Leviticus 8 (BOATCB)

1 AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2 “Afei fa Aaron ne ne mmammarima bra Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan no ano. Wɔmfa wɔn ntadeɛ, ɔsra ngo, nantwie ba a wɔde no bɛbɔ bɔne afɔdeɛ, nnwennini mmienu ne burodo a mmɔreka nni mu nkɛntɛmma mmienu 3 na frɛ Israelfoɔ no nyinaa na wɔmmra hɔ bi.” 4 Enti nnipa no nyinaa hyiaeɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano. 5 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adeɛ a merebɛyɛ yi, AWURADE na wahyɛ me sɛ menyɛ.” 6 Afei, ɔfaa Aaron ne ne mmammarima de nsuo hohoroo wɔn ho, 7 de Aaron atadeɛ sononko a ne mmeamu ka ho de ne batakari a asɔfotadeɛ a wɔde tam a ɛyɛ fɛ ayɛ nʼabɔwomu hyɛɛ no. 8 Afei, Mose de adaaboɔ fam Aaron bo de Urim ne Tumim no hyɛɛ mu. 9 Ɔbɔɔ Aaron abotire a ɛwɔ sika abɔnimu kronkron sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no ara pɛ. 10 Afei, Mose faa ɔsra ngo no de bi petee Ahyiaeɛ Ntomadan no ankasa ne biribiara a ɛwɔ mu ho de tee ne nyinaa ho. 11 Ɔduruu afɔrebukyia no so no, ɔpetee so mprɛnson. Afei, ɔpetee nkukuo a ɛwɔ afɔrebukyia no so no ne atam ne ne ntaamu ho de tee ho. 12 Afei, ɔhwiee ɔsra ngo no guu Aaron tirim de tee ne ho sɛ ɔnhyɛ nʼadwuma ase. 13 Deɛ ɛdi hɔ ne sɛ, Mose de mmatakari no hyehyɛɛ Aaron mmammarima a abɔwomu ne ɛkyɛ ka ho sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 14 Afei, ɔfaa nantwinini ba sɛ ɔde no rekɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam, 15 ma Mose kumm no. Ɔde ne nsateaa baako bɔɔ ne mogya mu de yɛɛ afɔrebukyia mmɛn nan no ho ne afɔrebukyia no ankasa ho de tee ho, ɛnna ɔhwiee mogya no nkaeɛ no guu afɔrebukyia no ase de tee ho sɛ mpatadeɛ. 16 Ɔfaa nʼayamdeɛ ho sradeɛ ne ne berɛboɔ ho sradeɛ ne ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ hyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia no so. 17 Wɔhyee nantwinini ba no ne ne nhoma ne nʼagyanan wɔ sraban no akyi sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 18 Afei, ɔde odwennini maa AWURADE sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu aboa no apampam 19 na Mose kumm no de ne mogya no bi petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 20 Afei, ɔbobɔɔ odwennini no nam na ɔhyee asinasini no a ne ti ne ne sradeɛ ka ho. 21 Na ɔde nsuo hohoroo nʼayamdeɛ ne ne nan no ho hyee no wɔ afɔrebukyia no so maa ne nyinaa hyee pasaa wɔ AWURADE anim. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔɔ AWURADE ani yie, ɛfiri sɛ, Mose dii Awurade akwankyerɛ no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. 22 Afei, Mose de odwennini baako a ɔyɛ ahoteɛ dwennini baeɛ. Aaron ne ne mmammarima de wɔn nsa guu nʼapampam. 23 Mose kumm no na ɔde mogya no bi kaa Aaron aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobetie ne ne nan nifa kokurobetie. 24 Ɔde mogya no bi yɛɛ Aaron mmammarima no nso aso nifa ase ne wɔn nsa nifa kokurobetie ne wɔn nan nifa kokurobetie. Ɔde mogya no nkaeɛ petee afɔrebukyia no ho nyinaa. 25 Afei, ɔfaa sradeɛ no, ne dua, ne ne mu sradeɛ, ne berɛboɔ kotokuo, ne sawa mmienu no ne ɛho sradeɛ ne nʼabati nifa 26 ɛnna ɔde saa burodo ntrawa a mmɔreka nni mu no baako nso ne burodo ntrawa no baako a wɔde ngo agu so ne burodo ntrawa baako a wɔfaa ne nyinaa firii kɛntɛn a wɔde bɛsii hɔ wɔ AWURADE anim no mu guguu yeinom nyinaa so. 27 Wɔde yeinom nyinaa hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima nsa sɛ wɔnhim no afɔrebukyia no anim sɛ ɔhim afɔrebɔ mma AWURADE. 28 Mose gyee ne nyinaa firii wɔn nsam hyee no wɔ afɔrebukyia no so de maa AWURADE; na afɔrebɔ no sɔɔ AWURADE ani. 29 Afei Mose faa ne yan no hinhim no Awurade anim; yei ne Mose kyɛfa wɔ ahoteɛ odwennini no mu sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 30 Afei ɔfaa ɔsra ngo no ne mogya a ɔde apete afɔrebukyia no so no bi de petee Aaron ne ne mmammarima ntadeɛ mu de tee Aaron ne ne mmammarima ne wɔn ntadeɛ ho maa AWURADE dwumadie. 31 Mose ka kyerɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ, “Monnoa ɛnam no wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano na momfa nni burodo a ɛwɔ kɛntɛn a asɔfohyɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mu no sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no. 32 Ɛnam ne burodo biara a ɛbɛka no, monhye. 33 Bio, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nnanson, mfa nwie asɔfohyɛ dwumadie no. 34 Mose kaa bio sɛ, deɛ ɔyɛɛ no ɛda no nyinaa no, AWURADE na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ mfa nyɛ mpata mma wɔn. 35 Ɔsane hyɛɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ wɔntena Ahyiaeɛ Ntomadan no ano anadwo ne awia nnanson. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mofiri hɔ a, mobɛwuwu. Yei ne asɛm a AWURADE aka.’ ” 36 Enti, Aaron ne ne mmammarima dii nsɛm a AWURADE nam Mose so hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa so.

In Other Versions

Leviticus 8 in the ANGEFD

Leviticus 8 in the ANTPNG2D

Leviticus 8 in the AS21

Leviticus 8 in the BAGH

Leviticus 8 in the BBPNG

Leviticus 8 in the BBT1E

Leviticus 8 in the BDS

Leviticus 8 in the BEV

Leviticus 8 in the BHAD

Leviticus 8 in the BIB

Leviticus 8 in the BLPT

Leviticus 8 in the BNT

Leviticus 8 in the BNTABOOT

Leviticus 8 in the BNTLV

Leviticus 8 in the BOATCB2

Leviticus 8 in the BOBCV

Leviticus 8 in the BOCNT

Leviticus 8 in the BOECS

Leviticus 8 in the BOGWICC

Leviticus 8 in the BOHCB

Leviticus 8 in the BOHCV

Leviticus 8 in the BOHLNT

Leviticus 8 in the BOHNTLTAL

Leviticus 8 in the BOICB

Leviticus 8 in the BOILNTAP

Leviticus 8 in the BOITCV

Leviticus 8 in the BOKCV

Leviticus 8 in the BOKCV2

Leviticus 8 in the BOKHWOG

Leviticus 8 in the BOKSSV

Leviticus 8 in the BOLCB

Leviticus 8 in the BOLCB2

Leviticus 8 in the BOMCV

Leviticus 8 in the BONAV

Leviticus 8 in the BONCB

Leviticus 8 in the BONLT

Leviticus 8 in the BONUT2

Leviticus 8 in the BOPLNT

Leviticus 8 in the BOSCB

Leviticus 8 in the BOSNC

Leviticus 8 in the BOTLNT

Leviticus 8 in the BOVCB

Leviticus 8 in the BOYCB

Leviticus 8 in the BPBB

Leviticus 8 in the BPH

Leviticus 8 in the BSB

Leviticus 8 in the CCB

Leviticus 8 in the CUV

Leviticus 8 in the CUVS

Leviticus 8 in the DBT

Leviticus 8 in the DGDNT

Leviticus 8 in the DHNT

Leviticus 8 in the DNT

Leviticus 8 in the ELBE

Leviticus 8 in the EMTV

Leviticus 8 in the ESV

Leviticus 8 in the FBV

Leviticus 8 in the FEB

Leviticus 8 in the GGMNT

Leviticus 8 in the GNT

Leviticus 8 in the HARY

Leviticus 8 in the HNT

Leviticus 8 in the IRVA

Leviticus 8 in the IRVB

Leviticus 8 in the IRVG

Leviticus 8 in the IRVH

Leviticus 8 in the IRVK

Leviticus 8 in the IRVM

Leviticus 8 in the IRVM2

Leviticus 8 in the IRVO

Leviticus 8 in the IRVP

Leviticus 8 in the IRVT

Leviticus 8 in the IRVT2

Leviticus 8 in the IRVU

Leviticus 8 in the ISVN

Leviticus 8 in the JSNT

Leviticus 8 in the KAPI

Leviticus 8 in the KBT1ETNIK

Leviticus 8 in the KBV

Leviticus 8 in the KJV

Leviticus 8 in the KNFD

Leviticus 8 in the LBA

Leviticus 8 in the LBLA

Leviticus 8 in the LNT

Leviticus 8 in the LSV

Leviticus 8 in the MAAL

Leviticus 8 in the MBV

Leviticus 8 in the MBV2

Leviticus 8 in the MHNT

Leviticus 8 in the MKNFD

Leviticus 8 in the MNG

Leviticus 8 in the MNT

Leviticus 8 in the MNT2

Leviticus 8 in the MRS1T

Leviticus 8 in the NAA

Leviticus 8 in the NASB

Leviticus 8 in the NBLA

Leviticus 8 in the NBS

Leviticus 8 in the NBVTP

Leviticus 8 in the NET2

Leviticus 8 in the NIV11

Leviticus 8 in the NNT

Leviticus 8 in the NNT2

Leviticus 8 in the NNT3

Leviticus 8 in the PDDPT

Leviticus 8 in the PFNT

Leviticus 8 in the RMNT

Leviticus 8 in the SBIAS

Leviticus 8 in the SBIBS

Leviticus 8 in the SBIBS2

Leviticus 8 in the SBICS

Leviticus 8 in the SBIDS

Leviticus 8 in the SBIGS

Leviticus 8 in the SBIHS

Leviticus 8 in the SBIIS

Leviticus 8 in the SBIIS2

Leviticus 8 in the SBIIS3

Leviticus 8 in the SBIKS

Leviticus 8 in the SBIKS2

Leviticus 8 in the SBIMS

Leviticus 8 in the SBIOS

Leviticus 8 in the SBIPS

Leviticus 8 in the SBISS

Leviticus 8 in the SBITS

Leviticus 8 in the SBITS2

Leviticus 8 in the SBITS3

Leviticus 8 in the SBITS4

Leviticus 8 in the SBIUS

Leviticus 8 in the SBIVS

Leviticus 8 in the SBT

Leviticus 8 in the SBT1E

Leviticus 8 in the SCHL

Leviticus 8 in the SNT

Leviticus 8 in the SUSU

Leviticus 8 in the SUSU2

Leviticus 8 in the SYNO

Leviticus 8 in the TBIAOTANT

Leviticus 8 in the TBT1E

Leviticus 8 in the TBT1E2

Leviticus 8 in the TFTIP

Leviticus 8 in the TFTU

Leviticus 8 in the TGNTATF3T

Leviticus 8 in the THAI

Leviticus 8 in the TNFD

Leviticus 8 in the TNT

Leviticus 8 in the TNTIK

Leviticus 8 in the TNTIL

Leviticus 8 in the TNTIN

Leviticus 8 in the TNTIP

Leviticus 8 in the TNTIZ

Leviticus 8 in the TOMA

Leviticus 8 in the TTENT

Leviticus 8 in the UBG

Leviticus 8 in the UGV

Leviticus 8 in the UGV2

Leviticus 8 in the UGV3

Leviticus 8 in the VBL

Leviticus 8 in the VDCC

Leviticus 8 in the YALU

Leviticus 8 in the YAPE

Leviticus 8 in the YBVTP

Leviticus 8 in the ZBP