Leviticus 27 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma AWURADE a, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔtua sika mmom a, 3 ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570) ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia, 4 sɛ ɔyɛ ɔbaa a wadi mfeɛ aduonu kɔsi aduosia a, wɔbɛtua dwetɛ gram ahasa ne aduanan (340), 5 abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa (230). Sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 6 Abarimaa a wadi bosome kɔsi mfeɛ enum no wɔbɛtua dwetɛ gram 60; na abaayewa nso wɔatua dwetɛ gram 35. 7 Ɔbarima a wadi boro mfeɛ aduosia no wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha aduɔson (170); na ɔbaa nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum (115). 8 Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfoɔ anim, na ɔsɔfoɔ no akyerɛ no sika a ɔbɛtumi atua. 9 “ ‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ma AWURADE a, saa aboa no a ɔde ama AWURADE no bɛyɛ kronkron. 10 Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa sɛ ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa mmienu no nyinaa ho te. 11 Sɛ aboa a ɔde rema AWURADE no ho nte na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔdeɛ ma AWURADE a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfoɔ. 12 Ɔno na ɔbɛhwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ ɔnte saa, na wakyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ sɛ ɔtua de si aboa no anan. 13 Sɛ aboa no yɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsane gye nʼadeɛ a, ɔbɛtua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ɛboɔ a ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no sɛ ɔntua no ho. 14 “ ‘Sɛ obi de ne fie ma AWURADE na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsane gye a, ɔsɔfoɔ no bɛsese ne boɔ a ɔnte so, 15 na saa onipa no atua, asane atua ɛbo korɔ no ara ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na efie no abɛyɛ ne dea bio. 16 “ ‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔdeɛ ma AWURADE a, wɔbɛgyina aba kɛntɛnma dodoɔ a ɛbɛhia sɛ wɔbɛdua wɔ so no so atwa asase no boɔ; aba kɛntɛnma biara boɔ yɛ dwetɛ gram ahanum ne aduɔson (570). 17 Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuo kyɛ a, ne boɔ no rensesa. 18 Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so. 19 Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔgye nʼasase a, ɔsɔfoɔ no boɔ a ɔbɛbɔ no, ɔbɛtua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio. 20 Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforɔ a, ɛnneɛ wɔrentumi nnye bio. 21 Sɛ wɔdane asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde ato hɔ ama AWURADE. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ. 22 “ ‘Sɛ obi bi de asase a watɔ ma AWURADE, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a, 23 ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ama wɔadi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne boɔ. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ɛboɔ no ɛda no ara, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma AWURADE. 24 Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, asase no bɛsane akɔ deɛ ɔtɔneɛ no nkyɛn anaasɛ deɛ na ɔyɛ asase no wura no. 25 Wɔbɛsese ɛho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbena a wɔgye wɔ hyiadan mu, a ɛyɛ gram dubaako. 26 “ ‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma AWURADE, ɛfiri sɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan no, yɛ AWURADE dea dada. 27 Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho nteɛ no bi a, onipa no bɛtumi atua ne boɔ no, na ɔde ɛboɔ no mu nkyɛmu enum mu baako aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio deɛ a, wɔbɛtɔn aboa no sɛdeɛ ne boɔ teɛ. 28 “ ‘Adeɛ biara a wɔde ama AWURADE no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsane gye, ɛfiri sɛ, biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma AWURADE. 29 “ ‘Onipa biara a AWURADE ayi no asi nkyɛn ama ɔsɛeɛ no, wɔmmfa biribi ntua ne tiri ka. Ɛsɛ sɛ wɔkum no. 30 “ ‘Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, sɛ ɛyɛ aburoo anaa aduaba no yɛ AWURADE dea. Ɛyɛ kronkron. 31 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsane tɔ saa aduaba anaa aburoo no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne boɔ nkyɛmu enum mu baako ka ho. 32 Anantwie ne nnwan no ntotosoɔ dudu nyinaa, aboa biara a ɔtɔ so edu a ɔfa odwanhwɛfoɔ nsam no yɛ kronkron ma AWURADE. 33 Aboa a ɔtɔ so edu a wɔde bɛma AWURADE no, wɔnhwɛ sɛ ɔyɛ anaa ɔnyɛ, na wɔmmfa biribiara nsi nʼananmu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde biribiara si ananmu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’ ” 34 Yeinom ne mmara a AWURADE de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no.

In Other Versions

Leviticus 27 in the ANGEFD

Leviticus 27 in the ANTPNG2D

Leviticus 27 in the AS21

Leviticus 27 in the BAGH

Leviticus 27 in the BBPNG

Leviticus 27 in the BBT1E

Leviticus 27 in the BDS

Leviticus 27 in the BEV

Leviticus 27 in the BHAD

Leviticus 27 in the BIB

Leviticus 27 in the BLPT

Leviticus 27 in the BNT

Leviticus 27 in the BNTABOOT

Leviticus 27 in the BNTLV

Leviticus 27 in the BOATCB2

Leviticus 27 in the BOBCV

Leviticus 27 in the BOCNT

Leviticus 27 in the BOECS

Leviticus 27 in the BOGWICC

Leviticus 27 in the BOHCB

Leviticus 27 in the BOHCV

Leviticus 27 in the BOHLNT

Leviticus 27 in the BOHNTLTAL

Leviticus 27 in the BOICB

Leviticus 27 in the BOILNTAP

Leviticus 27 in the BOITCV

Leviticus 27 in the BOKCV

Leviticus 27 in the BOKCV2

Leviticus 27 in the BOKHWOG

Leviticus 27 in the BOKSSV

Leviticus 27 in the BOLCB

Leviticus 27 in the BOLCB2

Leviticus 27 in the BOMCV

Leviticus 27 in the BONAV

Leviticus 27 in the BONCB

Leviticus 27 in the BONLT

Leviticus 27 in the BONUT2

Leviticus 27 in the BOPLNT

Leviticus 27 in the BOSCB

Leviticus 27 in the BOSNC

Leviticus 27 in the BOTLNT

Leviticus 27 in the BOVCB

Leviticus 27 in the BOYCB

Leviticus 27 in the BPBB

Leviticus 27 in the BPH

Leviticus 27 in the BSB

Leviticus 27 in the CCB

Leviticus 27 in the CUV

Leviticus 27 in the CUVS

Leviticus 27 in the DBT

Leviticus 27 in the DGDNT

Leviticus 27 in the DHNT

Leviticus 27 in the DNT

Leviticus 27 in the ELBE

Leviticus 27 in the EMTV

Leviticus 27 in the ESV

Leviticus 27 in the FBV

Leviticus 27 in the FEB

Leviticus 27 in the GGMNT

Leviticus 27 in the GNT

Leviticus 27 in the HARY

Leviticus 27 in the HNT

Leviticus 27 in the IRVA

Leviticus 27 in the IRVB

Leviticus 27 in the IRVG

Leviticus 27 in the IRVH

Leviticus 27 in the IRVK

Leviticus 27 in the IRVM

Leviticus 27 in the IRVM2

Leviticus 27 in the IRVO

Leviticus 27 in the IRVP

Leviticus 27 in the IRVT

Leviticus 27 in the IRVT2

Leviticus 27 in the IRVU

Leviticus 27 in the ISVN

Leviticus 27 in the JSNT

Leviticus 27 in the KAPI

Leviticus 27 in the KBT1ETNIK

Leviticus 27 in the KBV

Leviticus 27 in the KJV

Leviticus 27 in the KNFD

Leviticus 27 in the LBA

Leviticus 27 in the LBLA

Leviticus 27 in the LNT

Leviticus 27 in the LSV

Leviticus 27 in the MAAL

Leviticus 27 in the MBV

Leviticus 27 in the MBV2

Leviticus 27 in the MHNT

Leviticus 27 in the MKNFD

Leviticus 27 in the MNG

Leviticus 27 in the MNT

Leviticus 27 in the MNT2

Leviticus 27 in the MRS1T

Leviticus 27 in the NAA

Leviticus 27 in the NASB

Leviticus 27 in the NBLA

Leviticus 27 in the NBS

Leviticus 27 in the NBVTP

Leviticus 27 in the NET2

Leviticus 27 in the NIV11

Leviticus 27 in the NNT

Leviticus 27 in the NNT2

Leviticus 27 in the NNT3

Leviticus 27 in the PDDPT

Leviticus 27 in the PFNT

Leviticus 27 in the RMNT

Leviticus 27 in the SBIAS

Leviticus 27 in the SBIBS

Leviticus 27 in the SBIBS2

Leviticus 27 in the SBICS

Leviticus 27 in the SBIDS

Leviticus 27 in the SBIGS

Leviticus 27 in the SBIHS

Leviticus 27 in the SBIIS

Leviticus 27 in the SBIIS2

Leviticus 27 in the SBIIS3

Leviticus 27 in the SBIKS

Leviticus 27 in the SBIKS2

Leviticus 27 in the SBIMS

Leviticus 27 in the SBIOS

Leviticus 27 in the SBIPS

Leviticus 27 in the SBISS

Leviticus 27 in the SBITS

Leviticus 27 in the SBITS2

Leviticus 27 in the SBITS3

Leviticus 27 in the SBITS4

Leviticus 27 in the SBIUS

Leviticus 27 in the SBIVS

Leviticus 27 in the SBT

Leviticus 27 in the SBT1E

Leviticus 27 in the SCHL

Leviticus 27 in the SNT

Leviticus 27 in the SUSU

Leviticus 27 in the SUSU2

Leviticus 27 in the SYNO

Leviticus 27 in the TBIAOTANT

Leviticus 27 in the TBT1E

Leviticus 27 in the TBT1E2

Leviticus 27 in the TFTIP

Leviticus 27 in the TFTU

Leviticus 27 in the TGNTATF3T

Leviticus 27 in the THAI

Leviticus 27 in the TNFD

Leviticus 27 in the TNT

Leviticus 27 in the TNTIK

Leviticus 27 in the TNTIL

Leviticus 27 in the TNTIN

Leviticus 27 in the TNTIP

Leviticus 27 in the TNTIZ

Leviticus 27 in the TOMA

Leviticus 27 in the TTENT

Leviticus 27 in the UBG

Leviticus 27 in the UGV

Leviticus 27 in the UGV2

Leviticus 27 in the UGV3

Leviticus 27 in the VBL

Leviticus 27 in the VDCC

Leviticus 27 in the YALU

Leviticus 27 in the YAPE

Leviticus 27 in the YBVTP

Leviticus 27 in the ZBP