Joshua 10 (BOATCB2)

1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ hene, sɛnea wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ hene no. Ɔtee nso sɛ Gibeonfo ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam, na wɔayɛ baako. 2 Ɛno nti, ɔne ne nkurɔfo bo tuu yiye, efisɛ Gibeon yɛ kuropɔn kɛse te sɛ ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sen Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso yɛ akofo a wɔyɛ den. 3 Enti Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforo bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn se, 4 “Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, efisɛ wɔne Yosua ne Israelfo ayɛ asomdwoe apam.” 5 Enti Amorifo ahemfo baanum no de wɔn nsraadɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn nsraadɔm no gyinagyinae, na afei wɔtow hyɛɛ Gibeon so. 6 Na Gibeonfo no soma kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Nnyaa wʼasomfo. Bra yɛn nkyɛn ntɛm begye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, efisɛ Amorifo ahemfo a wɔte mmepɔw so de wɔn nsraadɔm rebɛko atia yɛn.” 7 Enti Yosua ne Israel nsraadɔm nyinaa fii Gilgal sɛ wɔrekɔboa Gibeonfo. 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina.” 9 Yosua nantew anadwo mu no nyinaa fii Gilgal kofii Amorifo nsraadɔm no mu. 10 AWURADE ma wɔbɔɔ hu wɔ Israelfo no anim, na wokunkum wɔn mu bebree wɔ Gibeon. Israelfo no taa atamfo no faa ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔtow hyɛɛ wɔn so kunkum wɔn wɔ Aseka ne Makeda. 11 Bere a Amorifo reguan wɔ ɔkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, AWURADE him abo akɛse guu wɔn so kosii sɛ woduu Aseka. Abo no kunkum wɔn mu bebree sen dodow a Israelfo de afoa kunkum wɔn no. 12 Da a AWURADE de Amorifo no hyɛɛ Israelfo no nsa no, Yosua bɔɔ AWURADE mpae wɔ Israelfo no anim se,“Ma owia nnyina dinn wɔ Gibeon sona ɔsram nso nnyina wɔ Ayalon bon mu.” 13 Na owia ne ɔsram gyinaa dinn,kosii sɛ Israelfo dii atamfo no so.Wɔnkyerɛw saa nsɛm yi wɔ Teefo Nhoma no mu ana?Owia gyinae wɔ wim mfimfini na ankɔtɔ sɛnea ɛyɛ daa no. 14 AWURADE ko maa Israel da no. Ebi nsii saa da na bi rensi da sɛ saa da no a AWURADE tiee abisade sɛɛ fii onipa nkyɛn. 15 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ Gilgal atenae hɔ. 16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no guan kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17 Yosua tee sɛ wɔahu wɔn no, 18 ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa abotan akɛse nsiw ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfo no nwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfo no na munkunkum wɔn mfi akyi. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkurow so, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim.” 20 Enti Yosua ne Israel nsraadɔm toaa so kunkum wɔn, tɔree nsraadɔm anum no ase ma ɛkaa dɔm no kakraa bi a wotumi guan kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21 Afei, Israelfo no san baa Yosua nkyɛn asomdwoe mu wɔ Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo sɛ ɔbɛkasa atia Israel. 22 Afei, Yosua kae se, “Munyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me.” 23 Wokoyii ahemfo baanum no fii ɔbodan no mu bae: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakofodɔm asahene no se, “Mommra mmetiatia ahemfo no kɔn so.” Na wɔyɛɛ sɛnea wɔkyerɛɛ wɔn no. 25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafo no se, “Munnsuro na mommma mo aba mu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, efisɛ AWURADE rebɛyɛ eyi atia mo atamfo nyinaa.” 26 Yosua kunkum ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua anum so kosii anwummere. 27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ sɛ wonyiyi ahemfo no amu no mfi nnua no so na wɔnkɔtow wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛw mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛse mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. 28 Da no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kum obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ hene no. Onipa baako koraa anka wɔ kuropɔn no mu. Okum Makedahene te sɛnea okum Yerikohene no. 29 Afei, Yosua ne Israelfo no kɔɔ Libna kɔtow hyɛɛ wɔn so. 30 Ɛhɔ nso, AWURADE de kuropɔn no ne ɛhɔ hene no maa wɔn. Wokunkum obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefo baako po. Na Yosua kum Libnahene sɛnea okum Yerikohene no. 31 Yosua ne Israelfo no fi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔtow hyɛɛ wɔn so. 32 Na ne nnaanu so no, AWURADE de Lakis maa Israelfo. Ɛhɔ nso, wokunkum kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛnea wɔyɛɛ Libna no. 33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakofo bae sɛ wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kum no sɛee nʼakofo no nyinaa. 34 Ɛnna Yosua ne ne Israel nsraadɔm no kɔɔ Eglon kɔtow hyɛɛ so. 35 Wɔde da koro faa kurow no dommum na ɛhɔ nso, wokum obiara wɔ kuropɔn no mu sɛnea wɔyɛɛ Lakis. 36 Wofi Eglon no, wɔkɔtow hyɛɛ Hebron so, 37 faa hɔ ne nkurow a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛnea wɔyɛɛ Eglon no, wokunkum ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka. 38 Afei, wɔsan wɔn akyi kɔtow hyɛɛ Debir so. 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn hene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wokum obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛnea wɔsɛee Libna ne Hebron no. 40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Odii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔw man no so, Negeb, atɔe fam nkoko ne wɔn a wɔte mmepɔw nsian so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefo baako mpo sɛnea AWURADE, Israel Nyankopɔn, hyɛe no. 41 Yosua kunkum wɔn fi Kades-Barnea kosii Gasa, de fii Gosen koduu Gibeon. 42 Akodi baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn nsase, efisɛ na AWURADE, Israel Nyankopɔn, reko ama ne manfo. 43 Afei, Yosua ne Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn atenae wɔ Gilgal.

In Other Versions

Joshua 10 in the ANGEFD

Joshua 10 in the ANTPNG2D

Joshua 10 in the AS21

Joshua 10 in the BAGH

Joshua 10 in the BBPNG

Joshua 10 in the BBT1E

Joshua 10 in the BDS

Joshua 10 in the BEV

Joshua 10 in the BHAD

Joshua 10 in the BIB

Joshua 10 in the BLPT

Joshua 10 in the BNT

Joshua 10 in the BNTABOOT

Joshua 10 in the BNTLV

Joshua 10 in the BOATCB

Joshua 10 in the BOBCV

Joshua 10 in the BOCNT

Joshua 10 in the BOECS

Joshua 10 in the BOGWICC

Joshua 10 in the BOHCB

Joshua 10 in the BOHCV

Joshua 10 in the BOHLNT

Joshua 10 in the BOHNTLTAL

Joshua 10 in the BOICB

Joshua 10 in the BOILNTAP

Joshua 10 in the BOITCV

Joshua 10 in the BOKCV

Joshua 10 in the BOKCV2

Joshua 10 in the BOKHWOG

Joshua 10 in the BOKSSV

Joshua 10 in the BOLCB

Joshua 10 in the BOLCB2

Joshua 10 in the BOMCV

Joshua 10 in the BONAV

Joshua 10 in the BONCB

Joshua 10 in the BONLT

Joshua 10 in the BONUT2

Joshua 10 in the BOPLNT

Joshua 10 in the BOSCB

Joshua 10 in the BOSNC

Joshua 10 in the BOTLNT

Joshua 10 in the BOVCB

Joshua 10 in the BOYCB

Joshua 10 in the BPBB

Joshua 10 in the BPH

Joshua 10 in the BSB

Joshua 10 in the CCB

Joshua 10 in the CUV

Joshua 10 in the CUVS

Joshua 10 in the DBT

Joshua 10 in the DGDNT

Joshua 10 in the DHNT

Joshua 10 in the DNT

Joshua 10 in the ELBE

Joshua 10 in the EMTV

Joshua 10 in the ESV

Joshua 10 in the FBV

Joshua 10 in the FEB

Joshua 10 in the GGMNT

Joshua 10 in the GNT

Joshua 10 in the HARY

Joshua 10 in the HNT

Joshua 10 in the IRVA

Joshua 10 in the IRVB

Joshua 10 in the IRVG

Joshua 10 in the IRVH

Joshua 10 in the IRVK

Joshua 10 in the IRVM

Joshua 10 in the IRVM2

Joshua 10 in the IRVO

Joshua 10 in the IRVP

Joshua 10 in the IRVT

Joshua 10 in the IRVT2

Joshua 10 in the IRVU

Joshua 10 in the ISVN

Joshua 10 in the JSNT

Joshua 10 in the KAPI

Joshua 10 in the KBT1ETNIK

Joshua 10 in the KBV

Joshua 10 in the KJV

Joshua 10 in the KNFD

Joshua 10 in the LBA

Joshua 10 in the LBLA

Joshua 10 in the LNT

Joshua 10 in the LSV

Joshua 10 in the MAAL

Joshua 10 in the MBV

Joshua 10 in the MBV2

Joshua 10 in the MHNT

Joshua 10 in the MKNFD

Joshua 10 in the MNG

Joshua 10 in the MNT

Joshua 10 in the MNT2

Joshua 10 in the MRS1T

Joshua 10 in the NAA

Joshua 10 in the NASB

Joshua 10 in the NBLA

Joshua 10 in the NBS

Joshua 10 in the NBVTP

Joshua 10 in the NET2

Joshua 10 in the NIV11

Joshua 10 in the NNT

Joshua 10 in the NNT2

Joshua 10 in the NNT3

Joshua 10 in the PDDPT

Joshua 10 in the PFNT

Joshua 10 in the RMNT

Joshua 10 in the SBIAS

Joshua 10 in the SBIBS

Joshua 10 in the SBIBS2

Joshua 10 in the SBICS

Joshua 10 in the SBIDS

Joshua 10 in the SBIGS

Joshua 10 in the SBIHS

Joshua 10 in the SBIIS

Joshua 10 in the SBIIS2

Joshua 10 in the SBIIS3

Joshua 10 in the SBIKS

Joshua 10 in the SBIKS2

Joshua 10 in the SBIMS

Joshua 10 in the SBIOS

Joshua 10 in the SBIPS

Joshua 10 in the SBISS

Joshua 10 in the SBITS

Joshua 10 in the SBITS2

Joshua 10 in the SBITS3

Joshua 10 in the SBITS4

Joshua 10 in the SBIUS

Joshua 10 in the SBIVS

Joshua 10 in the SBT

Joshua 10 in the SBT1E

Joshua 10 in the SCHL

Joshua 10 in the SNT

Joshua 10 in the SUSU

Joshua 10 in the SUSU2

Joshua 10 in the SYNO

Joshua 10 in the TBIAOTANT

Joshua 10 in the TBT1E

Joshua 10 in the TBT1E2

Joshua 10 in the TFTIP

Joshua 10 in the TFTU

Joshua 10 in the TGNTATF3T

Joshua 10 in the THAI

Joshua 10 in the TNFD

Joshua 10 in the TNT

Joshua 10 in the TNTIK

Joshua 10 in the TNTIL

Joshua 10 in the TNTIN

Joshua 10 in the TNTIP

Joshua 10 in the TNTIZ

Joshua 10 in the TOMA

Joshua 10 in the TTENT

Joshua 10 in the UBG

Joshua 10 in the UGV

Joshua 10 in the UGV2

Joshua 10 in the UGV3

Joshua 10 in the VBL

Joshua 10 in the VDCC

Joshua 10 in the YALU

Joshua 10 in the YAPE

Joshua 10 in the YBVTP

Joshua 10 in the ZBP