John 5 (BOATCB2)

1 Eyi akyi no Yudafo afahyɛ bi nti Yesu san kɔɔ Yerusalem. 2 Na ɔtare bi wɔ kurow no mu a wɔfrɛ no Betseda a na ɛbɛn kurow no ano pon kɛse bi a wɔfrɛ no Nguan Pon no. Na wɔabɔ pata ahorow anum atwa ho ahyia. 3 Saa pata yi ase na na ayarefo pii sɛ, anifuraefo, mpakye ne mmubuafo wɔ retwɛn sɛ Awurade bɔfo fi ɔsoro bɛba abɛfono nsu no. 4 Nea ɛte ne sɛ, sɛ ɔbɔfo no fono nsu no wie a, ɔyarefo a obedi kan atɔ mu no nya ayaresa. 5 Na ɔbarima bi ayare ada ɔtare no ho mfe aduasa awotwe. 6 Yesu huu sɛ wayare ada hɔ akyɛ no, obisaa no se, “Wopɛ sɛ wo ho tɔ wo ana?” 7 Ɔyarefo no buaa no se, “Me wura, sɛ ɔbɔfo no bɛfono nsu no a, minnya obi a ɔbɛma me so ato mu. Bere biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ mu no, obi di me kan.” 8 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre! Bobɔw wo kɛtɛ na kɔ fie.” 9 Amono mu hɔ ara, ɔbarima no nyaa ahoɔden bobɔw ne kɛtɛ, fii ase nantewee.Na saa da no yɛ homeda. 10 Yudafo mpanyin huu ɔbarima no sɛ ɔso ne kɛtɛ no, wɔn bo fuw yiye. Wobisaa no se, “Wunnim sɛ nnɛ yɛ homeda na etia mmara sɛ wobɛsoa wo kɛtɛ ana?” 11 Ɔbarima yi de ahopopo yii ne ho ano se, “Onipa a ɔsaa me yare no na ɔka kyerɛɛ me se mensoa me kɛtɛ na menkɔ.” 12 Wɔtee saa no wobisaa no se, “Hena ne saa onipa no?” 13 Nanso na nea wɔsaa no yare no nnim Yesu. Afei nso na Yesu afa nnipa no mu kɔ. 14 Akyiri no, Yesu hyiaa ɔbarima no wɔ asɔredan mu tuu no fo se, “Afei a wo ho atɔ wo yi, hwɛ yiye na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsen kan yare no amma wo so.” 15 Ɔbarima yi fii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no se ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yare no. 16 Yudafo mpanyin yi fii ase tan Yesu ani, efisɛ wabu wɔn homeda mmara no so. 17 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mʼagya yɛ adwuma bere biara enti ɛsɛ sɛ me nso meyɛ adwuma bere biara.” 18 Saa asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo mpanyin no bo fuwii, na wɔyɛɛ wɔn adwene se wobekum no, efisɛ na ɛnyɛ homeda mmara no nko na obu so na na ɔsan frɛ ne ho se Onyankopɔn Ba de kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ. 19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔba no ntumi mfi ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom ɔyɛ nea ohu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20 Efisɛ Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no ɔma Ɔba no hu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛse a ɛsen saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiriw mo. 21 Na sɛnea Agya no nyan awufo no, saa ara nso na Ɔba no nyan awufo a ɔpɛ sɛ onyan wɔn no. 22 Afei koraa mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmu tumi no ahyɛ Ɔba no nsa 23 sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedi Ɔba no ni, sɛnea wodi Agya no ni no. Obiara a onni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no nso ni. 24 “Mereka nokware akyerɛ mo se: Obiara a otie me nsɛm na ogye nea ɔsomaa me no di no wɔ nkwa a enni awiei. Wɔremmu no atɛn, efisɛ wafi owu mu aba nkwa mu. 25 Mereka nokware bio sɛ, bere bi reba, na mpo saa bere no anya aba a awufo bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no benya nkwa. 26 Sɛnea Agya no yɛ nkwamafo no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafo. 27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, efisɛ ɔno ne Onipa Ba no. 28 “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ bere bi reba a awufo a wɔwɔ wɔn nna mu mpo bɛte me nne, 29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no benyan atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. 30 Merentumi mfi mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na migyina bu atɛn. Ɛno nti atɛn a mibu no yɛ nokware. 31 “Sɛ me ara midi me ho adanse a, mʼadansedi no nni mu. 32 Na obi wɔ hɔ a odi me ho adanse a minim sɛ nʼadanse a odi fa me ho no yɛ nokware. 33 “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanse a ɛyɛ nokware. 34 Nnipa adansedi ho nhia me ansa na moahu onipa ko a meyɛ. Na mmom meka Yohane adanse a odii no kyerɛ mo sɛ nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn begye mo nkwa. 35 Yohane nsɛm a ɔkae yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyei. 36 “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanse sen Yohane. 37 Ɛwɔ mu sɛ munhuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanse. 38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, efisɛ munnnye me a ɔsomaa me no nni. 39 Musua Kyerɛwsɛm no, efisɛ mugye di sɛ ɛno na ɛbɛma moanya nkwa a enni awiei. Nanso saa Kyerɛwsɛm koro no ara di me ho adanse! 40 Eyi nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa! 41 “Menhwehwɛ nnipa anim anuonyam. 42 Minim nnipa ko a moyɛ. Minim sɛ munni Onyankopɔn ho dɔ. 43 Mebaa wɔ mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ a, ɛno de, mugye no. 44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sen sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi? 45 “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo wɔ Agya no anim, na mmom ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so se ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu no. 46 Sɛ mugyee Mose dii a anka me nso mubegye me adi, efisɛ nsɛm a ɔkyerɛw no di me ho adanse. 47 Na esiane sɛ moannye nsɛm a ɔkyerɛw no anni no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ munnye me nni.”

In Other Versions

John 5 in the ANGEFD

John 5 in the ANTPNG2D

John 5 in the AS21

John 5 in the BAGH

John 5 in the BBPNG

John 5 in the BBT1E

John 5 in the BDS

John 5 in the BEV

John 5 in the BHAD

John 5 in the BIB

John 5 in the BLPT

John 5 in the BNT

John 5 in the BNTABOOT

John 5 in the BNTLV

John 5 in the BOATCB

John 5 in the BOBCV

John 5 in the BOCNT

John 5 in the BOECS

John 5 in the BOGWICC

John 5 in the BOHCB

John 5 in the BOHCV

John 5 in the BOHLNT

John 5 in the BOHNTLTAL

John 5 in the BOICB

John 5 in the BOILNTAP

John 5 in the BOITCV

John 5 in the BOKCV

John 5 in the BOKCV2

John 5 in the BOKHWOG

John 5 in the BOKSSV

John 5 in the BOLCB

John 5 in the BOLCB2

John 5 in the BOMCV

John 5 in the BONAV

John 5 in the BONCB

John 5 in the BONLT

John 5 in the BONUT2

John 5 in the BOPLNT

John 5 in the BOSCB

John 5 in the BOSNC

John 5 in the BOTLNT

John 5 in the BOVCB

John 5 in the BOYCB

John 5 in the BPBB

John 5 in the BPH

John 5 in the BSB

John 5 in the CCB

John 5 in the CUV

John 5 in the CUVS

John 5 in the DBT

John 5 in the DGDNT

John 5 in the DHNT

John 5 in the DNT

John 5 in the ELBE

John 5 in the EMTV

John 5 in the ESV

John 5 in the FBV

John 5 in the FEB

John 5 in the GGMNT

John 5 in the GNT

John 5 in the HARY

John 5 in the HNT

John 5 in the IRVA

John 5 in the IRVB

John 5 in the IRVG

John 5 in the IRVH

John 5 in the IRVK

John 5 in the IRVM

John 5 in the IRVM2

John 5 in the IRVO

John 5 in the IRVP

John 5 in the IRVT

John 5 in the IRVT2

John 5 in the IRVU

John 5 in the ISVN

John 5 in the JSNT

John 5 in the KAPI

John 5 in the KBT1ETNIK

John 5 in the KBV

John 5 in the KJV

John 5 in the KNFD

John 5 in the LBA

John 5 in the LBLA

John 5 in the LNT

John 5 in the LSV

John 5 in the MAAL

John 5 in the MBV

John 5 in the MBV2

John 5 in the MHNT

John 5 in the MKNFD

John 5 in the MNG

John 5 in the MNT

John 5 in the MNT2

John 5 in the MRS1T

John 5 in the NAA

John 5 in the NASB

John 5 in the NBLA

John 5 in the NBS

John 5 in the NBVTP

John 5 in the NET2

John 5 in the NIV11

John 5 in the NNT

John 5 in the NNT2

John 5 in the NNT3

John 5 in the PDDPT

John 5 in the PFNT

John 5 in the RMNT

John 5 in the SBIAS

John 5 in the SBIBS

John 5 in the SBIBS2

John 5 in the SBICS

John 5 in the SBIDS

John 5 in the SBIGS

John 5 in the SBIHS

John 5 in the SBIIS

John 5 in the SBIIS2

John 5 in the SBIIS3

John 5 in the SBIKS

John 5 in the SBIKS2

John 5 in the SBIMS

John 5 in the SBIOS

John 5 in the SBIPS

John 5 in the SBISS

John 5 in the SBITS

John 5 in the SBITS2

John 5 in the SBITS3

John 5 in the SBITS4

John 5 in the SBIUS

John 5 in the SBIVS

John 5 in the SBT

John 5 in the SBT1E

John 5 in the SCHL

John 5 in the SNT

John 5 in the SUSU

John 5 in the SUSU2

John 5 in the SYNO

John 5 in the TBIAOTANT

John 5 in the TBT1E

John 5 in the TBT1E2

John 5 in the TFTIP

John 5 in the TFTU

John 5 in the TGNTATF3T

John 5 in the THAI

John 5 in the TNFD

John 5 in the TNT

John 5 in the TNTIK

John 5 in the TNTIL

John 5 in the TNTIN

John 5 in the TNTIP

John 5 in the TNTIZ

John 5 in the TOMA

John 5 in the TTENT

John 5 in the UBG

John 5 in the UGV

John 5 in the UGV2

John 5 in the UGV3

John 5 in the VBL

John 5 in the VDCC

John 5 in the YALU

John 5 in the YAPE

John 5 in the YBVTP

John 5 in the ZBP