremiah 36 in the KBT1ETNIK

Jeremiah 36 in the KBV

Jeremiah 36 in the KJV

Jeremiah 36 in the KNFD

Jeremiah 36 in the LBA

Jeremiah 36 in the LBLA

Jeremiah 36 in the LNT

Jeremiah 36 in the LSV

Jeremiah 36 in the MAAL

Jeremiah 36 in the MBV

Jeremiah 36 in the MBV2

Jeremiah 36 in the MHNT

Jeremiah 36 in the MKNFD

Jeremiah 36 in the MNG

Jeremiah 36 in the MNT

Jeremiah 36 in the MNT2

Jeremiah 36 in the MRS1T

Jeremiah 36 in the NAA

Jeremiah 36 in the NASB

Jeremiah 36 in the NBLA

Jeremiah 36 in the NBS

Jeremiah 36 in the NBVTP

Jeremiah 36 in the NET2

Jeremiah 36 in the NIV11

Jeremiah 36 in the NNT

Jeremiah 36 in the NNT2

Jeremiah 36 in the NNT3

Jeremiah 36 in the PDDPT

Jeremiah 36 in the PFNT

Jeremiah 36 in the RMNT

Jeremiah 36 in the SBIAS

Jeremiah 36 in the SBIBS

Jeremiah 36 in the SBIBS2

Jeremiah 36 in the SBICS

Jeremiah 36 in the SBIDS

Jeremiah 36 in the SBIGS

Jeremiah 36 in the SBIHS

Jeremiah 36 in the SBIIS

Jeremiah 36 in the SBIIS2

Jeremiah 36 in the SBIIS3

Jeremiah 36 in the SBIKS

Jeremiah 36 in the SBIKS2

Jeremiah 36 in the SBIMS

Jeremiah 36 in the SBIOS

Jeremiah 36 in the SBIPS

Jeremiah 36 in the SBISS

Jeremiah 36 in the SBITS

Jeremiah 36 in the SBITS2

Jeremiah 36 in the SBITS3

Jeremiah 36 in the SBITS4

Jeremiah 36 in the SBIUS

Jeremiah 36 in the SBIVS

Jeremiah 36 in the SBT

Jeremiah 36 in the SBT1E

Jeremiah 36 in the SCHL

Jeremiah 36 in the SNT

Jeremiah 36 in the SUSU

Jeremiah 36 in the SUSU2

Jeremiah 36 in the SYNO

Jeremiah 36 in the TBIAOTANT

Jeremiah 36 in the TBT1E

Jeremiah 36 in the TBT1E2

Jeremiah 36 in the TFTIP

Jeremiah 36 in the TFTU

Jeremiah 36 in the TGNTATF3T

Jeremiah 36 in the THAI

Jeremiah 36 in the TNFD

Jeremiah 36 in the TNT

Jeremiah 36 in the TNTIK

Jeremiah 36 in the TNTIL

Jeremiah 36 in the TNTIN

Jeremiah 36 in the TNTIP

Jeremiah 36 in the TNTIZ

Jeremiah 36 in the TOMA

Jeremiah 36 in the TTENT

Jeremiah 36 in the UBG

Jeremiah 36 in the UGV

Jeremiah 36 in the UGV2

Jeremiah 36 in the UGV3

Jeremiah 36 in the VBL

Jeremiah 36 in the VDCC

Jeremiah 36 in the YALU

Jeremiah 36 in the YAPE

Jeremiah 36 in the YBVTP

Jeremiah 36 in the ZBP