Joshua 10 (BOATCB)

1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. 2 Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri sɛ, Gibeon yɛ kuropɔn kɛseɛ te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofoɔ a wɔyɛ dene. 3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, 4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri sɛ, wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam.” 5 Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so. 6 Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri sɛ, Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn.” 7 Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal sɛ wɔrekoboa Gibeonfoɔ. 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.” 9 Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. 10 AWURADE ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn wɔ Aseka ne Makeda. 11 Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane wɔ ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, AWURADE himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii sɛ wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no. 12 Ɛda a AWURADE de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ AWURADE mpaeɛ wɔ Israelfoɔ no anim sɛ,“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon sona ɔsrane nso ntae wɔ Ayalon bɔnhwa mu.” 13 Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn,kɔsii sɛ Israelfoɔ dii atamfoɔ no so.Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi wɔ Teefoɔ Nwoma no mu anaa?Owia gyinaeɛ wɔ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14 AWURADE ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da sɛ saa da no a AWURADE tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn. 15 Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ hɔ. 16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17 Yosua tee sɛ wɔahunu wɔn no, 18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.” 20 Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21 Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel. 22 Afei, Yosua kaa sɛ, “Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23 Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no sɛ, “Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no. 25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no sɛ, “Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri sɛ, AWURADE rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa.” 26 Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ. 27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 28 Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te sɛ deɛ ɔkumm Yerikohene no. 29 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. 30 Ɛhɔ nso, AWURADE de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no. 31 Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. 32 Na ne nnanu so no, AWURADE de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no. 33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa. 34 Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. 35 Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara wɔ kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis. 36 Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, 37 faa hɔ ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka. 38 Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no. 40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ AWURADE, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. 41 Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen kɔduruu Gibeon. 42 Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na AWURADE, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ. 43 Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.

In Other Versions

Joshua 10 in the ANGEFD

Joshua 10 in the ANTPNG2D

Joshua 10 in the AS21

Joshua 10 in the BAGH

Joshua 10 in the BBPNG

Joshua 10 in the BBT1E

Joshua 10 in the BDS

Joshua 10 in the BEV

Joshua 10 in the BHAD

Joshua 10 in the BIB

Joshua 10 in the BLPT

Joshua 10 in the BNT

Joshua 10 in the BNTABOOT

Joshua 10 in the BNTLV

Joshua 10 in the BOATCB2

Joshua 10 in the BOBCV

Joshua 10 in the BOCNT

Joshua 10 in the BOECS

Joshua 10 in the BOGWICC

Joshua 10 in the BOHCB

Joshua 10 in the BOHCV

Joshua 10 in the BOHLNT

Joshua 10 in the BOHNTLTAL

Joshua 10 in the BOICB

Joshua 10 in the BOILNTAP

Joshua 10 in the BOITCV

Joshua 10 in the BOKCV

Joshua 10 in the BOKCV2

Joshua 10 in the BOKHWOG

Joshua 10 in the BOKSSV

Joshua 10 in the BOLCB

Joshua 10 in the BOLCB2

Joshua 10 in the BOMCV

Joshua 10 in the BONAV

Joshua 10 in the BONCB

Joshua 10 in the BONLT

Joshua 10 in the BONUT2

Joshua 10 in the BOPLNT

Joshua 10 in the BOSCB

Joshua 10 in the BOSNC

Joshua 10 in the BOTLNT

Joshua 10 in the BOVCB

Joshua 10 in the BOYCB

Joshua 10 in the BPBB

Joshua 10 in the BPH

Joshua 10 in the BSB

Joshua 10 in the CCB

Joshua 10 in the CUV

Joshua 10 in the CUVS

Joshua 10 in the DBT

Joshua 10 in the DGDNT

Joshua 10 in the DHNT

Joshua 10 in the DNT

Joshua 10 in the ELBE

Joshua 10 in the EMTV

Joshua 10 in the ESV

Joshua 10 in the FBV

Joshua 10 in the FEB

Joshua 10 in the GGMNT

Joshua 10 in the GNT

Joshua 10 in the HARY

Joshua 10 in the HNT

Joshua 10 in the IRVA

Joshua 10 in the IRVB

Joshua 10 in the IRVG

Joshua 10 in the IRVH

Joshua 10 in the IRVK

Joshua 10 in the IRVM

Joshua 10 in the IRVM2

Joshua 10 in the IRVO

Joshua 10 in the IRVP

Joshua 10 in the IRVT

Joshua 10 in the IRVT2

Joshua 10 in the IRVU

Joshua 10 in the ISVN

Joshua 10 in the JSNT

Joshua 10 in the KAPI

Joshua 10 in the KBT1ETNIK

Joshua 10 in the KBV

Joshua 10 in the KJV

Joshua 10 in the KNFD

Joshua 10 in the LBA

Joshua 10 in the LBLA

Joshua 10 in the LNT

Joshua 10 in the LSV

Joshua 10 in the MAAL

Joshua 10 in the MBV

Joshua 10 in the MBV2

Joshua 10 in the MHNT

Joshua 10 in the MKNFD

Joshua 10 in the MNG

Joshua 10 in the MNT

Joshua 10 in the MNT2

Joshua 10 in the MRS1T

Joshua 10 in the NAA

Joshua 10 in the NASB

Joshua 10 in the NBLA

Joshua 10 in the NBS

Joshua 10 in the NBVTP

Joshua 10 in the NET2

Joshua 10 in the NIV11

Joshua 10 in the NNT

Joshua 10 in the NNT2

Joshua 10 in the NNT3

Joshua 10 in the PDDPT

Joshua 10 in the PFNT

Joshua 10 in the RMNT

Joshua 10 in the SBIAS

Joshua 10 in the SBIBS

Joshua 10 in the SBIBS2

Joshua 10 in the SBICS

Joshua 10 in the SBIDS

Joshua 10 in the SBIGS

Joshua 10 in the SBIHS

Joshua 10 in the SBIIS

Joshua 10 in the SBIIS2

Joshua 10 in the SBIIS3

Joshua 10 in the SBIKS

Joshua 10 in the SBIKS2

Joshua 10 in the SBIMS

Joshua 10 in the SBIOS

Joshua 10 in the SBIPS

Joshua 10 in the SBISS

Joshua 10 in the SBITS

Joshua 10 in the SBITS2

Joshua 10 in the SBITS3

Joshua 10 in the SBITS4

Joshua 10 in the SBIUS

Joshua 10 in the SBIVS

Joshua 10 in the SBT

Joshua 10 in the SBT1E

Joshua 10 in the SCHL

Joshua 10 in the SNT

Joshua 10 in the SUSU

Joshua 10 in the SUSU2

Joshua 10 in the SYNO

Joshua 10 in the TBIAOTANT

Joshua 10 in the TBT1E

Joshua 10 in the TBT1E2

Joshua 10 in the TFTIP

Joshua 10 in the TFTU

Joshua 10 in the TGNTATF3T

Joshua 10 in the THAI

Joshua 10 in the TNFD

Joshua 10 in the TNT

Joshua 10 in the TNTIK

Joshua 10 in the TNTIL

Joshua 10 in the TNTIN

Joshua 10 in the TNTIP

Joshua 10 in the TNTIZ

Joshua 10 in the TOMA

Joshua 10 in the TTENT

Joshua 10 in the UBG

Joshua 10 in the UGV

Joshua 10 in the UGV2

Joshua 10 in the UGV3

Joshua 10 in the VBL

Joshua 10 in the VDCC

Joshua 10 in the YALU

Joshua 10 in the YAPE

Joshua 10 in the YBVTP

Joshua 10 in the ZBP