Joshua 8 (BOATCB2)

1 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua se, “Nsuro anaasɛ mma wo koma ntu. Fa wʼasraafo no nyinaa na kɔtow hyɛ Ai so, efisɛ mede Aihene, ne nkurɔfo, ne kuropɔn ne nʼasase ama wo. 2 Wobɛsɛe wɔn sɛnea wosɛe Yeriko ne ne hene no. Nanso, saa bere yi de, mutumi fa asade ne anantwi no. Ma wʼasraafo no nkɔtɛw kuropɔn no akyi.” 3 Na Yosua ne Israel nsraadɔm no sii mu sɛ wɔrekɔtow ahyɛ Ai so. Yosua yii asraafo mpem aduasa, somaa wɔn anadwo, 4 hyɛɛ wɔn se, “Monkɔtɛw wɔ ahintawee a ɛwɔ kuropɔn no akyi na monyɛ krado mma ɔko. 5 Sɛ yɛn asraafo no tow hyɛ Ai so a, Ai mmarima befi adi abɛko, sɛnea wɔyɛɛ kan no, na yebeguan. 6 Yɛbɛma wɔataa yɛn ara kosi sɛ wɔn nyinaa befi kuropɔn no mu. Na wɔbɛka se ‘Israelfo no reguan sɛnea wɔyɛɛ kan no.’ 7 Afei mubefi mo ahintawee hɔ ntɛm so akɔfa kuropɔn no, efisɛ AWURADE, mo Nyankopɔn de bɛma mo. 8 Monto kuropɔn no mu gya sɛnea Awurade ahyɛ no. Munim nea ɛsɛ sɛ moyɛ.” 9 Enti wofii hɔ anadwo no kɔtɛw Bet-El ne Ai atɔe fam ntam. Nanso, Yosua de, ɔkaa nnipa no mu wɔ wɔn atenae hɔ anadwo no. 10 Ade kyee anɔpahema no, Yosua nyan nʼakofo ma wɔde wɔn ani kyerɛɛ Ai a Israel ntuanofo ka wɔn ho. 11 Wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Ai atifi fam a obon da wɔne kuropɔn no ntam. 12 Anadwo no, Yosua somaa asraafo mpem anum sɛ wɔnkɔtɛw Bet-El ne Ai ntam wɔ kuropɔn no atɔe fam. 13 Enti ɔmaa asraafo no mu fa kɛse gyinaa kuropɔn no atifi fam a na atɛwfo no bi nso wɔ kuropɔn no atɔe fam. Yosua ankasa de, ɔtenaa obon no mu anadwo no. 14 Aihene huu sɛ Israelfo no wɔ obon no fa nohɔ no, ntɛm so, ɔne nʼakofo nyinaa sɔree anɔpahema kɔtoaa Israelfo no, tow hyɛɛ wɔn so wɔ Araba. Nanso, na onnim sɛ atɛwfo bi wɔ kuropɔn no akyi. 15 Yosua ne ne Israel nsraadɔm no guan kɔɔ sare no so yɛɛ sɛnea Aifo no adi wɔn so, 16 enti Aifo no frɛɛ mmarima a wɔwɔ kuropɔn no mu no nyinaa ma wɔbɛtaa Israelfo no. Ɛyɛɛ saa maa wɔn nyinaa fii kuropɔn no mu. 17 Anka obiara wɔ Ai anaa Bet-el a wankɔtaa Israelfo, na wogyaw kurow no maa ano daa hɔ. 18 AWURADE ka kyerɛɛ Yosua se, “Fa wo peaw no kyerɛ Ai so, na mede kuropɔn no bɛma wo.” Enti, Yosua yɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ no no. 19 Yosua nyamaa atɛwfo no ara pɛ, wɔsɔree pankran bɔ wuraa kuropɔn no mu. Wɔfaa kuropɔn no na wɔtoo mu gya. 20 Aifo no hwɛɛ wɔn akyi huu sɛ wusiw kumɔnn aduru soro, na wɔannya baabi ankɔ, efisɛ Israelfo no a woguan kɔɔ sare so no dan wɔn ani taa wɔn. 21 Bere a Yosua ne Israelfo a wɔaka no huu sɛ atɛwfo no afa kuropɔn no, na wusiw ayɛ kumɔnn wɔ wim no, wɔdan wɔn ho bɛtow hyɛɛ Aifo no so. 22 Israelfo a na wɔwɔ kuropɔn no mu fii akyi hyɛɛ ase kunkum atamfo no. Enti Ai mmarima no dii nsensɛnmu na wɔn nyinaa wuwui. Anka obi biara. 23 Ai hene nko ara na wɔkyeree no anikann de no brɛɛ Yosua. 24 Bere a Israelfo nsraadɔm kunkum Ai mmarima a wopue fii kuropɔn no mu wiee no, wɔsan kɔɔ kuropɔn no mu kokunkum wɔn a wɔaka wɔ mu nyinaa. 25 Enti da no wokunkum nnipa a wɔwɔ Ai nyinaa; na wɔn ano si mpem dumien. 26 Yosua soo ne peaw no mu saa ara kosii sɛ wɔsɛee obiara a ɔte Ai no pasaa. 27 Anantwi ne agyapade a ɛwɔ kuropɔn no mu nko ara na wɔansɛe no; Israelfo no ankasa fae, sɛnea AWURADE hyɛɛ Yosua no. 28 Enti, Yosua hyew Ai ma bɛdanee mmubui siw ne amamfo de besi nnɛ. 29 Yosua sɛn Ai hene wɔ dua bi so gyaw no wɔ dua no so kosii anwummere. Owia kɔtɔe no, Israelfo no yii amu no de no kɔtoo kuropɔn no pon ano. Wɔhyɛɛ abo siw wɔ ne so a ɛda so wɔ hɔ besi nnɛ. 30 Yosua sii afɔremuka maa AWURADE, Israel Nyankopɔn, wɔ Ebal bepɔw so. 31 Odii nkyerɛkyerɛ a Mose a ɔyɛ AWURADE somfo akyerɛw wɔ Mmara Nhoma no mu a ese, “Fa abo a wontwae na wɔmfaa adwinnade nsinsenii ho si afɔremuka ma me” no so. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre maa AWURADE wɔ afɔremuka no so. 32 Na Yosua kyerɛw Mose Mmara no guu afɔremuka no abo no so, bere a na Israelfo no rehwɛ no no. 33 Afei, wɔkyɛɛ Israelfo nyinaa; ahɔho ne ɔmanfo, ntuanofo, adwumayɛfo ne atemmufo nyinaa mu akuw abien. Kuw baako gyinaa Gerisim bepɔw ayaase na kuw baako nso gyinaa Ebal bepɔw ayaase. Akuw abien yi dii nhwɛanim. Na Lewifo asɔfo a wɔso AWURADE Apam Adaka no gyinaa wɔn mfimfini. Wɔyɛɛ eyinom nyinaa sɛnea AWURADE somfo Mose nkyerɛkyerɛ a ɔnam so hyira Israelfo no te. 34 Afei, Yosua kenkan nhyira ne nnome nsɛm a Mose akyerɛw wɔ Mmara Nhoma no mu no kyerɛɛ wɔn. 35 Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmea, mmofra ne ahɔho a wɔne Israelfo no te no nso ka ho bi.

In Other Versions

Joshua 8 in the ANGEFD

Joshua 8 in the ANTPNG2D

Joshua 8 in the AS21

Joshua 8 in the BAGH

Joshua 8 in the BBPNG

Joshua 8 in the BBT1E

Joshua 8 in the BDS

Joshua 8 in the BEV

Joshua 8 in the BHAD

Joshua 8 in the BIB

Joshua 8 in the BLPT

Joshua 8 in the BNT

Joshua 8 in the BNTABOOT

Joshua 8 in the BNTLV

Joshua 8 in the BOATCB

Joshua 8 in the BOBCV

Joshua 8 in the BOCNT

Joshua 8 in the BOECS

Joshua 8 in the BOGWICC

Joshua 8 in the BOHCB

Joshua 8 in the BOHCV

Joshua 8 in the BOHLNT

Joshua 8 in the BOHNTLTAL

Joshua 8 in the BOICB

Joshua 8 in the BOILNTAP

Joshua 8 in the BOITCV

Joshua 8 in the BOKCV

Joshua 8 in the BOKCV2

Joshua 8 in the BOKHWOG

Joshua 8 in the BOKSSV

Joshua 8 in the BOLCB

Joshua 8 in the BOLCB2

Joshua 8 in the BOMCV

Joshua 8 in the BONAV

Joshua 8 in the BONCB

Joshua 8 in the BONLT

Joshua 8 in the BONUT2

Joshua 8 in the BOPLNT

Joshua 8 in the BOSCB

Joshua 8 in the BOSNC

Joshua 8 in the BOTLNT

Joshua 8 in the BOVCB

Joshua 8 in the BOYCB

Joshua 8 in the BPBB

Joshua 8 in the BPH

Joshua 8 in the BSB

Joshua 8 in the CCB

Joshua 8 in the CUV

Joshua 8 in the CUVS

Joshua 8 in the DBT

Joshua 8 in the DGDNT

Joshua 8 in the DHNT

Joshua 8 in the DNT

Joshua 8 in the ELBE

Joshua 8 in the EMTV

Joshua 8 in the ESV

Joshua 8 in the FBV

Joshua 8 in the FEB

Joshua 8 in the GGMNT

Joshua 8 in the GNT

Joshua 8 in the HARY

Joshua 8 in the HNT

Joshua 8 in the IRVA

Joshua 8 in the IRVB

Joshua 8 in the IRVG

Joshua 8 in the IRVH

Joshua 8 in the IRVK

Joshua 8 in the IRVM

Joshua 8 in the IRVM2

Joshua 8 in the IRVO

Joshua 8 in the IRVP

Joshua 8 in the IRVT

Joshua 8 in the IRVT2

Joshua 8 in the IRVU

Joshua 8 in the ISVN

Joshua 8 in the JSNT

Joshua 8 in the KAPI

Joshua 8 in the KBT1ETNIK

Joshua 8 in the KBV

Joshua 8 in the KJV

Joshua 8 in the KNFD

Joshua 8 in the LBA

Joshua 8 in the LBLA

Joshua 8 in the LNT

Joshua 8 in the LSV

Joshua 8 in the MAAL

Joshua 8 in the MBV

Joshua 8 in the MBV2

Joshua 8 in the MHNT

Joshua 8 in the MKNFD

Joshua 8 in the MNG

Joshua 8 in the MNT

Joshua 8 in the MNT2

Joshua 8 in the MRS1T

Joshua 8 in the NAA

Joshua 8 in the NASB

Joshua 8 in the NBLA

Joshua 8 in the NBS

Joshua 8 in the NBVTP

Joshua 8 in the NET2

Joshua 8 in the NIV11

Joshua 8 in the NNT

Joshua 8 in the NNT2

Joshua 8 in the NNT3

Joshua 8 in the PDDPT

Joshua 8 in the PFNT

Joshua 8 in the RMNT

Joshua 8 in the SBIAS

Joshua 8 in the SBIBS

Joshua 8 in the SBIBS2

Joshua 8 in the SBICS

Joshua 8 in the SBIDS

Joshua 8 in the SBIGS

Joshua 8 in the SBIHS

Joshua 8 in the SBIIS

Joshua 8 in the SBIIS2

Joshua 8 in the SBIIS3

Joshua 8 in the SBIKS

Joshua 8 in the SBIKS2

Joshua 8 in the SBIMS

Joshua 8 in the SBIOS

Joshua 8 in the SBIPS

Joshua 8 in the SBISS

Joshua 8 in the SBITS

Joshua 8 in the SBITS2

Joshua 8 in the SBITS3

Joshua 8 in the SBITS4

Joshua 8 in the SBIUS

Joshua 8 in the SBIVS

Joshua 8 in the SBT

Joshua 8 in the SBT1E

Joshua 8 in the SCHL

Joshua 8 in the SNT

Joshua 8 in the SUSU

Joshua 8 in the SUSU2

Joshua 8 in the SYNO

Joshua 8 in the TBIAOTANT

Joshua 8 in the TBT1E

Joshua 8 in the TBT1E2

Joshua 8 in the TFTIP

Joshua 8 in the TFTU

Joshua 8 in the TGNTATF3T

Joshua 8 in the THAI

Joshua 8 in the TNFD

Joshua 8 in the TNT

Joshua 8 in the TNTIK

Joshua 8 in the TNTIL

Joshua 8 in the TNTIN

Joshua 8 in the TNTIP

Joshua 8 in the TNTIZ

Joshua 8 in the TOMA

Joshua 8 in the TTENT

Joshua 8 in the UBG

Joshua 8 in the UGV

Joshua 8 in the UGV2

Joshua 8 in the UGV3

Joshua 8 in the VBL

Joshua 8 in the VDCC

Joshua 8 in the YALU

Joshua 8 in the YAPE

Joshua 8 in the YBVTP

Joshua 8 in the ZBP