Leviticus 19 (BOATCB)
1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, me AWURADE a meyɛ mo Onyankopɔn no, meyɛ kronkron. 3 “ ‘Ɛsɛ sɛ mode anidie ma mo maamenom ne mo agyanom na modi me homeda mmara no so, ɛfiri sɛ, meyɛ AWURADE mo Onyankopɔn. 4 “ ‘Monnsom ahoni, ɛfiri sɛ, meyɛ AWURADE mo Onyankopɔn. 5 “ ‘Ɛsɛ sɛ mobɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma AWURADE a momfa ɛkwan pa so mmɔ na asɔ AWURADE ani. 6 Ɛda a mobɛbɔ saa afɔdeɛ no, monni no ɛda no ara, na aboro so koraa na ɛsɛ sɛ modi no adekyeeɛ. Monhye deɛ ɛbɛdi nnansa no. 7 Na deɛ mobɛdi no nnansa so no yɛ akyiwadeɛ ma me, enti mɛpo. 8 Sɛ modi no nnansa so a, modi ho fɔ na moagu AWURADE kronkronyɛ nso ho fi, na wɔbɛtwa mo asuo afiri AWURADE nkurɔfoɔ mu. 9 “ ‘Sɛ motwa mo nnɔbaeɛ a, monntwa nnɔbaeɛ a ɛwɔ mo mfuo nhanoa no. Sɛ moretwa a, aba a ɛbɛgu fam no nso, monntase. 10 Saa ara na mo bobe so aba no nso, ɛnsɛ sɛ mote so nyinaa. Na deɛ ɛbɛte agu aseɛ no nso, monntase. Monnya mma ahiafoɔ ne akwantufoɔ a wɔbɛfa hɔ no na mene AWURADE mo Onyankopɔn. 11 “ ‘Mommmɔ korɔno.“ ‘Monntwa atorɔ.“ ‘Na monnsisi obiara. 12 “ ‘Monnka ntanhunu mfa ngu mo Onyankopɔn din ho fi, ɛfiri sɛ, mene AWURADE. 13 “ ‘Nwia wo yɔnko na monnsisi obi.“ ‘Na mo apaafoɔ nso, montua wɔn ka ntɛm na mommma adeɛ nkye so. 14 “ ‘Monnnome ɔsotifoɔ na monntwintwane onifirani akwan mu. Monsuro mo Onyankopɔn; Mene AWURADE. 15 “ ‘Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara atemmufoɔ bu atɛntenenee a wɔnhwɛ sɛ deɛ wɔrebu no atɛn no yɛ ohiani anaa osikani. Ɛsɛ sɛ daa wɔn atemmuo yɛ pɛpɛɛpɛ. 16 “ ‘Monnni nsekuro.“ ‘Mfa bɔne bi ho asɛm nto wo yɔnko so, na mene AWURADE. 17 “ ‘Ntane wo nua. Ka obiara a ɔyɛ bɔne anim; mma ɔbɔnefoɔ mfa ne ho nni. Sɛ woyɛ saa a, wo nso wodi ho fɔ saa ara. 18 “ ‘Ntɔ were. Nnya obi ho menasepɔ; na mmom, dɔ wo yɔnko sɛ wo ho, na mene AWURADE. 19 “ ‘Monni me mmara so:“ ‘Mma wo nantwie mforo aboa foforɔ bi.“ ‘Nnua afifideɛ a ɛgu ahodoɔ mmienu wɔ wʼafuo mu.“ ‘Nhyɛ atadeɛ a ɛfa yɛ kuntu na ɛfa nso yɛ serekye. 20 “ ‘Sɛ obi bɔ afenaa bi a obi asi no asiwaa asɔn a, ɛsɛ sɛ wɔdi wɔn asɛm wɔ asɛnniiɛ nanso ɛnsɛ sɛ wɔkum wɔn, ɛfiri sɛ, afenaa no nne ne ho. 21 Ɔbarima no na ɔde ne fɔdie afɔrebɔdeɛ bɛbrɛ AWURADE wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. Ɛsɛ sɛ afɔrebɔdeɛ no yɛ odwennini. 22 Ɔsɔfoɔ no de odwennini no bɛyɛ mpatadeɛ ama ɔbarima no bɔne a ɔyɛeɛ no na ama wɔde ne bɔne no akyɛ no. 23 “ ‘Sɛ mokɔ asase bi so kɔdua nnuaba ahodoɔ pii wɔ so a, nnɔbaetwa mmiɛnsa a ɛdi ɛkan no, monnni, ɛfiri sɛ, wɔbu no sɛ ɛho agu fi. 24 Na ne mfeɛ ɛnan so no, momfa aba no nyinaa mma AWURADE mfa nkamfo no. 25 Na ne mfeɛ enum so no, aba no yɛ mo dea. Mene AWURADE mo Onyankopɔn. 26 “ ‘Monnwe aboa biara a wɔnsɔnee ne mu mogya ɛnam.“ ‘Na mommfa mo ho nto ntafowayie anaa bayie so. 27 “ ‘Ɛnsɛ sɛ motwitwa mo moma so nwi twitwa mo abɔgyesɛ so sɛdeɛ abosonsomfoɔ yɛ no. 28 “ ‘Mommotabota mo ho mma ayiyɛ, na monnyɛ nsohyɛdeɛ wɔ mo honam ani nso. Mene AWURADE. 29 “ ‘Mma wo babaa nkɔbɔ adwaman mfa ngu ne ho fi na asase no annane abɔnefoɔ asase. 30 “ ‘Monni me homeda mmara no so na monni mʼAhyiaeɛ Ntomadan no ni, ɛfiri sɛ, mene AWURADE. 31 “ ‘Monnkɔ abisa wɔ adebisafoɔ ne abayifoɔ nkyɛn mmfa ngu mo ho fi, na mene AWURADE mo Onyankopɔn. 32 “ ‘Momfa obuo ne anidie mma mpanimfoɔ wɔ Onyamesuro mu. Mene AWURADE. 33 “ ‘Mommfa no sɛ yɛwɔ ahɔhoɔ wɔ yɛn ɔman yi mu enti yɛbɛsisi wɔn. 34 Mommu wɔn sɛdeɛ mobu onipa biara. Monnodɔ wɔn sɛ mo ho na monkae sɛ, na mo nso moyɛ ahɔhoɔ wɔ Misraim asase so. Mene AWURADE mo Onyankopɔn. 35 “ ‘Ɛnsɛ sɛ mobu ntɛnkyea wɔ adesusuo, adekari anaa ade dodoɔ mu. 36 Ɛsɛ sɛ mo nsania ne mo nkariboɔ yɛ pɛpɛɛpɛ. Adeɛ a mode susu nsunsudeɛ ne nneɛma a ɛnyɛ nsunsu no nso, ɛsɛ sɛ ɛyɛ pɛpɛɛpɛ, ɛfiri sɛ, mene AWURADE mo Onyankopɔn a mede mo firi Misraim baeɛ no. 37 “ ‘Ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm ne mʼahyɛdeɛ no nyinaa so, na mene AWURADE.’ ”
In Other Versions
Leviticus 19 in the ANGEFD
Leviticus 19 in the ANTPNG2D
Leviticus 19 in the AS21
Leviticus 19 in the BAGH
Leviticus 19 in the BBPNG
Leviticus 19 in the BBT1E
Leviticus 19 in the BDS
Leviticus 19 in the BEV
Leviticus 19 in the BHAD
Leviticus 19 in the BIB
Leviticus 19 in the BLPT
Leviticus 19 in the BNT
Leviticus 19 in the BNTABOOT
Leviticus 19 in the BNTLV
Leviticus 19 in the BOATCB2
Leviticus 19 in the BOBCV
Leviticus 19 in the BOCNT
Leviticus 19 in the BOECS
Leviticus 19 in the BOGWICC
Leviticus 19 in the BOHCB
Leviticus 19 in the BOHCV
Leviticus 19 in the BOHLNT
Leviticus 19 in the BOHNTLTAL
Leviticus 19 in the BOICB
Leviticus 19 in the BOILNTAP
Leviticus 19 in the BOITCV
Leviticus 19 in the BOKCV
Leviticus 19 in the BOKCV2
Leviticus 19 in the BOKHWOG
Leviticus 19 in the BOKSSV
Leviticus 19 in the BOLCB
Leviticus 19 in the BOLCB2
Leviticus 19 in the BOMCV
Leviticus 19 in the BONAV
Leviticus 19 in the BONCB
Leviticus 19 in the BONLT
Leviticus 19 in the BONUT2
Leviticus 19 in the BOPLNT
Leviticus 19 in the BOSCB
Leviticus 19 in the BOSNC
Leviticus 19 in the BOTLNT
Leviticus 19 in the BOVCB
Leviticus 19 in the BOYCB
Leviticus 19 in the BPBB
Leviticus 19 in the BPH
Leviticus 19 in the BSB
Leviticus 19 in the CCB
Leviticus 19 in the CUV
Leviticus 19 in the CUVS
Leviticus 19 in the DBT
Leviticus 19 in the DGDNT
Leviticus 19 in the DHNT
Leviticus 19 in the DNT
Leviticus 19 in the ELBE
Leviticus 19 in the EMTV
Leviticus 19 in the ESV
Leviticus 19 in the FBV
Leviticus 19 in the FEB
Leviticus 19 in the GGMNT
Leviticus 19 in the GNT
Leviticus 19 in the HARY
Leviticus 19 in the HNT
Leviticus 19 in the IRVA
Leviticus 19 in the IRVB
Leviticus 19 in the IRVG
Leviticus 19 in the IRVH
Leviticus 19 in the IRVK
Leviticus 19 in the IRVM
Leviticus 19 in the IRVM2
Leviticus 19 in the IRVO
Leviticus 19 in the IRVP
Leviticus 19 in the IRVT
Leviticus 19 in the IRVT2
Leviticus 19 in the IRVU
Leviticus 19 in the ISVN
Leviticus 19 in the JSNT
Leviticus 19 in the KAPI
Leviticus 19 in the KBT1ETNIK
Leviticus 19 in the KBV
Leviticus 19 in the KJV
Leviticus 19 in the KNFD
Leviticus 19 in the LBA
Leviticus 19 in the LBLA
Leviticus 19 in the LNT
Leviticus 19 in the LSV
Leviticus 19 in the MAAL
Leviticus 19 in the MBV
Leviticus 19 in the MBV2
Leviticus 19 in the MHNT
Leviticus 19 in the MKNFD
Leviticus 19 in the MNG
Leviticus 19 in the MNT
Leviticus 19 in the MNT2
Leviticus 19 in the MRS1T
Leviticus 19 in the NAA
Leviticus 19 in the NASB
Leviticus 19 in the NBLA
Leviticus 19 in the NBS
Leviticus 19 in the NBVTP
Leviticus 19 in the NET2
Leviticus 19 in the NIV11
Leviticus 19 in the NNT
Leviticus 19 in the NNT2
Leviticus 19 in the NNT3
Leviticus 19 in the PDDPT
Leviticus 19 in the PFNT
Leviticus 19 in the RMNT
Leviticus 19 in the SBIAS
Leviticus 19 in the SBIBS
Leviticus 19 in the SBIBS2
Leviticus 19 in the SBICS
Leviticus 19 in the SBIDS
Leviticus 19 in the SBIGS
Leviticus 19 in the SBIHS
Leviticus 19 in the SBIIS
Leviticus 19 in the SBIIS2
Leviticus 19 in the SBIIS3
Leviticus 19 in the SBIKS
Leviticus 19 in the SBIKS2
Leviticus 19 in the SBIMS
Leviticus 19 in the SBIOS
Leviticus 19 in the SBIPS
Leviticus 19 in the SBISS
Leviticus 19 in the SBITS
Leviticus 19 in the SBITS2
Leviticus 19 in the SBITS3
Leviticus 19 in the SBITS4
Leviticus 19 in the SBIUS
Leviticus 19 in the SBIVS
Leviticus 19 in the SBT
Leviticus 19 in the SBT1E
Leviticus 19 in the SCHL
Leviticus 19 in the SNT
Leviticus 19 in the SUSU
Leviticus 19 in the SUSU2
Leviticus 19 in the SYNO
Leviticus 19 in the TBIAOTANT
Leviticus 19 in the TBT1E
Leviticus 19 in the TBT1E2
Leviticus 19 in the TFTIP
Leviticus 19 in the TFTU
Leviticus 19 in the TGNTATF3T
Leviticus 19 in the THAI
Leviticus 19 in the TNFD
Leviticus 19 in the TNT
Leviticus 19 in the TNTIK
Leviticus 19 in the TNTIL
Leviticus 19 in the TNTIN
Leviticus 19 in the TNTIP
Leviticus 19 in the TNTIZ
Leviticus 19 in the TOMA
Leviticus 19 in the TTENT
Leviticus 19 in the UBG
Leviticus 19 in the UGV
Leviticus 19 in the UGV2
Leviticus 19 in the UGV3
Leviticus 19 in the VBL
Leviticus 19 in the VDCC
Leviticus 19 in the YALU
Leviticus 19 in the YAPE
Leviticus 19 in the YBVTP
Leviticus 19 in the ZBP