John 5 (BOATCB)

1 Yei akyi no, Yudafoɔ afahyɛ bi enti, Yesu sane kɔɔ Yerusalem. 2 Na ɔtadeɛ bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Betesda a na ɛbɛn kuro no ano ɛpono kɛseɛ bi a wɔfrɛ no Nnwan Ɛpono no. Na wɔabɔ apata ahodoɔ enum atwa ho ahyia. 3 Saa apata yi ase na na ayarefoɔ pii sɛ, anifirafoɔ, mpakye ne mmubuafoɔ wɔ retwɛn sɛ Awurade ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛba abɛhono nsuo no. 4 Deɛ ɛteɛ ne sɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no hono nsuo no wie a, ɔyarefoɔ a ɔbɛdi ɛkan atɔ nsuo no mu no nya ayaresa. 5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtadeɛ no ho mfeɛ aduasa nwɔtwe. 6 Yesu hunuu sɛ wayare ada hɔ akyɛre no, ɔbisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?” 7 Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ efie.” 9 Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.Na saa da no yɛ homeda. 10 Yudafoɔ mpanin hunuu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuu yie. Wɔbisaa no sɛ, “Wonnim sɛ ɛnnɛ yɛ homeda na ɛtia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ anaa?” 11 Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.” 12 Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?” 13 Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ. 14 Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.” 15 Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no. 16 Yudafoɔ mpanin yi hyɛɛ aseɛ tanee Yesu ani, ɛfiri sɛ, wabu wɔn homeda mmara no so. 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mʼagya yɛ adwuma ɛberɛ biara, enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma ɛberɛ biara.” 18 Saa asɛm a Yesu kaeɛ yi maa Yudafoɔ mpanin no bo fuiɛ, na wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkum no, ɛfiri sɛ, na ɛnyɛ homeda mmara no nko na wabu so, na bio, ɔfrɛ ne ho sɛ Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20 Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no. 22 Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, 23 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni. 24 “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu. 25 Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. 26 Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. 27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no. 28 “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, 29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. 30 Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ. 31 “Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, mʼadansedie no nni mu. 32 Na obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ a menim sɛ nʼadanseɛ a ɔdi fa me ho no yɛ nokorɛ. 33 “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ. 34 Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa. 35 Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ. 36 “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane. 37 Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ. 38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni. 39 Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! 40 Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa! 41 “Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. 42 Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ. 43 Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no. 44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi? 45 “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no. 46 Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ. 47 Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.”

In Other Versions

John 5 in the ANGEFD

John 5 in the ANTPNG2D

John 5 in the AS21

John 5 in the BAGH

John 5 in the BBPNG

John 5 in the BBT1E

John 5 in the BDS

John 5 in the BEV

John 5 in the BHAD

John 5 in the BIB

John 5 in the BLPT

John 5 in the BNT

John 5 in the BNTABOOT

John 5 in the BNTLV

John 5 in the BOATCB2

John 5 in the BOBCV

John 5 in the BOCNT

John 5 in the BOECS

John 5 in the BOGWICC

John 5 in the BOHCB

John 5 in the BOHCV

John 5 in the BOHLNT

John 5 in the BOHNTLTAL

John 5 in the BOICB

John 5 in the BOILNTAP

John 5 in the BOITCV

John 5 in the BOKCV

John 5 in the BOKCV2

John 5 in the BOKHWOG

John 5 in the BOKSSV

John 5 in the BOLCB

John 5 in the BOLCB2

John 5 in the BOMCV

John 5 in the BONAV

John 5 in the BONCB

John 5 in the BONLT

John 5 in the BONUT2

John 5 in the BOPLNT

John 5 in the BOSCB

John 5 in the BOSNC

John 5 in the BOTLNT

John 5 in the BOVCB

John 5 in the BOYCB

John 5 in the BPBB

John 5 in the BPH

John 5 in the BSB

John 5 in the CCB

John 5 in the CUV

John 5 in the CUVS

John 5 in the DBT

John 5 in the DGDNT

John 5 in the DHNT

John 5 in the DNT

John 5 in the ELBE

John 5 in the EMTV

John 5 in the ESV

John 5 in the FBV

John 5 in the FEB

John 5 in the GGMNT

John 5 in the GNT

John 5 in the HARY

John 5 in the HNT

John 5 in the IRVA

John 5 in the IRVB

John 5 in the IRVG

John 5 in the IRVH

John 5 in the IRVK

John 5 in the IRVM

John 5 in the IRVM2

John 5 in the IRVO

John 5 in the IRVP

John 5 in the IRVT

John 5 in the IRVT2

John 5 in the IRVU

John 5 in the ISVN

John 5 in the JSNT

John 5 in the KAPI

John 5 in the KBT1ETNIK

John 5 in the KBV

John 5 in the KJV

John 5 in the KNFD

John 5 in the LBA

John 5 in the LBLA

John 5 in the LNT

John 5 in the LSV

John 5 in the MAAL

John 5 in the MBV

John 5 in the MBV2

John 5 in the MHNT

John 5 in the MKNFD

John 5 in the MNG

John 5 in the MNT

John 5 in the MNT2

John 5 in the MRS1T

John 5 in the NAA

John 5 in the NASB

John 5 in the NBLA

John 5 in the NBS

John 5 in the NBVTP

John 5 in the NET2

John 5 in the NIV11

John 5 in the NNT

John 5 in the NNT2

John 5 in the NNT3

John 5 in the PDDPT

John 5 in the PFNT

John 5 in the RMNT

John 5 in the SBIAS

John 5 in the SBIBS

John 5 in the SBIBS2

John 5 in the SBICS

John 5 in the SBIDS

John 5 in the SBIGS

John 5 in the SBIHS

John 5 in the SBIIS

John 5 in the SBIIS2

John 5 in the SBIIS3

John 5 in the SBIKS

John 5 in the SBIKS2

John 5 in the SBIMS

John 5 in the SBIOS

John 5 in the SBIPS

John 5 in the SBISS

John 5 in the SBITS

John 5 in the SBITS2

John 5 in the SBITS3

John 5 in the SBITS4

John 5 in the SBIUS

John 5 in the SBIVS

John 5 in the SBT

John 5 in the SBT1E

John 5 in the SCHL

John 5 in the SNT

John 5 in the SUSU

John 5 in the SUSU2

John 5 in the SYNO

John 5 in the TBIAOTANT

John 5 in the TBT1E

John 5 in the TBT1E2

John 5 in the TFTIP

John 5 in the TFTU

John 5 in the TGNTATF3T

John 5 in the THAI

John 5 in the TNFD

John 5 in the TNT

John 5 in the TNTIK

John 5 in the TNTIL

John 5 in the TNTIN

John 5 in the TNTIP

John 5 in the TNTIZ

John 5 in the TOMA

John 5 in the TTENT

John 5 in the UBG

John 5 in the UGV

John 5 in the UGV2

John 5 in the UGV3

John 5 in the VBL

John 5 in the VDCC

John 5 in the YALU

John 5 in the YAPE

John 5 in the YBVTP

John 5 in the ZBP