Luke 13 (BOATCB)

1 Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa bi bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, Pilato akum Galileafoɔ bi a wɔrebɔ afɔdeɛ ama Onyankopɔn, de wɔn mogya fraa afɔrebɔ no. 2 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mogye di sɛ saa Galileafoɔ no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene wɔn a aka no nyinaa enti na wɔkumm wɔn no? 3 Dabi, sɛ mo nso moannu mo ho a, wɔbɛkunkum mo saa ara. 4 Anaasɛ mosusu sɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu guu wɔn so, kumm wɔn no yɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a na wɔte Yerusalem no? 5 Dabi, mo nso moannu mo ho a, mobɛwuwu saa ara.” 6 Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi. 7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’ 8 “Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ 9 sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’ ” 10 Homeda bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu no, 11 na ɔbaa bi wɔ hɔ a honhommɔne mu yadeɛ bi akyere no mfeɛ dunwɔtwe ama ne mu akoa a ɔntumi ntene ne mu koraa. 12 Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no firii nnipa no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔbaa, wo ho nyɛ wo den.” 13 Ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtumi tenee ne mu. Na ɔbaa no yii Onyankopɔn ayɛ. 14 Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.” 15 Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda? 16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?” 17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho. 18 Afei, Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm, na ɔbisaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no te sɛn? Na ɛdeɛn na memfa nto ho nkyerɛkyerɛ aseɛ? 19 Onyankopɔn Ahennie no te sɛ onyina aba ketewa bi a obi dua wɔ nʼafuo mu na ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ ma ewiem nnomaa kɔnwono wɔn mpirebuo wɔ so.” 20 Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ? 21 Ɛte sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.” 22 Ɛberɛ a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkuro so ne nkuraa ase ansa na ɔreduru hɔ. 23 Ne nkyerɛkyerɛ no mu no, obi bisaa no sɛ, “Awurade, nnipa kakra bi na wɔbɛgye wɔn nkwa anaa?”Ɔbuaa no sɛ, 24 “Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛpere sɛ wɔbɛwura mu, nanso wɔrentumi. 25 Sɛ ɛba sɛ efiewura no ato ɛpono no mu a, mobɛba abɛgyina akyire abɔ mu, aka sɛ, ‘Owura, yɛsrɛ wo, bue yɛn.’ “Na ɔno nso abisa mo sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo?’ 26 “Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’ 27 “Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’ 28 “Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ. 29 Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi. 30 Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.” 31 Saa ɛberɛ no ara mu Farisifoɔ bi baa Yesu nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, ɛfiri sɛ, Herode rehwehwɛ wo akum wo.” 32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’ 33 Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem! 34 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so. 35 Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’ ”

In Other Versions

Luke 13 in the ANGEFD

Luke 13 in the ANTPNG2D

Luke 13 in the AS21

Luke 13 in the BAGH

Luke 13 in the BBPNG

Luke 13 in the BBT1E

Luke 13 in the BDS

Luke 13 in the BEV

Luke 13 in the BHAD

Luke 13 in the BIB

Luke 13 in the BLPT

Luke 13 in the BNT

Luke 13 in the BNTABOOT

Luke 13 in the BNTLV

Luke 13 in the BOATCB2

Luke 13 in the BOBCV

Luke 13 in the BOCNT

Luke 13 in the BOECS

Luke 13 in the BOGWICC

Luke 13 in the BOHCB

Luke 13 in the BOHCV

Luke 13 in the BOHLNT

Luke 13 in the BOHNTLTAL

Luke 13 in the BOICB

Luke 13 in the BOILNTAP

Luke 13 in the BOITCV

Luke 13 in the BOKCV

Luke 13 in the BOKCV2

Luke 13 in the BOKHWOG

Luke 13 in the BOKSSV

Luke 13 in the BOLCB

Luke 13 in the BOLCB2

Luke 13 in the BOMCV

Luke 13 in the BONAV

Luke 13 in the BONCB

Luke 13 in the BONLT

Luke 13 in the BONUT2

Luke 13 in the BOPLNT

Luke 13 in the BOSCB

Luke 13 in the BOSNC

Luke 13 in the BOTLNT

Luke 13 in the BOVCB

Luke 13 in the BOYCB

Luke 13 in the BPBB

Luke 13 in the BPH

Luke 13 in the BSB

Luke 13 in the CCB

Luke 13 in the CUV

Luke 13 in the CUVS

Luke 13 in the DBT

Luke 13 in the DGDNT

Luke 13 in the DHNT

Luke 13 in the DNT

Luke 13 in the ELBE

Luke 13 in the EMTV

Luke 13 in the ESV

Luke 13 in the FBV

Luke 13 in the FEB

Luke 13 in the GGMNT

Luke 13 in the GNT

Luke 13 in the HARY

Luke 13 in the HNT

Luke 13 in the IRVA

Luke 13 in the IRVB

Luke 13 in the IRVG

Luke 13 in the IRVH

Luke 13 in the IRVK

Luke 13 in the IRVM

Luke 13 in the IRVM2

Luke 13 in the IRVO

Luke 13 in the IRVP

Luke 13 in the IRVT

Luke 13 in the IRVT2

Luke 13 in the IRVU

Luke 13 in the ISVN

Luke 13 in the JSNT

Luke 13 in the KAPI

Luke 13 in the KBT1ETNIK

Luke 13 in the KBV

Luke 13 in the KJV

Luke 13 in the KNFD

Luke 13 in the LBA

Luke 13 in the LBLA

Luke 13 in the LNT

Luke 13 in the LSV

Luke 13 in the MAAL

Luke 13 in the MBV

Luke 13 in the MBV2

Luke 13 in the MHNT

Luke 13 in the MKNFD

Luke 13 in the MNG

Luke 13 in the MNT

Luke 13 in the MNT2

Luke 13 in the MRS1T

Luke 13 in the NAA

Luke 13 in the NASB

Luke 13 in the NBLA

Luke 13 in the NBS

Luke 13 in the NBVTP

Luke 13 in the NET2

Luke 13 in the NIV11

Luke 13 in the NNT

Luke 13 in the NNT2

Luke 13 in the NNT3

Luke 13 in the PDDPT

Luke 13 in the PFNT

Luke 13 in the RMNT

Luke 13 in the SBIAS

Luke 13 in the SBIBS

Luke 13 in the SBIBS2

Luke 13 in the SBICS

Luke 13 in the SBIDS

Luke 13 in the SBIGS

Luke 13 in the SBIHS

Luke 13 in the SBIIS

Luke 13 in the SBIIS2

Luke 13 in the SBIIS3

Luke 13 in the SBIKS

Luke 13 in the SBIKS2

Luke 13 in the SBIMS

Luke 13 in the SBIOS

Luke 13 in the SBIPS

Luke 13 in the SBISS

Luke 13 in the SBITS

Luke 13 in the SBITS2

Luke 13 in the SBITS3

Luke 13 in the SBITS4

Luke 13 in the SBIUS

Luke 13 in the SBIVS

Luke 13 in the SBT

Luke 13 in the SBT1E

Luke 13 in the SCHL

Luke 13 in the SNT

Luke 13 in the SUSU

Luke 13 in the SUSU2

Luke 13 in the SYNO

Luke 13 in the TBIAOTANT

Luke 13 in the TBT1E

Luke 13 in the TBT1E2

Luke 13 in the TFTIP

Luke 13 in the TFTU

Luke 13 in the TGNTATF3T

Luke 13 in the THAI

Luke 13 in the TNFD

Luke 13 in the TNT

Luke 13 in the TNTIK

Luke 13 in the TNTIL

Luke 13 in the TNTIN

Luke 13 in the TNTIP

Luke 13 in the TNTIZ

Luke 13 in the TOMA

Luke 13 in the TTENT

Luke 13 in the UBG

Luke 13 in the UGV

Luke 13 in the UGV2

Luke 13 in the UGV3

Luke 13 in the VBL

Luke 13 in the VDCC

Luke 13 in the YALU

Luke 13 in the YAPE

Luke 13 in the YBVTP

Luke 13 in the ZBP