Luke 5 (BOATCB)

1 Ɛda bi a Yesu reka asɛmpa wɔ Genesaret ɔtadeɛ ho no, nnipakuo bɛkyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Onyankopɔn asɛm. 2 Ɔhunuu akodoɔ mmienu a afarefoɔ bi a wɔrehohoro wɔn asau wɔ mu no agya wɔ ɔtadeɛ no ho. 3 Yesu kɔtenaa kodoɔ no baako a na ɛyɛ Simon dea no mu. Ɔka kyerɛɛ Simon sɛ ɔmpia nkɔ nsuo no mu kakra sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi afiri hɔ akasa akyerɛ nnipa no. 4 Yesu wiee nʼasɛnka no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ, “Hare kɔ baabi a emu dɔ kakra na monkɔgu mo asau no na mobɛyi nam bebree.” 5 Simon kaa sɛ, “Owura, yɛyɛɛ adwuma anadwo mu no nyinaa yɛannya hwee, nanso wʼasɛm enti, yɛbɛgu yɛn asau no.” 6 Wɔguu asau no na wɔyii nam bebree maa anka mpo asau no retete. 7 Wɔfrɛɛ wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu no ma wɔbɛboaa wɔn twee asau no. Ɛnam no yɛɛ akodoɔ mmienu no nyinaa ma ma a anka ɛreyɛ amemem mpo. 8 Simon Petro hunuu deɛ aba no, ɔbuu Yesu nkotodwe kaa sɛ, “Me wura, mesrɛ wo, firi me nkyɛn kɔ na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a mensɛ sɛ wobɛn me.” 9 Ɛnam dodoɔ a wɔyiiɛ no yɛɛ Petro ne nʼahokafoɔ no nwanwa. 10 Saa ara nso na ɛyɛɛ Yakobo ne Yohane, Sebedeo mma no nso nwanwa.Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Nsuro, ɛfiri ɛnnɛ, wobɛyɛ nnipayifoɔ.” 11 Wɔde akodoɔ no bɛduruu nsuo no ano hɔ no, wɔgyaa wɔn nneɛma nyinaa hɔ bɛdii nʼakyi. 12 Ɛda bi a Yesu wɔ kuro bi mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam nyinaa bɛkotoo nʼanim srɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, sɛ ɛyɛ wo pɛ a, sa me yadeɛ.” 13 Ɛhɔ ara Yesu tenee ne nsa de kaa no kaa sɛ, “Aane, ɛyɛ me pɛ. Wo ho mfi.” Amonom hɔ ara, ne ho teeɛ. 14 Yesu hyɛɛ no sɛ, “Wo ne obiara nni wʼayaresa yi ho nkɔmmɔ. Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛɛ sɛ akwatafoɔ a wɔn ho ate no mmɔ sɛ adansedie no.” 15 Yesu anwanwadwuma a ɔyɛeɛ yi maa ne ho asɛm trɛɛ mpɔtam hɔ nyinaa maa nnipa bebree bɛtiee no pɛɛ sɛ ɔsa wɔn yadeɛ nso. 16 Nanso na ɔtaa twe ne ho kɔ ɛserɛ so kɔbɔ mpaeɛ. 17 Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bi a wɔfiri Galilea ne Yudea nkuro ahodoɔ so ne Yerusalem nso wɔ hɔ bi a wɔretie no. Saa ɛberɛ no, na Onyankopɔn ayaresa tumi ahyɛ no ma. 18 Mmarima bi baa hɔ a wɔso obubuafoɔ bi. 19 Esiane sɛ na wɔntumi mfa nnipakuo no mu nkɔ Yesu nkyɛn enti, wɔforoo ɛdan a Yesu wɔ mu no kɔtuu atifi tokuro, de obubuafoɔ a ɔda ne kɛtɛ so no faa mu gyaagyaa no brɛoo, kɔtoo Yesu anim. 20 Yesu hunuu gyidie a wɔwɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔyarefoɔ no sɛ, “Onua, wɔde wo bɔne akyɛ wo.” 21 Farisifoɔ no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Hwan ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Hwan na ɔtumi sɛ ɔde bɔne kyɛ ka Onyankopɔn ho?” 22 Esiane sɛ Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene enti, ɔbuaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na modwene sɛ asɛm a mekaeɛ yi yɛ abususɛm?” 23 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ wɔbɛka akyerɛ obi sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo anaasɛ, wɔbɛka sɛ, sɔre na nante? 24 Na sɛ ɛbɛyɛ na mobɛhunu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ wɔ asase so enti.” Mereka akyerɛ wo sɛ, “Sɔre yi wo kɛtɛ na kɔ efie!” 25 Amonom hɔ ara, ɔsɔreeɛ, yii ne kɛtɛ kɔɔ efie. Ɔrekɔ no nyinaa na ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 26 Wɔn a wɔgyina hɔ no ho dwirii wɔn. Ehu kaa wɔn. Wɔyii Onyankopɔn ayɛ kaa sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, yɛahunu anwanwadeɛ.” 27 Yei akyi no, Yesu firii hɔ kɔhunuu ɔtogyeni Lewi sɛ ɔte atogyeɛ. Ɔhunuu no no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛdi mʼakyi.” 28 Ɛhɔ ara, Lewi sɔre, gyaa ne nneɛma nyinaa hɔ dii nʼakyi. 29 Akyire yi, Lewi too ɛpono wɔ ne fie maa Yesu. Togyefoɔ ne nnipa ahodoɔ bebree kɔɔ apontoɔ no ase. 30 Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no hunuu sɛ Yesu ne saa nnipa no ato nsa redidi no, wɔnwiinwii bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ ato nsa redidi?” 31 Yesu buaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn na ɛnyɛ wɔn a wɔnyare. 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.” 33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio sɛ, “Adɛn enti na Yohane Osubɔni asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no deɛ wɔtaa di mmuada, na wʼasuafoɔ deɛ daa wɔdidi na wɔnom?” 34 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛho hia sɛ wɔn a wɔn ani agye, anaasɛ wɔn a wɔahyia wɔn ayeforɔ ase no di mmuada, wɔ ɛberɛ a ayeforɔ kunu no wɔ wɔn nkyɛn anaa? 35 Nanso, da bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.” 36 Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Obi mmfa ntoma foforɔ ntare ntoma dada mu. Ɔyɛ saa a foforɔ no bɛma dada no asuane. Afei, ɛbɛma nsonsonoeɛ ada foforɔ no ne dada no ntam. 37 Obiara nso mmfa nsã foforɔ ngu mmoa nwoma nsã nkotokuo dada mu. Ɔyɛ saa a, nsã no bɛpaapae nkotokuo no na ahwie agu na nkotokuo no nso asɛe. 38 Yei enti, nsã nkotokuo foforɔ mu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsã foforɔ gugu. 39 Obi nnnom nsã dada nnwie mmisa nsã foforɔ ase. Deɛ ɔnom no ka sɛ, ‘dada no na ɛyɛ.’ ”

In Other Versions

Luke 5 in the ANGEFD

Luke 5 in the ANTPNG2D

Luke 5 in the AS21

Luke 5 in the BAGH

Luke 5 in the BBPNG

Luke 5 in the BBT1E

Luke 5 in the BDS

Luke 5 in the BEV

Luke 5 in the BHAD

Luke 5 in the BIB

Luke 5 in the BLPT

Luke 5 in the BNT

Luke 5 in the BNTABOOT

Luke 5 in the BNTLV

Luke 5 in the BOATCB2

Luke 5 in the BOBCV

Luke 5 in the BOCNT

Luke 5 in the BOECS

Luke 5 in the BOGWICC

Luke 5 in the BOHCB

Luke 5 in the BOHCV

Luke 5 in the BOHLNT

Luke 5 in the BOHNTLTAL

Luke 5 in the BOICB

Luke 5 in the BOILNTAP

Luke 5 in the BOITCV

Luke 5 in the BOKCV

Luke 5 in the BOKCV2

Luke 5 in the BOKHWOG

Luke 5 in the BOKSSV

Luke 5 in the BOLCB

Luke 5 in the BOLCB2

Luke 5 in the BOMCV

Luke 5 in the BONAV

Luke 5 in the BONCB

Luke 5 in the BONLT

Luke 5 in the BONUT2

Luke 5 in the BOPLNT

Luke 5 in the BOSCB

Luke 5 in the BOSNC

Luke 5 in the BOTLNT

Luke 5 in the BOVCB

Luke 5 in the BOYCB

Luke 5 in the BPBB

Luke 5 in the BPH

Luke 5 in the BSB

Luke 5 in the CCB

Luke 5 in the CUV

Luke 5 in the CUVS

Luke 5 in the DBT

Luke 5 in the DGDNT

Luke 5 in the DHNT

Luke 5 in the DNT

Luke 5 in the ELBE

Luke 5 in the EMTV

Luke 5 in the ESV

Luke 5 in the FBV

Luke 5 in the FEB

Luke 5 in the GGMNT

Luke 5 in the GNT

Luke 5 in the HARY

Luke 5 in the HNT

Luke 5 in the IRVA

Luke 5 in the IRVB

Luke 5 in the IRVG

Luke 5 in the IRVH

Luke 5 in the IRVK

Luke 5 in the IRVM

Luke 5 in the IRVM2

Luke 5 in the IRVO

Luke 5 in the IRVP

Luke 5 in the IRVT

Luke 5 in the IRVT2

Luke 5 in the IRVU

Luke 5 in the ISVN

Luke 5 in the JSNT

Luke 5 in the KAPI

Luke 5 in the KBT1ETNIK

Luke 5 in the KBV

Luke 5 in the KJV

Luke 5 in the KNFD

Luke 5 in the LBA

Luke 5 in the LBLA

Luke 5 in the LNT

Luke 5 in the LSV

Luke 5 in the MAAL

Luke 5 in the MBV

Luke 5 in the MBV2

Luke 5 in the MHNT

Luke 5 in the MKNFD

Luke 5 in the MNG

Luke 5 in the MNT

Luke 5 in the MNT2

Luke 5 in the MRS1T

Luke 5 in the NAA

Luke 5 in the NASB

Luke 5 in the NBLA

Luke 5 in the NBS

Luke 5 in the NBVTP

Luke 5 in the NET2

Luke 5 in the NIV11

Luke 5 in the NNT

Luke 5 in the NNT2

Luke 5 in the NNT3

Luke 5 in the PDDPT

Luke 5 in the PFNT

Luke 5 in the RMNT

Luke 5 in the SBIAS

Luke 5 in the SBIBS

Luke 5 in the SBIBS2

Luke 5 in the SBICS

Luke 5 in the SBIDS

Luke 5 in the SBIGS

Luke 5 in the SBIHS

Luke 5 in the SBIIS

Luke 5 in the SBIIS2

Luke 5 in the SBIIS3

Luke 5 in the SBIKS

Luke 5 in the SBIKS2

Luke 5 in the SBIMS

Luke 5 in the SBIOS

Luke 5 in the SBIPS

Luke 5 in the SBISS

Luke 5 in the SBITS

Luke 5 in the SBITS2

Luke 5 in the SBITS3

Luke 5 in the SBITS4

Luke 5 in the SBIUS

Luke 5 in the SBIVS

Luke 5 in the SBT

Luke 5 in the SBT1E

Luke 5 in the SCHL

Luke 5 in the SNT

Luke 5 in the SUSU

Luke 5 in the SUSU2

Luke 5 in the SYNO

Luke 5 in the TBIAOTANT

Luke 5 in the TBT1E

Luke 5 in the TBT1E2

Luke 5 in the TFTIP

Luke 5 in the TFTU

Luke 5 in the TGNTATF3T

Luke 5 in the THAI

Luke 5 in the TNFD

Luke 5 in the TNT

Luke 5 in the TNTIK

Luke 5 in the TNTIL

Luke 5 in the TNTIN

Luke 5 in the TNTIP

Luke 5 in the TNTIZ

Luke 5 in the TOMA

Luke 5 in the TTENT

Luke 5 in the UBG

Luke 5 in the UGV

Luke 5 in the UGV2

Luke 5 in the UGV3

Luke 5 in the VBL

Luke 5 in the VDCC

Luke 5 in the YALU

Luke 5 in the YAPE

Luke 5 in the YBVTP

Luke 5 in the ZBP