Nehemiah 6 (BOATCB)
1 Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu sɛ masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no, 2 Sanbalat ne Gesem de nkra brɛɛ me sɛ, menhyia wɔn nkuraa no baako a ɛwɔ Ono tata so. Nanso, mehunuu sɛ wɔrepam me tiri so, 3 enti memaa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Mereyɛ adwuma kɛseɛ bi a merentumi nnyae mmɛhyia mo.” 4 Wɔtoo me saa nkra no mpɛn ɛnan. Ne nyinaa mu, memaa mmuaeɛ korɔ no ara. 5 Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ. 6 Na krataa no mu nsɛm nie:“Gesem aka akyerɛ me sɛ, baabiara a ɔbɛkɔ no, ɔte sɛ wo ne Yudafoɔ no repam ayɛ dɔm, na ɛno enti na woresiesie ɔfasuo no. Deɛ ɔka ne sɛ, wopɛ sɛ wobɛdi wɔn so ɔhene. 7 Ɔkɔ so ka sɛ, woayi adiyifoɔ bi sɛ wɔnhyɛ wo ho nkɔm wɔ Yerusalem sɛ, ‘Monhwɛ! Ɔhene bi wɔ Yuda!’ Ɛsɛ sɛ wogye to mu sɛ, saa asɛm yi bɛduru ɔhene aso mu, enti ɛsɛ sɛ woba, na wo ne me bɛka ho asɛm.” 8 Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.” 9 Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so. 10 Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.” 11 Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!” 12 Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. 13 Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din. 14 Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no. 15 Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase. 16 Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no. 17 Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam. 18 Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa. 19 Wɔkɔɔ so kaa sɛdeɛ Tobia ho yɛ nwanwa fa no kyerɛɛ me, na afei, wɔkaa biribiara a mekaeɛ nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.
In Other Versions
Nehemiah 6 in the ANGEFD
Nehemiah 6 in the ANTPNG2D
Nehemiah 6 in the AS21
Nehemiah 6 in the BAGH
Nehemiah 6 in the BBPNG
Nehemiah 6 in the BBT1E
Nehemiah 6 in the BDS
Nehemiah 6 in the BEV
Nehemiah 6 in the BHAD
Nehemiah 6 in the BIB
Nehemiah 6 in the BLPT
Nehemiah 6 in the BNT
Nehemiah 6 in the BNTABOOT
Nehemiah 6 in the BNTLV
Nehemiah 6 in the BOATCB2
Nehemiah 6 in the BOBCV
Nehemiah 6 in the BOCNT
Nehemiah 6 in the BOECS
Nehemiah 6 in the BOGWICC
Nehemiah 6 in the BOHCB
Nehemiah 6 in the BOHCV
Nehemiah 6 in the BOHLNT
Nehemiah 6 in the BOHNTLTAL
Nehemiah 6 in the BOICB
Nehemiah 6 in the BOILNTAP
Nehemiah 6 in the BOITCV
Nehemiah 6 in the BOKCV
Nehemiah 6 in the BOKCV2
Nehemiah 6 in the BOKHWOG
Nehemiah 6 in the BOKSSV
Nehemiah 6 in the BOLCB
Nehemiah 6 in the BOLCB2
Nehemiah 6 in the BOMCV
Nehemiah 6 in the BONAV
Nehemiah 6 in the BONCB
Nehemiah 6 in the BONLT
Nehemiah 6 in the BONUT2
Nehemiah 6 in the BOPLNT
Nehemiah 6 in the BOSCB
Nehemiah 6 in the BOSNC
Nehemiah 6 in the BOTLNT
Nehemiah 6 in the BOVCB
Nehemiah 6 in the BOYCB
Nehemiah 6 in the BPBB
Nehemiah 6 in the BPH
Nehemiah 6 in the BSB
Nehemiah 6 in the CCB
Nehemiah 6 in the CUV
Nehemiah 6 in the CUVS
Nehemiah 6 in the DBT
Nehemiah 6 in the DGDNT
Nehemiah 6 in the DHNT
Nehemiah 6 in the DNT
Nehemiah 6 in the ELBE
Nehemiah 6 in the EMTV
Nehemiah 6 in the ESV
Nehemiah 6 in the FBV
Nehemiah 6 in the FEB
Nehemiah 6 in the GGMNT
Nehemiah 6 in the GNT
Nehemiah 6 in the HARY
Nehemiah 6 in the HNT
Nehemiah 6 in the IRVA
Nehemiah 6 in the IRVB
Nehemiah 6 in the IRVG
Nehemiah 6 in the IRVH
Nehemiah 6 in the IRVK
Nehemiah 6 in the IRVM
Nehemiah 6 in the IRVM2
Nehemiah 6 in the IRVO
Nehemiah 6 in the IRVP
Nehemiah 6 in the IRVT
Nehemiah 6 in the IRVT2
Nehemiah 6 in the IRVU
Nehemiah 6 in the ISVN
Nehemiah 6 in the JSNT
Nehemiah 6 in the KAPI
Nehemiah 6 in the KBT1ETNIK
Nehemiah 6 in the KBV
Nehemiah 6 in the KJV
Nehemiah 6 in the KNFD
Nehemiah 6 in the LBA
Nehemiah 6 in the LBLA
Nehemiah 6 in the LNT
Nehemiah 6 in the LSV
Nehemiah 6 in the MAAL
Nehemiah 6 in the MBV
Nehemiah 6 in the MBV2
Nehemiah 6 in the MHNT
Nehemiah 6 in the MKNFD
Nehemiah 6 in the MNG
Nehemiah 6 in the MNT
Nehemiah 6 in the MNT2
Nehemiah 6 in the MRS1T
Nehemiah 6 in the NAA
Nehemiah 6 in the NASB
Nehemiah 6 in the NBLA
Nehemiah 6 in the NBS
Nehemiah 6 in the NBVTP
Nehemiah 6 in the NET2
Nehemiah 6 in the NIV11
Nehemiah 6 in the NNT
Nehemiah 6 in the NNT2
Nehemiah 6 in the NNT3
Nehemiah 6 in the PDDPT
Nehemiah 6 in the PFNT
Nehemiah 6 in the RMNT
Nehemiah 6 in the SBIAS
Nehemiah 6 in the SBIBS
Nehemiah 6 in the SBIBS2
Nehemiah 6 in the SBICS
Nehemiah 6 in the SBIDS
Nehemiah 6 in the SBIGS
Nehemiah 6 in the SBIHS
Nehemiah 6 in the SBIIS
Nehemiah 6 in the SBIIS2
Nehemiah 6 in the SBIIS3
Nehemiah 6 in the SBIKS
Nehemiah 6 in the SBIKS2
Nehemiah 6 in the SBIMS
Nehemiah 6 in the SBIOS
Nehemiah 6 in the SBIPS
Nehemiah 6 in the SBISS
Nehemiah 6 in the SBITS
Nehemiah 6 in the SBITS2
Nehemiah 6 in the SBITS3
Nehemiah 6 in the SBITS4
Nehemiah 6 in the SBIUS
Nehemiah 6 in the SBIVS
Nehemiah 6 in the SBT
Nehemiah 6 in the SBT1E
Nehemiah 6 in the SCHL
Nehemiah 6 in the SNT
Nehemiah 6 in the SUSU
Nehemiah 6 in the SUSU2
Nehemiah 6 in the SYNO
Nehemiah 6 in the TBIAOTANT
Nehemiah 6 in the TBT1E
Nehemiah 6 in the TBT1E2
Nehemiah 6 in the TFTIP
Nehemiah 6 in the TFTU
Nehemiah 6 in the TGNTATF3T
Nehemiah 6 in the THAI
Nehemiah 6 in the TNFD
Nehemiah 6 in the TNT
Nehemiah 6 in the TNTIK
Nehemiah 6 in the TNTIL
Nehemiah 6 in the TNTIN
Nehemiah 6 in the TNTIP
Nehemiah 6 in the TNTIZ
Nehemiah 6 in the TOMA
Nehemiah 6 in the TTENT
Nehemiah 6 in the UBG
Nehemiah 6 in the UGV
Nehemiah 6 in the UGV2
Nehemiah 6 in the UGV3
Nehemiah 6 in the VBL
Nehemiah 6 in the VDCC
Nehemiah 6 in the YALU
Nehemiah 6 in the YAPE
Nehemiah 6 in the YBVTP
Nehemiah 6 in the ZBP