Leviticus 6 (BOATCB)
1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Sɛ obi yɛ bɔne tia me, sɛ ebia, ɔmpɛ sɛ ɔsane de biribi a wɔde ama no asie kɔto baabi a ɛda anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaa ɔsisi ne yɔnko, 3 anaa ɔtu ahunu na ɔka ntam sane wɔ ho sɛ dekodeɛ no nni ne nkyɛn a, 4 sɛ obi yɛ bɔne na ɔdi ho fɔ a, ɔbɛsane de ne korɔnodeɛ no anaa ne tintinnyɛdeɛ anaa deɛ wɔde maa no sieeɛ anaa agyapadeɛ a wɔde ahyɛ ne nsa, anaa adeɛ a ayera no aba. 5 Biribiara a waka ho ntanhunu no nso, ɔbɛsane de ne nyinaa aba na ɔde ho mfɛntom ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho abrɛ onipa ko a ne dea no, ɛda a ɔrebɔ afɔdie ho afɔdeɛ no. 6 Nʼafɔdie ho afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ odwennini a ɔnni dɛm. Ɛsɛ sɛ ɔdi ɛboɔ biara a wɔbɛbɔ no no. Ɔde no bɛma ɔsɔfoɔ 7 na ɔsɔfoɔ no de no ayɛ mpatadeɛ ama no wɔ Awurade anim na wɔde ne bɔne akyɛ no.” 8 Afei, AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 9 “Fa saa mmara a ɛfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ho yi ma Aaron ne ne mmammarima. ‘Wɔbɛgya ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ no wɔ ogya no so anadwo mu no nyinaa a afɔrebukyia ogya no gu so rehye. 10 Adeɛ kye a, ɔsɔfoɔ no bɛhyɛ nʼasɔfotadeɛ nahanaha wɔ aseɛ na wahyɛ atadetam korɔ no ara bi ngugusoɔ na wakɔpra ɔhyeɛ afɔdeɛ nsõ no de agu afɔrebukyia no nkyɛn. 11 Afei, ɔbɛsesa ne ntadeɛ no na wasoa nsõ no afiri beaeɛ hɔ de akɔgu beaeɛ foforɔ a wɔate hɔ no. 12 Saa ɛberɛ yi nyinaa ɛsɛ sɛ ogya a ɛwɔ afɔrebukyia no so no dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. Anɔpa biara ɔsɔfoɔ no de ogya foforɔ bɛhyɛ mu na ɔde ɛda biara ɔhyeɛ afɔdeɛ agu so, na wahye sradeɛ a wɔde bɔ ɛda biara asomdwoeɛ afɔdeɛ no. 13 Ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara ogya no kɔ so dɛre. Ɛnsɛ sɛ ɛdum. 14 “ ‘Atokoɔ afɔdeɛ ho mmara nso nie: Aaron mmammarima bɛgyina afɔrebukyia no anim na wɔde atokoɔ afɔrebɔ no ama AWURADE. 15 Ɔsɔfoɔ no bɛsa asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu no ne nsabuo ma na ɔde ngo ne aduhwam afra ahye no wɔ afɔrebukyia no so sɛ ananmusideɛ ama Awurade; na AWURADE ani bɛsɔ. 16 Ɔsa ne nsabuo ma wie a, deɛ ɛbɛka no yɛ Aaron ne ne mmammarima dea a wɔbɛdie. Wɔbɛdi a wɔremfa mmɔreka mfra wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ. 17 Si so dua sɛ, sɛ wɔto a, wɔmmfa mmɔreka mfra mu. Mede saa ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ maa me no bi ama asɔfoɔ no. Esiane sɛ ne nyinaa yɛ bɔne ne afɔdie ho afɔrebɔ enti, ɛyɛ kronkron. 18 Aaron asefoɔ mmarima ne asɔfoɔ na wɔnni mfiri awoɔ ntoatoasoɔ so nkɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. Nanso asɔfoɔ no nko ara na wɔnni afɔrebɔdeɛ a wɔabɔ no ogya so ama AWURADE no.’ ” 19 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 20 “Ɛda a wɔbɛsra Aaron ne ne mmammarima ngo no, ɛsɛ sɛ wɔde asikyiresiam lita mmienu ne fa brɛ AWURADE. Wɔde fa bɛba anɔpa na wɔde fa aba anwummerɛ. 21 Wɔde ngo bɛfra ato wɔ dadeɛ apaawa so. Ɛsɛ sɛ wɔto no yie na wɔde brɛ AWURADE sɛ nʼafɔrebɔdeɛ a ɛsɔ nʼani yie. 22 Ɔsɔfoɔ a ɔfiri Aaron mmammarima mu a wɔrehyɛ no ɔsɔfoɔ ma wasi nʼagya anan no de bɛma AWURADE sɛdeɛ wɔahyɛ ho mmara afebɔɔ sɛ wɔnhye ne nyinaa no. 23 Ɔsɔfoɔ biara atokoɔ afɔdeɛ a ɔbɛbɔ no, ɛsɛ sɛ wɔhye ne nyinaa. Ɛnsɛ sɛ wɔdi.” 24 Afei AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima sɛ bɔne afɔrebɔ ho mmara nie: Saa afɔrebɔdeɛ yi ho yɛ kronkron yie enti ɛsɛ sɛ wɔkum no AWURADE anim wɔ beaeɛ a wɔkum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ wɔ hɔ no. 26 Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ a ɔyɛ afɔrebɔ no ho adwuma no we afɔrebɔdeɛ no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no adihɔ hɔ. 27 Wɔn a wɔate wɔn ho a wɔyɛ asɔfoɔ nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka ɛnam no bi; na sɛ ɛba sɛ aboa no mogya bi pete wɔn ntadeɛ mu a, ɛsɛ sɛ wɔsi ntadeɛ no wɔ beaeɛ a wɔate ho hɔ. 28 Kukuo a wɔnoaa ɛnam no wɔ mu no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ no; na sɛ ɛyɛ kɔbere nso a, ɛsɛ sɛ wɔtwi mu, na wɔde nsuo hohoro mu nyinaa yie. 29 Ɔbarima biara a ɔfra asɔfoɔ no mu no bɛdi afɔrebɔdeɛ no bi—wɔn nko ara—ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron yie. 30 Sɛ wɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ no mogya no bi kɔ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ de kɔyɛ mpatadeɛ wɔ kronkronbea hɔ a, ɔsɔfoɔ biara renwe bi. Ɛsɛ sɛ wɔde ogya hye aboa no nyinaa wɔ Awurade anim.
In Other Versions
Leviticus 6 in the ANGEFD
Leviticus 6 in the ANTPNG2D
Leviticus 6 in the AS21
Leviticus 6 in the BAGH
Leviticus 6 in the BBPNG
Leviticus 6 in the BBT1E
Leviticus 6 in the BDS
Leviticus 6 in the BEV
Leviticus 6 in the BHAD
Leviticus 6 in the BIB
Leviticus 6 in the BLPT
Leviticus 6 in the BNT
Leviticus 6 in the BNTABOOT
Leviticus 6 in the BNTLV
Leviticus 6 in the BOATCB2
Leviticus 6 in the BOBCV
Leviticus 6 in the BOCNT
Leviticus 6 in the BOECS
Leviticus 6 in the BOGWICC
Leviticus 6 in the BOHCB
Leviticus 6 in the BOHCV
Leviticus 6 in the BOHLNT
Leviticus 6 in the BOHNTLTAL
Leviticus 6 in the BOICB
Leviticus 6 in the BOILNTAP
Leviticus 6 in the BOITCV
Leviticus 6 in the BOKCV
Leviticus 6 in the BOKCV2
Leviticus 6 in the BOKHWOG
Leviticus 6 in the BOKSSV
Leviticus 6 in the BOLCB
Leviticus 6 in the BOLCB2
Leviticus 6 in the BOMCV
Leviticus 6 in the BONAV
Leviticus 6 in the BONCB
Leviticus 6 in the BONLT
Leviticus 6 in the BONUT2
Leviticus 6 in the BOPLNT
Leviticus 6 in the BOSCB
Leviticus 6 in the BOSNC
Leviticus 6 in the BOTLNT
Leviticus 6 in the BOVCB
Leviticus 6 in the BOYCB
Leviticus 6 in the BPBB
Leviticus 6 in the BPH
Leviticus 6 in the BSB
Leviticus 6 in the CCB
Leviticus 6 in the CUV
Leviticus 6 in the CUVS
Leviticus 6 in the DBT
Leviticus 6 in the DGDNT
Leviticus 6 in the DHNT
Leviticus 6 in the DNT
Leviticus 6 in the ELBE
Leviticus 6 in the EMTV
Leviticus 6 in the ESV
Leviticus 6 in the FBV
Leviticus 6 in the FEB
Leviticus 6 in the GGMNT
Leviticus 6 in the GNT
Leviticus 6 in the HARY
Leviticus 6 in the HNT
Leviticus 6 in the IRVA
Leviticus 6 in the IRVB
Leviticus 6 in the IRVG
Leviticus 6 in the IRVH
Leviticus 6 in the IRVK
Leviticus 6 in the IRVM
Leviticus 6 in the IRVM2
Leviticus 6 in the IRVO
Leviticus 6 in the IRVP
Leviticus 6 in the IRVT
Leviticus 6 in the IRVT2
Leviticus 6 in the IRVU
Leviticus 6 in the ISVN
Leviticus 6 in the JSNT
Leviticus 6 in the KAPI
Leviticus 6 in the KBT1ETNIK
Leviticus 6 in the KBV
Leviticus 6 in the KJV
Leviticus 6 in the KNFD
Leviticus 6 in the LBA
Leviticus 6 in the LBLA
Leviticus 6 in the LNT
Leviticus 6 in the LSV
Leviticus 6 in the MAAL
Leviticus 6 in the MBV
Leviticus 6 in the MBV2
Leviticus 6 in the MHNT
Leviticus 6 in the MKNFD
Leviticus 6 in the MNG
Leviticus 6 in the MNT
Leviticus 6 in the MNT2
Leviticus 6 in the MRS1T
Leviticus 6 in the NAA
Leviticus 6 in the NASB
Leviticus 6 in the NBLA
Leviticus 6 in the NBS
Leviticus 6 in the NBVTP
Leviticus 6 in the NET2
Leviticus 6 in the NIV11
Leviticus 6 in the NNT
Leviticus 6 in the NNT2
Leviticus 6 in the NNT3
Leviticus 6 in the PDDPT
Leviticus 6 in the PFNT
Leviticus 6 in the RMNT
Leviticus 6 in the SBIAS
Leviticus 6 in the SBIBS
Leviticus 6 in the SBIBS2
Leviticus 6 in the SBICS
Leviticus 6 in the SBIDS
Leviticus 6 in the SBIGS
Leviticus 6 in the SBIHS
Leviticus 6 in the SBIIS
Leviticus 6 in the SBIIS2
Leviticus 6 in the SBIIS3
Leviticus 6 in the SBIKS
Leviticus 6 in the SBIKS2
Leviticus 6 in the SBIMS
Leviticus 6 in the SBIOS
Leviticus 6 in the SBIPS
Leviticus 6 in the SBISS
Leviticus 6 in the SBITS
Leviticus 6 in the SBITS2
Leviticus 6 in the SBITS3
Leviticus 6 in the SBITS4
Leviticus 6 in the SBIUS
Leviticus 6 in the SBIVS
Leviticus 6 in the SBT
Leviticus 6 in the SBT1E
Leviticus 6 in the SCHL
Leviticus 6 in the SNT
Leviticus 6 in the SUSU
Leviticus 6 in the SUSU2
Leviticus 6 in the SYNO
Leviticus 6 in the TBIAOTANT
Leviticus 6 in the TBT1E
Leviticus 6 in the TBT1E2
Leviticus 6 in the TFTIP
Leviticus 6 in the TFTU
Leviticus 6 in the TGNTATF3T
Leviticus 6 in the THAI
Leviticus 6 in the TNFD
Leviticus 6 in the TNT
Leviticus 6 in the TNTIK
Leviticus 6 in the TNTIL
Leviticus 6 in the TNTIN
Leviticus 6 in the TNTIP
Leviticus 6 in the TNTIZ
Leviticus 6 in the TOMA
Leviticus 6 in the TTENT
Leviticus 6 in the UBG
Leviticus 6 in the UGV
Leviticus 6 in the UGV2
Leviticus 6 in the UGV3
Leviticus 6 in the VBL
Leviticus 6 in the VDCC
Leviticus 6 in the YALU
Leviticus 6 in the YAPE
Leviticus 6 in the YBVTP
Leviticus 6 in the ZBP