Joshua 8 (BOATCB)

1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Nsuro anaasɛ mma wʼakoma nntu. Fa wʼasraadɔm no nyinaa na kɔto hyɛ Ai so, ɛfiri sɛ, mede Aihene, ne nkurɔfoɔ, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo. 2 Wobɛsɛe wɔn sɛdeɛ wosɛee Yeriko ne ne ɔhene no. Nanso, saa ɛberɛ yi deɛ, motumi fa asadeɛ ne anantwie no. Ma wʼasraafoɔ no nkɔtɛ kuropɔn no akyi.” 3 Na Yosua ne Israel akodɔm no siim sɛ wɔrekɔto ahyɛ Ai so. Yosua yii akodɔm ɔpeduasa, somaa wɔn anadwo, 4 hyɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔtɛ wɔ atɛeɛ a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko. 5 Sɛ yɛn asraafoɔ no to hyɛ Ai so a, Ai mmarima bɛfiri adi abɛko, sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no, na yɛbɛdwane. 6 Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛfiri kuropɔn no mu. Na wɔbɛka sɛ ‘Israelfoɔ no redwane sɛdeɛ wɔyɛɛ kane no.’ 7 Afei mobɛfiri mo atɛeɛ hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, ɛfiri sɛ, AWURADE, mo Onyankopɔn de bɛma mo. 8 Monto kuropɔn no mu ogya sɛdeɛ Awurade ahyɛ no. Monim deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ.” 9 Enti, wɔfirii hɔ anadwo no kɔtɛɛ Bet-El ne Ai atɔeɛ fam ntam. Nanso, Yosua deɛ, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ anadwo no. 10 Adeɛ kyee anɔpahema no, Yosua nyanee nʼakodɔm maa wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofoɔ ka wɔn ho. 11 Wɔkɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Ai atifi fam a bɔnhwa da wɔne kuropɔn no ntam. 12 Anadwo no, Yosua somaa akodɔm mpem enum sɛ wɔnkɔtɛ Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. 13 Enti, ɔmaa akodɔm no mu fa kɛseɛ gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛfoɔ no bi nso wɔ kuropɔn no atɔeɛ fam. Yosua ankasa deɛ, ɔtenaa bɔnhwa no mu anadwo no. 14 Aihene hunuu sɛ Israelfoɔ no wɔ bɔnhwa no fa nohoa no, ntɛm so, ɔne nʼakodɔm nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfoɔ no, to hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na ɔnnim sɛ atɛfoɔ bi wɔ kuropɔn no akyi. 15 Yosua ne ne Israel akodɔm no dwane kɔɔ ɛserɛ no so yɛɛ sɛdeɛ Aifoɔ no adi wɔn so, 16 enti Aifoɔ no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfoɔ no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa firii kuropɔn no mu. 17 Anka obi biara wɔ Ai anaa Bet-El a wankɔtaa Israelfoɔ, na wɔgyaa kuro no maa ano daa hɔ. 18 AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Fa wo pea no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ noɔ no. 19 Yosua nyamaa atɛfoɔ no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu ogya. 20 Aifoɔ no hwɛɛ wɔn akyi hunuu sɛ wisie kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, ɛfiri sɛ Israelfoɔ no a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ so no danee wɔn ani taa wɔn. 21 Ɛberɛ a Yosua ne Israelfoɔ a wɔaka no hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuropɔn no, na wisie ayɛ kumɔnn wɔ ewiem no, wɔdanee wɔn ho bɛto hyɛɛ Aifoɔ no so. 22 Israelfoɔ a na wɔwɔ kuropɔn no mu firii akyire hyɛɛ aseɛ kunkumm atamfoɔ no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛn mu na wɔn nyinaa wuwuiɛ. Anka obi biara. 23 Ai ɔhene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua. 24 Ɛberɛ a Israelfoɔ akodɔm kunkumm Ai mmarima a wɔpue firii kuropɔn no mu wieeɛ no, wɔsane kɔɔ kuropɔn no mu kɔkunkumm wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa. 25 Enti ɛda no, wɔkunkumm nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumienu. 26 Yosua sɔɔ ne pea no mu saa ara kɔsii sɛ obiara a ɔte Ai no, wɔsɛee no pasaa. 27 Anantwie ne agyapadeɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfoɔ no ankasa faeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Yosua no. 28 Enti, Ai bɛdanee mmubuiɛ esie ne asase bonini de bɛsi ɛnnɛ. 29 Yosua sɛnee Ai ɔhene wɔ dua bi so gyaa no dua no so kɔsii anwummerɛ. Owia kɔtɔeɛ no, Israelfoɔ no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no ɛpono ano. Wɔhyɛɛ aboɔ esie wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 30 Yosua sii afɔrebukyia maa AWURADE, Israel Onyankopɔn, wɔ Ebal bepɔ so. 31 Ɔdii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ AWURADE ɔsomfoɔ atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu sɛ, “Fa aboɔ a wɔntwaeɛ na wɔmfaa adwinnadeɛ nsensenee ho si afɔrebukyia ma me.” Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE wɔ afɔrebukyia no so. 32 Na Yosua twerɛɛ Mose Mmara no guu afɔrebukyia no aboɔ no so wɔ ɛberɛ a na Israelfoɔ no rehwɛ no. 33 Afei, Israelfoɔ nyinaa, ahɔhoɔ ne ɔmanfoɔ, ntuanofoɔ, adwumayɛfoɔ ne atemmufoɔ nyinaa, wɔkyɛɛ wɔn mu akuo mmienu. Ekuo baako gyinaa Gerisim bepɔ ayaase ɛnna ekuo baako nso gyinaa Ebal bepɔ ayaase. Akuo mmienu yi dii nhwɛanimu. Na Lewifoɔ asɔfoɔ a wɔso AWURADE Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ yeinom nyinaa sɛdeɛ AWURADE ɔsomfoɔ Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyiraa Israelfoɔ no teɛ. 34 Afei, Yosua kenkanee nhyira ne nnome nsɛm a Mose atwerɛ wɔ Mmara Nwoma no mu no kyerɛɛ wɔn. 35 Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho.

In Other Versions

Joshua 8 in the ANGEFD

Joshua 8 in the ANTPNG2D

Joshua 8 in the AS21

Joshua 8 in the BAGH

Joshua 8 in the BBPNG

Joshua 8 in the BBT1E

Joshua 8 in the BDS

Joshua 8 in the BEV

Joshua 8 in the BHAD

Joshua 8 in the BIB

Joshua 8 in the BLPT

Joshua 8 in the BNT

Joshua 8 in the BNTABOOT

Joshua 8 in the BNTLV

Joshua 8 in the BOATCB2

Joshua 8 in the BOBCV

Joshua 8 in the BOCNT

Joshua 8 in the BOECS

Joshua 8 in the BOGWICC

Joshua 8 in the BOHCB

Joshua 8 in the BOHCV

Joshua 8 in the BOHLNT

Joshua 8 in the BOHNTLTAL

Joshua 8 in the BOICB

Joshua 8 in the BOILNTAP

Joshua 8 in the BOITCV

Joshua 8 in the BOKCV

Joshua 8 in the BOKCV2

Joshua 8 in the BOKHWOG

Joshua 8 in the BOKSSV

Joshua 8 in the BOLCB

Joshua 8 in the BOLCB2

Joshua 8 in the BOMCV

Joshua 8 in the BONAV

Joshua 8 in the BONCB

Joshua 8 in the BONLT

Joshua 8 in the BONUT2

Joshua 8 in the BOPLNT

Joshua 8 in the BOSCB

Joshua 8 in the BOSNC

Joshua 8 in the BOTLNT

Joshua 8 in the BOVCB

Joshua 8 in the BOYCB

Joshua 8 in the BPBB

Joshua 8 in the BPH

Joshua 8 in the BSB

Joshua 8 in the CCB

Joshua 8 in the CUV

Joshua 8 in the CUVS

Joshua 8 in the DBT

Joshua 8 in the DGDNT

Joshua 8 in the DHNT

Joshua 8 in the DNT

Joshua 8 in the ELBE

Joshua 8 in the EMTV

Joshua 8 in the ESV

Joshua 8 in the FBV

Joshua 8 in the FEB

Joshua 8 in the GGMNT

Joshua 8 in the GNT

Joshua 8 in the HARY

Joshua 8 in the HNT

Joshua 8 in the IRVA

Joshua 8 in the IRVB

Joshua 8 in the IRVG

Joshua 8 in the IRVH

Joshua 8 in the IRVK

Joshua 8 in the IRVM

Joshua 8 in the IRVM2

Joshua 8 in the IRVO

Joshua 8 in the IRVP

Joshua 8 in the IRVT

Joshua 8 in the IRVT2

Joshua 8 in the IRVU

Joshua 8 in the ISVN

Joshua 8 in the JSNT

Joshua 8 in the KAPI

Joshua 8 in the KBT1ETNIK

Joshua 8 in the KBV

Joshua 8 in the KJV

Joshua 8 in the KNFD

Joshua 8 in the LBA

Joshua 8 in the LBLA

Joshua 8 in the LNT

Joshua 8 in the LSV

Joshua 8 in the MAAL

Joshua 8 in the MBV

Joshua 8 in the MBV2

Joshua 8 in the MHNT

Joshua 8 in the MKNFD

Joshua 8 in the MNG

Joshua 8 in the MNT

Joshua 8 in the MNT2

Joshua 8 in the MRS1T

Joshua 8 in the NAA

Joshua 8 in the NASB

Joshua 8 in the NBLA

Joshua 8 in the NBS

Joshua 8 in the NBVTP

Joshua 8 in the NET2

Joshua 8 in the NIV11

Joshua 8 in the NNT

Joshua 8 in the NNT2

Joshua 8 in the NNT3

Joshua 8 in the PDDPT

Joshua 8 in the PFNT

Joshua 8 in the RMNT

Joshua 8 in the SBIAS

Joshua 8 in the SBIBS

Joshua 8 in the SBIBS2

Joshua 8 in the SBICS

Joshua 8 in the SBIDS

Joshua 8 in the SBIGS

Joshua 8 in the SBIHS

Joshua 8 in the SBIIS

Joshua 8 in the SBIIS2

Joshua 8 in the SBIIS3

Joshua 8 in the SBIKS

Joshua 8 in the SBIKS2

Joshua 8 in the SBIMS

Joshua 8 in the SBIOS

Joshua 8 in the SBIPS

Joshua 8 in the SBISS

Joshua 8 in the SBITS

Joshua 8 in the SBITS2

Joshua 8 in the SBITS3

Joshua 8 in the SBITS4

Joshua 8 in the SBIUS

Joshua 8 in the SBIVS

Joshua 8 in the SBT

Joshua 8 in the SBT1E

Joshua 8 in the SCHL

Joshua 8 in the SNT

Joshua 8 in the SUSU

Joshua 8 in the SUSU2

Joshua 8 in the SYNO

Joshua 8 in the TBIAOTANT

Joshua 8 in the TBT1E

Joshua 8 in the TBT1E2

Joshua 8 in the TFTIP

Joshua 8 in the TFTU

Joshua 8 in the TGNTATF3T

Joshua 8 in the THAI

Joshua 8 in the TNFD

Joshua 8 in the TNT

Joshua 8 in the TNTIK

Joshua 8 in the TNTIL

Joshua 8 in the TNTIN

Joshua 8 in the TNTIP

Joshua 8 in the TNTIZ

Joshua 8 in the TOMA

Joshua 8 in the TTENT

Joshua 8 in the UBG

Joshua 8 in the UGV

Joshua 8 in the UGV2

Joshua 8 in the UGV3

Joshua 8 in the VBL

Joshua 8 in the VDCC

Joshua 8 in the YALU

Joshua 8 in the YAPE

Joshua 8 in the YBVTP

Joshua 8 in the ZBP